Bible Mmuae Yehowa Adansefo Gyidi Ne Wɔn Mmusude
- Yehowa Adansefo Gyidi Ne Nneyɛe
- Yehowa Adansefo Bible nkyerɛase no woahwehwɛm
- Yehowa Adansefo Bara Mogya Wɔtwe Gu Nipaduam
- Yesu Kristo wusɔre no-yesu nyanee fii awufo mu wɔ honhom-nipadua a aniwa nhu?
- Yehowa Adansefo Abakɔsɛm Ne Wɔn Mmusude
- HENANOM NE YEHOWA ADANSEFO? -Wᴐn Abakᴐsԑm, Gyidi Ne Amanne
- Nokwasɛm a ɔwɛn aban asafo (Watchtower Society) mpɛ sɛ wohu
“‘Everyone thought I was this happy and vivacious full-time minister. I was always the one to help others with their problems. At the same time, though, I felt as if I were dying inside. Disquieting thoughts and mental anguish were taking a toll on me. I started to feel alienated from people. I just wanted to stay home in bed. For months, I begged Jehovah to let me die.’ —Vanessa” —The Watchtower, June 1, 1997, p. 24
Adiyisɛm 7:9, 15: …“hwɛ! Nnipakuw kɛse a onipa biara antumi ankan wɔn a wofi amanaman ne mmusuakuw ne nkurɔfokuw ne kasa horow mu gyinagyina Ahengua no anim ne Oguammaa no anim. Na eyi nti na wogyina, Onyankopɔn ahengua no anim na wɔresom no anɔpa ne anadwo wɔ N’asɔrefie hɔ…”-Wiase Foforo Nkyerɛase.
Bɛyɛ mfe pii atwam Yehowa Adansefo akyerɛkyerɛ sɛ wɔn mu nnipa dodow no benya owusɔre atra Paradise Asase so afebɔɔ, afei nso nnipa 144000 a wɔapaw wɔn na wɔne Yesu Kristo bɛtraa adi hene wɔ Ɔsoro. Akyidifo akuw- abien yi na wɔfrɛ wɔn “Asase sofo” ne “Ɔsoro kɔfo”. Wɔsan frɛ Asase sofo no “Nguan foforo a ɛwɔ Yohane 10:16 ne “Kuw Kɛse” a ɛwɔ Adiyisɛm 7:9 ɛnna wɔfrɛ Ɔsoro kɔfo no “Nguankuw ketewa” a ɛwɔ Luka 12:32 ne “Nsrafo anaa Nkaefo” a ɛwɔ 2 Korintofo 1:21-22 ne Mpem Ɔha Aduanan Anan No”a ɛwɔ Adiyisɛm 7 ne 14. Nsɛmfua eyinom di akoten mpɛn pii wɔ Ɔwɛn Aban gyidi nhyehyɛe mu de si akuw abien yi so dua. Read more…
“Mene Yehowa Adansefo resua na misusuw sɛ nea wɔka no aba pii wom, nanso ansa na mɛgye asubɔ no, mepɛ sɛ mihu sɛ wɔne “Nokware no”. Dɛn na wowɔ ka fa wɔnho?”
Ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobɛyɛ Yehowa Adansefo Som ho nhwehwɛmu anibere so ansa na wode woho adɔm wɔn no sɛ nkamfo. Ԑyɛ yɛn anigye sɛ yɛanya hokwan ne wo besusuw yɛn nhwehwɛmu a yɛaboaboa ano fa wɔnho no, na yɛgye di sɛ ɛbɛboa wo bere a wopɛ sɛ wohu sɛ ɛsɛ sɛ wodɔm Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde no anaa. Read more…
“Ԑhe na yԑfi ha yԑbԑkɔ?”
Ebinom fam no ԑte sԑ nea wofi owia ase akɔtɔ ogya mu, de wɔnho hyԑ nnurubɔne nom, ɔbraseԑ ɔkɔwensa ne nneyԑe afoforo mu. Ɔwԑn Aban Asafo ani gye ho sԑ wɔde saa nneԑma bɔne yi yԑ osuahu a ԑbԑto wɔn a wofi “Nokware no” mu. Read more…
Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no yɛ nea wonim no sɛ ɔsom a ɔpo Yesu Kristo Nyameyɛ. Ne saa nti, bere a wotintimii wɔn ankasa Bible Nkyerɛase no (Wiase Foforo Nkyerɛase) wɔyɛɛ nea wobetumi biara maa ɛbɛdaa adi sɛ kyerɛwnsɛm no mfoa adwene sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn (Yehowa) so. Read more…
This post is also available in: Spanish Portuguese Czech Italian Russian German