Mεyԑ dԑn atumi ama Yehowa ani asɔ masetra!

roadfall2

 MΕYƐ DƐN ATUMI AMA YEHOWA ANI ASƆ MASETRA!

Obiara susuwii sε meyε bere nyinaa asomfo a mewͻ anigye ne nipadua mū ahosan. Meyε obi a bere nyinaa meboa afoforo a wͻwͻ nsεnnennen. Nanso bere koro no ara, na mete nka wͻ me mū sε miwuu. Dadwen ne adwenmuhaw hyεε me so.Midwenee sε menka nnipa ho, ԑmaa metee nka sε εsε sε meda mpamu damu no nyinaa. Bεyε ͻsram misrεe Yehowa sε ͻmma minwu-“Vanessa” –Ɔwεn Aban June 1, 1997, kr. 24.

So woate nka sε εmfa ho mmͻden biara a wobͻ no abasamtu nko ara na εhyia wo kwan? Saa, nanso wokͻ Ahenni Asa a ͻsrew ma woanim kyerε obiara sε biribiara  rekͻso yiye,nanso wͻ wo adwenem no, wonim sε Yehowa ani nsͻ woasetra.

“Monkͻ so nsͻ nhwε sε mowͻ gyidi no mū, monkͻ so nsusuw mo ankasa senea mote. Anaa munnnhui sε Yesu Kristo te mo mū. Ende gye sε momfata”-1 Korintofo 13:5.Misusuw sε εto mmere bi a yεn nyinaa yε yεhomu nhwehwεmu na yεkaakae yεn abrabͻ na yebisa sε yεn nokwaradi ma Yehowa Nyankopͻn te sεn? Anyε hwee koraa mpo a, eyi ne nea kyerεwnsεm no hyε  yεn sε yεnyε. Ɛwͻ sε yεn mu biara bisa ne ho sε “Ɔkwan a menam so bͻ mebra no εne kyerεwnsεm no hyia? Ɛyε nokwarԑ  sε mewͻ gyidi no mū?

Mεpε sε mεka osuahu bi a esii wͻ mfe bi a atwam no akyerε mo, bere a mereyε me mū nhwehwεmu no.Eyi, afei bεyεε Yesu Kristo a midwennwen ne ho mimū na εbεsakrae masetra.

Ansa na merenyae osuahu yi no, εwom sε minim Yesu Kristo agyede afͻrebͻ ma adessama bͻne de, nanso na mene No nni anyɔkofa biara. Misusuwii sε εte sε nea Yesu wͻ Agya no nkyεn wͻ soro hͻ, na yεn nso wͻagyaw yεn wͻ asase so ha, sε yεnko ntia Satan ntua na yεmma Yehowa ngye yεn ntom.

Mene Kristo agyidifo a wͻwͻ yεn mpͻtam hͻ no somee, nanso wͻ me koma mū no na minim sε Yehowa ani nsͻ masetra kwan. Nsεmmisa a ebesii me tirim bere nyinaa ne sε, “sε εba sε miwu nnε anadwo yi a, so Yehowa ani asͻ anaa n’ani ansͻ mabrabͻ ͻ? So Yehowa bεma me daa nkwa wͻ atemmu a edi hͻ no?”

Na me kͻso bu meho fͻ, efisε na minim sε εnfaho mmͻden biara a mabͻ nyinaa, madii nkoguo sε mmεyε PƐ sεnea yεn soro Agya no yε PƐ no (Mateo 5:48). Sεnea Yakobo 3:2 ka sε “yεn nyinaa fom wͻ ͻkwan ahorow pii so. Sε obi nni mfoso wͻ kasa mū a, ͻyε nipa a Ɔyε PƐ, na otumi tō ne nipadua nyinaa nnareka”.

Ɔkwan bεn so na mibetumi ayε PƐ? So PƐYƐ yε nea εsε sε yεbͻ ho mmͻden, na εnkyerε biribi a εsε sε yɛn ho kokwaw wͻ yεn abrabͻ mū? Ɛnde, na dεn ne Yehowa atεntrenee? So Yehowa bɛma mmͻborohunu ne atεntrenee ahyia wͻ atemmuo? Sὲ Ɔtreneeni no, εbεyε dεn na atumi ayε yiye? Sὲ Yehowa bεma ne trenee gyinapεn abrε ase esiane ne mmͻborohunu nti, na εte sɛ nea Yehowa atεntrenee no na ahwe ase! Sε mεka koma mū nokware a, minim pefee sε na mintumi nyε nea εsε sɛ meyε.

Ɛnkyεe biara na mikae saa nokwasεm yi, bere a merekͻ akͻmena obi ade wͻ post office ansa wͻapͻn adwuma anwummere nnͻnhwerew 5:30. Bere a meho repere me wͻ kar agyinae bεyε anwummere nnͻnhwerew 5:31, na mitumi hu sε woafi ase retoto ͻpon kεse titiriw no mu. Mituu mmirika kͻ saa pon kεse titiriw a woatō mu anō, paa ͻhwεfo no kyεw sε ͻmma me kwan, efisε maka akyi simmi biako pε! Nanso, ogyina pon akyi kae sε wͻatom nti ontumi mma me kwan nwura mu.

Bere a meredwennwen eyi ho no, misusuwii senea wͻ wiase nnε atεntrenee hwehwε sε, εsε sε biribiara kͻso pεpεεpε wͻ bere a woahyε ato hͻ, a ebi nni hͻ a εmfaho. Midwennwen sεnea Yehowa bεyε no ho. Efisε Ɔyε Onyankopͻn a Odi bere ne nhyehyεe so, Ɔyε PƐ ne Kronkron. Ɛmmaae da sε (wͻanni ne bere so) anaasε wͻahinhim wͻ n’atirimpͻw ho. Ɛwom sε ne dͻ tim hͻ daa, nanso ne PƐYƐ ne Kronkronyε hwehwε sε biribiara εho ntew mma nanim wͻ Paradise. Sὲ atεntrenee ma yεhu sε εsε sε yεn mfεfo di ahwehwεde (te sε mmere a woahyε) a  yεntumi nkwati so a, εnde na ͻkwan bεn so na Yehowa bεgow ne trenee gyinapεn mū esiane mmͻborohunu enti. Ontumi nyε saa! Mma yεnka da sε yεn nnipa mpo yεyε atεntreneefo ne atreneefo wͻ nea yεhwehwε fi yεn mfεfo nnipa hɔ kyεn nea Yehowa yε! Yehu sε, sε Yehowa bεgow n’atεntrenee mū esiane Ɔdͻ ne Mmͻborohunu nti a, εnde na Yehowa Nyamesu sε Ɔtreneeni no na ahwe ase.

Enti, wohu sɛ ɛyɛ akwanside, enni nnyinasoɔ, anaa ɛnte saa? Ԑwom sɛ minim sɛ Yesu wui maa Adam bɔne de tuae nea Adam hweree de, nanso na biribi tɔ kyima. Na me kɔso te nka sɛ misoa m’akasa bɔne  (wɔ bere biara midii atoro, tewee atua, yɛɛ asoɔden, na manyɛ ɔnokwafo). Mpɛn ahe na, na mepɛ sɛ minya nkuranhyɛ sɛ bere no so a, Yehowa bebue Paradise pon no ama me. Hwɛ senea mani gyinae sɛ Yehowa asomdwoe ne n’adom bedu me so wɔ m’asetra mu. Saa anidaso no baamu bere a midwennwen nokwasɛm a ɛwɔ ɔyԑsɛm yi mu no:

“Nanso Onyankopͻn kamfoo ne dͻ a Ɔwͻ maa yεn bere a yεyε abͻnefo, Yesu wui maa yεn. Bio nso, ne saa nti, esiane sε wͻabu yεn atreneefo wͻ ne mogya mū nti, yεbεnyan nkwagye afi abufuw mū- Nea onim bͻne no ͻmaa  ͻbεyεε ͻbͻnefo maa yεn ama yεanya atreneefo wͻ Onyankopͻn anim εdenam ne so”- Romafo 5:8-9, 2 Korintofo 5:21.

Dɛn na, nᾱ Yesaia ɛkyerɛ bere a ɔkae sɛ”yɛn ade trenee biara te sɛ bratam (Yesaia 64:6)? Dɛn na nᾱ Paulo ɛkyerɛ bere a ɔkae sɛ “Onipa a ɔnyɛ nnwuma, na mmom wɔ nea obu ɔdebɔnefo sɛ ɔtreneefo  mu gyidi no, wobu saa nipa no gyidi sɛ ɔtreneeni (Romafo 4:5)? 

Hann fii ase dewee me koma mū bere a mihuu nokwasɛm a ɛwɔ 1 Petro 2:4, “Ͻno ankasa soaa yɛn bɔne wɔ ne nipadua mu wɔ dua no so, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛawu ama bɔne na yɛatra ase ama treneeyɛ, efisɛ ɛnam ne kuro so asᾱ mo yare”. Dɛn na asɛmfua ‘soaa’? Nea ɛkyerɛ kɛkɛ ne ‘wosoaa ‘biribi. Enti wɔ ɔyesɛm no mū no ɛhe na Yesu soaa yɛn bɔne. Ԑka sɛ Yesu soaa yɛn ankasa bɔne nyinaa wɔ ne nipadua mū”.

Bere a hann no fii ase nkakrankakraa wɔ me koma mū no, saa nokwasɛm a ɛyɛ ahudwiriw no maa meho dwiriw me. Yehowa Nyankopɔn ayi m’akasa bɔne nyinaa akɔbɔ Yesu nipadua a ɔsɛn mmeamudua so rewu ama me bɔne-soa ne nyinaa wɔ “Ne nipadua mu”!!

Saa nokwasɛm yi no mfonini a mitwae wɔ m’adwenem no kaa me koma ankasa, sɛ Yesu wui a ɛnyɛ Adam bɔne nkutoo na mmom m’akasa bɔne ahorow nyinaa. Wɔ Ne nipaduam  w’asoa  ɛnyɛ adessama bɔne nkutoo, na  biribiara m’akasa miyɛɛ a Yehowa ani ansɔ wɔ m’abrabɔ efii nsusuwii bɔne kosi pɛsɛmenkominya adwene a ekowie nneyɛe a Yehowa mpɛ so.

So woatwa ne mfonini wo adwenem pɛn sɛ Yesu rewu wɔ dua so ama w’akasa bɔne? So woasusuw ho wɔ w’adwenem  pɛn, sɛ Yesu Mogya rehwie agu esiane me nti? So wonim sɛ ɛnyɛ Adam bɔne nti nᾱ wokumii Yesu sɛn dua so na mmom me bɔne nti a?

Bere a midwennwen eyi ho no, mpofirim ara na mihuu sɛ sɛ migyina Yehowa anim a, ɔbɛbɔ me sombo wɔ Yesu kum a wokumii no, anka gye sɛ  mipa kyɛw sɛ midi fɔ, efisɛ m’akasa bɔne na edii No  awu. Eyi yɛ nea emu da hɔ fann, ente saa?

Nanso eyi ne ɔdɔ a Yesu wɔ ma wo ne me! So wonim sԑ sɛ ɛyɛ wo nkutoo  a anka hena na ɔbegye no adi, ɛno mpo Yesu anka wɔawu ama wo? Kasa fa ɔdɔ ho. Mintumi nnyɛ ɛfᾱ ketewaa mpo, nanso mete nka sɛ me mfata ne dɔ.

“…wɔabu me bem seesei denam ne Mogya nti, ɔbɛyɛɛ ɔbɔnefo maa me, amma yɛayɛ Nyankopɔn treneefo…”

Nsɛm yi gyegyee me koma mū. Ԑyɛ saa bere yi na mihuu sɛ biribiara nni hɔ a m’akasa bɛtumi ayɛ ama Yehowa agye me atom na ama manya nanim dom  wɔ m’asetra mū. Mihuu sɛ ɛsɛ sɛ mekɔ Yesu nkyɛn tēē na  mede no yɛ m’awurade ne m’agyekwa, sɛnea Asomafo Nnwuma 22:16 hyɛ yɛn: “na seesei dɛn nti na wotwetwɛn wonan ase? Sɔre… hohoro wo bɔne , bɔ No din”.

Bere a mekɔso suae Onyankopɔn asɛm no, mibehuu sɛnea mmɛyɛ PԐ te sɛ nea Agya no hwehwɛ na ɛnyɛ m’akasa treneeyɛ, na mmom Yesu treneeyɛ a ɔde ne Mogya apepa me bɔne. Hebrifo 10:10 ka sɛ “woatew yɛn ho ɛdenam Yesu nipadua a ɔde bɔɔ afɔre prɛko pɛ. Asɛmfua ‘Woatew’ no kyerɛ ‘woayi asi nkyɛn sɛ ade Kronkron”.

Ͻkwan bɛn so na’woayi yɛn asi nkyɛn sɛ ade Kronkron’?  Wɔ ɔyԑsɛm no mū no, ɛyɛ Yesu Kristo nipadua a ɔde bɔɔ afɔre maa yɛn ntia. Mikenkae wɔ Hebrifo Ti 10, mihuu sɛ nkyekyɛmu 14 ka sɛ nᾱ ɛnam ahofama afɔrebɔ so na woayɛ wɔn a wɔatew wɔn ho ‘’ afebɔɔ. Asɛmfua afebɔɔ kura ntease a ɛne dabiara PԐYԐ mū, a egyina Yesu afɔrebɔ prɛko pɛ so, a ɛntumi nni huammɔ. Enti ɛyɛ treneeyɛ na woama manya ɛho adwene a wontumi nyi mfi m’adwenem bere koro a mede me koma nyinaa ato Yesu nkutoo so.

Wɔ bere koro a mekɔe Yesu nkyɛn sɛ ɔmma me ne treneeyɛ nᾱ oyi me bɔne no, ɛhɔ ara na mebɛyɛɛ PԐ wɔ mene Yehowa Nyankopɔn abusuabɔ mū. Yehowa ammu me sɛ ɔbɔnefo a me mfata nanim dom bio, na mmom obuu me sɛ mewɔ Yesu nkutoo treneeyɛ no mu bi. Kolosefo 3:3 ka sɛ “ efisɛ mowui na wɔde mo nkwa asie ama Kristo ne Nyankopɔn mū”. Mintumi nka asomdwoe a ebui faa me koma so bere a mede m’asetra  hyɛɛ Yesu nsa na mede me koma too No nkutoo so, sɛ ɔnyɛ me dimafo wɔ Yehowa Nyankopɔn anim.

Nea minim nyinaa ne sɛ, wɔ simma baako ntɛm no, na me bɔne afobu ahyɛ me so, na afei simma baako a edi ho no wade meho, na amonom ho ara  minyae atenka sɛ mewɔ Yehowa anim dom. Simma baako, na Yehowa Nyankopɔn wɔ akyirikyiri, minhuu ne nipaban a sɛ mede m’adesrɛ to nanim a, minni gyidi sɛ obetie me, nanso simma a edi hɔ no mihuu sɛ ɔwɔ hɔ mame,  na n’asomdwoe ebuu faa me so, maa minyaa anigye a merentumi nkyerɛkyerɛ mū. Yesu ankasa tiee m’adesrɛ na ɔbuae me, hohoro me ho fii me bɔne ho, bɛtenae m’abrabɔ mu na ɔto nsa frɛ me sɛ mene no nya anyɔkofa. Nokwarem no, Paulo nsɛm a ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo no nyae mmamu wɔ mene Yesu  anyɔkofa mū,  ɛka sɛ:

“…mo a woatew  mohō wɔ Yesu Kristo  mū, na wɔfrɛ mo Akronkronfo ne obiara a ɔbɔ Awurade Yesu Kristo din wɔ baabiara sɛ wɔn  ne yɛn Awurade….Onyankopɔn yɛ Ͻnokwafo efisɛ ɛnam no so na wɔfrɛɛ mo bae ne Ba Yesu Kristo yɛn Awurade abusuabɔ mu”-1 Korintofo 1:2, 9.

So obi a wone no nkasae da anya abusuabɔ? Efii bere a mene Yesu nyaa abusuabɔ no,  mibisae No sɛ onfa ne treneeyɛ  nsesᾱ me bɔne no minsuroe sɛ Yehowa rengye me ntom da. Sɛ mete ase ma No ɛno, Yesu bɛkɔso atwe me abɛn mene No anyɔkofa mu.

“Enti wokaa kyerɛɛ No, “Dɛn na yɛnyɛ, na ama yɛayɛ Onyankopɔn nnwuma? Yesu buae wɔn sɛ, “Eyi ne Onyankopɔn nnwuma sɛ mobɛgye No adi, nea Ͻsomaa No”-Yohane 6:28-29.

Print Friendly, PDF & Email

This post is also available in: Spanish Portuguese Czech Italian Russian Borɔfo