Yehowa adansefo gyidi ne nneyεe

BIBLE MMUAE MA YEHOWA ADANSEFO GYIDI NE NNEYΕE

Enti nnipakuw kɛse a ɛwɔ adiyisɛm no wɔ asase so bere a Harmagedon bɛpae agu?

heavenlysunset

ENTI NNIPAKUW KԐSE A ԐWƆ ADIYISԐM NO WƆ ASASE SO BERE A HARMAGEDON BԐPAE AGU?

Adiyisɛm 7:9, 15: …“hwɛ! Nnipakuw kɛse a onipa biara antumi ankan wɔn a wofi amanaman ne mmusuakuw ne nkurɔfokuw ne kasa horow mu gyinagyina Ahengua no anim ne Oguammaa no anim. Na eyi nti na wogyina, Onyankopɔn ahengua no anim na wɔresom no anɔpa ne anadwo wɔ N’asɔrefie hɔ…”-Wiase Foforo Nkyerɛase.

Bɛyɛ mfe pii atwam Yehowa Adansefo akyerɛkyerɛ sɛ wɔn mu nnipa dodow no benya owusɔre atra Paradise Asase so afebɔɔ, afei nso nnipa 144000 a wɔapaw wɔn na wɔne Yesu Kristo bɛtraa adi hene wɔ Ɔsoro. Akyidifo akuw- abien yi na wɔfrɛ wɔn “Asase sofo” ne “Ɔsoro kɔfo”. Wɔsan frɛ Asase sofo no “Nguan foforo a ɛwɔ Yohane 10:16 ne “Kuw Kɛse” a ɛwɔ Adiyisɛm 7:9 ɛnna wɔfrɛ Ɔsoro kɔfo no “Nguankuw ketewa” a ɛwɔ Luka 12:32 ne “Nsrafo anaa Nkaefo” a ɛwɔ 2 Korintofo 1:21-22 ne Mpem Ɔha Aduanan Anan No”a ɛwɔ Adiyisɛm 7 ne 14. Nsɛmfua eyinom di akoten mpɛn pii wɔ Ɔwɛn Aban gyidi nhyehyɛe mu de si akuw abien yi so dua.

Read more

Yehowa Adansefo bara mogya wɔtwe gu nipaduam

jwgodsname.:DƐN NTI NA YEHOWA ADANSEFO PO MOGYA WƆTWE GU NIPADUAM?-So Wɔbarae Nnuru Wɔde Si Nyarewa Kwan (Vaccination) ne Honam Akwaa Wɔsesa (Organ Transplant)?

“Mani gye Yehow a Adansefo Som ho, nanso meho pere me sɛ mehu nea enti a Yehowa Adansefo mpene mogya wɔtwe gu nipaduam so. Minim Bible nkyekyem a ɛka fa mogya ɛnsɛ sɛ yedi ho, nanso wobetumi akyerɛkyerɛ nea enti a mogya a wodi kyerɛ mogya wɔtwe gu nipaduam? Mate nso sɛ Yehowa Adansefo barae nnuru a wɔde si nyarewa kwan ne honam akwaa wɔsesa . Ɛyɛ Nokwarɛ?”

YƐ MMUAE:

Damfo Ɔdɔfo,

Wɔ asɛmmisa no yɛ nea ɛtɔ asom efisɛ abirabɔ kɛse wɔ sɛnea Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ Bible akenkan a ɛkasa tia mogya a wodi ne mogya a wɔtwe gu nipaduam ankasa ntam. Yudafo mapa no yɛɛ nnipa a wɔyɛ ahwɛyiye sɛ wobedi Kyerɛwnsɛm eyinom a ɛwɔ Mose mmara no mu so kyɛn Yehowa Adansefo no koraa. Nanso, woatwetwɛn wɔnan ase sɛ wɔbɛgye mogya, afei Kristofo asafo nyinaa ne Ɔsom akuw a wɔka sɛ wodi Bible nnyinasosɛm so no, Yehowa Adansefo Ɔsom no NKUTOO ne Ɔsom a ɔkyerɛ sɛ Bible nkyekyem eyinom (Genesis 9:3-4, Levitikus 17:10, Asomafo Nnwuma 15:28-29) kasa fa mogya a wodi denam nipaduam a wɔtwe gu, a ɛnyɛ mogya a wodi ankasa sɛ aduan.  

Read more

So Yehowa Adansefo Bible no, wiase foforo nkyerԐase no, yԐ nkyerԐase pa a?

jwgodsnameO YEHOWA ADANSEFO BIBLE NO, WIASE FOFORO NKYERԐASE NO, YԐ NKYERԐASE PA A?

Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no yɛ nea wonim no sɛ ɔsom a ɔpo Yesu Kristo Nyameyɛ. Ne saa nti, bere a wotintimii wɔn ankasa Bible Nkyerɛase no (Wiase Foforo Nkyerɛase) wɔyɛɛ nea wobetumi biara maa ɛbɛdaa adi sɛ kyerɛwnsɛm no mfoa adwene sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn (Yehowa) so. Ama wɔayi adwene afi Yesu Kristo so sɛ ɔyɛ Onyankopɔn no, wɔde edin Yehowa (efi Hebri nkyerɛwde YHWH a egyina hɔ ma Onyankopɔn din) hyɛe “Theos”-Onyankopɔn (God) ananmu, ɛnna wɔde Yehowa (Jehovah) hyɛe “Kuriou” Awurade (Lord) ananmu  wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm (Apam Foforo)  nkyekyem ahorow bebree mu. Enti, wɔmaa nsonsonoe bɛdaa Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ntam a Kyerɛwnsɛm no mfoa so. Wɔasan akyinkyim nkyekyem ahorow a ɛfoa Yesu Kristo Nyameyɛ no so, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn gyidi a ɛkasa tia Nyankopɔn Baasakoro anya nkɔso. Kyerɛwtohɔ a edidi so yi (Ɔsom Adwumakuw a ɔde mmoa ma wɔn a woafi Ɔwɛn Aban no mu na wɔrehyɛ asetena foforo ase ɛnna ɛhyehyɛe nsɛm yi) yɛ kyerɛwtohɔ a ɛyɛ Bible nkyekyem a ɛma Ɔwɛn Aban Asafo Nyankopɔn Baasakoro gyidi a ɔnye nni no da adi wɔ wɔn Wiase Foforo Nkyerɛase no mu. Yɛhyɛ akenkanfo nkuran sɛ wɔnyɛ nhwehwɛmu wɔ mfomso ahorow yi wɔ Hela ne Borɔfo Nkabom Bible anaasɛ Ɔwɛn Aban Asafo Kingdom Interlinear Hela Kyerɛwnsɛm Nkyerɛase mu.

Read more

Wɔapa ɔwɛn aban gyidi ho ntama

--Onyankopɔn hann rehyerɛn wɔ Yehowa Adansefo gyidi so

- Wɔahyehyɛ Ɔwɛn Aban Asafo gyidi mfomso no wɔ ɔkwan a ɛne nea Bible kyerɛkyerɛ no wɔ ɛfᾱ ne ɛfᾱ ma ayɛ ntotoho.
Jehovah's Witness Magazines

 

Read more

Yesu ɔsɔree fii awufo mu wɔ honhom nipadua a aniwa ntumi nhu?

 

Resurrection of Jesus

.: YESU ƆSƆREE FII AWUFO MU WƆ HONHOM NIPADUA A ANIWA NTUMI NHU?-Yeahu Ɔwɛn Aban Adwene a ɔwɔ Wɔ Owusɔre Ho

OWUSƆRE NO HO AKYINNYEGYE - TETEFO ADWENEKYERԐ
ADWENE A ԐBƆ SԐ NIPADUAM WUSƆRE GU.

ADWENE ԐBƆ GU #1: YESU NIPADUA-AFƆREBƆ A ԐTWA TO.

ADWENE A ԐBƆ GU #2: ADAM A ODI AWIEI NO HONHOM NKWA MAFO:
ADWENE A ԐBƆ GU #3. ƆTRAA NKWA MU WƆ HONHOM MU
ADWENE A ԐBƆ GU #4: HONHOM NE MOGYA NTUMI NNYA ƆSORO
ADWENE ԐBƆ GU #5: WOANHU YESU 
ADWENE A ԐBƆ GU #6: ANWONWADE A ƆYԐE
OWUSƆRE ANAASԐ AWO FOFORO?
SO MIKAEL ƆNE YESU A ONYANEE NO?
SO KRISTOFO NYINAA BENYA OWUSƆRE NIPADUA?

Read more

Nokwasԑm A Ɔwԑn Aban Asafo (Watchtower Society) Mpԑ SԑWohu

facts-image

NOKWASԐM A ƆWԐN ABAN ASAFO (WATCHTOWER SOCIETY) MPԐ SԐ WOHU

Wᴐ afe apem ahankron ne aduɔkron ason (1997), na wɔwɔ Yehowa Adansefo a wɔka asԑmpa no bԑboro ɔpepem anum (5,000,000) de nnɔnhwerew bԑyԑ ɔpepepem biako (1,000,000,000) afe biara de ka asԑmpa no wɔ wiase nyinaa denneennen de boa Ɔwԑn Aban Ahyehyԑde (Watchtower Organisation). Yehowa adansefo de nnamyԑ reka asԑmpa no wᴐ aman bԑboro ahanu ne aduasa (230), na wɔyԑ ɔsom a ԑrenya nkɔanim mtԑmtԑm wɔ kan USSR.

Yehowa adansefo ka de hoahoa wɔnho sԑ ԑsԑ sɛ nnipa ba wɔn som mu ansa wɔanya nkwagye.1. Ɔwԑn Aban Asafo no hyԑ Yehowa adansefo denneennen ma wodi wɔn nhyehyԑe ne akwankyerԑ so. Wɔ nhyiam ahorow a wɔyԑ no adapԑn no, wɔsan hwehwԑ sԑ Yehowa adansefo de nnɔnhwerԑw pii bԑkɔ asԑmpaka asram biara de kyekyԑ nsԑmma nhoma, afei so wɔyԑ Bible adesua ne nhwehwԑmu ahorow a ԑfa wɔn som adesua ho. Wɔabara Yehowa adansefo wɔ sraadi, wɔnnkyia fraaka, wɔnto aba mpa ɔmampanyi, wɔnnye mogya, wonni nnapɔna, awoda, buronya ne easter afahyԑ. Bio nso, wɔabara wɔn sԑ mma wɔnnkenkan nhoma a ԑkasa tia Ɔwԑn Aban Ahyehyԑde denneennen. Mmere bi a atwam no Yehowa adansefo ne wɔn a wɔnnyԑ Yehowa adansefo mmɔ feku, na wɔmmfa wɔnho nhyԑ akansi, agumadi ne bɔlobᴐ mu. Wɔnnhyԑ sukuupɔn a obi bԑkɔ ho nkuran ma mpo wɔkasa tia no denneennen.2.

Anohyeto ahorow yi ne nnesoa a wɔde to Yehowa adansefo so no ma wɔtwe wɔnho fi nnipa ne abusua nkae ho, enti Ɔwԑn Aban Ahyehyԑde bԑyԑ wɔn biribiara wɔ wɔn asetram. Sԑ Yehowa adanseni bi bu wɔn akwankyerԑ anaa Bible mmara so a wɔpam no fi Ɔwԑn Aban Ahyehyԑde no mu. Eyi nti obiara, sԑ abusuani, anuanom ne adɔfo nyinaa ne no nkasa, wᴐn ne no ndidi na mpo wɔakyia saa nnipa.3. Wɔ nnipa bebree fam no eyi yԑ tebea ne osuahu a ԑyԑ yaw kyԑn biribiara ma mpo ԑmma wɔte nka sԑ wɔabrabɔ nni mfaso bio. Esiane saa mmara ne nhyԑ a Ɔwԑn Aban Ahyehyԑde no de to Yehowa adansefo so no ma Ɔwԑn Aban Ahyehyԑde nya Yehowa adansefo honam ne honhom fam asetra kwan so tumi, eyi nti ԑho hia kԑsԑ sԑ obi bԑyԑ nhwԑhwԑmu torodoo wɔ nea Ɔwԑn Aban Asafo no kyerԑkyerԑ ne nabakɔsԑm ansa na ɔde ne ho ato so.

Read more

Yehowa Adansefo - abakᴐsԑm ne gyidi

Jehovah's Witness Kingdom Hall

HENANOM NE YEHOWA ADANSEFO? -Wᴐn Abakᴐsԑm, Gyidi Ne Amanne

1. ϽWԐN ABAN AHYEHYԐDE NO ABAKϽSԐM:

  • Karles Taze Russell (Nea ᴐde Ͻwԑn Aban Ahyehyԑde baae) wᴐwoo no wᴐ afe 1852.
  • Wᴐ afe 1870 no Russell suae Sekond Adventists nkyerԑkyerԑ ne amanne ahorow fii nnipa atitiriw, te sԑ George Storrs, Yonah Wendell, George Stetson ne Nelson Barbour.
  • Afe 1879: Russell hyԑe ase tintimii Zion Ͻwԑn Aban ԑbᴐ Yesu Kristo mae ho daruwu (Eyi dii Ͻwԑn Aban Ahyehyԑde no anim)
  • Afe 1881: Wᴐde Zion Ͻwԑn Aban  kᴐkaa mmara kwan so Ahyehyԑde ahorow ho ma wogyee toom, na ԑno bԑyԑԑ Ͻwԑn Aban Bible ne Nhomawa Asafo wᴐ Pennsylvania (Watchtower  Bible and Tract Society of Pennsylvania)
  • Afe 1909: Woyii Ͻwԑn Aban Ahyehyԑde ahenkrow Ti (Headquaters) no kᴐe Brooklyn, New York Watch Tower Bible and Tract Society.
  • Afe 1916: Owura Karles Taze Russell wui.
  • Afe 1917-1942 wonyae Ͻwԑn Aban Ahyehyԑde Panyin a ᴐda ano (President) a ԑto so abien, ᴐtemmufo Yosef F Rutherford.
  • Wᴐ afe 1931: Wᴐpawee abodin ‘Yehowa Adansefo’.
  • Afe 1942-1977 Wonyae Ͻwԑn Aban panyin a ᴐda ano a ԑto so abiԑsa a ne din de Nathan H Knorr.
  • Afe 1978-1992: Wopawee Ͻwԑn Aban Panyin a ᴐto so anan, a ᴐne Frederick W. Franz.
  • Afe 1992-2000 Woyii Ͻwԑn Aban so panyin a ᴐto so anum, a ᴐne Milton George Henschel.
  • Afe 2000: Wᴐyԑԑ nsakrae wᴐ Ͻwԑn Aban Ahyehyԑde nhyehyԑemu:
    Read more

 

Print Friendly, PDF & Email

This post is also available in: Spanish Portuguese Czech Italian Russian German Borɔfo