Enti nnipakuw kɛse a ɛwɔ adiyisɛm no wɔ asase so bere a Harmagedon bɛpae agu?

heavenlysunset

ENTI NNIPAKUW KԐSE A ԐWƆ ADIYISԐM NO WƆ ASASE SO BERE A HARMAGEDON BԐPAE AGU?

Adiyisɛm 7:9, 15: …“hwɛ! Nnipakuw kɛse a onipa biara antumi ankan wɔn a wofi amanaman ne mmusuakuw ne nkurɔfokuw ne kasa horow mu gyinagyina Ahengua no anim ne Oguammaa no anim. Na eyi nti na wogyina, Onyankopɔn ahengua no anim na wɔresom no anɔpa ne anadwo wɔ N’asɔrefie hɔ…”-Wiase Foforo Nkyerɛase.

Bɛyɛ mfe pii atwam Yehowa Adansefo akyerɛkyerɛ sɛ wɔn mu nnipa dodow no benya owusɔre atra Paradise Asase so afebɔɔ, afei nso nnipa 144000 a wɔapaw wɔn na wɔne Yesu Kristo bɛtraa adi hene wɔ Ɔsoro. Akyidifo akuw- abien yi na wɔfrɛ wɔn “Asase sofo” ne “Ɔsoro kɔfo”. Wɔsan frɛ Asase sofo no “Nguan foforo a ɛwɔ Yohane 10:16 ne “Kuw Kɛse” a ɛwɔ Adiyisɛm 7:9 ɛnna wɔfrɛ Ɔsoro kɔfo no “Nguankuw ketewa” a ɛwɔ Luka 12:32 ne “Nsrafo anaa Nkaefo” a ɛwɔ 2 Korintofo 1:21-22 ne Mpem Ɔha Aduanan Anan No”a ɛwɔ Adiyisɛm 7 ne 14. Nsɛmfua eyinom di akoten mpɛn pii wɔ Ɔwɛn Aban gyidi nhyehyɛe mu de si akuw abien yi so dua.

Akuw Abien nhyehyɛe no yɛ Yehowa Adansefo gyidi mapa a woakyinkyim Kyerɛwnsɛm mpɛn pii de afoa wɔn som nkyerɛkyerɛ so. Mmom, yenni Kyerɛwnsɛm nkyekyem  biako mpo a ɛka sɛ nnipa biara nni nnipakuw 144000 a ɛwɔ Adiyisɛm 7 ne 14 ne Apam Foforo no hokwan a wɔwɔ sɛ wonya awo foforo (Yohane 3:3) ne honhom abayɛ kɔka Onyankopɔn mma abusua ho (Romafo 8:14-16) ne kyɛfa a wɔwɔ sɛ wodi Memorial anaa Awurade Anwummere Aduan ho nkaedi no bi, ne Yesu a ɔyɛ wɔn ntamgyinafo (1 Timoteo 2:5) ne owusɔre anidaso sɛ wɔne Kristo bɛtra adi hene wɔ Ɔsoro. Ɔwɛn Aban Asafo hyɛ gyidi yi a ɛyɛ ɔhaw na esiw  Kristofo bebree hokwan ahorow wɔwɔ wɔ Apam foforo no mu. Saa ara na Ɔwɛn Aban Asafo no po sɛ wɔbɛgye atom sɛ nnipa 144000 nkyerɛkyerɛmu no yɛ nsɛm pɔtee a ɛnyɛ kasakoa wɔ Kyerɛwnsɛm ahorow wɔde foa Bible nkyekyem abien nkutoo a ɛwɔ Adiyisɛm 7:3-8 ne Adiyisɛm 14:1-4 so. Eyinom ne nkyerɛkyerɛ ahorow Yehowa Adansefo nnye ntom koraa na woakyinkyim no:

  • Wɔsɔ nnipakuw 144000 ano wɔ asase so wɔ ahohiahia kɛse no berem (Adiyisɛm 14:1).
  • Nnipakuw 144000 yɛ Yudafo a wofi Yesrael mmusuakuw nyinaal mu 1.  (Adiyisɛm 7:4-8).
  • Nnipakuw 144000 ne Yesu bedi asase so hene bere a wobegyina Sion Bepɔw so (Adiyisɛm 14:1).
  • Nnipakuw 144000 yɛ mmabun ‘wohuu mmea da’  na woamfa mmea angu wɔnho fī “(Adiyisɛm 14:4).

SO KYERԐWNSԐM FOA AKUW ABIEN ANIDASO NHYEHYԐE SO?

Ԑyɛ nokware sɛ Bible no ka fa “afanu abien” anaasɛ agyidifo akuw ho, nanso wɔannkyerɛkyerɛ ekuw yi mu sɛ wɔyɛ “Ɔsoro kɔfo anaasɛ Asase sofo” mmom no nsonsonoe ɛda Yudafo twetiatwafo “ne amanaman mufo a wontwae twetia” no ntam. Wɔ Apam Foforo no nyinaa mu wɔada Yudafo no adi sɛ “nguan woayera” a Yesu de daa ogye asɛmpa no brɛɛ wɔn. (Mateo 15:22-24). Ԑbere bi mpo no Yesu hyɛɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔka ahenni ho asɛmpa no kyerɛ amanaman mufo no (wɔnnyɛ Yudafo) (Mateo 10:5-7) na ama Yudafo no anya hokwan a edi kan agye asɛmpa no na woabɛyɛ “amanaman no hann” a Onyankopɔn hyɛe sɛ ɛnam wɔn so na adesamma benya nkwagye (Yesaia 49:6, Asomafo Nnwuma 13:47). Ԑbae sɛ bere a Onyankopɔn maa Petro nyaa anisoadehu a ɛfa aduan a ɛho ntew wɔ Asomafo Nnwuma 11, ɛnna Onyankopɔn buee pon no ma amanaman mufo (wɔnnyɛ Yudafo) no gyee Ahenni asɛmpa no toom. (Asomafo Nnwuma 11:18) Eyi nti na Asomafo Paulo teɛm sɛ:

“Enti momma ɛntena mo adwenem sɛ kan no na moyɛ amanaman mufo wɔ honam na na wɔn a wɔfrɛ wɔn “twetiatwafo” ansa wɔde twaa wɔn ɔhonam mu no frɛ mo ‘momonoto” na monkae sɛ saa bere no na monnim Kristo na moyɛ nkurɔfo a wɔne Yesrael man nni twaka na moyɛ bɔhyɛ apam ahorow no ho ananafo na monni anidaso biara na na monni Onyankopɔn wɔ wiase . Nanso mo a bere bi na mowɔ akyirikyiri a seesei mowɔ Kristo mu yi monam Kristo mogya so abɛn. Efisɛ ɔno ne yɛn asomdwoe, nea wayɛ akuw abien no biako na wasɛe ɔfasu a na etwa wɔn ntam no”-Efesofo 2:11-14 2.

Enti, wɔ Kyerɛwnsɛm no fapem no, yehu sɛ “afanu abien” anaasɛ nnipakuw abien yɛ mpapaemu a ɛda Yudafo no ne amanaman mufo anaa ananafo ntam”. Yesu bubui saa mpapaemu no bere a ɔde ne mogya tuae adesamma bɔne ho ka na ɔsɛe ɔfasu a etwa wɔn ntam no bere a ɔde ne “nguan foforo a ɛyɛ akyidifo a wɔnnyɛ Yudafo ne ne “nguankuw ketewa” a wɔyɛ Yudafo agyidifo bom biako. Eyi a ɔyɛɛ maa bɔhyɛ a ɛwɔ Yohane 10:16 no hyiae:

“Na mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu, wɔn nso  ɛsɛ sɛ mede wɔn ba, na wobetie me nne, na woabɛyɛ nguankuw biako ne ɔhwɛfo biako”.

SO KYERԐWNSԐM NO KYERԐKYER SԐ “NNIPAKUW KԐSE NO BԐTRA ASASE SO DAAPEM?

Yɛahu dedaw sɛ Bible no NNKA pɛn sɛ “Apam Foforo” hokwan a ɛyɛ daa nkwa wɔ Ɔsoro nnyɛ obiara akwanhwɛ na mmom wɔn a woapaw wɔn a wɔyɛ 144000 no. Nea ɛne eyi bɔ abira no Kyerɛwnsɛm no paemuka sɛ:

  • “Anidaso biako nkutoo na yɛwɔ”-ɛnyɛ “Anidaso abien” (asase so ne ɔsoro anidaso) (Efesofo 4:4)
  • Akyidifo bebree a wɔwɔ Apam Dedaw no mu bɛkɔ Ɔsoro (Mateo 8:11, Luka 13:28, Hebrifo 11:10, 16)
  • Ԑsɛ sɛ Nnipa nyinaa nya “awo foforo” ama woahu Onyankopɔn Ahenni no (Yohane 3:3-5)
  • Obiara ɔgye di sɛ Yesu ne Kristo no Onyankopɔn awo no” (1 Yohane 5:1)
  • Honhom fam abayɛ yɛ nnipa nyinaa a Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan dea (Romafo 8:14-16)
  • Yesu Kristo yɛ “ntamgyinafo no ma adesamma nyinaa (1 Timoteo 2:5)
  • Yesu akyidifo nyinaa ɛsɛ sɛ “wodi Onipa Ba no honam na wɔnom ne mogya denam Awurade Anwummere Aduan no kyɛfa a wɔwɔ ama woanya daa nkwa (Yohane 6:53)
  • “Nnipakuw Kɛse “ no begyina “Ahengua no anim” na woasom Onyankopɔn anɔpa ne anadwo wɔ N’asɔrefie hɔ wɔ Ɔsoro bere a Harmagedon bɛpae agu (Adiyisɛm 7:9, 15, 16:16-17)
  • “Eyinom nyinaa akyi no metee nea ɛte sɛ nne denneennen a ɛyɛ nnipakuw kɛse wɔ Ɔsoro” (Adiyisɛm 19:1)

Hyɛ no nsow sɛ ahwehwɛde BIARA nni akenkan yi mu a ɛde nsɛmfua “nyinaa ne obiara” gyinaa hɔ maa agyidifo 144000 kuw a wɔapaw wɔn no. Mmom bɔhyɛ ahorow bue kwan ma “obiara” ɔgye di “. Bio nso, saa nnipa 144000 wɔaso ano afi ahohiahia ɛyɛ Onyankopɔn abufuhyew a ɛrebɛba asase sofo so a sɛnea Adiyisɛm 7:3 kyerɛkyerɛmu pefee a, ɛbɛyɛ dɛn na kuw 144000 yi atra ase wɔ afeha edi kan bere a Apam Foforo bɔhyɛ no wonnya mmfa maa Yesu akyidifo? Enti, bere a yeasusuw Kyerɛwnsɛm no fapem mu nyinaa no, yehu sɛ ɛrenyɛ yiye sɛ Kyerɛwnsɛm no akenkan foa Yehowa Adansefo Kuw-abien gyidi nhyehyɛe yi so.

DԐN NTI NA YEHOWA ADANSEFO SURO HARMAGEDON?

Ԑkame ayɛ sɛ Ɔwɛn Aban Asafo hokwan ɛwɔ Apam Foforo no mu a ɔde akame Yehowa Adansefo no nnɔɔso nti, Asafo no kɔso bio de ehu a emu dɔ a ɛfa Onyankopɔn abufuhyew a obehwie agu adesamma abɔnefo so a ɛwɔ “Ahohiahia Kɛse ne Harmagedon kō a wɔakyerɛkyerɛm wɔ Adiyisɛm 16 no hyɛ Yehowa Adansefo mu.

Ԑwom sɛ 1 Tesalonika 5:9 hyɛ Kristofo bɔ sɛ Onyankopɔn amfa yɛn amma abufuhyew mmom sɛ yebenya nkwagye denam yɛn Awurade Yesu Kristo so”. Yehowa Adansefo gye tom sɛ Onyankopɔn bɛsɔ wɔn nokwaredi ahwɛ denam N’abufuhyew a wobegyina ano wɔ Ahohiahia bere  no ne Harmagedon kō no. Ɔkwan nkutoo a yɛaka akyerɛ Yehowa Adansefo sɛ wobetumi anya wɔn ti adidi mu wɔ wiase amammui sɛe ɛne sɛ wɔbɛsom Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde nokwaredi mu na woanya anidaso sɛ Yehowa de wɔn nkwa bɛkyɛ wɔn wɔ bere a ɔde N’atemmu bɛba.

Ehu ɛtete saa yɛ nea enni nnyinaso efisɛ ɛnyɛ nnipa 144000 nkutoo  na wɔaso ano afi Onyankopɔn abufuhyew mu wɔ Adiyisɛm 7:3, nanso “Nnipakuw kɛse nyaa ahobammɔ efisɛ Onipa Ba (Yesu) bɛsoma N’abɔfo ama woaboaboa N’akyidifo ano akɔ Ɔsoro ansa N’atemmu a etwa to afi adi wɔ asase so.

“…Mobehu Onipa Ba wɔ omununkum mu fi soro de tumi ne anuonyam kɛse reba. Na ɔbɛsoma N’abɔfo a wokurakura torobɛnto nne na woaboaboa ne nnipa woapaw wɔn afi mframa anan ne ɔsoro ano kosi ano nohoa”-Mateo 24:30-31.

Enti, wɔ nnipa 144000 ano a wɔasɔ wɔ Adiyisɛm 7:4-8 no akyi pɛɛ, yɛkenkaan faa “Nnipakuw kɛse”gyinabea ho sɛ wogyina Onyankopɔn “Ahengua no anim” wɔ Ɔsoro.

“Eyinom akyi no mihui…. na, hwɛ! Nnipakuw kɛse, a onipa biara antumi ankan wɔn a wofi amanaman ne mmusuakuw ne nkurɔfokuw ne kasa horow mu gyinagyina Ahengua no anim ne Oguanmmaa no anim, na wɔhyehyɛ ntade fitaa na wokurakura berɛw”-Adiyisɛm 7:9.

Nkyekyem 11 a ɛyɛ Adiyisɛm Ti 7 kyerɛ beae a “nnipakuw kɛse” yi wɔ bere a ɔkasae faa “abɔfo no nyinaa” ho te sɛ “nnipakuw kɛse no” a wɔresom wɔ “ahengua no anim”. Bio nso, wɔada “nnipakuw kɛse”no adi wɔ nkyekyem 14 sɛ “wɔn a wofii ahohiahia kɛse no mu”eyinom nyinaa sii ANSA Harmagedon sɛe wɔ Adiyisɛm 16. Saa ara na Adiyisɛm 7:15 paemu ka denneennen sɛ:

Eyi nti na wogyinagyina Onyankopɔn ahengua no anim na wɔresom no anɔpa ne anadwo wɔ N’asɔrefie hɔ na afei Nea Ɔte ahengua no so no bɛtrɛw ne ntamadan mu wɔ wɔn so”.

Nokwasɛm sɛ “Asɔrefie” yi wɔ Ɔsoro sɛnea Adiyisɛm 11:19 kyerɛkyerɛmu sɛ :

“Na Onyankopɔn asɔrefie (Kronkronbea) ɛwɔ Ɔsoro no wobuee na wohuu N’apam adaka no wɔ N’asɔrefie (Kronkronbea) hɔ. Na anyinam ne nne ne aprannaa ne asasewosow ne amparuwbo kɛse bi bae’.

Ne saa nti, nnipakuw kɛse mufo a ɛwɔ Adiyisɛm 19:1 no wɔ nea nti a wɔwɔ anigyem wɔ Ɔsoro.

“Eyinom akyi no metee nea ɛte sɛ nne denneennen a ɛyɛ nnipakuw kɛse wɔ ɔsoro. Wɔkae sɛ: Mokamfo Yah, MO Nkurɔfo! Nkwagye no ne anuonyam ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn dea”.

Ama wɔatwe adwene afi “nnipakuw kɛse a wɔwɔ Ɔsoro no so sɛnea Adiyisɛm 19:1 bɔ amanneɛ no, Yehowa Adansefo no binom gye akyinnye sɛ “nnipakuw kɛse” no bɛyɛ “abɔfokuw” na ɛnyɛ nnipakuw. Nanso, ɛfata sɛ “kuw kɛse” yi a ɛwɔ Ɔsoro no reto yɛn Nyankopɔn “Nkwagye dwom”. Yebisa sɛ ɛbɛyɛ dɛn na abɔfo eyinom atumi ato wɔn “nkwagye dwom wɔ bere a adesamma ne abɔde nkutoo a Onyankopɔn gye wɔn nkwa? Esiane sɛ abɔfo a wɔwɔ Ɔsoro no nhia Ɔgye anaa nkwagye na ama wɔato saa dwom no efisɛ wɔnnyɛ bɔne da. Abɔfo a woahwe ase wɔ bɔne mu nso nni ɔgye hokwan biara, nti Yehowa Adansefo Akyinnye ne Kyerɛwnsɛm no bɔ abira. Bere a “nnipakuw kɛse” no “wɔ Ɔsoro”resom anɔpa ne anadwo wɔ Onyankopɔn asɔrefie hɔ reto yɛn Nyankopɔn “Nkwagye dwom no, yehu sɛ Ɔwɛn Aban Harmagedon ho suro no nni nnyinaso.

ƆWԐN ABAN ADWENE ԐKOTIA ADIYISԐM 7:15 HO ADA HƆ:

Ɔwɛn Aban no de adwene ahorow a ɛkotia Adiyisɛm 7:15 ama sɛnea wɔn gyidi a edi afra no anya nnyinaso wɔ Adiyisɛm 7:15. May 1, 2002, Ɔwɛn Aban Nsɛmma nhoma gyee toom sɛ Asafo no adwene biako a okura mu wɔ mfe bi a atwam yɛ adwene a ɛne sɛ “nnipakuw kɛse no Som Yehowa wɔ honhom fam asɔrefie ntrɛmu ɛwɔ asase so nea ɛte sɛ Salomo Asɔredan ntrɛmu no ara”. Nsɛmma nhoma yi toa so de adwene foforo a ɛyɛ hann foforo de bɔɔ wɔn kan adwene a wokura fa asɔrefie no ho sɛ ɔkwan bi so no ɛyɛ “asase so ntrɛmu anaa Ananafo Nhyiambea gui’. Wɔkae sɛ:

“… Hela asɛmfua (hi-e-ron) woakyerɛ ase “asɔrefie” yɛ nea wɔde dii dwuma maa “ananafo nhyiambea ma ɛdan mu no nyinaa a ɛnyɛ asɔrefie ɛdan no nko…Ne nyinaa mu no, Hela asɛmfua (na-os) woakyerɛ ase “asɔrefie” wɔ Yohane Anisoadehu a ɛfa nnipakuw kɛse no ho yɛ biribi pɔtee. Wɔ Yerusalem asɔrefie tebea mu no, mpɛn pii no ɛfa kronkron mu kronkronbea ho, asɔrefie ɛdan no anaasɛ asɔrefie ɛdan ho hyia nyinaa. Ԑtɔ mmmere bi a wɔkyerɛ ase “Kronkronbea”-Mateo 27:5, 51, Luka 1:9, 21 Yohane 2:20… Nanso Ɔsoro mpanyimfo biako see Yohane sɛ, nnipakuw kɛse wɔ asɔrefie mu hɔ ankasa a ɛnyɛ asɔrefie no mfikyiri te sɛ ananafo honhom fam nhyiambea’Ɔwɛn Aban May 1, 2002, kratafa 31.

Woanhwɛ yiye a, ɛbɛyɛ sɛ Ɔwɛn Aban Asafo agye atom koraa sɛ mfomso wɔ n’adwene a okura wɔ  “nnipakuw kɛse”no a wɔresom wɔ Ɔsoro asɔrefie ntrɛmu mfinimfini hɔ no, na mpo woagye atom sɛ wɔn nsusuwii ne Bible adwene ɛwɔ Adiyisɛm 7:15 no nhyia. Nanso, ɛmfaho adanse a wɔde ama fa Hela asɛmfua (na-os) no a woakyerɛ ase “asɔrefie wɔ Adiyisɛm 7:15 sɛ ɛkyerɛ Kronkronbea anaasɛ Kronkron mu Kronkronbea (ɛno nkutoo na ɛkyerɛ Asɔrefie mfinimfini a ɛwɔ Ɔsoro ho), nanso, wɔmpene sɛ wɔbɛgye adanse yi atom na wɔkɔ so asoɔden mu kura wɔn adwene a ɛmfata no ka sɛ:

“… nnipakuw kɛse mufo nni ntrɛmu no mfinimfini a ɛyɛ Yehowa honhom fam asɔrefie kɛse no mu…”-Ɔwɛn Aban May 1, 2002, kr. 31

Nanso, ɛnyɛ Adiyisɛm 7:15 nkutoo na yehu sɛ “nnipakuw kɛse” no resom Yehowa anɔpa ne anadwo wɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ wɔ Onyankopɔn asɔrefie a ɛwɔ Ɔsoro no, na mmom yɛkenkan sɛ wogyinagyina Ahengua no anim ne Oguanmmaa no anim” (Adiyisɛm 7:9) ne abɔfo a wɔresom wɔ Ahengua no anim no yɛ ade koro (Adiyisɛm 7:11). Enti, yetumi si no pi sɛ “nnipakuw kɛse” no “wɔ Ɔsoro”saa yɛkenkan hu nneɛma bɔne a ɛbɛba wɔn a wɔpo Onyankopɔn nkwagye nhyehyɛe a ɛwɔ Yesu Kristo mu. Nokwarem no, eyi ne nea  Adiyisɛm 7:15-17 ka fa ahosan a “nnipakuw kɛse no benya wɔ Ɔsoro bere a Harmagedon sɛe no bɛpae agu asase so.

Ԑno nti na wɔwɔ Onyankopɔn ahengua no anim, na wɔresom no anɔpa ne anadwo wɔ N’asɔrefie, na Nea Ɔte Ahengua no so no bɛtrɛw ne ntamadan mu wɔ wɔn so. Ɔkɔm ne sukɔm renne wɔn bio, na owia renhye wɔn bio na mpo ɔhyew biara rennka wɔn efisɛ Oguammaa a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛhwɛ wɔn na ɔbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ nkwa nsuti ho. Na Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu biara “-Adiyisɛm 7:15-17.

SAA YԐN NYINAA WƆ ƆSORO A HENA NA ƆBԐTRA ASASE SO?

Wɔ Kristo mfirihyia apem nniso no, wɔn a wɔnnye nni a wobenya woti adidi mu wɔ ahohiahia kɛse no ne Harmagedon kō no bɛtra asase so wɔ wɔn owu nipaduam na wɔawo mma a wobenya hokwan aka asɛmpa no a ɛfa Yesu agyede afɔrebɔ ne daa nkwa akyɛde no. Wɔn a wobenya akyɛde yi denam Yesu a wɔde no bɛyɛ wɔn Awurade ne Agyenkwa bɛsɔre akɔ Ɔsoro asetram wɔ wɔn owuo akyi. Enti, Kristofo Agyidifo a wɔwɔ Ɔsoro bedi wɔn a wɔnnyɛ Kristofo so wɔ asase so wɔ Kristo mfirihyia apem nniso ase.

Kristo mfirihyia apem nniso akyi no, Onyankopɔn bɛbɔ Ɔsoro foforo ne Asase foforo na ɛno mu na Yerusalem foforo bɛkyɛn  Ɔsoro ne Asase no (2 Petro 3:7, 10-13 Adiyisɛm 21) Esiane sɛ Yesu dii Ɔsoro ne asase so aforosian (Asomafo Nnwuma 1:11) bio nso esiane sɛ owusɔre nipadua a Kristofo no benya no te sɛ Kristo Nipadua de no nti (Filipo 3:20-21) ntease wom sɛ Yebetumi asi no pi sɛ Kristofo agyidifo nyinaa betumi adi Asase foforo ne Ɔsoro foforo aforosian anya anigye wɔ beae abien no nyinaa.

SԐ WOPԐ NSԐM PII A HWԐ:

bullets WHAT IF JEHOVAH’S WITNESSES ARE RIGHT ABOUT ARMAGEDDON?

===========

1. Hyɛ no nsow: Dan ne Afraim abusuakuw no nnka kyerɛwtohɔ no ho efisɛ Dan de neho hyɛɛ abosonsom mu wɔ Letitikus 24:11, Atemmufo 18:1, 30 ne 1 Ahene 12:28-30 bio nso Afraim de neho hyɛɛ abosonsom mu wɔ Hosea 4:17 ne Atemmufo 17. Enti, Yosef ne Manase abusuakuw no bɛsii abusuakuw abien no ananmu wɔ Adiyisɛm 7:5-8.
2. Kyerɛwnsɛm nyinaa yɛafa emu nsɛm aka no fii Yehowa Adansefo Bible, Wiase Foforo Nkyerɛase mu.

Print Friendly, PDF & Email

This post is also available in: Spanish Portuguese Czech Borɔfo