Wɔn a Woafi Yehowa Adansefo mu no Adansedi

Betty - Ex-Jehovah's Witness

betty.:THE TESTIMONY OF BETTY – Shunned for asking questions, Betty left the Watchtower for Jesus

bullets Betty's Facebook Page

bullets Visit Betty's Article Corner

Na ɔwɔ ɔpɛ sɛ Bible mu nsɛmmisa a ɔwɔ no obenya ɛho mmuae, nti bere a Yehowa Adansefo a wɔwɔ n’abusua santen mu no kae sɛ wɔwɔ nokware no, ɔne wɔn suae Bible no mfe anan ɛnna ɔgyee asubɔ. Bere a ɔwɔ Ahyehyɛde no mu, ɔbɛtee nka sɛ wɔnnɔ no afei obiara poo no. Dɛn ntia? Esiane sɛ obehui sɛ Yehowa Adansefo gyidi no yɛ nea enhyia, afei ne nsɛmmisa nso, a Asafo mpanyimfo ntumi mma no ho mmuae? Dɛn nti na obiara nkasa neho na afei wɔpoo no? N’ani so atᾱ no a onhu nea ɔnyɛ a wɔayɛ ankonam. Ɛhe na menkɔ? Beae biara nni hɔ a mmɛkɔ! Sɛ me nkutoo mmɛsom Onyankopɔn no nnyɛ m’adwene. Awiei no, Betti bɔɔ Yehowa mpae kae kyerɛɛ no sɛ ɛhe na ɔpɛ sɛ mekɔ. Eyi akyi no, ɛnna Honhon Kronkron ne mmoa Kristofo nnamfo adɔfo bi de mae no ɛnna Yehowa maa ohui NOKWARE ankasa a ɛne Yesu Ankasa.

Read more


Tressa - Ex-Jehovah's Witness

tressa.:TRESSA - Disfellowshipped for divorcing her abusive Jehovah's Witness husband

bullets Visit Tressa's Article Corner

Disfellowshipped for divorcing her abusive Jehovah's Witness husband, Tressa worked hard to be reinstated but God intervened with His Truth.
Onyinee wɔ katholik fie nea na Tressa rehwehwɛ no ara ɛne sɛ ɔne obi besua Bible no. Enti bere a Yehowa Adansefo bɔe ne pon mu no, ɔdwenee sɛ ɛyɛ n’adesrɛ ho mmuae a ɛbɛma wɔatete ne mma anum no wɔ Ahyehyɛde no mu. Woyii no fii ahyehyɛde no mu esiane sɛ ogyae ne kunu a ɔyɛ no basabasa no nti, nanso bere a Tressa rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛsan agye no atom bio wɔ ahyehyɛde no mu ɛnna ohuui Yesu!

 

Read more

Dan - Ex-Jehovah's Witness

dan_kaci

.: DAN - Raised Jehovah's Witness

bullets Dan's Facebook Page
bullets Phone: 719-355-7164 ext 111
bullets Dan's Article Corner

Wɔtetee me sɛ Yehowa Danseni, nanso mante nka sɛ mefata Ahenni Asa. Wɔ afe 2008 mu no na merebɔ mmɔden ama Yehowa Adansefo no agye me atom, me nuanom mmarima ne mmea a woadi kan afi Yehowa Adansefo mu no fii ase sɛ wɔne me di no ɔdɔ so, edenam nhoma ne adwinnade ɛwɔ Internɛt adwumayɛbea yi so no. Ankyɛ koraa na mede me nkwa maa Yesu, afei miboae meyere maa ɔno nso de neho maa Yesu. Seesei, mene Yesu nantew no mu ayɛ den kɛse. Medɔ m’agye nkwa!

Read more


Carlene

carleneCARLENE

Onyinee wɔ Kristofo fie, Karlene ani gyei Bible akenkan ho nanso na honhom fam sukɔm de no, efisɛ na ne kurom hɔ asɔre no ntumi mma n’asɛm bisa ho mmuae. Bere a ɛbɛyɛ sɛ Adansefo no wɔ mmuae ma asɛmmisa biara a ɔwɔ no, ɔne ne kunu bɔɔ asu. Wɔsomee Ɔwɛn Aban no bɛboro mfe 20 ansa na Kristo buee n’ani, ma seesei woanya koma pa sɛ ɔbɛboa afoforo nso ma woafi Ɔwɛn Aban no mu.
Read more

Jason

jason_family

.:JASON

Sɛnea Onyankopɔn gyee me ne m’abusua. Ɔwɛn Aban nkyerɛkyerɛ sɛ yɛbɛtra ase daa wɔ asase so no tɔɔ me komam so. Ɔno ne ne yere Jenny yɛɛ Yehowa Adansefo a wɔabɔ asu wɔ afe 1994 na wofi ase sɛ wobɛtete wɔn mma anan wɔ ɔwɛn Aban akwankyerɛ katee no ase. Bere ohui ntɛnkyea a asafo mpanyimfo de twee asafo mufo no asō no maa Yason ne Jenny fii ase hui sɛnea Ahyehyɛde no wɔ tumi kɛse wɔ asafo mma no so. Dɛn na ɛyɛ mfomso wɔ me ho? Mente saa abotayam a Yesu hyɛɛ bɔ no nka, ɔhwehwɛe mmuae enti ɔkɔkenkaae Bible no ne wɔn a wonnyɛ Yehowa Adansefo bio adansedi. Onyae nokware ahofadi wɔ Kristo mu no, Yason ne Yenni ne wɔn mma anan no nyaae ahofadi awiei koraa!

Read more

Julie

julie

.: JULIE

Yɛ obi a ogyaee n’asɔre bɛyɛɛ Yehowa Danseni, Yulie gye dii sɔ woahu ɔpataku a ɔhyɛ oguan nkatanim wɔ asafo no mu, na wɔkaa sɛ saa nkyekyem no mfa Yehowa Ahyehyɛde no nnɛ ho na mmom afeha edi kan Kristofo nkutoo ho, na onim sɛ biribi atɔ kyima ankasa. Wɔ saa bere no ohui sɛnea asafo mpanyimfo no anya ntetee sɛnea wobetumi akata asafo no mfomso so ama asafo no ayɛ kama, eyi ma gyidi a ɔwɔ wɔ asafo o mu hw ease. Woyii no fii asafo no mu sɛ ɔyɛ ɔwaefo bere a woannye asafo adwene a ɛne sɛ Yesu nyɛ ntamgyinafo mma nnipa nyinaa sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no ma ɛnnɛ Julie de ahotɔ resom Yehowa Nyankopɔn ankasa no wɔ ne nokware mu.

Read more

Stephen - Ex-Jehovah's Witness

stephen .:STEPHEN

Wɔwoo no ɛsan tetee no sɛ Yehowa Danseni. Stefano abambui sɛ ɔbɛda nso wɔ ne sukuufo nyinaa ho. Enti na ɔte atua wɔ fie nanso wɔ sukuu ho de na ɔda nsow. Wotuu Stephen wɔ asafo no mu na wɔsan pamoo no wɔ sukuu bere woadi mfe 18. Ɔhweree n’abusua a wɔyɛ Yehowa Adansefo no na ofii ase nomee nnurubɔne, ɔde neho hyɛe ɔbraseɛ ne nsadweam mu, na onyae mma mmienu bere a ɔnware, a obiako wui esiane nna mu yare (STDS) ansa na onyaa mfe 21. Ogyae aware san waree bio wɔ mfe 25, wɔsan gyee Stefano toom bio sɛ Yehowa Danseni nanso ɔkɔɔso de neho hyɛɛ abrabɔ bɔne mu wɔ esum ase. N’asetra bɛyɛɛ basaa ma ohui sɛ ohia Onyankopɔn wɔ n’asetram, nti ɔtwee bɛn Yesu ma onyae asomdwoe ne anigye a eso bi nni.

Read more

Trish

trish.:TRISH V

Wɔwoo no ɛsan tetee no sɛ Yehowa Danseni bεyε mfe aduanan mmienu (42) na odi kan huui bere a edi kan a nyaatwom a ɛwɔ Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde no mmara ntotoɛ mu. Bere a ohuui amane wɔ Yehowa Adansefo aware mu no, εno amma woantumi anni Ɔwɛn Aban ahwehwɛde biara so. Trish gyaee ne Yehowa danseni kunu no, kae kyerɛɛ no sɛ obetumi afa ɔsom no ayɛ ne hwɛfo na ɔno de ɔbehwɛ mmofra no. N’asetra bɛdii nsensɛmu a onhu nea ɔnyɛ efisɛ ɔndɔm ɔsom biara. Ɛdenam Onyankopɔn mmɔborohunu ne N’adom so no n’ani buee ma ohuui Nokware Ankasa Yesu Kristo. Ogyaw n’asetena nyinaa maa no, na onyae asomdwoe ne anigye a wɔahwehwɛ n’asetena kwan nyinaa mu. Na Yesu hyirae no maa onyaa Kristoni kunu a odwo na ɔdwene neho.

Read more

Gloria

Gloria's Horse PhotographyGLORIA

Ɔyɛ awo ntotoaso a ɛtɔ so anum Yehowa Danseni. Ne osuahu kɔ akyirikyiri bɛyɛ mfe apem a atwam a wɔ nᾱnᾱkᾱsowa bere so. Ne abusua anni Russell nkyerɛkyerɛ akyi nkutoo na mmom wɔn bɛyɛɛ akwanpae titiriw a wɔde nnɔnhwerew 150 ɔsram biara de twae kwan kɔ nkurow ne nkurow so koyii sini a atwa adebɔ ho mfonini. Gloria amfi Ɔwɛn Aban no mu esiane sɛ ohuu mfomso bi wɔ ahyehyɛde no ho. Ɔfii mu efisɛ na ɔrehwehwɛ Yesu.

Read more

Tammie - Adansedi No

tammieYehowa Adansefo awofo na ɛtetee no (n’agya yɛɛ asafo mu panyi). Tammie nyaa ahotoso sɛ ɔwɔ nokware som biako nkutoo no mu. Ɔyɛɛ daa akwanpae wɔ ne mfe aduasa mu (ɔde nnɔnhwerew bɛyɛ aduokrɔn ɔsram biara yɛe asɛmpaka adwuma, obuui akontaa a ɛkyerɛɛ sɛ ɔne nnipa du (10) suae Bible na afei nso ɔde Ɔwɛn Aban nsɛmma nhoma ne nhoma ɔha (100) ma ɔsram biara mu, ɔmae mmuae na ɔyɛe ɔyɛkyerɛ ahorow wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu bere a na woadi mfe ason (7). N’abusua ne ne nnamfo buu no sɛ Yehowa adansefo nyinaa nhwɛso, kosii bere a ɔdɔ a ɛwɔ anohyeto no baa n’awiei maa biabiara a ɛwɔ n’asetram sɛe. Yesu mu nkutoo na Tammie huui nea wɔahwehwɛ bere tenteenten.

Read more

Douglas Lee - Ex-Jehovah's Witness

douglas

.:DOUGLAS LEE - The End is Nigh... Again!

Nea ɔkyerɛwee nhoma “The End is Nigh…Again!” Ɔkae ne osuahu no wɔ sɛnea wɔtetee no sɛ Yehowa Danseni, a wɔtwe no fam de no kɔe Ahenni Asa ne afie ne afie asɛmpaka. Ɛwɔ ayaresa ho nsunsuanso sɛ obi bɛserew wɔ ne yawdi ne dadwen mmere mu.

Read more


Jean - Ex-Jehovah's Witness

jean.: JEAN - As a third generation Jehovah's Witness, Jean left over the Watchtower's changing truth.

bullets Visit Jean's Website:  http://www.tutorsforchrist.org/

Sɛ obi a ɔyɛ awo ntotoaso a ɛto so abiɛsa Yehowa Danseni no Yean gyee dii sɛ ɛsɛ sɛ otie asɛm biara Ɔwɛn Aban Asafo no ka efisɛ ɔne Onyankopɔn akwan a ɔfa so ne adesamma di nkitaho. Nanso bere a Ɔwɛn Aban no tintimii nsakrae bi a ɛsesan nokware gyidi bi sɛ ɛyɛ”hann foforo” no ara pɛ ɛnna Yean adwene yɛɛ no nᾱᾱ. So Yehowa sakrae N’adwene? Odwinnwen. Bere a ne mfe abien nhwehwɛmu wɔ Ɔwɛn Aban nhomawa ahorow no, daa no adi sɛ ɛyɛ Ahyehyɛde a nnipa na ɛkyerɛɛ no kwan na ɛnyɛ Onyankopɔn no Yean twee neho na ɔde neho bɔɔ nokware ankasa no a ɔne Yesu ankasa!

 

Read more

Joe H - Ex-Jehovah's Witness

joehJoe B. Hewitt - When his mind was locked up in Watchtower legalism, he left to find true freedom in Christ.

bullets Visit Joe's Website: www.joebhewitt.net

Wɔtetee no sɛ Yehowa danseni fii bere a woadi mfe awotwe (8) na ne mfɛfo kɔɔso taa no, efisɛ ne gyidi no mfata Amerikani. “Dɛn nti na wuntumi nyɛ Amerika ɔman ahopɛ ne ɔman no ho dɔ a bere koro no ara obetumi ayɛ nokwaredifo ama Onyankopɔn? Eyi yɛ nea ɛmfata, ɔdwenee. “M’adwene atim wɔ Ɔwɛn Aban no nkyerɛkyerɛ mu. Seesei de m’ade meho. Minim nnipa bɛyɛ ɔha a wɔnnyɛ Yehowa Adansefo bio a seesei wɔyɛ Kristofo. Wɔyɛ Kristofo a wowɔ anigye a minim. Obi a woabɔ no dua mu no ani gye ahofadi ho ankasa.

 

Read more

LB - Ex-Jehovah's Witness

LB

.:LB’S STORY - Sacrificing a college education to serve the Jehovah's Witness religion, he struggled in life.

LB asetena pa no sɛee denam Yehowa Adansefo no asɔre a wɔwoo no toom na wɔde tetee no. Sɛ aberantewa, Yehowa Adansefo kyerɛe no sɛ ɔrennyin mmɔ akwaakora a ɛno nti sukuu a ɛkɔ akyiri a ɔbɛkɔ no ho nhia no efisɛ ɛbɛma wɔde honam fam ahonde ayɛ ne botae wɔ wiase bɔne yi mu. Nanso harmagedon bɛba de Paradise asase foforo no bɛba afe 1975 mu. LB werɛhowee neho sɛ ɔde mfe 30 ama Ɔwɛn Aban Asafo atoro nkɔmhyɛ no. Anigyesɛm ne sɛ ohuui nokware ankasa no bere a ogyaw Ɔwɛn Aban atoro nyame hɔ kɔfae nokware Nyankopɔn no.

Read more


Shereen - Ex-Jehovah's Witness

shereenSHEREEN - After a failed attempt at suicide from the harsh beatings she endured from her Jehovah's Witness parents, she found help from a trained counselor.

Wɔtetee no wɔ Yehowa Adansefo fie a atirimɔden ne basabasayɛ ahyɛ hɔ mᾱ. Shereen, ante nka da sɛ ɔwɔ ahofadi a mmofra nya bere a worenyin wɔ a awofo a wɔdɔ wɔn nsam. Nnɔnhwerew ahorow a wɔde kɔɔ nhyiam ne afie ne fie asɛmpaka adwuma ne ɔhwe a ano yɛ den wɔ fie esiane nneɛma nketenkete mpo a woantumi anyɛ amma n’awodo no. Eyi maa Shereen huui sɛ obewu. Bere a anka ɔpɛe sɛ okum neho a anyɛ yiye no, onyae mmoa fii ofotufo a ne ho akokwaw nkyɛn. Ɛwom sɛ mprempren woafi Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde no mu de, nanso mmoa a ohia wɔ honam, nkate ne honhom fam mu ayaresa no mmaa n’awiei.

Read more

Beryl - Ex-Jehovah's Witness

beryl

BERYL'S TESTIMONY - Abused by her step father, a Jehovah's Witness elder, she left the religion to find peace in Christ.

bullets Visit Beryl's Article Corner
bullets Visit Beryl's Website: DaddysLittleGirls.net

Sɛ obi a woagyina honam, nkate ne honhom fam basabasayɛ ano wɔ Yehowa Adansefo mu no, Beryl de ne mmere kɛse no bisae Yehowa sɛ “Dɛn nti na eyi asi? Adɛn nti na womaa eyi sii? Onyaa nhyira sɛ otumi gyinae na ɛnnɛ ɔreka ne adanse sɛ ɛmfaho atirimɔden ne ahometew ne asetena mu osuahu a ɛyɛ yaw no ebetumi adan ayɛ adepa sɛ woma Yehowa kwan a.

Read more

Sacha - Ex-Jehovah's Witness

sacha.:SACHA - Brutally abused by her Jehovah's Witness husband, she was disfellowshipped for reporting to the police.

Wɔwoo no too Yehowa Adansefo a wɔyɛ nnam na wɔyɛ katee fie, Sacha gyee dii paa sɛ woahu nokware no na ɔne ne kunu somee sɛ daa akwanpae. Nanso bere a ne kunu (ɔsomfo) fi ase sɛ ɔbɛyɛ no basabasa denam ɔhwe a ɛntɔ asom no, oguanee kɔɔ n’abusuafo ne mpanyimfo hɔ sɛ wɔmmoa no, nanso nea mpanyimfo kae ara ne sɛ ɛnsɛ sɛ ɔka asɛm yi kyerɛ polisefo efisɛ ɛbɛsɛe Yehowa din na afei ɛbɛma Yehowa Adansefo anuonyam no abrɛ ase. Awiei koraa no, Sacha tee nka sɛ ɛyɛ nti osii gyinae sɛ obegyae aware nanso mpanyimfo no kae sɛ onni kyerɛwnsɛm no kwan a obegyina so agyae aware, enti woyii no fii asafo no mu. N’abusua ne nnamfo poo no. Sacha tuu kɔtrae kurow foforo so na ɛho na Kristoni aberante bi maa ohuui Kristo.

Read more

Margery - Ex-Jehovah's Witness

margery

.:MARGERY - Discovering Biblical truths that contradicted the Watchtower, she left for the real Truth.

Sɛ Yehowa Danseni no, Romafo 11:25-26 buee Margery ani. Nokwasɛm sɛ Onyankopɔn kɔɔso ara dɔ Yudafo na afei ne nhyehyɛe sɛ ɔde wɔn bɛkɔ nkwagye mu no ne nea Ɔwɛn Aban no kyerɛkyerɛ no bɔ abira. Onyankopɔn buee n’ani maa ohui sɛ bere a ɔreka asɛmpa no wɔ pon ano no na ɔretaa nsɔre ahorow efisɛ ɔreka atemmu asɛm sɛ anka ɔbɛka adom, mmɔborohunu ne nkwagye asɛm. Margery nim sɛ ɛsɛ ofi Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde no mu mpo sɛ ɔbɛhweree ne nnamfo a wɔ sombo ma no.

Read more


Angie - Ex-Jehovah's Witness

angie.:THE TESTIMONY OF ANGIE - “The Word Was God.” - A Story of His Grace.

bullets   Click HERE to View My VIDEO Testimony

Onyinee wɔ awofo biako a woadi dem fie. Angie ani gyinae sɛ n’asetena betim, mfitiase no osusuwii eyi ada adi wɔ Yehowa Adansefo no gyidi ahorow mu ne ne ante a ɔye Yehowa Danseni fie nanso bere a Angie huui sɛ kyerɛwnsɛm no ne gyidi a wɔakyerɛkyerɛɛ no sɛ Yehowa Danseni bɔ abira no, wotuu no fii ne ante fie wɔ January ɔsram anadwo a woamma woamfa ne nneɛma biako mpo ankɔ efisɛ ogyee nea Bible no kyerɛkyerɛɛ no dii sen nea Ɔwɛn Aban kyerɛkyerɛe. Dɛn na Angie bɛyɛ no seesei?

Read more


Andrew - Ex-Jehovah's Witness

andrew

.:ANDREW - Discovering the truth about Watchtower history, he left to follow Jesus.

Woanyii me amfi Asafo no mu ɔkwan biara so, ɛnna menni Yehowa Adansefo no ho mmenasepɔw ɔkwan biara so. Ofii a mefii Ahyehyɛde no mu gyinae Ahyehyɛde no abakɔsɛm ne ne nkyerɛkyerɛ no fapem ne sɛnea ɛne Kristosom bɔ abira. Ɛtɔ mmere bi a metumi ka fa meho sɛ meyɛ Yehowa Danseni a meyɛ nhwɛso ma afoforo nanso ɛto mmere bi a mente nka saa. Mehwɛ kwan sɛ mehyia obi a ne tebea no ne me de no hyia.

Read more

Midge - Ex-Jehovah's Witness

midge.:MIDGE - Lack of love in the Jehovah's Witnesses drove her out of the organization into the arms of Jesus.

bullets Visit Midge's Website at: www.jwhelpandsupport.50megs.com

Bɛyɛ mfe 16, Midge yɛe Yehowa Danseni a woaben. Ɛmfaho nsɛmmisa a obisabisae bere tɔ bere no, woannye akyinnye sɛ Yehowa Adansefo no nnyɛ “Nokware”. Nanso bere a woyii opanyi ne n’adamfo fii Ɔwɛn Aban Asafo no mu a wɔannte ho hwee no ɛnna nsɛm nsɛm afoforo a ɛsɔre akyiri no maa ohui Ahyehyɛde no wɔ ɔkwan foforo so. Nhyiam a etwa to a ɔkɔe no maa Yesu nsɛm no baa n’adwenem “mobehu me nkurɔfo denam ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔnho wɔnho” Ohuui sɛ ɔdɔ biara nni hɔ. Na eyi ne bere a ohui sɛ ne nyinaa aba awiei. Ɔtwee neho na wɔansan n’akyi bio.

Read more


Allison - Ex-Jehovah's Witness

allison

.: ALLISON - Childhood Nightmares of Armageddon and a father who was a Presiding Overseer made her look to Jesus for love.

Onyinee sɛ Yehowa Danseni na Allison abusua no taa nya adaeso a ɛyɛ hu fa harmagedon ho. Wɔ ne dae mu no nkurɔfo a wɔawuwu gu ne nkyɛn no maa ɔbɛtee nka sɛ ɔmfata Yehowa anim dɔm ne papa a ɔyɛ oguamtrani no nni bere mma n’abusua. Na mmom ne mma no mmɔdenbɔ no maa ɔpapa no anim baa yam. Bere a onyaa ɔdɔ ne abotɔyam wɔ nkurɔfo a wɔnnyɛ nnamfo a wɔnnka ahyehyɛde no ho no ofii ahyehyɛde no mu kɔdɔm Abusua ankasa a wɔn dɔ yɛ kann.

Read more


Brenda - Ex-Jehovah's Witness

brenda_l

.:BRENDA - Traumatized at age 9 by Watchtower control, she didn't know where to turn.

bullets Visit Brenda's website

Ɛbɛyɛ sɛ Brenda mfe nkrɔn wiase mu asetra sɛee anadwo mpofirim. Yehowa Adansefo a wohu wɔn a ɛbɛyɛ sɛ wɔnho nni asɛm no bɔɔ mmɔden maa Brenda maame tumi gyee toom sɛ awoda di nnyɛ ne afoforo a wɔnnyɛ Yehowa Adansefo no ɛnsɛ sɛ wɔne wɔn bɔ fekuw. Brenda a na n’asetena yɛ nea ɔne nnamfo ne n’abusuafo a wɔnnyɛ Yehowa Adansefo di agoru wɔ sukuu no baa awiei prɛko pɛ. Ohweree nnamfo nyinaa ɔwɔ ɛnna ɔde ne mfe nkrɔn a edi hɔ no wɔ n’abrabɔ mu di apepere wɔ ɔkwan a ɔfae so maa ne maame hui sɛ odi nokware ma Ahyehyɛde no, nanso bere koro no na ɔrepaw Yehowa Adansefo wɔ esum ase nneyɛe no adi. Brenda bɛyɛɛ obi a ɔnnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ esiane osuahu a wɔanya wɔ Ɔwɛn Aban no mu nti, nanso akyiri yi Brenda bɛgyee toom sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, mpo no na ɔda so rekō akɔanim wɔ ne honhom fam akwantu mu.

 

Read more

Aaron - Ex-Jehovah's Witness

aaron

.: AARON - Raised Jehovah's Witness with family members who were Circuit Overseers and Presiding Overseers, it was difficult to leave.

Efii dapɛn a wɔwoo no a wɔde no kɔe nhyiam wɔ Ahenni Asa. Na Ɔmae ne kasa a edi kan wɔ bere a woadi mfe anum. Aaron abusua no de wɔnho gyee mu wɔ Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde no ne nana a ɔyɛ ɔhwɛfo kwantufo ne ne wɔfa a ɔyɛ oguamtraani. Bere a ne som mu gyidi a ɔwɔ wɔ Ɔwɛn Aban no bubui no, Aaron twee bɛn Yesu ɛnna ohuui ɔdɔ Nyankopɔn no a woahwehwɛ n’akyi kwan n’asetena nyinaa mu.

Read more


Leo - Ex-Jehovah's Witness

leo

.: LEO - Born and Raised Jehovah's Witness, he was a loyal auxiliary pioneer until he found the Truth in Christ.

Wɔwoo no san tetee no sɛ Yehowa Danseni Leo yɛe ɔnokwafo akwanpae boafo, a ogyaw Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde no kɔɔdɔm Yehowa Ɔsoro Ahyehyɛde a ɛwɔ abusuabɔ a ɔne Nokware ankasa Yesu Kristo nyaae.

 

Read more

Frank M - Ex-Jehovah's Witness

frankm

.:FRANK M - Growing up with family members who were Jehovah's Witness pedophiles, he couldn't wait to leave this religion.

Onyinee wɔ abusuaa akɔntɔn akyia wɔ mmofra mmonnato mu, Frank mmofraberem Yehowa Danseni a ɔyɛe no de mmonnato ne honhom fam abira bɔ sɛ abofra. Frank nyae dae sɛ ɔne Yehowa ne Yesu bedi hene nanso dae yi akyɛɛ koraa na edii ɛto twaa denam ne papa a ɔpoo no ne ɔsom nyaatwomyɛ a ohui wɔ Yehowa Adansefo mu. Bɛyɛ mfe 19, Frank tee nka sɛ woabrɛ enti ofii Ahyehyɛde no mu. Ɛwom sɛ Frank honhom fam akwantuo no mmaa n’awiei de nanso n’ani gyei sɛ woade neho afi kankabi ne ɔsom nhyɛso a ɛwɔ Yehowa Adansefo mu.

Read more


Hazel - Ex-Jehovah's Witness

hazel

.:HAZEL - Growing up in an abusive Jehovah's Witness home, Hazel found the truth on the Internet

Wɔ ofie asetena a basabasayɛ wɔ mu no, Yehowa Adansefo no nsɛm a ɛfa Paradise asase a woahyɛ ho bɔ no maa Hazel nyaa anidaso sɛ ebia Yehowa dwene neho, nanso bere a n’adwuma enya nkɔanim wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no mu no saa ara na ofie hwe ano yɛɛ den ma no. Hazel kɔɔ internɛt dwumadi ɛfᾱ a wɔbɔ nkɔmmɔ no kɔhwehwɛɛ mmoa. Kristofo nnamfo a ohyiae wɔ internɛt dwumadibea so no bɔɔ ne gyidi no guui. Nti bere a ofii ase sɛ obebisabisa nea wɔde akyerɛkyerɛɛ no ho nsɛm no Hazel behui sɛ ne Yehowa Adansefo nnamfo nntumi mmma no mmuae biara mmfi Bible mu. Eyi ne bere a Onyankopɔn kaa ne koma maa obehuui nkwagye a ɛwɔ Kristo Yesu adom mu sɛnea ne nyinaa te.

 

Read more

Renee - Ex-Jehovah's Witness

renee

.:RENEE - Growing up as a Jehovah's Witness was not easy for her

Sɛ obi a onyinee sɛ Yehowa Danseni no annyɛ mmerɛw ama Renee efisɛ n’atipɛmfo a wɔwɔ ne kurom hɔ no taa no, na eyi amma woannya yɔnko biara. Ɔwaree Yehowa Danseni barima maa ɔne no hyɛɛ bere nyinaa fie ne fie som adwuma no mu. Renee yɛe adwuma den maa Yehowa Nyankopɔn ani sɔe, nanso obehui sɛ n’atirimpɔw sɛe bere a ne Yehowa Danseni kunu gyaw no hɔ kɔwaree ne yɔnko barima maa Ɔwɛn Aban no tuu ho anammɔn ntɛm denam ɔne ne kunu a woyii wɔn fii asafo no mu wɔ nsɛm a ɛyɛ atesɛm nkutoo so. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔne me di no wɔ saa kwan yi so? Renee suui frɛɛ Onyankopɔn. Onyae n’adesrɛ ho mmuae a ɔnhwɛ kwan. Seesei ɔrehyɛ Onyankopɔn anuonyam denam anwonwa kwan so a ɔmaa ɔtwee neho fii Ɔwɛn Aban Asafo no mu na obehuui Kristo.

 

Read more

Amber - Ex-Jehovah's Witness

 amberAMBER - Missing the sense of security in the Watchtower, she sought where to go and found Christ

Bere a ofii Yehowa Adansefo som mu no, Amber tee nka sɛ biribi atɔ kyima nanso ɔtee nka sɛ wɔahwere ahobammɔ a na ɔwɔ sɛ Yehowa Danseni. “Ɛsɛ sɛ mesan kɔ asɔre bio nanso ɛhe na mmɛkɔ? Amber bɔɔ mpae, ɔne afoforo bɔɔ wɔn gyidi ho nkɔmmɔ na obehui nsonsonoe a ɛda Yehowa Adansefo gyidi ne Kristosom nkyerɛkyerɛɛ a Bible ka ho. Wɔ bere a Honhom Kronkron no rekyerɛ no kwan akɔ Ne nokware mu no ɔtee Onyankopɔn dɔ ne ahobammɔ nka, na anigye, gyidi ne ahosɛpɛw hyɛɛ no mᾱ.

 

Read more

Doug - Ex-Jehovah's Witness

doug

.:DOUG - Ex-Jehovah's Witness overcame sin through God's power

Wɔwoo no na wɔsan tetee no sɛ Yehowa Danseni, Doug fii Ahyehyɛde no mu esiane sɛ ontumi nni wɔn ahwehwɛde so. Wɔ ne apinisi mu, osui frɛɛ Onyankopɔn. Na nsɔre bebree wɔ hɔ a onhu nea ɔnyɛ. Awiei no, Onyae anidaso wɔ Yesu ne ahoɔden a ɛboro nipa de so de dii ne nsɛnnennen so denam adom ne tumi a Honhom Kronkron no de maa no nti.

 

Read more

Patty - Ex-Jehovah's Witness

patty

.:PATTY - Left 24 years in the Watchtower to find peace and joy in Jesus

Wɔwoo no ɛsan tetee no sɛ Kristoni, nanso na onyinii ntini wɔ Onyankopɔn asɛm no mu. Eyi maa ɛbɛyɛɛ mmerɛw maa Ɔwɛn Aban atoro gyidi no faa Patty no ase. Bɛyɛ mfe 24 ɔyɛe adwuma den maa Ahyehyɛde no nanso biribiara antumi ansɛe n’adwene sɛ ɔmfata Yehowa anim dom wɔ nea woatumi ayɛ ho. Nanso, ahopere maa Patty gyaw Yehowa Adansefo som no kɔhwehwɛɛ asomdwoe, anigye ne ahobammɔ a edi mū wɔ Yesu mu.

 

Read more

Frank - Ex-Jehovah's Witness

frank

.:THE TESTIMONY OF FRANK - Left the legalism of the Watchtower for Spirit-led Grace

Wɔtetee no sɛ Yehowa Adanseni, Frank bisae nyaatwom ne mmara katee a ohuui wɔ Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde no mu. Wɔ bere a na ɔreyɛ sɛ nea Ɔwɛn Aban no ahwehwɛde te no, na ɔte nka sɛ ɔresom onipa. Aseda nka Honhom Kronkron denhyɛ ne ɔdɔ a Kristofo abusua a wɔnnyɛ Yehowa Adansefo de boa no. Frank behui Yesu ANKASA na ama woanya Honhom mu ahofadi dabiara da wɔ Onyankopɔn asɛm mu.

Read more


Grace - Ex-Jehovah's Witness

grace.: THE TESTIMONY OF GRACE - Left Jehovah's Witnesses over the false 1914 doctrine

 bullets Grace's Website: exjw.weebly.com

Bɛyɛ mfe 25, Grase susuwii sɛ ɔresom Nokware Nyankopɔn Yehowa koro no, nanso bere a Ɔwɛn Aban Akannifo maa ɛyɛɛ nhyɛ sɛ anuanom nyinaa ngye di sɛ afe 1914 yɛ mmere a Kristo baa N’ahenni mu. Woyii Grace fii “Adaka”, Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde no mu, efisɛ woantumi annye nkyerɛkyerɛ yi antom. N’adwene sɛee. Nanso Yehowa ngyaw no ɛ. Ɔmaa ne so de no kɔmaa Yesu nea ɔyɛ Nkwa no, NOKWARE no ne Nkwa no!

 

Read more

Kevin - Ex-Jehovah's Witness

kevin

.: THE TESTIMONY OF KEVIN - An Ex-Jehovah's Witness Delivered from Homosexuality

bullets Visit Kevin's Article Corner

Sɛ abofra kumaa ɛnna Kelvin behuu sɛ ɔda nsow wɔ mmofra afoforo nyinaa ho. Bere a ne maame frɛɛ no ABOA (nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔwɔ nna ho akɔnnɔ bɔne) na ɔpɛe sɛ okum no, ɛnna ne atenka sɛ wɔapo no bɛdaa adi. Ɛhe na saa akɔnnɔ bɔne nsusuwii yi fii bae? So saa na wɔwoo me? Kelvin dwinnwen. Ɔhwehwɛe mmoa fii Yehowa Adansefo mpanyimfo bi hɔ na wɔmaa no Ɔwɛn Aban nhoma bi sɛ ɔnkenkan mfa nsi ne nkate ano, nanso anyɛ adwuma. Mfe 15 akyi a ɔne mmarima bɛboro ɔha (100) nyaa nna mu kyɛfa no, Kelvin teɛɛm frɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔngye no na ɔma onya Yesu anwonwa kwan tumi a etumi sakra abrabɔ bɔne na ɔnfa ne bɔne mfiri na ɔnhohoro ne mmarima ne mmarima nna mu kyɛfa a woanya no, na afei ɔmma ɔnde neho mfi Yehowa Adansefo atoro gyidi ho.

 

Read more

David - Ex-Jehovah’s Witness

davidh

.:DAVID 

Wɔtetee no sɛ Yehowa Danseni wɔ ɔman England, odii mfe 49 wɔ Ɔwɛn Aban nnommum fam. Dawid ne ne yere Khristine gyae Ɔwɛn Aban kɔhwehwɛe nokware ahofadi wɔ Kristo mu. Wɔ beae a wohia mmoa akɛse no Dawid somee sɛ panyi wɔ akwan ahorow so, nanso nea ohuui nkutoo ne ɔpoo ne ɔdɔ a nyaatwom ayɛ no mᾱ ne ade a anuanom no de tuae ne mmɔdenbɔ so kᾱ wɔ asafo mu. Abusuabɔ a ɔne Yesu nyae nkutoo na ɛmaa onyae nea wɔahwehwɛ no bere tenteenten wɔ ne nkwa nna nyinaa mu.

 

Read more

Christine

christine

.:CHRISTINE

Ɛmfaho mmonaato ne ɔdɔ a wɔde kamee no yɛ osuahu a onyae bere a ɔrenyin wɔ Yehowa Adansefo mu no fᾱ. Kristine kɔɔso gye dii sɛ Yehowa Adansefo som yɛ Nokware No, maa ɔsomee sɛ daa akwanpae. Nanso wɔ ne komam mu no ɔtee nka sɛ ɔmfata, obuu neho fɔw na afei osuroe nea ɛbɛto no wɔ nea harmagedon de bɛba. Awiei koraa, osui esiane sɛ onhu nea ɔnyɛ. “Yesu kae sɛ, fa me kɔndua efisɛ ɛyɛ hare ne abodwoe, nanso Yehowa nnyɛ ade ketewa! Ɛyɛ te sɛ ade duuduruudu! Bere a Yehowa buee n’ani na ohui Yesu sɛ nokware oguanhwehwɛfo no a ɔbɛtee ɔdɔ, adom ne ahobammɔ a wɔahwehwɛ wɔ n’asetena mu nyinaa nka.

Read more

Ashton

ashton

.:ASHTON

Wɔwoo no ɛsan tetee no sɛ awo ntotoaso abiɛsa mu Yehowa Danseni. N’agya a ɔtetee no no yɛe Asafo panyin bɛyɛ mfe 17 ɛnna ne na yɛe nkaefo no mu biako-ɔyɛe bere nyinaa ɔsempaka adwuma, nanso na ɔwɔ fie a nsinsi wɔ hɔ. Bɛyɛ mfe 23 no ɔne ɔbarima bi twee mpena maa woyii no fii asafo no mu. Akonamyɛ ne anisotᾱ maa ɔhwehwɛɛ Onyankopɔn asɛm no, na ohui Nokware no a ɛwɔ abusuabɔ a egyina Yesu so.

Read more

Chris S

chris

.: Chris S

Onyinee sɛ Yehowa Adansefo no mu biako, na onyae ɔpɛ sɛ daakye ɔkɔyɛ adwuma wɔ Kanada Ɔwɛn Aban Asafo Ti, nanso bere a na ɔrepere ama ne diedi atim sɛ Yehowa Danseni a ɔyɛ nam, ɛnna Khris hwehwɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo abakɔsɛm ne amanne no. Nea ohuui no nkutoo yɛ nea Asafo no kyerɛe ne Bible no bɔ abira. Ɔhweree n’abusua no ne n’adamfonom a wɔwɔ Ɔwɛn Aban asafo no mu, na ɛhe na ɔbɛkɔ. Ɛdenam mmoa a onyae wɔ Nokware Kristofo adamfofoa fam no, Khris nyaa ɔdɔ, ɔsɔɔ ne daa nkwa anidaso a ɔwɔ wɔ Kristo mu.

Read more

Pam

pam.:PAM 

Onyinee sɛ Yehowa danseni wɔ afie a atete apasam, na nea Pam hui ara ne ɔpowee. N’agya a onni fie ne ne na a wɔahaw, kae bere bi sɛ woanu neho wɔ n’awoda, woyii no fii asafo no mu. Pam bɛtee nka sɛ ɔyɛ akonam na mpo Onyankopɔn apo no! Ɛbɛyɛ sɛ obiara nnwene neho na nea ɛyɛ ahoyeraw yɛ harmagedon a ɛreba wɔ afe 1975 no mu. Ɔpɛe sɛ wɔsan gye no tom wɔ asafo no mu bio nanso obiara poo no maa ɛyɛɛ den maa no. Bere a wiase awiei no amma no, osusuwii sɛ ɛde dɛn bio na woadaadaa no wɔ mu. Ɔdwenee “Ɛsɛ sɛ mehwehwɛ nokware no! Wɔ afe 1978 mu no, Pam huui nkwagye ankasa wɔ Yesu mu, na ofii ase hyehyɛe ɔsom kyekyewa bi. Onyankopɔn faa ababaa yi a woamma ne kwan amma woanya kyɛfa wɔ afahyɛ biara mu no bɛyɛɛ no obi a ɔwɔ hokwan wɔ afahyɛ biara mu bere nyinaa.

Read more

Nancy Osuahu

nancy

NANCY OSUAHU- Sεnea Ɔwεn Aban Mmarahyε εfa Mogya Wͻtwe Gu Nipaduam Haw N’abusua

Mebεyεe Yehowa Adansefo no mu biako denam me maame a na ͻyε Yehowa danseni bere a meyε abofra no. Me maame yεe obi a ohyia mmofraberem mmͻnnaato εnna Yehowa Adansefo kuw yi bae ne nkyεn wͻ pon ne  pon ano asεnka, maa wͻhyεε ne nkuran sε obetumi anya anidaso. Nanso nea ͻsom yi de brεεn bεyε mfe aduanan a atwam ni no, de mpapaemu baa m’abusua mu εne m’awofo a wogyae aware bεyε mfe 24 atwam. Me maame wͻ mma anan. Yεn mu baasa awiei koraa no, guanee fii afie ma yegyinae me maame ͻpoo ano bεyε mfe bi. Me nuanom barima abien guanee ansa na εbaa wͻn tirim sε wobekum wͻnho εnna Me nso mefii ahyehyεde no mu afe ne fᾱ bere a me kunu wui esiane Ɔwεn Aban mmarahyε a εbarae mogya wͻtwe gu nipaduam no nti. Me nua panyin no anka ͻyε akum neho ansa ͻtwee neho fii m’abusua ho koraa.  Me nuabarima ͻfoforo nso agyina mmarima ne mmarima adapaade ano, na wotuu no fii ahyehyεde no mu a ͻne yεn mu biara ankasa. Na me nua kumaa werε howee maa anka okͻkum neho εno akyi ansa awiei koraa ofii Ahyehyεde no mu.

================

Read more

Kojo - Wɔn a Woafi Yehowa Adansefo Mu

“Kojo”- Ɔde neho bɔe Ɔwɛn Aban no wɔ mfe 1996 mu, bere a owiei sukuu a edi kan a na woadi mfe 15. Obiara ne no ansua Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde nhoma biara sɛnea na wɔtaa yɛ ansa na obi de neho bɛdɔm wɔn som no.

N’abusua ne abusua santen nyinaa mu nnipa biara nni hɔ a n’ani gyei Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde som no ho, nanso eyi anhaw no. Amonom hɔ ara a, ɔde neho bɔɔ Ahyehyɛde no ara na ofii ase hyɛe afie ne afie asɛmpaka adwuma ase wɔ afe 1997 mu, a ɔne Yehowa Danseni adamfo bi a ɔno nso mmmɔɔ asu.

Wɔ afe 2000 mu no, Kodwo hyirae ne ho so maa Onyankopɔn gyei asubɔ. Wɔ n’asubɔ akyi bere tiawa bi no, ɔbɛyɛe nsi wɔ asɛmpaka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu wɔ ne sukuu nyinaa a ɔkɔe asasesin mu, efisɛ na Ɔwɛn Aban gyidi a woakyikyim no no ama woagye adi sɛ wɔn som ne Onyankopɔn asase so Ahyehyɛde biako pɛ a ɛwɔ hɔ a ɔrekyerɛkyerɛɛ nnipa a wobetie asɛmpaka no de wɔn akɔ nkwagye mu, efisɛ nsɔre no nyinaa yɛ atoro. Kodwo gyei toom mu, efisɛ na osusuwii sɛ sɛ asɔre bi bɛyɛ nokware a ɛsɛ sɛ ne gyidi ne nkyerɛkyerɛ nyinaa gyina Bible no so. Nanso, na eyi nte saa wɔ nsɔre ahorow no mu, efisɛ na wogye gyidi ahorow  a edidi so yi di: Wodi buronya ne Awoda, wɔnnnyɛ afie ne afie asɛmpaka adwuma no bi, wɔkyerɛkyerɛ sɛ nnipa apapafo nyinaa bɛkɔ ɔsoro, wɔkyerɛkyerɛ sɛ wɔde abɔnefo nyinaa bɛkɔ daa asotwe atrae, ne afoforo a ɛkeka ho.

Read more

 

Print Friendly, PDF & Email

This post is also available in: Spanish Portuguese Czech Italian Russian Borɔfo