NWB – Wo fi Ɔwεn Aban no Mu

Wo fi ɔwԑn aban ahyehyԑde no mu - na woakɔ ԑhe?

Out of the Watchtower into What?

Out of the Watchtower into What?WO FI ƆWԐN ABAN AHYEHYԐDE NO MU - NA WOAKƆ ԐHE?

Ԑmfa ho bere tenten a woatra a Ɔwԑn Aban Ahyehyԑde no mu no, sԑ wofi mu a ԑma wohyia gyinaesi ho nsԑnnennen. Minim, efisԑ mifii Ɔwԑn Aban Ahyehyԑde no mu mfe 13 akyi a mede me mmeranteberem ahoɔden yԑe Yehowa dansefo mmɔdenbɔfo. Asԑmmisa a emu yԑ duru ma wɔn a wɔpԑ sԑ wofi Ɔwԑn Aban no mu ԑne sԑ “Ԑhe na yԑfi ha yԑbԑkɔ?

Ebinom fam no ԑte sԑ nea wofi owia ase akɔtɔ ogya mu, de wɔnho hyԑ nnurubɔne nom, ɔbraseԑ ɔkɔwensa ne nneyԑe afoforo mu. Ɔwԑn Aban Asafo ani gye ho sԑ wɔde saa nneԑma bɔne yi yԑ osuahu a ԑbԑto wɔn a wofi “Nokware no” mu. Ebinom nso a wofi mu no nya adwenem haw- a ԑhyԑ wɔn so kԑse. Ebinom fi ase sԑ wɔbԑhwehwԑ “Onyankopɔn Nokware Ahyehyԑde” ma wɔkɔ ɔsom ahorow nanso emu biara di wɔn huammɔ. Ebinom nso hu Ahyehyԑde bi anaa ɔsom akuw bi a ԑbԑyԑ sԑ ɔwɔ “Nokware Ankasa no”. Nnipa pii pa abaw wɔ ɔsom ahorow nyinaa ho ma enti wɔbɔ wɔn “bra a ɔsom mfa wɔnho’’ na mmom wɔde wɔn ani si wabusua, wadwuma ne wafie so a wompԑ sԑ wobesusuw Nyamesom ho koraa.

Read more

Print Friendly, PDF & Email

This post is also available in: Spanish Portuguese Czech Italian Russian German Borɔfo