Yesu ɔsɔree fii awufo mu wɔ honhom nipadua a aniwa ntumi nhu?

 

Resurrection of Jesus

.: YESU ƆSƆREE FII AWUFO MU WƆ HONHOM NIPADUA A ANIWA NTUMI NHU?Yeahu Ɔwɛn Aban Adwene a ɔwɔ Wɔ Owusɔre Ho – 

OWUSƆRE NO HO AKYINNYEGYE – TETEFO ADWENEKYERԐ
ADWENE A ԐBƆ SԐ NIPADUAM WUSƆRE GU.

ADWENE ԐBƆ GU #1: YESU NIPADUA-AFƆREBƆ A ԐTWA TO.

ADWENE A ԐBƆ GU #2: ADAM A ODI AWIEI NO HONHOM NKWA MAFO:
ADWENE A ԐBƆ GU #3. ƆTRAA NKWA MU WƆ HONHOM MU
ADWENE A ԐBƆ GU #4: HONHOM NE MOGYA NTUMI NNYA ƆSORO
ADWENE ԐBƆ GU #5: WOANHU YESU 
ADWENE A ԐBƆ GU #6: ANWONWADE A ƆYԐE
OWUSƆRE ANAASԐ AWO FOFORO?
SO MIKAEL ƆNE YESU A ONYANEE NO?
SO KRISTOFO NYINAA BENYA OWUSƆRE NIPADUA?

 

Yehowa Adansefo kyerɛɛ sɛ wogye Yesu Kristo wusɔre no di, nanso wɔn nkyerɛkyerɛm ne tete Kristofo nkyerɛkyerɛm a ɛkᾱ sɛ Yesu nyanee wɔ ne honam nipadua a ɛyɛ ɔhonam ne nnompe nhyia koraa”. Mmom no, Ɔwɛn Aban Asafo kyerɛɛ sɛ Yesu annyan wɔ ne honam nipaduam na mmom honhom nipadua a aniwa ntumi nhu-Mikael Ɔbɔfopɔn no. Wɔka sɛ:

“…wɔ ne wusɔre mu no ɔbɛyɛɛ honhom nkwa mafo”. Eyi nti na mpɛn pii no asomafo anokwafo no ntumi mfa wɔn aniwa nhu no…. Onhia honam nipadua bio….Honam nipadua a ɛyɛ mogya no, Yesu gyaw guu hɔ sɛ daa agyede afɔrebɔ, denam Onyankopɔn tumi so. Nneɛma a ɛrentumi nnyɛ yiye sɛ Onyankopɔn bedi atoro wɔ mu, kratafa 332,354.

 “Enti adanse no kyerɛ sɛ Onyankopɔn ba na wonim no sɛ Mikael ansa na ɔreba asase so ɛnna afei  wɔsan nim no sɛ Mikael efi bere a ɔsanee kɔɔ soro a ɔte hɔ sɛ Onyankopɔn honhom ba a woahyɛ no anuonyam”Adwenem nsusuwii wɔ kyerɛwnsɛm no mu, 1985, 1989 kr. 218, (Reasoning from the Scriptures).

Romafo 10:9 ka ahwehwɛde abien a ɛde nkwagye ba. Nea edi kan yɛ anofᾱfᾱ a yɛde pae mu ka sɛ “Yesu yɛ Awurade”. Nea ɛtɔ so abien yɛ ahwehwɛde a ɛne sɛ yɛbɛgye adi sɛ Onyankopɔn nyanee Yesu fii awufo mu”. Saa ara na Asomafo Paulo kae no tiawa wɔ asɛmpa a ɛwɔ 1 Korintofo 15:3-5: 

“Efisɛ nea minyae nso na mede maa mo, nea ɛsom bo a edi kan sɛ Kristo wui maa yɛn bɔne sɛnea kyerɛwnsɛm kyerɛɛ na afei wosiee no, nanso onyanee no wɔ da ɛtɔ so abiɛsa sɛnea kyerɛwnsɛm no kyerɛɛ na afei oyii neho kyerɛɛ Kaifa, ɛnna dummienu no1.

Paulo anka no kɛkɛ sɛ asɛmpa no mu nkyerɛkyerɛ titiriw no ne sɛ yɛ gye di sɛ Yesu nyanee fii awufo mu, nanso wɔ nkyekyem 17 no, ɔtoaa so kae sɛ “saa Kristo annyan a mo gyidi yɛ kwa, na mo da so wɔ mo bɔne mu”. Bɛyɛ mfeha a atwaam no Kristofo akyerɛkyerɛɛ ɛnna afei woagyina owusɔre gyidi no akyi- kyerɛɛ sɛ Yesu nyanee wɔ honam mu sɛnea owui wɔ honam nipadua mu no ara. Hyɛ no nsow sɛ abusuabɔ wɔ ɔporɔw honam nipadua ne nipadua a ɛmporɔw da a wɔde nyanee No sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ 1 Korintofo 15:42-44:

“Saa ara na awufo sɔre te, Wodua nipadua a ɛporɔw na woanyan no wɔ nipadua a ɛmporɔw mu. Wodua no wɔ aniwu mu ɛnna wonyanee no wɔ anuonyam mu, Wodua no wɔ mmerɛwyɛ mu ɛnna wonyanee no tumi mu. Wodua no wɔ honam nipadua mu ɛnna wonyanee no wɔ honhom nipadua mu. Saa yɛwɔ honam nipadua a saa ara na yɛwɔ honhom nipadua”.

Hela asɛmfua no, “soma” a ɛkyerɛ nipadua no mpɛn pii no wɔ kyerɛwnsɛm mu no egyina hɔ ma honamdua ade. Saa ara na asɛmfua “Honhom” no nso wɔ kyerɛwnsɛm mu no ɛkyerɛ biribi a ɛkyɛn honamdua sɛso, ɛnyɛ honhom sɛso mpo. Enti nsɛmfua “honhom nipadua wɔ ɔyɛsɛm a ɛwɔ atifi hɔ no k fa honamdua ho. Nhwɛso bio a asɛmfua honhom no kyerɛ yɛ nea ɛkyɛn honhom nipadua sɛso wɔ 1Korintofo 2:15, a yɛkenkan sɛ “Nanso onii a ɔyɛ honhom muni hwehwɛ nneɛma nyinaa mu, nanso ɔno de obi nhwehwɛ no mu”. Honhom muni no de, wɔ nsɛm a akenkan abien yi ada no adi no ɛkyerɛ sɛ ɔreda neho adi sɛ honhom nipadua mu de, nanso ɛyɛ nea ɔredanee neho akɔ honhom atraae sɛso.

OWUSƆRE NO HO AKYINNYEGYE – TETEFO ADWENEKYERԐ

Yehowa Adansefo nyɛ wɔn a wodi kan a wonnye honamdua mu a Yesu nyanee nntom. Wɔ Asomafo no mmere mu no na gyidi hunu a eredi akoten wɔ Akyinnyegyefo asoɛe (Gnosticism) afi ase awura Kristosom mu na enyae nkɔɔso wɔ afeha ɛtɔ so abien ne abiɛsa mu. Akyinnyegyefo Asoɛe yɛɛ gyidi a ase te yɛ den a ɛhyɛ ogye fii honamdua wiase a wobuu no sɛ adebɔne koraa. Saa ogye ba denam “gnosis” (nimdeɛ) ahintasɛm a woada no adi honhom atrae a (Gnostics) nkutoo na ewura. “Gnostic dualism” kyerɛɛ sɛ honhom sɛso no yɛ adepa nanso biribiara a ɛfa honam, ne honamdua wiase yɛ mmusu. Enti Gnostic gye akyinnye sɛ Yesu antumi anyɛ honhom nkutoo efisɛ sɛ na ɔwɔ honam nipadua dedaw.

Wɔ eyi ho no, Yohane buae wɔn sɛ….”honhom biara a obebue nano apae mu ak sɛ Yesu Kristo bae honam mu no fi Onyankopɔn ɛnna afei honhom biara a wɔannk sɛ Yesu bae honam mu no mfi Onyankopɔn.”-1 Yohane 4:2-3 Yohane toaa so kae sɛ “nnaadaafo bebree afi adi akɔ wiase, wɔn a wonnye ntom sɛ Yesu Kristo bɛba wɔ honam mu. Eyinom ne ɔdaadaafo no ne atoro Kristofo no”-2Yohane 1:7.

Saa ara na “Ignatius a ɔtrae ase wɔ afe 35-107 Y.B. taa honam mu a Kristo nyanee no akyi. Na ɔyɛ Bible Asomafo Yohane no suani a ɔsomee sɛ ɔsɔfo (Bishop) wɔ Antiokia bere a wɔkyeree no esiane Yesu mu gyidi a ɔwɔ nti. Wɔ anammɔn a wotuu sɛ wɔkokum no wɔ Rome no “Ignatius” kyerɛwee krataa ason a edii Kristofo nkyerɛkyerɛ ho adanse: ɔkae sɛ:

 “Ti iii- Kristo nyae nipadua wɔ ne wusɔre akyi…Efisɛ minim sɛ wɔ ne wusɔre akyi no na ɔda so wɔ honam ɛnna megye di sɛ ɔte saa mprempren… Afei nso minim sɛ ɔwɔ honam nipadua a ɛnyɛ bere a wɔwoo no na kum no nkutoo, na mmom minim nso sɛ ɔte saa wɔ ne wusɔre akyi na gye di sɛ ɔte saa mprempren. Nhwɛso no, bere a ɔbae wɔn nkyɛn no ɔkae sɛ mommfa mo nsa nka me, monsɔ me mu na monhu sɛ mennyɛ honhom a menni nipadua. Efisɛ honhom nni honam ne nnompe sɛnea mohu sɛ mewɔ yi…. Enti na ɔwɔ ɔhonam a onyae fii onii a ɔsomaa no a ɔbɛsan de saa ɔhonam no aba bio ho, bere a anuonyam ne tumi ka ne ho”.-“The Ante –Nicene Fathers, vol p, 87 (Alexander Roberts and James Donaldson, Eardmans Publishing Company, 1989)

Nokwarem no, kyerɛwnsɛm di eyi ho adanse bere ɔkae Yesu ho asɛm sɛ “Nyameyɛ nyinaa te ne mu wɔ honamdua mu” (Kolosefo 2:9) Wɔ Luka 24:37-39, eyi ne adanse a wɔadi wɔ yɛn Awurade wusɔre ho:

“Nanso wɔbɔɔ hu na wosuroe ma wosusuwii sɛ woahu awufo honhom. Nanso,Yesu kae kyerɛɛ wɔn sɛ “Adɛn nti na moahaw na dɛn nti na mo koma ayɛ mo nnᾱᾱ? Mohwɛ Me nsam ne Me nan na ɛyɛ me ara ni momfa mo nsa nka me na monhu, efisɛ honhom nni honam ne nnompe sɛnea mohu sɛ mewɔ yi.

ADWENE A ԐBƆ SԐ NIPADUAM WUSƆRE GU.

Ԑwom sɛ Yesu dii adanse sɛ woannyan sɛ “honhom” nanso Ɔwɛn Aban Asafo no ka sɛ Yesu nyanee sɛ Ɔbɔfopɔn Mikael honhom nipa a aniwa ntumi nhu no.  Wɔka sɛ Yesu traa ɔsoro sɛ Mikael ansa na ɔreba asase so, Yehowa Adansefo gye di sɛ ne wuo mu no, onipa Yesu antraa nkwa mu bio2.   Enti dɛn honamdua na Yesu de yii ne ho adi kyerɛe wɔ ne wusɔre akyi no? Dɛn na ɛyɛɛ Yesu ankasa nipadua? Asafo no de nkyerɛkyerɛmu ahorow ma:

Ɔkō sii ɔsoro: Mikael (ɔno ne Owusɔre Yesu Kristo no) ne n’abɔfo ne ɔtweaseɛ no kōe.. . Bere a woagyaw ne honamdua ama wiase nkwagye no Kristo antumi amfa no bio ammɛyɛ onipa ɔkwan biara so. Nanso, nnipa bebree gye di sɛ Kristo fae ne honam nipadua kɔe ɔsoro. Wɔka sɛ bere a wonyanee Yesu fii awufo mu no, na ne honam nipadua nni ɔbodan no mu bio. (Marko 16:5-7) Bio nso, ne wusɔre akyi no Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo wɔ honam nipadua mu sɛ ɔda so te nkwa mu… So eyi kyerɛ sɛ Kristo nyanee baa nkwa mu wɔ nipadua koro no ara a wokum no no? Dabi! ɛnkyerɛ saa. Bible no ma emu da hɔ pefee bere a ɔk sɛ Kristo wui prɛko pɛ ama bɔne nyinaa … wokum no wɔ honam mu nanso woaba nkwa mu wɔ honhom mu”(1Petro 3:18).

Nnipa a ɔwɔ honam ne mogya nipadua ntumi ntraa nkwa mu wɔ ɔsoro…honhom nnipa a ɔwɔ honhom nipadua nkutoo na ebetumi atraa ɔsoro…wiɛ, ɛnde, dɛn na ɛtoo Yesu honam nipadua? So asuafo no anhu ɔbodan no sɛ ɛda mpan? Wohui, efisɛ Onyankopɔn yii Yesu nipadua fii hɔ…Nanso, esiane sɛ Asomafo Toma tumii de ne nsa kaa Yesu nipadua akwaa a wɔde peaw wɔe enti na eyi kyerɛ sɛ Yesu nyanee fii awufo mu wɔ nipadua koro no ara a wokum no wɔ asendua so no? Dabi, efisɛ Yesu sakrae neho anaasɛ ɔfae honam nipadua sɛnea abɔfo yii wɔn ho adi wɔ mmere a atwam….Wɔ bere a Yesu yii neho adi kyerɛ Toma wɔ nipadua ɛte sɛ nea wokum no no, ɔfaa nipadua foforo ahorow bere a oyii neho adi kyerɛɛ n’akyidifo no. Enti Maria Madalene susuwii sɛ Yesu yɛ turom hwɛfo, wɔ mmere foforo no n’asuafo no antumi anhu no mmere a edi kan sɛ ɔne no…Yesu Kristo…yɛe nea odi kan a woanyan no sɛ honhom nipa (1Petro 3:18)”.Wobetumi Atraa Ase Daa Wɔ Paradise Asase So, 1982 kr.21, 1989 kr.143-145, kr. 172 (You can live forever in paradise on Earth)

Sɛnea yeahu wɔ nsɛm ɛwɔ atifi hɔ no, Ɔwɛn Aban no de adwene ahorow a ɛbɔ ntease a ɛne sɛ Yesu nyanee wɔ onipa honamdua mu no gu. Seesei yɛbɛyɛ nhwehwɛmu:

ADWENE ԐBƆ GU #1: YESU NIPADUA-AFƆREBƆ A ԐTWA TO.

Ɔwɛn Aban Asafo gye kyim sɛ Yesu gyaw ne honam nipadua sɛ afɔrebɔde a etwa to ma bɔne a ɛno nti ontumi nsan mfa ne nipadua bio, efisɛ ɛnte saa n’afɔrebɔ no bedi huammɔ. Adwene a ɛte saa yɛ mfomso efisɛ beae biara nni Bible mu a ɛka sɛ honam mu afɔrebɔ pata ma bɔne. Nea ɛne no bɔ abira no, bɔne mpatade nyinaa gyinae mogya a wohwie gui so. Hebrifo 9:22 ka sɛ:”

“Ԑne sɛnea mmara akwan te no, obiako betumi aka sɛ nneɛma nyinaa ho atew denam mogya so na woahwie mogya angu a bɔne fafiri biara nni hɔ”

“Enti, Yesu tumii hwie ne mogya gui de tua bɔne kᾱ, nanso onyanee ne honam nipadua a ɛyɛ mogya ne nnompe wɔ bere koro no araa nkwagye afɔrebɔ no ansɛe. Enti, ɔpae mu kae sɛ:

”Esiane ntease yi nti Agya no dɔ me, efisɛ mede me nkwa too hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a mmɛsan afa no bio. Obiara nnye mfi me nsam na mmom me de too hɔ wɔ me pɛ mu, na Mewɔ tumi sɛ mede too hɔ na afei nso Mewɔ tumi san fa no bio. Na ahyɛde yi minyae fii m’agya no nkyɛn”-Yohane 10:17-18

“Yesu buae wɔn sɛ mmɛsɛe asɔredan yi a nnansa mmɛma so asi hɔ. Yudafo no buae sɛe no sɛ “yɛde mfe aduanan asia na esii asɔredan yi nanso wode nnansa bɛma so asi hɔ? Nanso na ɔreka ne nipadua asɔredan no ho asɛm-Yohane 2:19-21

ADWENE A ԐBƆ GU #2: ADAM A ODI AWIEI NO HONHOM NKWA MAFO:

1KORINTOFO 15:45: “Enti saa ara nso na wɔakerɛw sɛ onipa odi kan no Adam bɛyɛɛ ɔkra teasefo Adam a odii awiei no bɛyɛɛ honhom nkwa mafo”.1 CORINTHIANS 15:45:So also it is written, ‘The first man, Adam, became a living soul.’ The last Adam became a life-giving spirit.”

Ԑdefa saa akenkan yi ho no, “Norman Geisler ne Thomas Howee” a ɔyɛ obi a ɔtaa Kristosom nokware nkyerɛkyerɛ akyi no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ “honhom nkwa mafo nkasa mfa sɛnea owusɔre nipadua te ho, na mmom sɛnea owusɔre no fi honhom atraae. Yesu honam nipadua san baa nkwa mu nkutoo denam Onyankopɔn tumi so (Romafo 1:4) Enti, na Paulo reka ne honhom mu fibea na ɛnyɛ ne honam fibea te sɛ honhom nipadua….Yɛka ne nyinaa bom a, owusɔre nipadua yɛ nea wɔfrɛ no honhom ne honhom nkwa mafo efisɛ ne fibea yɛ honhom atrae na ɛnyɛ sɛ ɛyɛ honam nipadua nti a. Kristo anwonwakwan nipadua mu owusɔre yɛ nea efii ɔsoro, sɛnea Adam honam nipadua fi asase no mu. (Nkyekyem 47)Nanso sɛnea onii a ofii asase mu no yɛɛ ɔkra honamdua no saa ara na onii a ofii ɔsoro nso wɔ honam nipadua”- When critics Ask, A popular Handbook of Bible Difficulties, krl 467-468 (Victor Books1992)

ADWENE A ԐBƆ GU #3. ƆTRAA NKWA MU WƆ HONHOM MU

1 PETRO 3:18:”Efisɛ Kristo nso wui maa bɔne prɛko pɛ, wokum no wɔ honam mu nanso wɔaba nkwa mu wɔ honhom mu”.

Mpɛn pii no kyerɛwnsɛm fa nsɛmfua “wɔ honam mu” no ne wɔ honhom mu de tōtō honam mu a aniwa akɔnnɔ ne bɔne asetra kwan ne honhom mu a ɛyɛ nyamesom asetra kwan ho. Sɛ nhwɛso no wɔ Romafo 8:8-9, yɛnkenkan sɛ Kristofo a wɔwɔ Onyankopɔn honhom no, nantew wɔ honhom mu na mmom ɛnyɛ ɔhonam mu. Ԑda adi pefee sɛ Paulo nkyerɛkyerɛ sɛ Kristofo a wɔnantew honhom mu no yɛ honhom abɔde. Mmom, Paulo reka sɛ sɛ wonantew wɔ honhom mu a onii no renantew denam Onyankopɔn Honhom Kronkron tumi no nti. Saa kwan ara so na 1Petro 3:18 ka sɛ Yesu nyanee fii awufo mu denam Onyankopɔn honhom tumi mu”.

Nokwasɛm sɛ, Yesu a ɔbɛtraa nkwa mu wɔ honhom mu no ammɛyɛ honhom na mmom ɔbɛtrae nkwa mu wɔ anwonwakwan so daa ne honhom nkwa mu trabea.Wokum Yesu wɔ ɔhonam mu a ɛkyerɛ sɛ ɔhonam a ɛyɛ onipa bɔnefo atraae (ɛnkyerɛ sɛ Yesu yɛ ɔbɔnefo na mmom ɔne abɔnefo traae) nanso wɔaba nkwa mu wɔ honhom mu, a ɛkyerɛ daa (honhom) atraae a asase so asetra akwanside nkyerekyere no bio.

ADWENE A ԐBƆ GU #4: HONHOM NE MOGYA NTUMI NNYA ƆSORO

1 KORINTOFO 15:50: “Seesei Mika eyi anuanom ɔhonam ne mogya ntumi nnya Onyankopɔn ahenni no na mpo nea ɛsɛe no anya nea ɛnsɛe no”.

Yehowa Adansefo kyerɛ sɛ Yesu rentumi mfa ne honam nipadua a ɛyɛ honam ne nnompe nsɔre awufo mu efisɛ kyerɛwnsɛm no ka sɛ ɔhonam ne mogya ntumi nnya Onyankopɔn ahenni no. Hyɛ no nsow sɛ Yesu annkᾱ sɛ ne wusɔre nipadua yɛ honam ne mogya na mmom ɔkae sɛ ne nipadua yɛ ɔhonam ne nnompe”. (Luka 24:39). Eyi fata efisɛ asɛmfua ɔhonam ne mogya no mpɛn pii no wɔ kyerɛwnsɛm mu no wɔde gyina hɔ ma adesamma a wowowu3. a ɛne nea onwu nipadua a woanyan afi awufo mu no bɔ abira, na wɔde nsɛmfua “ɔhonam ne nnompe asi n’anammu.

Sɛnea yɛadi kan ahu no, Yesu mogya no na wɔde patae maa bɔne. Enti, wɔammfa ne mogya bio, na mmom onyanee Ne nipadua a ɛyɛɔhonam ne nnompe. Sɛ ankɔbɛk sɛ ne honam nipadua ntumi nnya Onyankopɔn Ahenni no, mmom no ɔyɛsɛm yi ka sɛ ɔhonam nipadua a ɛsɛe na ewu (ɛyɛ ɔhonam ne mogya) ntumi nnya nea ɛnsɛe, Onyankopɔn ahenni. Nokwarem no wɔ 1 Korintofo 15:53 ka sɛ: eyi a owu no ɛsɛ sɛ ɔhyɛ nea onwu”.

ADWENE ԐBƆ GU #5: WOANHU YESU 

Adwene biako a Yehowa Adansefo kura a ɛma wɔkasa tia nipaduam a Kristo nyanee fi awufo mu no, ɛne sɛ wɔ Yesu wusɔre akyi no na ɛtɔ mmere bi a n’asuafo no nhu no. Wɔkyerɛ sɛ Yesu san baa nkwa mu sɛ honhom abɔde, wɔka sɛ Yesu sakrae anaasɛ faa honam nipadua sɛnea abɔfo yɛɛ mmere atwam ama adanse sɛ woanyan afi awufo mu4. Enti, wɔka sɛ Yesu ho anna adi ntɛm ara amma woannhu no efisɛ woannyan wɔ ne kan nipadua ɔwɔ no. So asuafo no hu a woantumi anhu Yesu no kyerɛ sɛ Yesu nyanee fii asaman sɛ honhom abɔde a aniwa ntumi nhu wɔ bere a ɔfae nipadua ahorow yii ne ho adi kyerɛɛ n’akyidifo no? Yɛbɛsusuw kyerɛwnsɛm ɛfa saa nsɛm nsɛm yi ho:

Luka 24:13-35 kyerɛkyerɛɛ mmere bi a Yesu yii neho adi kyerɛɛ n’asuafo no wɔ Emmaus kwantempɔn so nanso mfiase no asuafo no anhu sɛ ɛyɛ Ɔno. Baabiara nni hɔ a ɛka wɔɔyɛsɛm yi mu sɛ Yesu daa neho adi wɔ nipadua ahorow mu. Nea ɛne no bɔ abira no, akenkan no ka sɛ asuafo no aniwa siwee ama woanhu sɛ ɛyɛ Ɔno”. (Luka 24:16)Ԑyɛ bere a Yesu ne wɔn kasae na wodidii wiei nᾱ Onyaankopɔn “buee wani” maa wotumi huu sɛ ɛyɛ Yesu (Luka 24:31)

Yohane 20:15 bɔ amanneɛ sɛ Maria susuwii sɛ Yesu yɛ turom hwɛfo bere a ohuu ɔbodan no sɛ ɛda mpan. Saa yesusuw nokwasɛm sɛ Maria awerɛhow maa n’aniwa anhu ɛnna afei na ɛda so yɛ sum efisɛ na ɛyɛ anɔpa ahamakye a,” (Yohane 20:1) Ԑnyɛ nwonwa sɛ Maria dii mfomso susuwii sɛ Yesu yɛ turom hwɛfo.

Yohane 21:4

Wɔ saa nsrahwɛ yi mu biara mu no yɛwɔ ntease ne nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom a ɛma yehu nea nti a Yesu anna neho adi amonom hɔ ara ankyerɛ n’asuafo no wɔ ne wusɔre akyi a oyii ne ho kyerɛe wɔn no. Bio nso bere koro no ara Yesu anna neho adi amonom hɔ no wɔ ne wusɔre akyi no, yɛkenkan wɔ mmeae bi nso a woannhu sɛ ɛyɛ ɔno ansa na ɔrewu mpo.

Mateo 14:26 kyerɛwtohɔ ma yehu mmere bi a Yesu asuafo no dii mfomso kae sɛ ɔyɛ honhom. Enti, yesusuw ho sɛ ansa na Yesu rewu no ɔfaa nipadua ahorow wɔ ɛha efisɛ n’asuafo no anhu sɛ ɛyɛ ɔno nti? Dabida!

Wɔ Luka 4:28-30, yɛkenkan sɛ mmere a Yudafo pɛsɛ wosiw no abo sɛ woaka abususɛm no, kyerɛwnsɛm no kyerɛwtohɔ no ka sɛ sɛ annka wobesiw no abo no Yesu nantewee faa Yudafo no mfinimfini na woantumi anyɛ no hwee. Wonnye nni sɛ sɛ Yudafo no hui Yesu wɔ nnipakuw no mu a anka Yudafo no bɔ mmɔden sɛ wobesiw no abo? Esiane sɛ eyi sii ansa na Yesu rewu nti, yenim sɛ ɛnyɛ nipadua ahorow na ɔde daa neho adi wɔ eyi yɛ mu wɔ ɔkwan biara so. Enti nokwasɛm tiawa ɛne sɛ Yesu asuafo no anhu no ɔkwan bi so ansa na ɔrewu ne bere a owusɔree no nkyerɛ sɛ na ɔwɔ nipadua foforo ahorow! Nokwarem no Ɔwɛn Aban nsusuwii a ɛbɔ nipaduam owusɔre no gu nni nnyinaso wɔ mpɛnsɛmpɛnsɛmu a yeahu no.

ADWENE A ԐBƆ GU #6: ANWONWADE A ƆYԐE

Ɔwɛn Aban gye kyim sɛ Yesu ntumi nyɛ anwonwade ahorow a Ɔyɛe wɔ honam nipaduam. Yohane 20:26 ka sɛ:” Yesu baae pon no ano nanso na woatō mu, ɛnna ogyinae wɔn mfinimfini kae sɛ asomdwoe nka mo” Asafo no bisa sɛ ɔkwan bɛn so na etumi yɛɛ yiye wɔ saa da no maa otumii puee wɔn mfinimfini amonom hɔ ara wɔ bere a wɔatō pon nyinaa mu?-“Reasoning From The Scriptures” kr. 217

Ԑho mmuae ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ yesusuw nokwasɛm sɛ Yesu na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, ɛnna mprempren okura nneɛma nyinaa yɛ wɔn biako (Kolosefo 1:16-17). Enti ɛyɛ nea ntease nnim sɛ yɛbɛka sɛ Awurade a ɔbɔɔ amansan yi wɔ n’ankasa tumi de yɛ nneɛma nhyehyɛe mu nsakrae biara a ɔpɛ sɛ ɔma n’apɛde yɛ hɔ?

Akenkan no kae tiawa sɛ Yesu yii neho kyerɛɛ wɔn, “gyinae” wɔn mfinimfini.  Wɔannkᾱ sɛ Yesu faa ɔfasu no mu anaasɛ nsɛmso no mu. Bio nso, hyɛ no nsow sɛ Yesu de ne nipadua yɛɛ anwonwade ahorow ansa na ɔrenyan afi awufo mu sɛnea ɛwɔ Mateo 14:26 bere a wohui Yesu sɛ ɔrenantew wɔ nsu so no. Enti, anwonwakwan a Yesu de ne wusɔre honam nipadua daa neho adi no rennyɛ den mmma No koraa.

OWUSƆRE ANAASԐ AWO FOFORO?

Wɔ kratafa 317 a ɛyɛ afe 1989 “Reasoning From The Scriptures (Nhoma Ɔwɛn Aban Asafo no tintimii) ka sɛ: “Reincarnation” (Awo foforo) yɛ gyidi a ɛne sɛ obi anya awo foforo wɔ nipadua foforo mu”. Ɔwɛn Aban Asafo toaa so ka sɛ eyi nnyɛ Bible nkyerɛkyerɛ”. Sɛnea yɛadi kan ahu no, Ɔwɛn Aban no ka sɛ Yesu faa nipadua foforo ahorow bere a oyii neho adi kyerɛe n’asuafo no. Wɔsan ka wɔ kratafa 335 wɔ “Reasoning” nhoma mu sɛ: “Yesu annyi neho adi wɔ nipadua koro no ara a ɛyɛ ɔhonam mu”.

Ɔkwan bɛn so na owusɔre adwene ne awo foforo no nsonsonoe da wɔn ntam?  Yebɛgye atom sɛ nsonsonoe biako pɛ na ɛda wɔn ntam, ɛyɛ ɔkwan a obi san ba nkwa mu bio-a ɛyɛ awo na a ɛnyɛ owusɔre fi adamoa mu. Sɛnea emu biara te no, ne nsunsuanso- yɛ nipadua foforo- a ɛnyɛ owusɔre na mmom, awo foforo!

Wɔ kratafa 333 a ɛyɛ Asafo no “Reasoning” nhoma wɔgye tom sɛ Hela asɛmfua a ɛkyerɛ owusɔre ne (anastasis), ɛkyerɛ sɛ “sɔre gyina hɔ bio” anaasɛ wɔanyan afi awufo mu. Enti, sɛ obi bɛfata owusɔre a ɛsɛ sɛ ne nipadua a ɔde wui ne nea ɔde nyanee nya abusuabɔ. Esiane sɛ Yesu anwu sɛ honhom abɔde nti na ɛrennyɛ yiye sɛ wobenyan no sɛ honhom abɔde. Esiane sɛ Mikael Ɔbɔfopɔn no anwu no, Mikael ɔbɔfopɔn no ntumi nnya owusɔre. Saa Yesu wui sɔree wɔ nipadua a ɛnyɛ nea na ɔwɔ dedaw no a, ɛnde na ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔfoforo bi dea. Saa pɛpɛɛpɛ!

Wɔ Yohane 2:18-22, Yesu buae Yudafo no a wɔgyei kyim sɛ ɔnkyerɛ wɔn ne tumidi ho sɛnkyerɛnne. Wɔ nkyekyem 19, Yesu kae sɛ mmɛsɛe asɔredan yi na nnansa mɛmma so asi hɔ. Yudafo no ante nea na ɔreka no ase na wosusuwii sɛ ɔrekasa afa asɔredan a ɛwɔ Yerusalem ho. Nanso wɔ nkyekyem 21, Yohane kyerɛkyerɛmu sɛ na Yesu rekasa afa Ne nipadua asɔredan.

So na ebutmi aba sɛ ɛyɛ Ɔbɔfopɔn Mikael “honhom nipadua” na nᾱ Yesu akᾱ ho asɛm sɛ woanyan no? Dabi! Ontumi nkᾱ honhom nipadua ho asɛm efisɛ Yudafo no ansɛe Yesu honhom nipadua, wɔsɛee ne honam nipadua, sa ara na ɛte wɔ honam nipadua a ɔhyɛɛ bɔ sɛ obenyan no!

Bere bɛn na Yesu asuafo hui no tēē wɔ asɛm a ɔkae wɔ nkyekyem 19? Yehuu mmuae no wɔ nkyekyem 22 bere a Yohane kyerɛwee sɛ “Bere a wonyanee no fii awufo mu no ne asuafo no kae sɛ ɔkae eyinom na afei wɔgyee kyerɛwnsɛm no dii ne nsɛm a Yesu akᾱ akyerɛɛ wɔn. Nokwarem no saa honam nipadua a Yudafo no sɛe nyae owusɔre a anka ɛma Yesu nkɔmhyɛ yɛɛ atoro na yɛn gyidi yɛ kwa.

Bible no kyerɛkyerɛɛ pefee sɛ onipa Yesu no a owui, yɛ saa onipa Yesu no ara a onyanee. 1Timoteo 2:5 ka sɛ:  Efisɛ yɛwɔ Onyankopɔn biako ne ntamgyinafo biako a ɛda nnipa ne Onyankopɔn mfinimfini, Onipa Yesu no. Mprempren ɔte Onyankopɔn nsa nifa so a odi ma yɛn. Da koro, Yesu de ne honam nipadua aniwa tumi hu bɛsan abebu wiase atɛn sɛ Onipa Ba no-Asɛmfua a ɛkyerɛ ne desani tebea.

“Yesu see no sɛ “Wo ara na woaka, nanso mika akyerɛ wo sɛ efi nnɛ (ɛno akyi no) wobehu Onipa Ba no sɛ ɔte Tumi nsa nifa na ɔnam Omunukum mu fi ɔsoro reba”-Mateo 26:64, Daniel 7:13

“Ԑnna Onipa Ba no nsɛnkyerɛnne no bepue wɔ wim na asase so biara betwa gyaadwo na wobehu Onipa Ba no sɛ ofi omunukum mu wɔ wim de tumi ne anuonyam kɛse reba”-Mateo 24:30 (Adiyisɛm 1:7)

“Ɔde ɛda bi asi hɔ a ɔde bebu wiase no atɛn wɔ trenee mu denam Onipa a woapaw no, na woama nnipa nyinaa adanse efisɛ onyanee No fii awufo mu”-Asomafo Nnwuma 17:31

SO MIKAEL ƆNE YESU A ONYANEE NO?

ԐYɛ nea ɛboro nkyerɛwde yi so sɛ yebetumi de Bible no adwene a ɛbɔ gu sɛ Yesu ɔne Mikael Ɔbɔfopɔn no, nanso susuw ntease eyinom ho hwɛ:

  1. Yesu Kyerɛwnsɛm no mfrɛ no tēē sɛ Mikael.
  2. Yesu wɔ tumi a ɔde kᾱ Satan anim (Mateo 16:23, Marko 8:33) wɔ bere a Mikael Ɔbɔfopɔn no nni tumi.(Yuda 9, 2 Petro 2:11)
  3. Yesu yɛ nneɛma nyinaa Ɔbɔadeɛ Nyankopɔn a abɔfo no ka ho (Yohane 1:1-3, Kolosefo 1:15-16)
  4. Wɔfrɛ Yesu sɛ Onyankopɔn
  5. Yesu sombo kɛse kyɛn abɔfo (Hebrifo 1:4) Abɔfo som no ɛnna woanya Ɔsoro Ahenni no a woammfa amma abɔfo (Hebrifo 2:5)

SO KRISTOFO NYINAA BENYA OWUSƆRE NIPADUA?

Ɔwɛn Aban kyerɛ sɛ yɛwɔ Kristofo akuw abien, wɔn a wɔbɛsɔre anya ɔsoro asetra ne wɔn a wɔbɛsɔre anya asase so asetra. Ԑnyɛ sɛ Ɔwɛn Aban Asafo gyidi no po Yesu honam nipadua nkō, na mmom ɔpo wɔn a wobenya ɔsoro asetra nipadua nso. Wɔn a wobenya asetra wɔ asase so nkutoo na wɔkyerɛ sɛ wobenya ɔhonam nipadua.

So Bible no foa adwene a ɛne sɛ nnipa binom nkutoo na wobenya owusɔre honam nipadua? Yeahu ɔkwan a Ɔwɛn Aban no akyinkyim kyerɛwnsɛm de apo Yesu wusɔre nipadua no, saa ara nso na nkyerɛkyerɛ yi te. Yɛbɛsusuw nea kyerɛwnsɛm ahorow a edidi so yi kᾱ:

“Efisɛ yɛn trabea wɔ ɔsoro ɛhɔ na yɛde ahopere retwɛn Agyenkwa Awurade Yesu Kristo, nea ɔbɛsakra yɛn nipadua ayɛ no biako te sɛ ne nipadua a woahyɛ no anuonyam, denam tumi a ɔwɔ a ɔde nneɛma nyinaa ahyɛ n’ankasa ase” -Filipofo 3:20-21.

“Adɔfo, seesei yɛyɛ Onyankopɔn mma, nanso mprempren de yennim sɛnea yɛbɛyɛ. Yenim sɛ sɛ Ɔda neho adi a, yɛbɛyɛ te sɛ Ɔno, efisɛ yebehu No sɛnea ɔte ankasa”-1 Yohane 3:2

Kyerɛwnsɛm no hyɛ bɔ sɛ yɛn honam nipadua yi bɛsakra ayɛ te sɛ Yesu anuonyam nipadua. Ԑkyerɛkyerɛmu sɛ eyi bɛbam denam yɛn nipadua a ɛsɛe na ewu a wɔbɛyɛ no nea ɛnsɛe anwonwakwan nipadua a ɛyɛ honam na ebetumi anya ɔsoro trabea.

“Seesei mika eyi anuanom sɛ honam ne mogya ntumi nnya Onyankopɔn ahenni no, na kapɛsɛ nea ɛsɛe atumi anya nea ɛnsɛe. Hwɛ, mika mo ahintasɛm yɛn nyinaa yɛrennᾱ owuo mu na mmom yɛn nyinaa bɛsakra wɔ anibu biako pɛ wɔ torobɛnto a etwa to efisɛ wobɛhyɛn torobɛnto na awufo bɛsɔre anya nea ɛnsɛe bio na afei yɛn nso yɛbɛsakra. Efisɛ eyi a ɛsɛe ɛsɛ sɛ onya nea ɛnsɛe na eyi a ewu ɛsɛ sɛ ɔhyɛ nea onwu, eyi mu na ɛbɛma nea wɔakyerɛw no aba mu. Sɛ “woamene owuo wɔ nkonimdi mu”-1Korintofo 15:50-54

Ԑyɛ papa sɛ nsɛmfua no “yɛhyɛ” (put on) wɔ de dii dwuma wɔ 1 Korintofo 15 baabiara a ɛkyerɛ sɛ wɔde biribi akᾱ nipadua no ho, ɛnkyerɛ sɛ wɔreyi biribi afi nipadua no mu. 1Tesalonika 4:14-17 nso kyerɛkyerɛɛ eyi mu:

“Efisɛ saa yɛagye adi sɛ Yesu wui na woasɔre bio a, saa ara na Onyankopɔn de wɔn a wɔadeda owuo mu wɔ Yesu mu bɛba wɔ ne mu. Efisɛ eyi yɛka kyerɛ mo denam Awurade asɛm so sɛ yɛn a yɛte nkwa mu ne wɔn a wɔbɛka kosi sɛ Awurade bɛba no renni wɔn a wɔadeda wɔ owuo mu no kan. Efisɛ Awurade no Ankasa de nteɛɛm ne Ɔbɔfopɔn nne besian afi ɔsoro aba ne Onyankopɔn torobɛnto, na Yesu mu awufo bɛsɔre kan. Ԑno akyi na yɛn a yɛte nkwa mu ne wɔn a aka no bɛbom akohyia Awurade wɔ omunukum no mu wɔ wim na ɛno nti yɛne Awurade bɛtraa daa”.

Ɔyɛsɛm yi kyerɛkyerɛ Kristofo akuw abien: Wɔn a wobenya owusɔre nipadua ne wɔn a wɔn nkwa nipadua bɛsakra afi nea ɛsɛe anya nea ɛnsɛe wɔ Kristo mmaae ɛtɔ so abien no.

Yenim wɔ kyerɛwnsɛm mu sɛ owuo akyi no, amonom hɔ ara Kristofo kra kɔtraa Yesu kyɛn ansa na Kristo mmaae. (2 Korintofo 5:6-9, Filipofo 1:21-23). Esiane sɛ wɔn kra wɔ Kristo nkyɛn nti, 1Tesalonika 4:14 kyerɛkyerɛ mu sɛ bere a Kristo bɛsian no Onyankopɔn de wɔn a wawuwu wɔ No mu no bɛba ne mu. Nanso ɛyɛ nkyekyem 16 na yehu sɛ saa Kristofo no kra san fa wɔn nipadua bio. Enti wɔn a wobenya owusɔre nipadua ne Kristofo a wɔn kra nipadua adeda owuo mu wɔ adamoa mu na mprempren wɔwɔ Kristo nkyɛn5.

Kristofo a wɔte nkwa mu wɔ Kristo mmaae a ɛtɔ so mmienu ne kuw abien no a wobenya nipadua a woahyɛ no anuonyam. Wɔrennwu efisɛ wɔn owu nipadua bɛsakra amonom hɔ ayɛ ɔhonam ne nnompe nipadua a ɛnsɛe da. Sɛnea kyerɛwnsɛm no k sɛ yɛbɛsakra (1 Korintofo 15:51) na yɛne wɔn akohyia (wɔn a wawuwu) Awurade Yesu wɔ wɔ wim (1 Tesalonika 4:17).

Wɔ 1 Petro 3:7-13 ne Adiyisɛm 21, Bible no k sɛ wɔ mfe apem Yesu Nniso no, Onyankopɔn bɛbɔ ɔsoro foforo ne asase foforo ama Kristofo nyinaa ani agye. Ԑyɛ yɛ gyinaesi sɛ esiane sɛ Yesu tumi twaa kwan kɔ soro wɔ ne honam wusɔre nipadua a woahyɛ no anuonyam no saa ara na Kristofo betumi ayɛ saa wɔ wɔn nipadua woahyɛ no anuonyam. Enti, sɛnea Bible ka sɛ Onyankopɔn bɛsakra yɛn nipadua a ɛbam fam ayɛ no te sɛ Yesu nipadua a woahyɛ no anuonyam no bi” (Filipofo 3:21).

Beae biara nni hɔ a nsonsonoe da Kristofo a wobenya owusɔre nipadua na woanya ɔsoro asetra ne wɔn a wobenya asase no ntam. Nokwarem no, obi bɛhwehwɛ nanso ɔrenhu Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ sɛ nkurɔfo 144000 nkutoo na wobenya ɔsoro asetra ne wɔn a wɔbɛtra asase so. Ԑyɛ nokware sɛ Kristofo bedi asase so hene wɔ afe apem Kristo ahenni, nanso Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ eyinom ne Kristofo a wokum wɔn wɔ ahohiahia kɛse no mu na woanya owusɔre aba nkwa mu ne Kristo abedi hene wɔ asase sōfo a wɔnnye nni. Adiyisɛm 20:4-5 kyerɛkyerɛ mu sɛ:

 “Na mihui ahengua na wɔtenaa so na wɔde atemmusɛm maa wɔn. Na mihui wɔn a esiane Yesu ho adanse ne Onyankopɔn asɛm ne wɔn a woansom aboa no anaa ohoni na woannye agyiraehyɛde wɔ wɔn moma so no ne wɔn nsam nti wotwaa wɔn ti, akra na wobaa nkwa mu ne Yesu Kristo bedii hene mfe Apem. Awufo nkae no amma nkwa mu kosii sɛ mfe apem no baa awiei. Eyi ne owusɔre a edi kan”.

Awiei koraa, yɛkenkan faa nnipakuw a wobenya owusɔre hokwan, wɔyɛ wɔn a wɔpoo Kristo mu nkwagye.  Bible ka sɛ saa wowu a anomon hɔ ara wɔn kra kɔtraa beae bi a wɔfrɛ “Hell” daa asotwe anaasɛ adamoa mu (Luka 16:22-29) Ewom sɛ wɔn nipadua wɔ abodan mu kosi sɛ mfe apem Kristo ahenni bɛba awiei wɔ asase so. Adiyisɛm kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔ mmere no awiei no Onyankopɔn bɛsɔre wɔn a wɔwɔ awufo ne adamoa mu no abebu wɔn atɛn a etwa to, naa wɔatō wɔn agu daa ahoyeraw mu, owu mprɛnu, nea wɔfrɛ no “ogya tare”.

Awufo nkae no de wɔamma nkwa mu kosii sɛ mfe apem no baa awiei. Eyi ne owusɔre a edi kan no. Nhyira ne kronkron yɛ obi a onya kyɛfa wɔ owusɔre a edi kan, eyinom na owu mprɛnu nni wɔn so tumi…. Na mihui awufo akɛse ne nketewa a wogyinagyina ahengua no anim na woabue nhoma mu na nhoma foforo nso woabue mu ɛno ne nkwa nhoma, na wobuu awufo atɛn wɔ nneɛma a wɔakyerɛw wɔ nhoma no mu sɛnea wɔn nneyɛe te.

Na ɛpo no de emu awufo mae na owuo ne adamoa de emu awufo nso mae na wobuu wɔn atɛn sɛnea wɔn nneyɛe te. Na owuo ne adamoa wɔtoo wɔn guu ogya tare no mu. Eyi ne owu mprɛnu, ogya tare no. Na obiara a ne din wɔannkyerɛw wɔ nkwa nhoma no mu no wɔtoo no kyenee ogya tare no mu-Adiyisɛm 20:5-6, 12:15.

=============

1. Gyesɛ yɛaka biribi foforo ɛnte saa Kyerɛwnsɛm a yɛatwe adwene asi so nyinaa fii “New American Standard Bible”.
2.Hwɛ “Studies in the Scriptures vol.5, 1899, kr.454 ne “Things in Which it is Impossible for God to Lie” kr. 332, 354
3. Hwɛ Mateo 16:17, Galatifo 1:16, Efesofo 6:12
4.  Wobetumi Atra Ase Daa Wɔ Paradise Asase So, kratafa 145You Can Live Forever in Paradise on Earth, pp. 145
5. Kyerɛwnsɛm de asɛmfua “wɔadeda di dwuma a ɛnkyerɛ sɛ ɔkra no nnte nka wɔ bere a nipadua no awu wɔ adamoa mu. Asɛmfua “wɔadeda”no kyerɛ nipadua a wɔawu wɔ kasakōa kwan so, na mmom ɛnyɛ ɔkra a ɔtra nkwa mu wɔ nipadua no wu akyi. (Mateo 10:28). Yesu de kasakōa yi dii dwum bere a ɔkae abeawa ɔyarefo bi a owui na onyanee no baa nkwa mu bio wɔ Luka 8:52. Wɔn a Yesu nyanee wɔn no hui sɛ owuo ɛnyɛ awiei, na mmom owusɔre fi adamoa mu akɔ daa nkwa mu.

Print Friendly, PDF & Email

This post is also available in: Spanish Portuguese Czech Borɔfo