Wɔapa ɔwɛn aban gyidi ho ntama

–Onyankopɔn hann rehyerɛn wɔ Yehowa Adansefo gyidi so

– Wɔahyehyɛ Ɔwɛn Aban Asafo gyidi mfomso no wɔ ɔkwan a ɛne nea Bible kyerɛkyerɛ no wɔ ɛfᾱ ne ɛfᾱ ma ayɛ ntotoho.
Jehovah's Witness Magazines

 

 WƆAPA ƆWԐN ABAN GYIDI HO NTAMA

ƆWԐN ABAN GYIDI
BIBLE  NKYERԐKYERԐ

NYANKOPƆN BAASAKORO: Atoro gyidi biara nni hɔ a wɔada no adi a ɛkyɛn Onyankopɔn Baasakoro no da. Ԑyɛ nea efi obiakofo adwenem nkutoo a ɛyɛ Satan Ɔbosam tirim”-Reconciliation, 1928, kr.101

“Eyi nti, wɔn a wogye Bible no tom sɛ Onyankopɔn asɛm no nsom Onyankopɔn Baasakoro nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ nnipa abiɛsa anaasɛ anyame abiɛsa ɛbom biako. Nokwasɛm sɛ, asɛmfua Baasakoro no mpue Bible no mu mpo”-NIMDEԐ Ԑde Kɔ Daa Nkwa  Mu, 1995, kr. 31

ONYANKOPƆN BAASAKORO: Nyankopɔn biako a wɔada neho adi wɔ nnipa abiɛsa mu-Agya no, Ɔba no ne Honhom Kronkron no. Baasakoro no nnyɛ “Modalism” a nea ɛkyerɛ ne sɛ Agya no, Ɔba ne Honhom Kronkron nyinaa yɛ nipa biako, na kapɛsɛ ayɛ “Tritheism a ɛkyerɛ sɛ Agya no, Ɔba ne Honhom Kronkron no yɛ Nyankopɔn ahorow abiɛsa.AGYA NO YԐ ONYANKOPƆN: Filipofo 2:11

  • ƆBA NO YԐ ONYANKOPƆN: Yohane 20:28, Tito 2:13, 2 Petro 1:1, Hebrifo 1:8, Mateo 1:23, Yesaia 9:6, Kolosefo 2:9, Yohane 1:11, 18
  • HONHOM KRONKRON  NO YԐ ONYANKOPƆN: Asomafo Nnwuma 5:3-4
  • Nanso wɔnnyɛ Nyankopɔn abiɛsa na mmom ONYANKOPƆN BIAKO nkutoo: Yesaia 43:10-11, 44:6,8, 45:21-22, 46:9

MATEO 28:19: “mommɔ wɔn asu wɔ Agya no ne Ɔba no ne Honhom Kronkron no din mu1.

YESU KRISTO: yɛ Ɔbɔfo a wɔbɔɔ no, ɛwom sɛ ɔyɛ nyame de nanso ɔyɛ anyame a ɔda nsow wɔ Onyankopɔn ntam.

“… Yesu yɛ honhom abɔde a wɔbɔe sɛnea abɔfo a wɔyɛ honhom abɔde a Onyankopɔn bɔɔ wɔn te no ara. Abɔfo anaa mpo Yesu antra nkwam pɛn ansa na wɔrebɔ wɔn. So Ԑsɛ Sɛ Wogye Baasakoro No Di, kr. 14.

So Yohane 1:1 di adanse sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn? … Enti, akenkan no anka sɛ Asɛm no (Yesu) yɛɛ te sɛ Onyankopɔn no a ɔne no wɔ no, na mmom Asɛm no sɛ biribi te sɛ nyamesu, nyame sɛso, anaa anyame”-Adwene nsusuwii wɔ Nkyerɛwnsɛm Mu (Reasoning From  The Scriptures, 1985, kr. 212. 1, 1991, kr.9

YESU KRISTO atraa nkwa mu bere nyinaa a ɔne nokware Nyankopɔn koro no.
HEBRIFO 7:3: “… onni mmere mfiase na mpo woanya nkwa awiei, mmom wɔayɛ no te sɛ Onyankopɔn Ba no…”
YOHANE 1:3: “Nneɛma nyinaa yɛɛ hɔ ɛnam No so, na Ɔno akyi wɔannyɛ biribiara a ɛwɔ hɔ a aba amansan yi mu 2.
1 YOHANE 5:20-21: 1:2: “…Yɛwɔ Ne mu Ɔno a ɔyɛ Ɔnokwafo, yɛwɔ Ne Ba Yesu Kristo mu. Eyi ne nokware Nyankopɔn ne daa nkwa…daa nkwa a na ɔne Agya no te, na afei woada neho adi akyerɛ yɛn.
 1 TIMOTEO 1:17: Seesei Anuonyam ne nidi nka Daa Ɔhene nea onwu da na aniwa ntumi nhu no, Onyankopɔn nkutoo no, Amen (Ԑnyɛ Hɔ).

YESU KRISTO sɛ abɔde no ɔmfata sɛ ɔgye anuonyam ne ɔsom koro no ara a ɛsɛ Onyankopɔn no.

“Ԑsɛ sɛ modi mfomso susuw sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo som Kristo, ɛnyɛ eyi na ɔkyerɛkyerɛɛ. Nokwarem no ɔyɛ anyame kɛse de, nanso wɔansom neho na afei wɔannkyerɛkyerɛ n’asuafo no sɛ wɔnsom no”- Ɔwɛn Aban July 15, 1959 kr. 421

“Obiara a ɔde Yesu din di dwuma wɔ wɔn som mu nanso ɔboapa mfa nidi kɛse mmma Yehowa nna ɔdɔ kann a  ɛsɛ hann no adi”-Ɔwɛn Aban no August 1, 1991, kr.9

Ԑwom sɛ ebinom susuw sɛ ɛsɛ sɛ mpaebɔ kɔ afoforo nkyɛn te sɛ Onyankopɔn Ba no, nanso adanse kyerɛɛ sɛ ɛnte saa”Insight on The Scriptures Po 2, 1988, kr. 667

YESU KRISTO sɛ Onyankopɔn no ɔgye nidi ne ɔsom koro no ara wɔde ma Agya no.

ADIYISԐM 5:13-14:  “…Nea Ɔno na ɔte ahengua no so no ne oguamma no ne ade nyinaa hwɛfo na nhyira ne nidi ne anuonyam nka wɔn. Na abɔde ateasefo baanan kɔso ka sɛ Amen (Ԑnyɛ hɔ). Na afei mpanyimfo no buu nkotodwe somee wɔn.

HEBRIFO 1:6: Na Ɔde Ne Ba baa wiase no ɔkae sɛ “na momma Onyankopɔn abɔfo nyinaa nsom No.

YOHANE 5:23: Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛdi Ɔba no ni sɛnea wodi Agya no Ni. Nea onni Ɔba no ni nso nni Agya No a Ɔsomaa no ni.

YOHANE 14:14: Sa mobisa Me biribiara wɔ Me din Mu a Mɛyɛ” 3.

1 KORINTOFO 1:2,9: “ na wɔn a wɔatew wɔnho wɔ Yesu Kristo din mu, a wɔfrɛ wɔn akronkronfo a mowɔ baabiara a mobɔ yɛn Awurade Yesu Kristo Din, wɔn Awurade ne yɛn Awurade, wɔfrɛ mo baa sɛ mone Ne Ba no nya abusuabɔ Yesu Kristo yɛn Awurade”.

YESU KRISTO na ɔyɛ Ɔbɔfopɔn Mikael ansa na ɔreba asase so a ɔbɛyɛɛ onipa a ɔnyɛ pɛ na ne wuo akyi ogyaw ne desani nipadua hɔ san bɛyɛɛ Ɔbɔfopɔn Mikael wɔ bere a onyanee fii awufo mu.

“Enti adanse no kyerɛ sɛ Onyankopɔn Ba wonim no sɛ Mikael ansa na ɔreba asase so na afei nso wɔde saa din nim no bere a ɔsanee kɔɔ ɔsoro trabea a woahyɛ no anuonyam sɛ Onyankopɔn Honhm Ba”Reasoning 1985, kr. 218.

“Ɔkō baa ɔsoro Mikael (ɔne Yesu Kristo a onyanee no) ne n’abɔfo ne ɔtweaseɛ no koe…” Wobetumi Atra Ase Daa Wɔ Paradise Asase So, 1982, kr. 21

Owuo mu no ogyaw ne desani akwaa gu hɔ ɛnna Ɔdaa neho adi sɛ abɔde foforo bɛyɛ mfe baasa ne fᾱ, na afei ne wusɔre mu no woannyɛ ɔdesani bio”Ahenni No Abɛn 1944 kr. 258

“…Efisɛ onipa Yesu yɛ awufo daa awufo…” Onyankopɔn ne Onipa Mpatade No Po 5, kr. 454 (The Atonement Between God and Man, Studies)

Ɔdesani honam nipadua no a Yesu Kristo gyaw guu hɔ afebɔɔ sɛ agyede afɔrebɔ no Onyankopɔn yii fii hɔ denam ne tumi so…”-Things in which it Is Impossible For God To Lie, 1965, kr. 354.

“…Yesu danee neho anaasɛɔfaa honam nipadua kɛkɛ… sɛnea ɛbɛma Toma agye atom sɛ ɛyɛ ɔno ankasa. Ɔde nipadua atue nkuro”-Wobetumi Atra AseDaa Wɔ Paradise Asase So, 1982, kr. 144-145

YESU KRISTO bere a ɔda so te sɛ Onyankopɔn faa honamdua foforo de sakra neho wɔ ne awo foforo mu na ɔbɛyɛɛ Nyame Nipa. Onyanee wɔ desani nipaduam a woahyɛ no anuonyam. Ne agyidifo retwɛn Ne honam mu mmae a ɛtɔ so abien.

FILIPOFO 2:5-11: Nea ɔwɔ Onyankopɔn nipaban nanso wɔammu neho sɛ Ɔne Onyankopɔn sɛ, na mmom wɔammu neho hwee na ɔfaa akoa nipadua sɛso sɛnea ɔdesani te no ara…” 4.

HEBRIFO 1:5, 13:2-5, 8: “Efisɛ abɔfo no mu hena na wɔaka pɛn sɛ “woyɛ Me Ba. Ԑnnɛ mawo… Nanso abɔfo no mu hena na wɔaka akyerɛ no pɛn sɛ. Tena me nsa nifa kosi sɛ Mede wɔatamfo ayɛ wo nan ase ntia so? …Efisɛ woamfa wiase a ereba no a yɛreka ho asɛm no anhyɛ abɔfo nsa… Efisɛ bere a wɔde nneɛma nyinaa rehyɛ ne nsa no, wɔakwati biribi biara a woamfa anhyɛ Ne nsa…”

YOHANE 2:18-22 “Enti Yudafo buae see No, Dɛn sɛnkyerɛnne na wobɛyɛ akyerɛ yɛn, bere a yerehu sɛ woyɛ nneɛma eyinom?

Yesu buae see wɔn sɛ “mɛsɛe asɔredan yin a nnansa pɛ mmɛma so asi hɔ… Nanso na ɔreka Ne nipadua asɔredan. Enti bere a wonyanee no fii awufo mu no, N’asuafo kae sɛ ɔkae eyi na ɛmaa wɔgyee Kyerɛwnsɛm no dii ne nsɛm a Yesu aka akyerɛ wɔn5.

1 TIMOTEO 2:5: Efisɛ Onyankopɔn biako na yɛwɔ a ɔyɛ Onyankopɔn ne nnipa ntamgyinafo biako pɛ nso, onipa Yesu Kristo no.

ASOMAFO NNWUMA 17:31: Efisɛ ɔde ɛda bi asi hɔ a ɔbebu wiase no atɛn wɔ treneeyɛ mu denam Onipa a wɔapaw No, na wɔama nnipa nyinaa adanse denam Awufo mu a Onyanee No.

HONHOM KRONKRON: Onyankopɔn adeyɛ tumi”

“Bible no de honhom Kronkron no di dwuma a na nea ɛkyerɛ ɛyɛ tumi a Yehowa Nyankopɔn kura na ɔde ma n’atirimpɔw ahorow nya mmamu. Yebetumi de no atoto anyinam ahoɔden ho, tumi a yetumi dan dan de yɛ nnwuma akɛse ahorow”-So Ԑsɛ Sɛ Wogye Nyankopɔn Baasakoro No Di, kr. 20

HONHOM KRONKRON: Onyankopɔn Baasakoro no mu nea ɛtɔ so abiɛsa a ɔyɛ Onyankopɔn. Ɔwɔ su ahorow no nyinaa a ɛbom yɛ Nyankopɔn Baasakoro no.

  • Odi Kristo ho adanse (Yohane 15:26)
  • He intercedes for believers (Romans 8:26).
  • Ɔsrɛ ma agyidifo (Yohane 14:26, Adiyisɛm 2:7, 1 Timoteo 4:1)
  • Ɔwɔ ɔpɛ na ɔhyɛ mmara (1 Korintofo 12:11, Asomafo Nnwuma 8:29, 13:2-4, 16:6)
  • Ɔyɛ agyidifo kwankyerɛfo (Yohane 16:13, Romafo 8:14)
  • Ɔwɔ adwene na ɔhwehwɛ Onyankopɔn nneɛma nyinaa mu (Romafo 8:27, 1Korintofo 2:10-11)
  • Ɔwɔ nkate na ne werɛ tumi how (Efesofo 4:30, Yesaia 63:10)
  • Wɔda neho adi sɛ nnipa na wodi no atoro (Asomafo Nnwuma 5:3) wɔkasa tia no (Mateo 12:31) na afei nso wɔsɔ no hwɛ (Asomafo Nnwuma 5:9)

ASԐMPA: Ɔwɛn Aban Asafo no gye tom sɛ wɔn asɛmpa no nnyɛ asɛmpa koro no ara a Kristosom ahorow a atwam ne nnɛ Kristosom bɔ ho daru. “…fa toto ho…Ahenni no ho asɛmpa a ɔsom ahorow abɔ ho daru wɔ mfeha no mu no ne nea Yehowa Adansefo akyerɛkyerɛɛ ho a… Wɔnnyɛ biako no na ɛnyɛ koro no ara bi”-Ɔwɛn Aban, May 1, 1981, kr. 17.

Asafo no asɛmpa yɛ gyidi asɛmpa ne nnwuma wɔkyerɛ sɛ yɛwɔ ahwehwɛde anan a ɛma nkwagye:

  1. “ …wobenya nimdeɛ ɛfa Onyankopɔn ne Yesu Kristo ho”
  2. “… di Onyankopɔn mmara so yiw obiako bɛma n’asetra no ne Bible abrabɔ pa ho ahwehwɛde no behyia”
  3. “… wone Onyankopɔn Ahyehyɛde a ɔnam so de nkrasɛm ma mmɔ ɛsɛ sɛ yehu saa Ahyehyɛde no na yɛsom Onyankopɔn denam Ahyehyɛde no so”
  4. “… Wone Onyankopɔn Ahyehyɛde mmɔ wɔ nokwaredi mu”Ɔwɛn Aban February 15, 1983 kr. 12
Na afei nso adanse no ɛfa nsa to a yɛde ma nnipa sɛ wɔmmera Yehowa Ahyehyɛde mu emmenya nkwagye”Ɔwɛn Aban November 15, 1987, kr. 21
“ɛsɛ sɛ ɛyɛ daa nkwa ho akatua na asase so nipa biara aka rebɔ mmɔden ayɛ ho adwuma seesei. So woreyɛ ɛ?- Ɔwɛn Aban August 15, 1972, kr. 492“Bere a yɛgye nsa to no so no, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛnho sɛ yɛbɛkɔ so da biara da a ɛnyɛ sɛ mfaso bi wɔ yɛn nipadua a yɛbɛhyɛ no ahometew so na mmom anammɔn biako a yɛbetu ayɛ nea ɛmfata betumi asɛe abrabɔ pa a yɛabɔ nyinaa na mpo asɛe yɛn daa nkwa anidaso. Honhom fam nyin yɛ nkakrankakra nanso sɛnea ɛyɛ ntɛm paa sɛe, saa yɛn ani anna hɔ a!-Ɔwɛn Aban August 1, 1992, kr. 17Aban August 15, 1972, kr. 492

ASԐMPA: Akyɛde kwa a efi Onyankopɔn hɔ yɛ daa nkwa (Romafo 6:23) a egyina Yesu nkutoo mu gyidi na ɛma nkwagye (Efesofo 2:8-10) Nnwuma yɛ nkwagye ho anammɔntu na afei ɛma yehu sɛ obi gyidi te ase a ɔgye nkwa anaasɛ gyidi a awu a ontumi nnye nkwa (Yakobo 2:14, 17) Romafo 10:9 Kyerɛ sɛ eyi ne ahwehwɛde a ɛde kɔ nkwagye mu nkutoo:

1. Paemu ka sɛ Yesu ne Awurade (Yehowa).

2. Gye di sɛ Onyankopɔn nyanee No fii awufo mu.

YOHANE 6:28-29: “Enti wɔkae kyerɛɛ No sɛ “Dɛn na yɛnyɛ na ama yɛayɛ Onyankopɔn nnwuma? Yesu buae see wɔn sɛ “eyi ne Onyankopɔn adwuma sɛ wobɛgye No nea ɔsomaa no adi.”

ROMAFO 4:4-6: Afei onii no a ɔyɛ nnwuma na akatua nyɛ akyɛde na mmom nea ɛsɛ no. Nanso onii a ɔnyɛ nnwuma nanso (na mmom) ɔgye Nea obu abɔnefo bem no di, wobu ne gyidi sɛ trenee, sɛnea Dawid nso kae faa nhyira a onipa a Onyankopɔn bu no sɛ ɔtrenee, a nnwuma nnka ho”. 6.

1 YOHANE 5:11-13: Na eyi ne adanse no sɛ Onyankopɔn ama yɛn daa nkwa na nkwa yi wɔ ne Ba no mu. Nea ɔwɔ Ɔba no wɔ nkwa, nea onni Ɔba nni nkwa. Eyinom na makyerɛw ama mo, mo a mogye Onyankopɔn Ba no din di, na ama moahumowɔ daa nkwa

FILIPOFO 3:9: Na afei moahu wɔ Ne mu a ɛnyɛ me treneeyɛ a egyina mmara no so na mmom treneeyɛ a ɛnam Kristo mu gyidi so, treneeyɛ a efi Onyankopɔn ho gyidi so…”

KOLOSEFO 3:3 “Efisɛ moawu na mo nkwa wɔde asie wɔ Kristo mu ama Onyankopɔn 7.

Paulo bɔ kɔkɔ faa wɔn a wɔbɛka asɛmpa foforo (Galatifo 1:6-9, 2 Korintofo 11:3-4) Yesu hyɛe nkɔm sɛ n’asafo ntumi nsɛe esiane ɔwae nti. Erenhia sɛ wɔsan hyehyɛ asɛmpa nobio (Yuda 3). Efesofo 3:21 ka sɛ “Ɔno na anuonyam a ɛwɔ asafo no mu nka no wɔ awo ntotoaso nyinaa daa daa Amen (Ԑnyɛ Hɔ). Ɔkwan bɛn so na asafo a awae betumi de anuonyam ama Onyankopɔn wɔ awo ntotoaso nyinaa mu?

NKWAGYE: Ɔwɛn Aban no kyerɛkyerɛ nkwagye mu sɛ “woanya nkwa wɔ wiase bɔne nhyehɛe ne emu nneɛma sɛe ne owuo mu.-Ɔwɛn Aban August 15, 1997, kr 5. Wɔkyerɛkyerɛ sɛ yɛwɔ agyidifo akuw abien:NGUANKUW KETEWA: Kristofo nguankuw ketewa no a wɔyɛ 144000 (wɔn a wobenya daa nkwa asetra wɔ ɔsoro) na wɔwɔ honhom kronkron nsra wɔ wɔn so a ɛma wotumi kyerɛkyerɛ Bible no pɛpɛɛpɛ. Apam foforo no a Kristo ankasa yɛ ntamgyinafo no abue hokwan ama woanya awo foforo ne abawo sɛ Onyankopɔn mma, na afei Awurade anwummere aduan a wodi bi no yɛ akuw yi mufo nkutoo a wɔsɔɔ ano wɔ mfe 1935 mu.NGUAN FOFORO:“Nguan foforo no (agyidifo nyinaa a wodi kan wɔ asase so ansa na Yesu reba ne wɔn a wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo agyidifo nyinaa wɔ mfe 1935 akyi no) Ԑnna ɛyɛ nnipakuw kɛse no a wɔyɛ akyidifo akuw foforo a wɔn anidaso ne sɛ wobenya nhyehyɛe foforo wiase wɔ Paradise Asase so. Wonni Apam foforo no mu enti wontumi nnya hokwan ahorow a Apam foforo no ka ho asɛm wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu.Nnipa dodow ahe na Onyankopɔn bɛfa wɔn ne Kristo akodi hene? Sɛnea Bible no kyerɛ no nnipa 144000 nkutoo (Adiyisɛm 7:4, 14:1)… Enti nnipa dodow kɛse no a wawuwu no bɛsɔre aba nkwam wɔ Paradise asase so”-Nimdeɛ kr. 882.“… Onipa biara nkɔ ɔsoro wɔ mfe 4000 atwam wɔ nnipa abakɔsɛm mu besi nna ne Yesu mmae. Dawid, Hiob, ne Yohane Asubɔni benya owusɔre aba asase so. Nokware mu no, anokwafo nyinaa mmarima ne mmea a wawuwu ansa Yesu rewu no wɔ anidaso sɛ wɔbɛtra nkwam wɔ asase na ɛnyɛ ɔsoro”-Wobetumi Atra Asa wɔ Paradise Asase So kr. 122Wɔ mfe 1935…Ԑbɛda asi sɛ nnipakuw kɛse a ɛwɔ Adiyisɛm 7:9-17 yɛe kuw a wɔdaa wɔn adi wɔ 144000 no akyi a wɔn gyinabea ɛne sɛ wobenya daa nkwa asetra wɔ Paradise asase”-Ɔwɛn Aban January 1, 1997 kr. 10

woawo obi foforo no ka …Onyankopɔn ba ne hokwan sɛ obenya kyɛfa wɔ Onyankopɔn Ahenni Mu. (Yohane 3:3-5) Yesu nyae kyɛfa yi saa ara nso na 144000 a wɔne no benya hokwan wɔ ɔsoro Ahenni no wɔ saa kyɛfa yi”-Reasoning kr. 76

“… Abawo a saa honhom awo foforo Kristofo anya no, yɛ nea wɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ soronko a ɛkyɛn honam fam Yesrael de no”-Insight, po 2, kr. 999

“Saa ara na Mose ɔkɛse no, Yesu Kristo nnyɛ ntamgyinafo mmma Yehowa Nyankopɔn ne adessama nyinaa. Ɔyɛ ɔne ne soro Agya Yehowa Nyankopɔn ne honhom ɔman Yesrael a ɛyɛ nnipa kakraa bi a wɔyɛ 144000”-Worldwide Security Under The Prince of Peace, 1986, kr. 10. “Enti nnipa Eyinom betumi akɔhyɛ Awurade anwummere aduan no fᾱ nanso wɔnnyɛ Kristo yɔnko didifo ne Onyankopɔn honhom mu mma, enti wontumi nni abodoo, nnom nsᾱ no bi sɛ nnipa a wonni kyɛfa wɔ Yesu Kristo wuo no mu na afei wonni owusɔre a ɛma wɔne No nya ɔsoro asetra”-Insight, po 2 kr. 270

NKWAGYE: Kyerɛwnsɛm nkwagye no yɛ nea ɛmu trɛw kɔ akyiri kyɛn nkwagye fi honam sɛe ne owuo mu. Yohane 17:3 ka sɛ, Eyi ɛyɛ daa nkwa sɛ wobehu wo nokware Nyankopɔn koro no nkutoo ne Yesu Kristo nea wɔsomae no. Daa nkwa titiriw wɔ Yesu Kristo ankasa mu abusuabɔ. S obi de ne werɛ hyɛ Kristo nkutoo mu hwehwɛ ne treneeyɛ a (1 Yohane 1:7-9), Yesu ba bɛtra ne mu pefee, na ɛyɛ Kristo ɛnna ɔsesan onipa no sɛnea ɔte wɔ nipaduam.

2KORINTOFO 13:5: Monsɔ monho nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu mo pɛɛpɛɛ mo ankasa mu. Anaasɛ monhui sɛ eyi faa mo ho sɛ Yesu Kristo te mo mu, gyesɛ moanyɛ nhwehwɛmu.

2 KORINTOFO 5:17: Eyi nti saa onipa biara wɔ Kristo mu a ɔyɛ abɔde foforo, nneɛma dedaw no abɛsen kɔ, hu sɛ nneɛma foforo aba”.

YEREMIA 31:33-34: Nanso eyi ne apam a Mene Yesrael man bɛyɛ wɔ nna no mu AWURADE na wɔaka. Mede Me mmara bɛhyɛ wɔn mu, na makyerɛw wɔ wɔn koma so na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔayɛ Me nkurɔfo. Na wɔrenkyerɛkyerɛ obi bio, onipa ne ne yɔnko anaa ɔfoforo ne ne nua sɛ hu Awurade no efisɛ wɔn nyinaa behu Me efi akumaa so kosi wɔn mu atitiriw so, AWURADE na wɔaka, efisɛ Mede wɔn mmarato befiri wɔn, na wɔn bɔne merenkae no bio8.

2 KORINTOFO 3:3-6: …moyɛ Kristo abɔde a yɛrehwɛ mo ɛnyɛ kyerɛwdua na wɔde kyerɛwee na mmom Onyankopɔn teasefo honhom a ɛte nkwa mu a ɛnyɛ aboɔ ɛnna wɔakyerɛw so na mmom aboɔ a ɛyɛ ɔdesani koma so, yɛn fata a yɛfata no fi Onyankopɔn, ɔno nso na wɔama yɛafata sɛ apam foforoo no mufo asomfo a ɛnyɛ honam na mmom honhom, efisɛ ɔhonam no di awu nanso honhom no de ɔma nkwa.

HENANOM NE NGUAN FOFORO A ԐWƆ YOHANE 10:16? Nguankuw abien no a ɛyɛ agyidifo a ɛwɔ Yohane 10:16 ka fa Yudafo ne amanaman mufo ho. Yudafo no bu amanaman (wɔn nyinaa a wɔnnka Yudafo no ho) sɛ wɔyɛ nnipa akuw a wɔba fam na afei wɔnho ntew. (Efesofo 2:11-12) Na Yesu rekyerɛ sɛ bere koro a ɔbaa Yesrael fie nguan a ayera nkyɛn no (Mateo 10:6) ɛrenkyɛƆde amanaman nguan mufo no bɛba abɛka ne nguankuw ho, na wɔaka wɔn abom na (Yudafo ne amanaman mufo) woayɛ nguan kuw biako ne Ɔhwɛfo Biako”.

ROMAFO 1:16, 3:29:“Efisɛ m’ani nnwu asɛmpa no ho efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɛma obi biara a ɔgye di nkwagye, Yudafo no kan na afei nso Hela fo no. Anaasɛ Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn ma Yudafo no nkutoo? So ɔnnyɛ Amanaman mufo no nso Nyankopɔn no? Yiw, ɔyɛ Amanaman mufo nso Nyankopɔn.

EFESOFO 2:11-14: “Enti monkae sɛ mmere bi na moyɛ Amanaman mufo no wɔ honam mu na wɔn a wɔfrɛ wɔn twetiatwa, a ɛnam nnipa nsa so frɛɛ mo momonotofo, monkaesaa bere no na mone Kristo ntam atetew a monka Yesrael adehye abusua ho, na moyɛ ahɔho ma na apam bɔhyɛ no na monni anidaso biara ne Onyankopɔn wɔ asetra mu. Nanso seesei wɔ Yesu Kristo mu nti mo a kan no mone no ntam atwe kɔ akyirikyiri no wɔde mo abɛn no denam Kristo Mogya nti. Efisɛ ɔno ankasa ne yɛn asomdwoe, Ɔno na ɔyɛe akuw abien no biako na obubui akwanside a ɛyɛ hyɛn no fii hɔ”.

SO 144000 NKUTOO NA WƆWƆ APAM FOFORO NO MU? Onyankopɔn fam de “MPAPAEMU NNI” agyidifo no ntam (Romafo 3:22, Kolosefo 3:11) Onyankopɔn nnyɛ nyinyim efisɛ ɔnhwɛ nnipa anim (Galatifo 2:6)

1 YOHANE 5:1 ka sɛ: “Obi biara a ɔgye di sɛ Yesu ne Kristo no anya Onyankopɔn awo foforo (Hwɛ Yohane 1:12). Esiane sɛ adessama anya honhom fam owuo awo nti (Romafo 5:12) Ontumi (wɔ ne desani suban so) nsɔ Onyankopɔn ani” (Romafo 8:8-9). Sɛ wobenya awo foforo a ɛyɛ ɔkwan a Onyankopɔn nam so hohoro yɛnho fi bɔne nyinaa ho na Ɔde Ne honhom dua yɛn mu (Tito 3:5) enti ɛma yɛtra ase hu honhom mu nneɛma. Sɛnea Bible no kyerɛe no, obiara a ɔpɛ sɛ ohu Onyankopɔn Ahenni no ɛsɛ sɛ wɔwo no foforo (Yohane 3:3). Ԑnte saa, Ontumi nsɔ Onyankopɔn ani, bio nso ɔnyɛ Onyankopɔn dea”. (Romafo 8:8-9) Yesu ka sɛ obiara ɔtwe neho fi Apam foforo no ho no twe neho fi daa nkwa ho.

YOHANE 6:53: “Enti Yesu buae see wɔn sɛ:”Nokware nokware mika akyerɛ mo sɛ gye sɛ modi Onipa Ba no honam na monom Ne mogya monni nkwa wɔ mo mu.

NA ԐSԐ SԐ WƆWO YESU FOFORO? Yesu –onii a ɔyɛ Onyankopɔn ankasa ne Nipa ankasa nyae awo a ɛnyɛ bɔne sintɔ de (Hebrifo 4:15, 7:26) Enti, woanwu wɔ honhom mu da saa nti na onhia sɛ Ɔba nkwa mu denam awo foforo so. Kristo ne Ogyefo a ɔwɔ daa nkwa wɔ Ne mu (Yohane 5:26) na afei ɔde daa nkwa ma obiara ɔba Ne nkyɛn. (Yohane 10:28)

144000 NO NKUTOO NA WƆBԐKƆ ƆSORO?

Saa wohwɛ Adiyisɛm 7:4-9 ne 14:1-5 akenkan a ɛkyerɛkyerɛ 144000 no fapem a, ɛda adi sɛ nnipa eyinom yɛ Yudafo mmarima a wɔasɔ wɔn ano afi Yesrael mmusua kuw nyinaa mu. Wohwɛ asuade a ɛwɔ Adiyisɛm 7:9-11 no a, ɛda adi pefee sɛ nnipakuw kɛse no yɛ agyidifo nso a wɔwɔ ɔsoro resom Onyankopɔn anɔpa ne anadwo wɔ N’asɔredan mu (nkyekyem 15). Enti, wɔn nso wɔwɔ ɔsoro anidaso 9.

Kyerɛwnsɛm no nka sɛ agyidifo a wɔtra ase wɔ Kristo asase so asetra akyi nko na wɔwɔ ɔsoro na mmom Apam dedaw no agyidifo no nso wɔ kyɛfa wɔ Ɔsoro Ahenni mu. 10.

MATEO 8:11: Na mika akyerɛ mo sɛ nnipa bebree fi apuei ne atɔe fam bɛba ne Abraham, Isak ne Yakob abɛto nsa adidi wɔ pon so wɔ Ɔsoro Ahenni no mu…” 11.

HEBRIFO 11:13-16: Eyinom nyinaa (Apam dedaw akronkronfo) wuwui wɔ gyidi mu, Nanso sɛnea ɛte no na wɔpɛ ɔman papaa a ɛyɛ ɔsoro de… Wɔasiesie kurow bi ama wɔn”.

ƆKRA (NKWA TUMI) Ntra ase bio wɔ owuo akyi DAA ASOTWE-ɔsɛe koraa.“Bible no ka fa nkwa tumi no a ɛyɛ adwuma wɔ asase so abɔde a nkwa wom ho. “…. Honhom no a efi adessama mu wɔ owuo mu no yɛ nkwa tumi a efi yɛn Bɔfo no hɔ. Nkwa tumi yi nni ne sɛso ne suban ahorow sɛnea abɔde a ɔrema no ahoɔden no wɔ no bi…. Bere a nkwa tumi no gyae denhyɛ a ɔde ma nipadua no pɛ onipa no-ɔkra- wu… Ԑhe na Awufo Kɔ? Yɛkɔ asaman (sheol/sheohl), adessama adamoa.  Yɛn awufo nni atenka biara. Wonnhu amane biara…Enti yɛn Bɔfo Otumfoɔ betumi akyerɛw obiara nneyɛe na afei woanyan saa onipa afi owuo mu na woama onii no nipadua a woasiesie no foforo…. Wɔn a wɔwɔ Yehowa nkae mu nyinaa wɔbɛsɔre na woakyerɛkyerɛ wɔn Yehowa akwan….Ɔsomafo Yohane no nyae anisoadehu a ɛfa awufo a woanyan wɔn na wogyinagyina Onyankopɔn ahengua no anim. Enti Yohane kyerɛwee sɛ…Na owuo ne asaman wɔtoo kyenee ogya tare no mu. Eyi kyerɛ owu mprenu, ogya tare no. (Adiyisɛm 20:12-14). Dwinnwen eyi ho! Awufo nyinaa a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu benya ɔgye afi Asaman-adessama adamoa nsam…. Wobenya hokwan de wɔn nneyɛe ada no adi akyerɛ Onyankopɔn sɛ wobɛsom No anaa worensom No. Na afei owuo ne Asaman wɔbɛto wɔ akyenee nea wɔfrɛ no ogya tare no mu, a ɛkyerɛ sɛnkyerɛnne kwan so daa sɛe, sɛnea asɛmfua Gehenna kyerɛ”…. Hwɛ sɛnea ɛyɛ abotɔyam sɛ yeh fi Bible mu sɛ Onyankopɔn nnyɛ obiara ayayade!”-Nimdeɛ 1995, kr.81-83, 87-88
Adiyisɛm 14:9-11 (KJ) wɔn a wɔsom sɛnkyerɛnne kwan so “Aboa ne ne honi no ɛnna kyerɛwnsɛm ka sɛ wɔde ogya ne sufre yɛɛ wɔn ayayade. Eyi ntumi nnyɛ owuo akyi ayayade… Wusiw a ɛka ogya a wɔde sɛe wɔn no foro kɔ soro daa efisɛ ɔsɛe no bɛyɛ daa na wɔn werɛ remfi da”-Reasoning,  kr. 172-173

ƆKRA (HONHOM) Yɛ Onipa akwaa a ɛtra ase wɔ owu akyi a ebia ɛne Onyankopɔn bɛtra wɔ ɔsoro anaasɛ Satan wɔ daa asotwe-ɛyɛ ogya tare no (Adiyisɛm 20:13-15)

ADIYISԐM 6:9-10: “… Mihui wɔ afɔremuka no ase wɔn a woakum wɔn akra esiane Onyankopɔn asɛm no nti… na wɔde nne dennennen teɛɛm kae sɛ “Nkosi da bɛn O Awurade Kronkron ne Nokware sɛ wobɛtwetwɛn atemmu na woadi yɛn mogya werɛ wɔ wɔn a wɔte asase so?”
2 KORINTOFO 5:6, 8: “Enti, monya akokoduro bere nyinaa na mohu sɛ bere a yɛwɔ fie wɔ honam mu no na yenni Awurade nkyɛn…yɛwɔ akokoduro, Mika sɛ afei mepɛ sɛ menni hɔ wɔ honam mu a, na mewɔ fie wɔ Awurade nkyɛn.

FILIPOFO 1:21-21: “Efisɛ me fam de sɛ me te ase a ɛyɛ Kristo, na sɛ mewu nso a ɛyɛ Kristo… Nanso meho hiahia me wɔ akwan nyinaa efisɛ mewɔ ɔpɛ sɛ mefi fie ne Kristo akɔtra, efisɛ ɛno yiye paa”.

OWUO NTUMI NTETEW YԐN MU MFI ONYANKOPƆN DƆ A ƆWƆ MA YԐN-ROMAFO 8:38-39: “owuo mpo… ntumi ntetew yɛn mfi Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma yɛn a ɛwɔ Yesu Kristo mu…”
NNWOM 116:15: “AWURADE ani so no ne asomfo anokwafo wuo sombo12.
1TESALONIKA 4:13-17: “Nanso yɛmpɛ sɛ wɔbɛsɛe mo adwene anuanom ɛdefa wɔn a wadeda… efisɛ saa ara na Onyankopɔn de wɔn bɛka Neho aba Nkwa mu wɔn a wadeda wɔ Yesu mu no… na Kristo mu Awufo bɛsɔre kan. Ԑno akyi wɔn a wɔte nkwam ne wɔn a wɔaka no bɛbom akohyia wɔn….”
ƆKRA NO-ONIPA MU.

2 KORINTOFO 4:16: “Enti yɛmpɛ sɛ mo koma how, nanso mpo sɛ yɛn honam ani tebea no resɛe a, yɛn mu nipa de ɔreyɛ foforo dabiara da.

MATEO 10:28: Na monsuro wɔn a wokum nipadua no nanso wontumi nkum ɔkra no; na mmom monnsuro Ɔno a obetumi asɛe ɔkra ne nipadua no wɔ daa Asotwe ogya mu” 13.
ƆSԐNKAFO 12:5, 7: “Efisɛ onipa rekɔ ne daa fie bere asūfo di akɔneaba wɔ mmɔnten so…afei dɔte no bɛsan akɔ asase mu sɛnea ɛte na honhom no de ɔbɛsan akɔ Onyankopɔn a ɔde mae nkyɛn” 14.
MATEO 25:41-46: “Afei Ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ Ne benkum sɛ momfi me nkyɛn nkɔ wɔn a woadome mo daa ogya no mu… na eyinom bɛkɔ daa asotwe mu, nanso treneefo bɛkɔ daa nkwa mu” 15.

MARKO 9:43-44: “… eyiye ma wo sɛ wobɛkɔ nkwa mu sɛ obubuani kyɛn sɛ wɔwɔ nsa abien na wobɛkɔ daa Asotwe ogya a wontumi nnum no mu, a wɔn funu nsɛe da na ogya no nso nnum da”.
MATEO 10:15, 11:21-24 KYERԐ SԐ YԐWƆ ASOTWE NNIDISO AHOROW. ƆKWAN BԐN SO NA YEBENYA ƆSԐE NNIDISO AHOROW?
HEBRIFO 10:29: Asotwe kɛse ahorow bɛn naa mosusuw sɛ ɛbɛfata onii a woatwi afa Onyankopɔn Ba no so…”

“Ewom sɛ ɔsom bi bɛka sɛ wɔwɔ Onyankopɔn anim dom na ne asomfo kenkan Bible mu nsɛm, nanso eyi nkyerɛ sɛ ɛyɛ ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani. Ne akannifo ebia wɔbɛyɛ nneɛma akɛse a ɛbɛma ayɛ sɛ Onyankopɔn nam wɔn so reyɛ nnwuma. Nanso, ɔsom no betumi ayɛ atoro, a ɔsō aba a ɛnsɔ Onyankopɔn ani”.-Ɔwɛn Aban September 15, 1996, kr. 4

Saa wohu sɛ gyidi anaasɛ nkyerɛkyerɛ bi yɛ atoro a ɛsɛ sɛ woyɛ ntɛm paa kwati saa nkyerɛkyerɛ no, ɛmfaho onii a ɔkyerɛkyerɛɛ anaasɛ bere tenten a woagye adi sɛ ɛyɛ nokware”-Riches, 1936, kr.178

================

1. Gyesɛ yɛaka biribi foforo, ɛnte saa, Kyerɛwnsɛm nkyekyem nyinaa a yɛde adi dwuma fii “New American Bible” mu.
2. Fa toto Yesaia 44:24 ho.
3. “Modern” (Ԑnnɛ)Bible Nkyerɛase ka sɛ Yesu see wɔn sɛ ‘bisa Me’ efisɛ wɔn asekyerɛ no wɔ fapem wɔ Hela nsaano nkyerɛwee a edi mū a ɛwɔ hɔ nnɛ nti. Eyi kyerɛ sɛ wɔbɔ mpae ma Yesu. Hwɛ bio nso wɔ Asomafo Nnwuma 7:59 ne 2 Korintofo 12:8-9 a Yesu gyee mpaebɔ na fa toto Exodus 23:13 ho.
4. Filipofo 2:5-11 wɔfaa nsɛm no fi “New International Version Bible no. Yɛ ntotoho wɔ nkyekyem 10-11 ne Yesaia 45:23.
5. Hwɛ bio nso Luka 24:39 ne Kolosefo 2:9.
6. Hwɛ bio nso Romafo 3:28, 11:6 ne Galatifo 5:4.
7. Hwɛ bio nso Sakaria 3:1-5.
8. Fa toto Hebrifo 8:8-12 ho.
9. Akenkan no fapem kyerɛ sɛ nnipakuw kɛse yi yɛ agyidifo a wowui wɔ Ahohiahia kɛse bere no mu (nkyekyem 13-14).
10. Hwɛ bio nso 2 Ahene 2:1-11.
11. Hwɛ bio nso Luka 13:28.
12. Saa yɛfa Asafo no sɛne ɔkyerɛkyerɛ owuo mu no a saa nkyekyem yi bɛkenkan sɛ “ɛsom bo wɔ Awurade ani so ɛyɛ wɔn a wɔnnte nkwam na wɔyɛ N’asomfo.”
13. Hwɛ bio nso Luka 122:4-5.
14. Hwɛ bio nso Luka 23:46 ne Asomafo Nnwuma 7:59.
15. Hwɛ bio nso Yesaia 66:24 ne Adiyisɛm 14:11.

 

Print Friendly, PDF & Email

This post is also available in: Spanish Portuguese Czech Russian Borɔfo