So Yesu Kristo Ͻne Ͻbɔfopɔn Mikael No?

angelmichael

Ͻwɛn Aban Asafo no kyerɛkyerɛ sɛ Yesu trae soro sɛ Ͻbɔfo Mikael ansa na ɔreba asase so, ɛnna afei ne wusɔre akyi no ɔsan bɛyɛɛ Ͻbɔfopɔn Mikael. Wɔka sɛ Yesu bɛyɛɛ Onipa nko ara wɔ asase so enti bere a owui no, sɛ Onipa no, wɔantra nkwa mu bio kosii sɛ wonyanee no bae nkwa mu sɛ honhom abɔde a ɛne Ͻbɔfopɔn Mikael:1.

“Enti adanse no kyerɛ pefee sɛ Onyankopɔn Ba no wɔfrɛɛ no Mikael ansa na ɔreba asase so, na afei nso wonim no sɛ Mikael bere a ɔsan kɔe soro a wɔahyɛ no anounyam sɛ Onyankopɔn Honhom Ba”-Reasoning from the Scriptures, 1985, Ͻwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo, kratafa 218.

Ama wɔanya adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu Kristo Ͻne Ͻbɔfopɔn Mikael no, Yehowa Adansefo mpɛn pii fa nsɛm te sɛ nea ɛwɔ Daniel 10:13, a wodaa Mikael adi sɛ Ͻbɔfo Asafohene no mu biako”. Nokwasɛm a ɛne sɛ Mikael yɛ Asafohene no mu biako mpo nkyerɛ sɛ Mikael yɛ soronko. Yesu sen Obi a ɔyɛ  Asafohene anaa Sodifo. Kyerɛwnsɛm no frɛ Yesu Kristo sɛ Ahene mu Hene ne Awuranom mu Awurade. (Adiyisɛm 17:14) Saa abodin kyerɛɛ obi a ɔyɛ Ɔtumfoɔ Kɛse wɔ tumi ne anounyam mu, a ɛno nti entumi nyɛ yiye koraa sɛ ɔyɛ Ͻbɔfopɔn no mu biako a ɔwɔ n’afimpamfo a ɔne wɔn sɛ.

1 Tesalonika 4:16 ka sɛ “efisɛ Awurade no ankasa de nteɛɛm a ano yɛ den bɛfi ɔsoro asian sɛ Ͻbɔfopɔn nne ne Onyankopɔn torobɛnto….”  Yehowa Adansefo abɔ mmɔden afa nkyekyem yi sɛ wɔde bɛkyerɛ sɛ Yesu ne Ͻbɔfopɔn Mikael efisɛ “Ͻde Ͻbɔfopɔn nne na ɛba.” Nanso, nokwasɛm sɛ Yesu de Ͻbɔfopɔn nne na ɛba no nkyerɛ sɛ Ͻyɛ Ͻbɔfopɔn. Hyɛ no nso sɛ nkyekyem yi nso ka sɛ ɔde Onyankopɔn torobɛnto na ɛba, nanso obi rengye kyim sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn esiane sɛ Ͻde Onyankopɔn torobɛnto na ɛba nti. Wɔ 2 Tesalonika 1:7, yɛkenkan sɛ, wobeyi Awurade Yesu no adi afi soro a N’abɔfo Abranfo a ogya edew wɔnho kᾱ Ne ho. “Eyi nti ɛda adi sɛ Yesu bɛba a Ͻbɔfopɔn a ɔteɛm kᾱ ho. Wɔ Sakaria 14:5-6, yɛkenkan sɛ Yehowa Nyankopɔn bɛba a Akronkronfo nyinaa kᾱ ho. Na wɔ saa da no hann biara nni hɔ” Sɛ obi de ɔyɛsɛm a ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɛba toto nea ɛkᾱ nso sɛ Kristo bɛba wɔ 2 Tesalonika 1:17 ne Mateo 24:29-31 ho a, ɛda adi pefee sɛ Yehowa a Ͻreba wɔ Sakaria no yɛ Yesu a Ͻbԑba na n’abɔfo kᾱ ho wɔ Mateo 24 ne 2 Tesalonika.

Ama wɔakyerɛkyerɛ mu sɛ bere a Yesu reka sɛ Ͻyɛ Onyankopɔn Ba no, na Ͻkyerɛ sɛ Ͻyɛ Onyankopɔn abɔfo no mu biako nti, Yehowa Adansefo mpɛn pii twe adwene si Hiob 38:7 a ɛkyerɛ sɛ wɔfrɛ Abɔfo sɛ Onyankopɔn mma. Nanso, Hebrifo 1:5 ka sɛ “efisɛ ɔbɔfo no mu hena ɛnna Onyankopɔn kaa kyerԑ no pɛn sɛ woyɛ Me Ba, ԑnnɛ M’awoo prɛko, afei nso, Mmɛyɛ wo Agya, na Ͻno Ayɛ Me Ba”? Esiane sɛ kyerɛwnsɛm no nko ntia ne ho nti, ɛda adi pefee sɛ Yesu, yɛfrԑ no Onyankopɔn Ba wɔ ntease ahorow pii mu sen Abɔfo no a wɔfrɛ wɔn Onyankopɔn mma.

Wɔ abakɔsɛm mu no tete Yesraelfo no tee Ͻba ase wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sԑ “efi adi hɔ” (of order of, hwɛ 1 Ahene 20:35 ne Nehemia 12:28) Eyi nti, bere a Yesu kae sɛ Ͻyɛ Onyankopɔn Ba no, ( Yohane 19:7) yudafo no bɔe mmɔden sɛ wobesiw No abo efisɛ wɔakᾱ abususɛm. (Leviticus 24:16) Esiane sɛ wɔtee ase sɛ Yesu ɛkyerɛ sɛ Ofii adi hɔ a ɛyɛ Onyankopɔn nti, na mpo eyi yɛ mu no na Ͻpɛ akyerɛ sɛ Ͻne Yehowa Nyankopɔn. (Yonane 5:18) Wɔ Yesaia 46:9 Onyankopɔn pae mu kae sɛ “Mene Onyankopɔn, na obi nni hɔ; Mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ te sɛ Me.”

Asɛmfua ɔwoo prɛko no, “nkyerɛ ɔkwan biara so sɛ wɔbɔɔ Yesu. Bere a wɔfrɛɛ Yesu sɛ Onyankopɔn Ba a Ͻwoo No prɛko wɔ Yohane 1:18, na wɔde asɛmfua yi frɛɛ Yesu sɛnea Ͻda Nsow sɛ Onyankopɔn. Mfiase no, na wɔkyerɛ asɛmfua ‘monogenese’ sɛ efii ‘monos’ mu a nea ɛkyerɛ ɛne “nkutoo” ne ‘gennao’ kyerɛ “ɔwoo prɛko”. Nanso, nhwehwɛmu afoforo akɔso ama adaa adi sɛ asɛmfua ‘genese’ fii “genos”, na ɛnyɛ “gennao ”a nea ɛkyerɛ ne sɛ “ebi anaa ebia”(Kind or Type) Enti sɛ kyerɛwnsɛm ka sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn a ɔwoo no nkutoo a, nea ɛkyerɛ kɛkɛ ɛne sɛ Yesu yɛ Obiakofo a Ne nkutoo yɛ Onyankopɔn a ɛsono no. (kenkan Yohane 1:18, NIV BIBLE)

Nokwarem no, ɛnyɛ Yesu ne Ͻbɔfopɔn Mikael ansa na ɔreba asase so ne bere a ɔforo kɔe soro sɛ honhom abɔde sɛ Ͻbɔfopɔn Mikael no. Kyerɛwnsɛm no di eyi ho adanse, “efisɛ wɔamfa wiase a ɛreba a yɛreka ho asɛm anhyɛ abɔfo nsa”-(Hebrifo 2:5)

HENA NE YESU?
Abodin ne mmarane pii a wode maa Yehowa wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu sᾱ kᾱ fa Yesu nso ho tēē wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mu.

  • Yehowa nim “nneɛma nyinaa”(1 Yohane 3:20, Nnwom  147:5) Yesu nim “nneɛma nyinaa.” (Yohane 16:30)
  • Yehowa nkutoo ne Obi a Onim nnipa komam nsɛm. (1 Ahene 8:39, Yeremia 17:9-10) Yesu nim nnipa komam nsɛm. (Yohane 2:24-25, Adiyisɛm 2:18-23)
  • Yehowa yɛ yɛn ahotewfo. (Exodus 31:13) Yesu atew yɛn ho. (Hebrifo 10:10)
  • Yehowa ne yɛn Asomdwoe. (Atemmufo 6:23) Yesu ne yɛn Asomdwoe. (Efesofo 2:14)
  • Yehowa ne yɛn treneeyɛ (Yeremia 23:6) Yesu ne yɛn treneeyɛ. (1Korintofo 1:30)
  • Yehowa ne yɛn yare safo. (Exodus 15:26) Yesu asa yɛn yare. (Asomafo Nnwuma 9:34)
  • Yehowa Onyankopɔn te yɛn mu. (2 Korintofo 6:16) Yesu te yɛn mu. (Romafo 8:10)2.
  • Yehowa yɛ yɛn nkwa mafo a ɔnnhwɛ  mma wohwim Ne nkurɔfo mfi Ne nsam. (Deutoronomium 32:39) Yesu yɛ yɛn nkwa mafo a ɔmma wohwim ne nkurɔfo mfi Ne nsam. (Yohane 10:28)
  • Yehowa nne te sɛ nsuansu a ereworo agu. (Hesekiel 43:2) Yesu nne te sɛ nsuansu a ereworo agu.” (Adiyisɛm 1:15)
  • Yehowa wɔ baabiara. (Mmebusɛm 15:3, Yeremia 23:24, 1 Ahene 8:27) Yesu wɔ baabiara. (Yohane 1:48, Mateo 18:20, 28:20)
  • Yehowa nipaban nsakra. (Malaki 3:6)3. Yesu nipaban nsakra .(Hebrifo 13:8)
  • Yehowa ne Onyankopɔn nkutoo a ɛsɛ sɛ yɛsom. (2 Ahene 17:35) Yesu yɛ nea ɛsɛ sɛ yɛsom .(Kolosefo 3:24)
  • Yehowa nkutoo ne obi ɔfata anuonyam ne ɔsom. (Exodus 34:14) Yesu gyee anounyam ne ɔsom te sɛ nea wɔde ma Agya no ara pɛ. (Yohane 5:23, Adiyisɛm 5:11-14, fa toto ho Adiyisɛm 4:10-11)4. Nanso, Ͻbɔfo biara nni hɔ a woagye ɔsom atom pɛn. (Adiyisɛm 22:8, 9)
  • Yehowa Awurade no yɛ nea ɛsɛ sɛ yebu no Kronkron. (Yesaia 8:12b-13) Yesu sɛ Yehowa no, yɛ nea ɛsɛ sɛ yebu no Kronkron. (1 Petro 4:14b-15a)5.
  • Yehowa  anuonyam yɛmfa mma obi foforo. (Yesaia 42:8) Yesu nya Yehowa anuonyam no mu kyɛfa. (Yohane 17:5)
  • Onyankopɔn din ne Yehowa. (anaa Yahweh-YHWH) (Yesaia 42:8) Yesu wɔ Yehowa din. (Yohane 17:11, 16:11-14)
  • Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛbɔ ne din wɔ mpaebɔ mu. (Exodus 23:13) Ԑsɛ sɛ Kristofo bɔ mpae ma Yesu. (Yohane 14:14)6.
  • Yehowa din a yɛbɛbɔ no (Yoel 2:32) ara ɛne sɛ yɛbɛfrɛ Yesu. (Asomafo Nnwuma 2:21, Romafo 10:9-13).7.
  • Yehowa Nokware Nyankopɔn na wɔfrɛ no Daa nkwa .(1 Yohane 5:20) Yesu yɛ nea wɔfrɛ no Daa nkwa”. (1 Yohane 1:2)
  • Yehowa ne Onyankopɔn Tumfoɔ. (Yeremia 32:17:18, Yesaia 10:20-21) Yesu ne Onyankopɔn Tumfoɔ. (Adiyisɛm 1:7-8)8. YƐWƆ ONYANKOPƆN BIAKO PƐ. (1 Timoteo 1:17, Yesaia  44:8)
  • Yehowa yɛ hann afebɔɔ. (Nnwom 27:1, Yesaia 60:19-20) Yesu yɛ adessama hann, afei nso Ͻne daa hann wɔ daakye kurow foforo no mu. (Yohane 1:4-9, Adiyisɛm)
  • Yehowa ne Odikanfo ne Okyirikafo no. (Yesaia 44:6, 48:12) Yesu ne Odikanfo ne Okyirikafo. (Adiyisɛm 1:17-18, 22:12-13, 20)
  • Yehowa ne Alfa ne Omega no. (Adiyisɛm 1:8, 21:6-7) Yesu ne Alfa ne Omega no. (Adiyisɛm 22:12-13, 20)
  • Yehowa abodin ne Ͻkronkronni no. (Yesaia 47:4) Yesu ne Kronkronni no. (1 Petro 2:6-8)
  • Yehowa ne Yesrael watibo. (Yesaia 8:13-14) Yesu ne Yesrael watibo no. (1 Petro 2:6-8)
  • Yohane Osuboni siesie kwan mu maa Yehowa. (Yesaia 40:3) Yehowa a Ͻbae no yɛ Yesu. (Marko 1:1-4, Yohane 1:6-7, 23)
  • Yehowa ne nea wɔwɔɔ no peaw. (Sakaria 12:10)9. Yesu ne Yehowa a wɔwɔɔ no peaw (Yohane 19:34, Adiyisɛm 1:7-8)
  • Yohawa  na wɔtɔnee gyee dwɛtɛbona aduasa (Sakaria 11:13) yɛ Yesu. (Mateo 27:2-6)
  • Yehowa yɛ  Awurade wɔ nneɛma aniwa nhu a wɔwɔ nkɛntɛnso wɔ asetra mu nnwuma ahorow so. (Nnwom 89:8-9) Yesu nso yɛ Awurade wɔ nneɛma eyinom so. (Mateo 8:26-27, Yohane 2:7-9)
  • Yehowa ne Ͻtemmufo Pumpuni, nea Ͻde nkwa ma Obiara ɔpɛ na ɔsan tua obiara ka sɛnea ne nneyɛe te. (Nnwom 98:9, Deutoronomium 32:39, Yeremia 17:9-10) Yesu nkutoo ne Ͻtemmufo a Ͻma obiara ɔpɛ nkwa, na Otua obiara ka sɛnea ne nneyɛe te.” (Yohane 5:21-22, Adiyisɛm 2:18, 23)
  • Yehowa nkutoo ne Obi a otumi de bɔne firi. (Marko 2:7, Daniel 9:9) Yesu de bɔne firi (Marko 2:10-11, Luka 24:46-47)
  • Yehowa ne Oguanhwɛfo Kɛse no, nea Ͻde ne nkurɔfo kɔ nkwa nsuti ho. (Nnwom 23:1-2, Adiyisɛm 21:6-7) Yesu ne Oguanhwɛfo ma ne nkurɔfo, na Ͻde wɔn kɔ nkwa nsuti ho. (Yohane 10:11-18, Adiyisɛm 7:17) YԐWϽ OGUANHWԐFO BIAKO PԐ-Yohane 10:16.
  • Yehowa yɛ Awuranom mu Awurade. (Deutoronomium 10:17) Yesu yɛ Awuranom mu Awurade. (Adiyisɛm 17:14, 19:16). Agya no yɛ wɔn nyinaa Awurade. (Mateo 11:25, Asomafo Nnwuma 17:24) Yesu yɛ wɔn nyinaa Awurade. (Asomafo Nnwuma 10:36) YԐWϽ AWURADE BIAKO PԐ (Yuda 4)
  • Yehowa ne Ogyefo no. (Yesaia 45:21-22) Yesu ne Ogyefo no. (Tito 2:13, 2 Petro 1:1) YԐWϽ OGYEFO BIAKO PԐ (Yesaia 43:11)
  • Yehowa bɔɔ amansan yi. (Nnwom 102:25-27) Yesu bɔɔ amansan yi. (Yohane 1:3, Kolosefo 1:15-1910., Hebrifo 1:10-12)11. YԐWϽ ABϽADEԐ BIAKO PԐ. (Yesaia  44:24)
  • Yesaia hui Yehowa. (Yesaia 6:1-5) Yehowa a Yesaia huui yɛ Yesu. (Yohane 12:41)

So ebetumi aba sɛ Yehowa maae Yesu su ahorow nyinaa na afei Yesu ayɛ Nyame a ɔba fam a ɔhyɛ Onyankopɔn ase kumaa bi? Dabida! Efisɛ Yehowa pae mu kae sɛ:

“Efisɛ Mene Onyankopɔn, na Nyame biara nni hɔ, Mene Onyankopɔn, obi nni hɔ a ɔte sɛ Me”-Yesaia 46:9.

“Mone m’adansefo… na M’akyi nso wɔnnwenee Nyame bi, Mene Onyankopɔn, na Nyankopɔn biara nni hɔ te sɛ Me.”-Yesaia 43:10-11.

MORE

bullets Enti Yesu Nyanee sɛ Ɔbɔfopɔn Mikael no?

==========

1. The atonement Between God and Man, Studies in the Scriptures vol 5, 1899, p. 452
2. Wɔ mmeae nyinaa a wɔkae sɛ Yesu te obi mu no, Ͻwɛn Aban Asafo Wiase Foforo Kyerɛw Kronkron Nkyerɛase no kyikyim ntease  no, ka sɛ “Kristo ne wowɔ ‘abusuabɔ’. Nanso, hwɛ sɛnea wɔakyerɛɛ asɛmfua “wo mu” ase wɔ Romafo 8:10. Asafo Hela Bolɔfo Kingdom Interlinear Nkyerɛase a yɛyɛɛ Hela Kyerɛwnsɛm no.
3. Owusɔre akyi no, Yesu nyae su foforo a ɛyɛ nnipasu. (Yohane 1:14, Filipofo 2:7-8). Efisɛ wɔ ne mu na Nyamesu nyinaa te wɔ nipadua akwan so. (Kolosefo 2:9)
4. Bio nso, fa toto Yesaia 45:23 ne Filipefo 2:10-11.
5. Fa Hebri Hela Kyerɛwnsɛm Septuagint Asekyerɛ a ɛwɔ Yesaia 8:12-13 toto 1Petro 3:4-15 ho. Petro kae Yehowa ho nsɛm de gyinae hɔ maa Yesu tēē.
6. Asafo no Wiase Foforo Nkyerɛase no kyikyim asekyerɛ a ɛka wɔ nkyekyemu yi sɛ “Bisa Me Bibiara” yɛɛ no “Bisa bibiara”. Hyɛ no nsow sɛ Yohane 14:14 no wɔkyerɛɛ ase pɛɛpɛɛ wɔ Asafo Kingdom Interlinear Hela Kyerɛwnsɛm Nkyerɛase no mu.
7. Wiase Foforo Nkyerɛase de asɛmfua “Yehowa” asesa “Awurade” mpɛn 237 wɔ Kristofo Kyerɛwnsɛm mu wɔ bere a Kristofo Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ Hela nsaano nkyerɛwee a biako mpo mfoa so. Eyi daa adi wɔ Asomafo 2:21 ne Romafo 10:13, Nanso, hyɛ no nsow sɛ asekyerɛ a edi mū sɛ “Awurade” puee wɔ Asafo no Kingdom Interlinear Hela Kyerɛwnsɛm Nkyerɛase mu.
8. Asafo no kyerɛɛ Awurade Nyankopɔn ase wɔ Adiyisɛm 1:8 sɛ Yehowa Nyankopɔn. Hyɛ no nso sɛ wɔ nkyekyɛmu yi Yehowa, Awurade no wɔfrɛɛ no Alfa ne Omega wɔ Adiyisɛm 22:12-13, 20. Yesu wɔfrɛɛ no Alfa ne Omega eyi nti wɔfrɛɛ Yesu Onyankopɔn Tumfoɔ wɔ Adiyisɛm 1:8
9. Bere a Hebri Nsaano Nkyerɛwee a ɛwɔ hɔ nnɛ no kyerɛɛ Sakaria 12:10 ase sɛ “Hwɛ Me na wɔwɔɔ no peaw”, nanso Wiase Foforo Nkyerɛase kyerɛɛ ase sɛ “ Hwɛ Oni a wɔwɔɔ no peaw”.
10. Nsɛm a ɛwɔ Kolosefo no, Wiase Foforo Nkyerɛase de asɛmfua “afoforo” mpɛn anan wɔ bere Hela Nsaano Nkyerɛwee biara nnye ntom. Hwɛ sɛnea asekyerɛ a ɛfata no daa adi wɔ Asafo Kingdom Interlinear Nkyerɛase mu.
11. Paulo faa nsɛm a ɛwɔ Nnwom 102:25-27, a ɛka fa Yehowa ho de twee adwene sii Kristo so wɔ Hebrifo 1:10-12.

This post is also available in: Spanish Portuguese Czech Italian Russian Borɔfo