“…yԑsom Nyankopɔn koro pԑ a ԑwom baasa, Nyankopɔn Baasakoro a wɔaka abom. Ԑnyԑ sԑ yԑnntumi nhu nsonsonoe ԑda wɔn ntam, anaasԑ wɔn gyinapԑn no mu kyekyԑ. Efisԑ Agya no yԑ Nyame Nipa biako, Ɔba no nso yԑ biako, ԑnna Honhom Kronkron nso yԑ biako. Nanso, Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron wɔn Nyame Ti no bom biako, wɔn anuonyam ne wɔn kԑseyԑ nyinaa yԑ pɛ ne koro, sԑnea Agya no te, saa ara na Ɔba no ne Honhom Kronkron no nso te. Agya no wɔammɔ no, Ͻba no wɔammɔ no saa ara na Honhom Kronkron nso wɔammɔ no. Agya no boro adwen ntease so, saa ara na Ɔba no ne Honhom Kronkron no nso boro adwen ntease so. Agya no te hɔ daa, Ɔba no te hɔ daa, saa nso na Honhom Kronkron no te hɔ daa. Nanso yԑnni Nyankopɔn baasa a wɔyԑ mmeresanten na mmom biako na ԑyԑ mmeresanten. Eyi nti Agya no yԑ Nyankopɔn, Ɔba no yԑ Nyankopɔn ԑnna Honhom Kronkron no nso yԑ Nyankopɔn. Nanso wɔnnyԑ Nyankopɔn baasa na mmom Nyankopɔn biako”-Athanasian Amanne. (Creed)
Wɔ bere koro a Ɔwԑn Aban Asafo no gye tom sԑ Nyankopɔn Baasakoro nkyerԑkyerԑ no yԑ Kristosom kuw ahorow no gyidi mapa wɔ afeha atwaam no, –So ԑsԑ sԑ Wogye Nyankopɔn Baasakoro no Di, Kratafa 3, wɔpo sԑ ԑwɔ fapem wɔ Bible mu. Wogye kyim, efisԑ Mose kae Yesraelfo no sԑ “Yehowa yԑn Nyankopɔn yԑ Yehowa biako. (Deutoronomium 6:4) Yesu Kristo kaa asԑm koro no ara. (Marko 12:28-29) Eyi nti wɔn a wogye Kyerԑwnsԑm no tom sԑ ԑyԑ Onyankopɔn asԑm no nsom Nyankopɔn Baasakoro a ԑyԑ Nyame Nipa ahorow baasa, anaasԑ anyame a ԑbom yԑ biako. Nokwarem no,” asԑmfua Nyankopɔn Baasakoro mpue kyerԑwnsԑm no mu mpo”-NIMDEԐ Ԑde Kɔ Daa Nkwa Mu, kr. 31. Hyԑ no nsow sԑ ama woako atia Nyankopɔn Baasakoro nkyerԑkyerԑ no nti, Asafo no sesa nsԑm, ka sԑ (“anyame abiԑsa a wɔbom biako”).
Wɔ bere a ԑyԑ nokware sԑ asԑmfua Nyankopɔn Baasakoro no mpue Bible mu no, nkyerԑ sԑ ԑnyԑ Bible nkyerԑkyerԑ. Asԑmfua ‘Teokrase’ (Theocracy) no mpue Bible mu, nanso ԑyԑ Bible nkyerԑkyerԑ a edii akoten wɔ ɔman Yesrael Abakɔsԑm kyerԑwtohɔ a ԑwɔ Apam dedaw no mu. Ԑwom sԑ Nyankopɔn Baasakoro nkyerԑkyerԑ no wɔamfa anyԑ Nyamesom nkyerɛkyerɛ kosii bere a wɔde kaa afeha (Century) ԑto so anan Kristomsom amanne ho de, nanso Nyankopɔn Baasakoro nkyerԑkyerԑ daa adi wɔ Apam dedaw ne Apam foforo nkrataa Ante Nicene Mpanyimfo kyerԑwee no nyinaa mu. Wɔ kyerԑwnsԑm mu no, yԑkenkan sԑ Nyankopɔn yԑ biako pԑ.(Yesaia 43:10-11, 44:6, 8, 45:21-23, 46:9) Nanso, wɔfrԑ Agya no “Onyankopɔn” wɔ 1 Petro 1:2, wɔfrԑ Ɔba no “Onyankopɔn” wɔ Yohane 20:28, afei nso wɔfrԑ Honhom Kronkron no “Onyankopɔn” wɔ Asomafo Nnwuma 5:3-4. Kyerԑwnsԑm no da no adi sԑ Nyankopɔn Baasakoro emu ni biara wɔ mmarane ne abodin na afei yɛ nnwuma ahorow a Onyankopɔn nkutoo na etumi yɛ . Hwԑ nsԑm a wɔahyehyԑ wɔ ase ha:
NYAMESU | AGYA NO | ƆBA NO | HONHOM KRONKRON NO |
ƆWƆ BAABIARA | Yeremia 23:24, 1 Ahene 8:27 | Mateo 28:20, 18:20 Yohane 1:48 | Nnwom 139:7 |
ONIM BIRIBIARA | Nnwom 147:5, 1 Yohane 3:20, 1 Ahene 8:39 | Yohane 16:30, 2:24-25 | 1 Korintofo 2:10-11 |
NE TUMI WƆ BAABIARA | Yeremia 32:17, 27, Mateo 19:26, Luka 1:37, Nnwom 135:6 | Mateo 28:18, Yohane 16:15, Hebrifo 1:3 | Romafo 15:19 |
KRONKRONYԐ | Adiyisԑm 15:4 | Asomafo Nnwuma 3:14 | Romafo 1:4 |
MMERESANTEN | Nnwom 90:2, Romafo 16:26 | Hebrifo 7:3, Yesaia 9:6, Yohane 8:58 | Hebrifo 9:14 |
EMU BIARA YԐ NOKWARE | Yohane 7:28 | Yohane 8:32, 36, 14:6, Adiyisԑm 3:7 | Yohane 16:13, 1 Yohane 5:6-7 |
AWURADE | Luka 1:32, 10:21 | Romafo 10:9 | 2 Korintofo 3:17 |
ONYANKOPƆN | 1 Petro 1:2, Filipifo 2:11 | 2 Petro 1:1, Tito 2:13, Yohane 1:1, 20:28, Hebrifo 1:8 | Asomafo Nnwuma 5:3-4, 1 Korintofo 3:16-1 |
ADE NYINAA SO TUMFOƆ | Genesis 17:1 | Adiyisԑm 1:8, 22:12-13, 20 | Sakaria 4:6 |
DWUMADI | AGYA NO | ƆBA NO | HONHOM KRONKRON NO |
ABƆDE | Genesis 2:7, Nnwom 102:25, Yesaia 44:24 | Yohane 1:3, Kolosefo 1:16, Hebrifo 1:2 | Genesis 1:2, Hiob 33:4, Nnwom 104:30 |
SAKRA NE NYAMEYԐ | Hebrifo 10:5 | Hebrifo 2:14, Filipifo 2:7 | Luka 1:35, Mateo 1:18 |
YESU WUSƆRE | 1 Tesalonika 1:10, Romans 6:4, Efesofo 1:20 | Yohane 10:17-18, Yohane 2:18-22 | Romafo 1:4, 8:11 |
WƆYԐ AHOTEWFO | Exodus 31:13, Yuda 1 | Hebrifo 2:11, 10:10 | 1 Petro 1:2 |
WƆYԐ ATEASEFO | Deutoronomium 30:20 | Kolosefo 3:4, Yohane 14:6 | Romafo 1:4, 8:10 |
WƆYԐ DAA NKWA MAFO | Romafo 6:23. | Yohane 10:28 | Galatifo 6:11 |
NYANE AWUFO | Yohane 5:21a Deutoronomium 32:39 | Yohane 5:21b | Romafo 8:11 |
KANYAN ADIYIFO | Hebrifo 1:1 | 2 Korintofo 13:3 | Marko 13:11, Asomafo Nnwuma 28:25-27 |
“Enti monkɔ nyԑ amanaman nyinaa m’akyidifo, mommɔ wɔn asu nhyԑ Agya no, Ɔba no ne Honhom Kronkron no din mu …-Mateo 28:19.
Hyԑ no nsow sԑ asԑmfua “din” yԑ biako kabea (singular) ԑnyԑ dodow kabea(plural) sԑ “wɔn din. Bio nso, ‘definite article’ “no”(the) yԑ nkyerԑwde a edi kan asan Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron no aba, eyi kyerԑ dodow kabea a ԑyԑ biako. (Misrԑ wo sԑ kenkan nkyekyԑm yi wɔ Bolɔfo Bible mu na wobenya eyi ho ntease a pii) Nyankopɔn Baasakoro no nyԑ “Modalism” nea ԑkyerԑ ԑne sԑ “Adwene sԑ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron nyinaa yԑ Nyame nipa biako, na mpo ayԑ “Tritheism” ԑno nso kyerԑ sԑ Agya no, Ɔba ne Honhom Kronkron no nyinaa yԑ Nyankopɔn ahorow baasa. Ԑwom sԑ Nyankopɔn Baasakoro no ase te no yԑ den de, nanso ԑto asom efisԑ eyi ada adi wɔ sԑnea wiase bɔ nsunsuanso te. Sԑ mfatoho no, susuw kyԑnerԑ abiԑsa ho hwԑ. Wɔ bere a emu biara asow mpo no, wɔdaw nso na wɔnnyԑ biako. Nanso, sԑ wode kyԑnerԑ ogya mframa baasa no bom a wɔyԑ ogya mframa biako. Saa ara na ԑte wɔ Onyankopɔn Baasakoro fam. Nyankopɔn baasa no da nsow nanso wɔn nyinaa yԑ Nyankopɔn Biako. Martin Walter a ɔde Kristofo Nhwehwԑmu Dwumakuw (Christian Research Institute) baae kae sԑ: Nyankopɔn nyԑ abiԑsa te sԑ nea wode ade mmiako abiԑsa abom no (1+1+1), mmom Nyankopɔn yԑ Biako wɔ abiԑsa nkyekyԑm.(1ₓ1ₓ1) Eyi nti woada Ne ho adi pefee sԑ Awurade nipa Yesu Kristo (Kolosefo 2:9, Yohane 14:9)- Kristofo Nhwehwԑmu Dwumakuw Kratawa a wɔato ne din sԑ “Yehowa Adansefo ne Nyankopɔn Baasakoro no”.
“Ԑnyԑ sԑ yԑnntumi nhu wɔn mu nsonsonoe anaasԑ wɔn gyinapԑn mu kyekyԑ…. Nanso ne nyinaa mu no wɔnnyԑ Onyankopɔn baasa, Nyankopɔn Biako- Athanasian Amanne”.
SO HONHOM KRONKRON NO YԐ NYAME NIPA?
.Odi Yesu Kristo ho adanse. (Yohane 15:26)
. Odi agyidifo asԑm ma wɔn. ( Romafo 8:26)
. Ɔkyerԑkyerԑ agyidifo. ( Yohane 14:26, Adiyisԑm 2:7, 1 Timoteo 4:1)
. Ɔwɔ “Ɔpԑ” na afei Ɔhyԑ mmara. (1 Korintofo 12:11, Asomafo Nnwuma 8:29, 13:2-4, 16:6)
. Ɔyԑ kwankyerԑfo ma agyidifo. (Yohane 16:13, Romafo 8:14)
. Ɔwɔ adwen na ɔhwehwԑ Onyankopɔn nneԑma nyinaa mu. (Romafo 8:27, 1 Korintofo 2: 10-11)
. Ɔwɔ ate nka na ne werԑ tumi how. (Efesofo 4:30, Yesaia 63:10)
YEHOWA A WƆ APAM DEDAW NO MU ANOKWAFO HUUI NO YԐ YESU.“Onipa biara nnhui Onyankopɔn wɔ bere bi pԑn; mmom, Nyankopɔn no a Ɔwoo prԑko no, a ɔwɔ Agya no kokom no, Ɔno na wakyerԑkyerԑ sԑnea Ɔte”-Yohane 1:18.
“Afe a Ɔhene Usia wui mu no, mihuu Awurade sԑ Ɔte n’ahengua a ԑkorɔn kokuroo so ….Minnue, efisԑ woadome Me… Efisԑ m’aniwa ahu Ɔhene no Asafo Awurade no”-Yesaia 6:1, 5.
“….nanso wɔannye No ani, na ama nsԑm a Yesaia Odiyifo no kae no abam ….Eyinom ne nea Yesaia kae sԑ ‘’esiane sԑ mihuu n’anounyam nti, mikae ne ho asԑm.
YEHOWA A ƆNO NKUTOO BƆƆ AMANSAN YI NO YԐ YESU NO A ƆBƆƆ NNEԐMA NYINAA ԐWƆ HƆ NE NEA ATWAAM NYINAA.
“Me Awurade, Mene nneԑma nyinaa bɔfo, Mede ɔsoro sesԑn hɔ a obi nka Meho. Afei nso Me nkutoo na mitrԑw mu hahara”-Yesaia 44:24
“Nneԑma nyinaa nam Ne so na ԑbae, Ɔno akyi biribi biara nni hɔ a ɛbae amansan yi mu a ɛnnam Ne so”-Yohane 1:3
SO YESU NKUTOO NE W’AWURADE?
“Na eyi yԑ daa nkwa sԑ wobehu No, Nokware Nyankopɔn Nkutoo, ne Yesu Kristo nea ɔsomaae”-Yohane 17:3
Sԑ Yesu nyԑ Nokware Nyankopɔn nkutoo no na mmom Ɔyԑ Onyankopɔn a ɔto so abien a Ɔhyԑ Nokware Nyankopɔn ase a, ԑnde wɔ ɔyԑsԑm yi mu no na Yesu yԑ Atoro Nyankopɔn. Wɔ bere a anyame afoforo nyinaa (1 Korintofo 8:3) nyԑ Nyankopɔn esiane wɔn “Nyamesu gyinabea.” (Galatifo 4:8) Yesu yԑ Onyankopɔn esiane ne “Nyamesu gyinabea”. (Filipifo 2:6)
“Efisԑ ԑyԑԑ Agya no ahomkᾱ sԑ nneԑma nyinaa tena ne mu yԑ mᾱ….Efisԑ Ne mu na Nyameyԑ nyinaa te, wɔ nipadua mu”-Kolosefo 1:19, 2:9
“Efisԑ Mene Onyankopɔn, na foforo biara nni hɔ, Mene Onyankopɔn na obiara nni hɔ te sԑ Me …. Mene No, Mene Odikanfo no, Mene Okyikafo no” –Yesaia 46:9, 48:12
“Seesei nkamfo ne anuonyam nka Mmeresanten Hene no a Onwu da, aniwa ntumi nnhu No, nea Ɔno nkutoo ne Onyankopɔn daa daa. Amen.” –Timoteo 1:17
“Mommmɔ anyame afoforo din, na mpo mommma obi nnte wɔ mo ano”-Exodus 23:13
“Efisԑ sԑ mobisa Me biribiara Me din mu a, Mԑyԑ.” -Yohane 14:14
“…Nnipa abɔnefo a wɔpo yɛn Wura ne yɛn Awurade koro pɛ, Yesu Kristo.”-Yuda 4
This post is also available in: Spanish Portuguese Czech Italian Russian Borɔfo