Nokwasԑm A Ɔwԑn Aban Asafo (Watchtower Society) Mpԑ SԑWohu

facts-image

NOKWASԐM A ƆWԐN ABAN ASAFO (WATCHTOWER SOCIETY) MPԐ SԐ WOHU

Wᴐ afe apem ahankron ne aduɔkron ason (1997), na wɔwɔ Yehowa Adansefo a wɔka asԑmpa no bԑboro ɔpepem anum (5,000,000) de nnɔnhwerew bԑyԑ ɔpepepem biako (1,000,000,000) afe biara de ka asԑmpa no wɔ wiase nyinaa denneennen de boa Ɔwԑn Aban Ahyehyԑde (Watchtower Organisation). Yehowa adansefo de nnamyԑ reka asԑmpa no wᴐ aman bԑboro ahanu ne aduasa (230), na wɔyԑ ɔsom a ԑrenya nkɔanim mtԑmtԑm wɔ kan USSR.

Yehowa adansefo ka de hoahoa wɔnho sԑ ԑsԑ sɛ nnipa ba wɔn som mu ansa wɔanya nkwagye.1. Ɔwԑn Aban Asafo no hyԑ Yehowa adansefo denneennen ma wodi wɔn nhyehyԑe ne akwankyerԑ so. Wɔ nhyiam ahorow a wɔyԑ no adapԑn no, wɔsan hwehwԑ sԑ Yehowa adansefo de nnɔnhwerԑw pii bԑkɔ asԑmpaka asram biara de kyekyԑ nsԑmma nhoma, afei so wɔyԑ Bible adesua ne nhwehwԑmu ahorow a ԑfa wɔn som adesua ho. Wɔabara Yehowa adansefo wɔ sraadi, wɔnnkyia fraaka, wɔnto aba mpa ɔmampanyi, wɔnnye mogya, wonni nnapɔna, awoda, buronya ne easter afahyԑ. Bio nso, wɔabara wɔn sԑ mma wɔnnkenkan nhoma a ԑkasa tia Ɔwԑn Aban Ahyehyԑde denneennen. Mmere bi a atwam no Yehowa adansefo ne wɔn a wɔnnyԑ Yehowa adansefo mmɔ feku, na wɔmmfa wɔnho nhyԑ akansi, agumadi ne bɔlobᴐ mu. Wɔnnhyԑ sukuupɔn a obi bԑkɔ ho nkuran ma mpo wɔkasa tia no denneennen.2.

Anohyeto ahorow yi ne nnesoa a wɔde to Yehowa adansefo so no ma wɔtwe wɔnho fi nnipa ne abusua nkae ho, enti Ɔwԑn Aban Ahyehyԑde bԑyԑ wɔn biribiara wɔ wɔn asetram. Sԑ Yehowa adanseni bi bu wɔn akwankyerԑ anaa Bible mmara so a wɔpam no fi Ɔwԑn Aban Ahyehyԑde no mu. Eyi nti obiara, sԑ abusuani, anuanom ne adɔfo nyinaa ne no nkasa, wᴐn ne no ndidi na mpo wɔakyia saa nnipa.3. Wɔ nnipa bebree fam no eyi yԑ tebea ne osuahu a ԑyԑ yaw kyԑn biribiara ma mpo ԑmma wɔte nka sԑ wɔabrabɔ nni mfaso bio. Esiane saa mmara ne nhyԑ a Ɔwԑn Aban Ahyehyԑde no de to Yehowa adansefo so no ma Ɔwԑn Aban Ahyehyԑde nya Yehowa adansefo honam ne honhom fam asetra kwan so tumi, eyi nti ԑho hia kԑsԑ sԑ obi bԑyԑ nhwԑhwԑmu torodoo wɔ nea Ɔwԑn Aban Asafo no kyerԑkyerԑ ne nabakɔsԑm ansa na ɔde ne ho ato so.

“Ԑsԑ sԑ yԑyԑ nhwehwԑmu na ԑnyԑ nea yԑn ankasa agye atom sԑ ԑyԑ nokware kԑkԑ, na mpo nea ɔsom biara a yԑpԑ sԑ yԑne no som kyerԑkyerԑ. So ɔsom no nkyerԑkyerԑ nyinaa ne kyerԑwsԑm hyia, anaasԑ ԑyԑ nnipa atetesԑm na wɔkyerԑkyerԑ? Sԑ yԑpԑ sԑ yehu nokware no a, ԑnde osuro biara nni hɔ sԑ yԑbԑyԑ nhwehwԑmu a ԑte saa”- Nokware a ԑde kɔ daa nkwa mu (The truth that leads to eternal life, Watch Tower Bible and Tract Society, 1968, kratafa. 13.

ƆWԐN ABAN AHYEHYԐDE ABAKƆSԐM ƆBƆASEԐ (BACKGROUND)

Wɔ afe apem ahanwɔtwe ne aduɔson nkron (1879) mu, bԑyԑ mfe aduonu nsᴐ (27) CharlesTaze Russell, (Nea ɔde Ɔwԑn Aban Asafo no bae) fii ase tintimii Zion Ɔwԑn Aban ne Yesu mmae ho asԑmpaka (Zion Watch Tower and Herald of Christ’s Presence). Wɔwoo Russell wɔ Allegheny, Pennsylvania afe 1852, wɔ tētee no sԑ Presbiteriani, nanso akyiri yi ɔde ne ho bɔɔ asɔre kuw bi a ahofadi wom.

Bԑyԑ mfe 10 ansa Russell fii ase tintimii Ɔwԑn Aban nsԑmma nhoma no, ɔne kuw a wɔatwe wɔn ho afi Sekond Adventist Som ho bɔe. Ԑkuw yi nkyerԑkyerԑ a ԑkasa tia ɔhonam mu a Yesu san de bԑba asase so bio no ne ɔkra enwu da nyae nkԑntԑnso wɔ Russell so kԑse.4. Russell kyerԑkyerԑԑ, ԑna ɔsan tintimii ne gyidi ne amanne ne nneyeԑ ahorow a ԑnna Ɔwԑn Aban Asafo apow sԑ efii atoro som mu. Nokwarem mu no, sԑ Russell wɔ nnԑ Ɔwԑn Aban Asafo mu a anka wɔbԑpam no, esiane ne gyidi ne nneyeԑ ɔwɔ nti.
Russell nkyerԑkyerԑ, nneyeԑ ne amanne ebinom na edidi so yi:

*Ɔde Ɔwia nyame Ra (Sun god Ra) ho nsԑkyerԑnne yԑԑ ne nhoma akyi ahyԑnsode.5.
*Ɔde Masonik knights Templar ahyԑnsode ne mmeamudua ne ahenkyԑw yԑԑ Zion Ɔwԑn Aban nhoma akyi ahyԑnsode.6.
*Ɔkyerԑkyerԑԑ sԑ Ɔne Akoa nokwafo ne Ɔbadwemma a ԑwɔ Mateo 24:45-51, na eyi maa nakyidifo bebree somee no ankasa.7.
*Kyerԑkyerԑԑ sԑ Onipa Ahyehyԑde ne Honhom Kronkron ne Onyankopɔn apԑde nhyia koraa. Enti hwԑ wohō yiye wɔ ahyehyԑde ho, ԑyԑ nea mfaso biara nni so.8.
*Kyerԑkyerԑԑ sԑ Kristofo yԑ Honhom Ateasefo enti wɔn nyinaa yԑ anyame, mᾱ ne saa nti yԑwɔ anyame abusuafo. Wɔ owusɔre mu no yԑde yԑn su sԑ anyame bԑnyane.9.
*Kyerԑkyerԑԑ sԑ Yesu Kristo honam dua akwaa nyinaa bom yԑ nyame kԑse a ԑkorɔn. Yesu bԑsan de nsiesie a Adam hweree nyinaa ama adesamma, ԑnti bɔ mmɔden sԑ wɔbԑka saa abusua yi a Yesu bԑyԑ wɔn daa nkwa Agya no ho.10.
*Kyerԑkyerԑԑ sԑ Awurade Yesu Kristo ԑsԑ sԑ Wɔsom No, afei nso Ɔnyԑ Ɔbɔfo Mikael.11.
*Wodii nnapɔna ahorow bi te sԑ awoda ne buronya.12.
*Kyerԑkyerԑԑ sԑ Yehowa adansefo tumi yԑ sraadi adwuma dodo a ɔntō tuo nkum nnipa biara.13.
*Kyerԑkyerԑԑ sԑ aborɔfo honam hwԑbea di mū kyԑn abibifo, na mpo aborɔfo suban korɔn kyԑn abibifo koraa.14.
*Kyerԑkyerԑԑ sԑ sԑnea obi adwene kuruwa te no na ԑkyerԑ sԑnea ɔtu Onyankopɔn som ho anammɔn.15.
*Kyerԑkyerԑԑ sԑ Yehowa hwԑ amansan yi so efi nsoromma Akyane a ԑwɔ nsoromma akuwkuw mu.16.
*Kyerԑkyerԑԑ sԑ Piramid kԑse a ɔwɔ Gizeh yԑ Onyankopɔn adansefo ɔbotantim. Eyi na Russell de gyina so sԑ wiase awiei ho nhyehyԑe no fii ase wɔ afe 1799 kosii afe 1914, mᾱ nti Yesu baee n’anounyam mu wɔ afe 1874, na efii afe 1914 no wiase amamui ahyehyԑde (governments) ahorow nyinaa bԑsԑe afi hɔ.17.

Wɔ afe 1954 mu no, Douglas Walsh Asԑnnibea a ԑwɔ Skotland dii Franz Fred a ᴐyԑԑ Ɔwԑn Aban Asafo Ti Panyin (President) efii mfe 1977 kosii 1992 no asԑm. Wobebisaa nsԑm a ԑfa Ɔwԑn Aban Asafo nkyerԑkyerԑԑ a wɔyԑe nsakrae ahorow mpԑn pii no. Franz Fred mmuae a ɔde mae ԑni:

Asԑmmisa: Enti nea Asafo atintim wɔ nhoma mu sԑ nokware nnԑ no bԑyԑ ntoro nna kakraa bi akyi?
Mmuae: Momma yԑntwԑn nhwԑ.
Asԑmmisa: Nti mprempren Yehowa Adansefo kuw nyinaa nkyerԑkyerԑ yԑ mfomso?
Mmuae: Yehowa Adansefo redi kyerԑwnsԑm akwankyerԑ a ԑnwie pԑyԑ so.
Asԑmmisa: Mfomso?
Mmuae: Oye, Mfomso.
Nea ɔpԑ eyi ho adanse no ɔnhwԑ Douglas Walsh Trial Pursuer’s Proof, 1954, p.114.

Satan de anifere kwan nyaa yԑn. Satan abɔ mmɔden de anifere kwan anya yԑn so nkԑntԑnso, na eyi ama woadi nkonim. Ɔkwan bԑn so? Ɔnam ntoro ne adapatwa so. Ɔde ntoro fitaa ne nsԑm a ԑmfra yԑ no sԑ nokwasԑm. Ɔkwan foforo so no ɔde esum sesᾱ hann”-Watchtower May 1976, p.304.

Sԑ onipa na yedi n’akwankyerԑ akyi a anka akyinnye biara nni ho sԑ ԑrennsi yԑn yiye, efisԑ onipa adwene bԑko atia ne ho, ma mpo nea ԑyԑ hann afe biako, abien anaa asia atwam no bԑyԑ esum nnԑ. Nanso, Onyankopɔn de nsakrae biara nni ne mu, saa ara na nokware te, nti nimdeԑ anaa hann a efi Onyankopɔn hɔ te, ԑsԑ sԑ edi adanse sԑ efii Onyankopɔn hɔ. Nokware foforo ntumi nkōntia anaa nsēsᾱ nokware dedaw. Hann foforo ntumi ndum hann dedaw, mmom ԑhyԑ mu kēna. Saa ara na nokware hann te, nokware nya nkɔanim na nsēsᾱ dedaw”-Zion’s Watchtower February 1881, p.3

WIASE FOFORO BIBLE NKYERԐASE NO:

Wɔ afe 1950 no, Ɔwԑn Aban Asafo tintimii Wiase Foforo Bible Nkyerԑase no. Wɔaka akyerԑ Yehowa adansefo nyinaa sԑ Wiase foforo Bible Nkyerԑase no yԑ nea nokwaredi wom, na nyinyim biara nnim. Asafo kᾱ sԑ Wiase Foforo Bible Nkyerԑase Boayikuw (committee) no yԑ wɔn a wɔnho akokwaw wɔ Hela (Greek) kasa mu, na wɔbɔɔ mmɔden maa Onyankopɔn adwene a ԑwɔ Bible mu no wie pԑyԑ pԑpԑԑpԑ.18. Nanso, saa yԑhwehwԑ asekyerԑfo no abodin ne wɔn nimdeԑ a, ԑdaa adi sԑ Ɔwԑn Aban Asafo no mpԑ sԑ wɔde asekyerԑfo no din bԑto gua. Wɔka sԑ Boayikuw Asekyerԑafo no mpԑ sԑ wɔgye anuonyam ma wɔnho, mmom Yehowa Nyankopɔn na nkamfo ne anuonyam sԑ no. Na asekyerԑfo no mpԑ sԑ wode wᴐn din tō baguam. Wutumi hu sԑ ntease wom sԑ wompԑ sԑ wode wᴐn din bԑto gua, nanso obi betumi asusuw ho sԑ, so eyi nti na wᴐmpԑ sԑ obi behu Wiase Foforo Bible Asekyerԑfo no nnipaban? Wᴐ mfe a atwam no, nhwehwԑm ahorow afoforo ayԑ no amma Wiase Foforo Fible Asekyerԑfo no din ne wᴐn nnipaban ada adi. Na nokwasԑm ne sԑ asekyerԑfo no yԑ nnipa a wonni hokwan ne dibea a ԑfata sԑ wᴐtintim Bible. Ͻwԑn Aban Asafo Sodikuw (governing body) nnipa asia na wᴐyԑ Wiase Foforo Bible Nkyerԑase Boayikuw (committee), na emu anum nni nimdeԑ biara wᴐ Hela ne Hebri (Hebrew) nkyerԑwde (Letters) ne wᴐ kasa ho mmara biara. Emu biako ne Fred Franz a ᴐbԑyԑԑ Ͻwԑn Aban Asafo panyin a ᴐdaa ano (President) wᴐ mfe 1977 kosii 1992, kae sԑ ᴐno de onyaa ntetee wᴐ Hela ne Hebri kasa mmara mu. Nanso, wᴐ Douglas Walsh Asԑnnibea wᴐ skotland, nsԑm a efii nanom pue wᴐ bere wᴐaka ntam sԑ nokwarԑ nkutoo na ᴐbԑka no, ne nsԑm ni:

Asԑmmisa: Wo nso wᴐasua Hebri kasa?
Mmuae: Yiw
Asԑmmisa: Enti wᴐaben wᴐ Hela kasa mmara mu?
Mmuae: Yiw, me de di dwuma wᴐ me bible nhomawa ahorow a mitintimii ne kyerԑwnsԑm ho dwumadi afoforo.
Asԑmmisa: Misusuw sԑ wotumi kenkan Hebri kyerԑwnsԑm ne Hela, Latin, Portuguese, German na afei French no?
Mmuae: Yiw.
Asԑmmisa: Enti ԑyԑ nokware ampa anaa ԑnte saa, sԑ wᴐ afe 1950 wᴐkyerԑԑ Wiase Foforo Bible nkyerԑase wᴐ Hela kyerԑwnsԑm a woada no adi?
Mmuae: Yiw.
Asԑmmisa: Misusuw sԑ na ԑyԑ wo asԑyԑde sԑ wobԑhwԑ ahu sԑ Wiase Foforo Bible nkyerԑase no mfomso ne sintᴐ biara nni ho, ԑnte saa?
Mmuae: Ԑyԑ nokwarԑ paa.
Asԑmmisa: Esiane wo nimdeԑ ne nhwehwԑmu nti?
Mmuae: Saa pԑpԑԑpԑ.
Asԑmmisa: Na woyԑ saa?
Mmuae: Yiw.
Asԑmmisa: Bio nso, na ԑyԑ wo asԑyԑde sԑ wogyina Ͻwԑn Aban Asafo ananmu hwԑ ma wᴐkyerԑ Hebri Bible no nea edi kan ba Wiase Foforo Bible Nkyerԑase no mu?
Mmuae: Yiw.
Asԑmmisa: Enti seesei wobԑgye atom sԑ Wiase Foforo Nkyerԑase no wo na womaa pene sԑ wontintim?
Mmuae: Yԑde hyԑԑ me nsa sԑ menyԑ nhwehwԑmu nhu sԑ biribiara yԑ pԑpԑԑpԑ na minsi gyinae a ԑfata mma wontintim.
Asԑmmisa: So asekyerԑfo no kā wᴐn a wᴐyԑ Boayikuw no ho?
Mmuae: Sԑ obi a meka mpanyimfo boayikuw ho no, minni hokwan sԑ mԑmma asԑmmisa yi ho mmuae, efisԑ ԑyԑ kokoam asԑm.
Asԑmmisa: Bere bԑn na wokᴐᴐ sukuupᴐn?
Asԑmmisa: So wowie sukuupᴐn?
Mmuae: Manwie.
Asԑmmisa: So wonyae hokwan sua Hebri bere a wowᴐ sukuupᴐn ᴐkwan bi so?
Mmuae: Dabi, manya kwan, nanso, wᴐ me nhwehwԑmu dwumadi ahorow mu no, sԑ obi a ᴐda Asafo no ano, mihuu sԑ ԑhohia sԑ minya Hebri kasa ho nimdeԑ, nti misuae Hebri kasa.

Wotuu Asԑm no Hyԑԑ Da Foforo (24th November 1954).

Asԑmmisa: Enti wutumi kyԑrԑw na afei kenkan Hebri, ԑnte saa?
Mmuae: Mintumi nkenkan Hebri.
Asԑmmisa: Wonnntumi?
Mmuae: Dabi.
Asԑmmisa: Enti wubetumi akyerԑ nkyerԑwde yi ase akᴐ Hebri?
Mmuae: Emū bԑn?
Asԑmmisa: Genesis Ti abien nkyekyemu anan (Genesis 2:4)?
Mmuae: Wokyerԑ eyi?
Asԑmmisa: Yiw?
Mmuae: Dabi, mintumi nyԑ saa
-Douglas Walsh Trial, Pursuer’s Proof, 1954 p. 7-9, 88, 91-92, 102-103.

Saa dwumadi a Fred Franz antumi akyerԑase no yԑ nea obi a wᴐanya afe biako anaa abien wᴐ Hebri sukuu betumi akyerԑase. Ԑnti nā ԑyԑ nwonwa sԑ Ͻwԑn Aban Asafo no mpԑ sԑ ᴐde asekyerԑfo no din bԑto gua? So wode wohō bԑto oduruyԑfo a ᴐmpԑ sԑ wobehu na abodin sԑ ᴐfata sԑ oduruyԑfo sō?  Nanso, biribi a ԑte saa na Yehowa adansefo ayԑ wᴐ Wiase Foforo Bible Nkyerԑase no ho.

 WIASE FOFORO BIBLE NKYERԐASE NE KINGDOM INTERLINEAR NKYERԐASE NTOTO HO

Wᴐ afe 1969, Ͻwԑn Aban Asafo tintimii Kingdom Interlinear Hela Kyerԑwnsԑm Nkyerԑase. Eyi kyerԑԑ maa wᴐ tintimii Hela nsԑmfua ase wᴐ engresi nsԑmfua mu, sԑnea ԑbԑyԑ a, wobᴐ Hela nsԑmfua bi a ԑnyԑ den sԑ wobԑhu engresi asԑmfua bi a ᴐne no sԑ, sԑnea Hela kasa wᴐde kyerԑwee Apam Foforo no te ara. Eyi yԑ nea Brooke Foss Westcott D.D ne Fenton John Anthony Hort D.D na wodi kan tintimii saa Kingdom Interlinear nkyerԑase no. Afe 1969 no, Ͻwԑn Aban Asafo nso tintimii Kingdom Interlinear Nkyerԑase no bi, wᴐ ne kratafa edi kan pԑԑ no, Ͻwԑn Aban Asafo kae sԑ:

“Atirimpᴐw nti a woatintim Kingdom Interlinear Nkyerԑase wᴐ Hela kyerԑwnsԑm mū ԑne sԑ, ԑmmoa wᴐn a wᴐpԑ nokwarԑ no akyi kwan ne daa nkwa. Ԑyԑ Borfo nkyerԑase a ԑbԑboa Bible osuani biara mā wᴐahu sԑnea Hela nkyerԑwde ankasa te. Saa Hela nsԑmfua a wᴐakyerԑ ase wᴐ Borfo nsԑmfua mu no woahyehyԑ no wᴐ akuw abien, afā ne afā sԑnea wubetumi ayԑ ntotoho wᴐ benkum ne nifa bere koro a worekenkan anaa reyԑ nhwehwԑmu. Afei nso, ԑma wutumi hu Bible nkyerԑase biara ne nea eye na ԑyԑ nokwarԑ. Yԑamfā yԑn adwene akyerԑ nsԑm mu wᴐ ᴐkwan foforo so, mmom no yԑmaa Hela nsԑmfua no ankasa nkyerԑase. Enti asԑmfua biako biara yԑde nkyerԑase biako nā ԑmmae, sԑnea akenkan no kyerԑԑ”–Kingdom Interlinear Nkyerԑase wᴐ Hela Kyerԑwnsԑm mu, 1985, page 5, 9-10.

Nea edidi so yi yԑ Wiase Foforo Bible Nkyerԑase ne Kingdom Interlinear Nkyerԑase a yԑde atoto ho:

Bible Nkyekyem Kingdom Interlinear Nkyerԑase Wiase Foforo Nkyerԑase
Kolosefo 2:9 Yesu mū nā nyameyԑ nyinaa wᴐ. Yesu mu no na nyamesu nyinaa wᴐ.

Hyԑ no nsow: Hela Ͻbenfo Yosef Henry Thayer kae sԑ, “Hela asԑmfua a wᴐde dii dwuma no yԑ ‘Theotes’ a asekyԑrԑ ankasa yԑ Onyame, sԑ biribi bԑyԑ nyame anaa Onyankopᴐn- Thayer Hela Borᴐfo kasa asetenhoma ma Apam Foforo a wotintimii 1974, kr. 288 (The New Thayer’s Greek English Lexicon of the New Testaments)

Kolosefo 1:16-17 Yesu bᴐᴐ nneԑma nyinaa. Yesu bᴐᴐ nneԑma afoforo nyinaa.

Hyԑ no nsow: Ͻwԑn Aban Asafo de asԑmfua ‘afoforo’ mpԑn anan ahyԑ ɔyԑsԑm (passage) no mu, sԑnea ԑne wᴐ nkyerԑkyerԑ sԑ Yesu yԑ abᴐde no ahyia. Nanso, wᴐYohane 1:3 yԑhu sԑ Yesu Kristo ԑna ԑbᴐᴐ nneԑma nyinaa-ԑnyԑ nneԑma afoforo nyinaa.

Galatifo 2:20                                                                        Filipefo 3:9 Yesu Nkwa te mimu.
Na moahu me wᴐ ne mu.
Yesu ne me tē.                                    Na moahu me ne no ntam biakoyԑ.

Hyԑ ne nsow bio: Sԑ yԑbehu sԑ ‘wowᴐ’ Yesu mu kyerԑ sԑ onni no de ne ho ato Yesu nkutoo so sԑ ɔbԑbᴐ trenee abrabᴐ ma enti ne gyinabea wᴐ Yesu mu. Enti Onyankopᴐn Hu onni no sԑ ᴐresua Yesu trenee abrabᴐ kwan, na ԑnyԑ onni no ankasa treneeyԑ (Kenkan kolosefo 3:3). Nsonsonoԑ kԑse wom sԑ obi ntam ne Yesu yԑ biako.

Filipifo 2:9 Onyankopᴐn maa Yesu din a ԑkyԑn ԑdin biara. Onyankopᴐn maa Yesu Kristo din ԑkyԑn ԑdin afoforo biara.

Hyԑ ԑha nsow: Ͻwԑn Aban Asafo kyerԑkyerԑ sԑ Yehowa Nyankopᴐn nā ԑwɔ edin a ԑkyԑn edin nyinaa enti na ԑsԑ wᴐde asԑmfua ‘afoforo’ hyԑ hᴐ ma ԑne wᴐnkyerԑkyerԑ hyia. Nanso, Yohane 17:11 kā sԑ Yesu wᴐ Yehowa Din no bi!

Yohane 1:1 Asԑm no yԑ Nyankopᴐn. Na asԑm no yԑ anyame.

Hyԑ no nsow: Ͻwԑn Aban Asafo gye akyinnye sԑ esiane sԑ “definite article-‘the’ wᴐ ɔyԑsԑm (passage) no mu nti, na eyi kyerԑ sԑ wotumi de “a” (asekyerԑ ne sԑ biribi a enni mū biara) hyԑ wᴐn Bible nkyerԑase mu. Nanso, Asafo anni atԑntrenee wᴐ eyi mu, efisԑ anka ԑsԑ sԑ ᴐde nkyerԑase adwene koro no di dwuma wᴐ Yohane 1:6 a ԑkā sԑ “ᴐbarima bi bae a Onyankopᴐn somaa no sԑ nānanmusini” (wᴐ ԑha wᴐannkyerԑase te sԑ Yohane 1:1. Efisԑ ntease nnim sԑ wᴐbԑkyerԑ ase te sԑ Yohane 1:1, sԑnea amā ԑne wᴐnkyerԑkyerԑ ahyia nti.

Yohane 8:58 Ansa wᴐwoo Abraham no nā Meyԑ Ansa wᴐwoo Abraham no nā Mewɔ hɔ.

Hu sԑ: Hela asԑmfua a wᴐkyerԑase Meyԑ, efi “ego eimi” Wᴐ Bible mu baabiara saa asԑmfua no puee no, Asafo no kyerԑԑ ase mā ԑne ntease no hyia sԑ “Meyԑ”. Nanso, wᴐ Yohane 8:5819. wᴐyԑԑ nsakrae. Dԑn ntia? Na Yesu reda ne Ho adi sԑnea nā yudafo no nim wᴐ Exodus 3:14 sԑ Yehowa, ma enti yudafo no pԑe sԑ wosi Yesu abo, efisԑ wᴐakā abususԑm (Kenkan Yohane 5:59 fa toto Levitikus 24:16 ho). Ͻwԑn Aban Asafo no kyerԑԑ asԑmfua no ase wᴐ saa kwan yi so ama ԑne wᴐnkyerԑkyerԑ ahyia.

Yohane 14:10 Enti monnnye nni sԑ Mewᴐ Agya no mū ԑna Agya no nso Wᴐme mū? Monnnye nni sԑ Mene Agya no wᴐ Abusuabᴐ ԑna Agya no nso ne Mewᴐ Abusuabᴐ?
Yohane 14:14 Sԑ biribiara a mobebisa Me no… mobisa biribiara

Hyԑ no nsow: Esiane sԑ Asafo kyerԑkyerԑ sԑ Yesu nnyԑ Nyankopᴐn nti, wᴐka sԑ ԑnsԑ sԑ obi bᴐ mpae ma Yesu. Efisԑ mpaebᴐ yԑ ᴐsom, sԑ yԑbԑbᴐ mpae ama Yesu a, ԑnde na ԑkyerԑ sԑ Yesu yԑ Onyankopᴐn (kenkan Exodus 23:13) Ԑdaadi pefee sԑ, Yesu hyԑ nasuafo no sԑ wommisa Nō biribiara wᴐ mpaebᴐ mu, nanso Asafo no yii asԑmfua “bisa Me” afi wᴐn Bible nkyerԑase mū, ama ԑne wᴐnkyerԑkyerԑ ahyia.

So Ͻwԑn Aban Asafo Wiase Foforo nkyerԑase no di mū, sԑ wᴐde toto Kingdom Interlinear Nkyerԑase ho a? Gyama eyi nti na Hela nhomanimfo ᴐbenfo biara nnye Wiase foforo nkyerԑase no ntom, maa mpo Ɔbenfo Julies Mantey kae faa Asafo Nkyerԑase no ho sԑ nkyerԑase a “ԑyԑ nnaadaa papaapa”.20.

ϽWԐN ABAN ASAFO ODIYIFOϽ NO

“So Yehowa wᴐ adiyifo nnԑ sԑ ᴐmmᴐ Ͻwԑn Aban Asafo no kᴐkᴐ, nkā nneԑma ԑreba daakye? Yebetumi ama nsԑmmisa yi ho mmuae sԑ yiw. Hena ne saa Odiyifo yi? Odiyifo nyԑ onipa biako na mmom mmea ne mmarima bi a wᴐdii Yesu anammᴐn akyi pԑԑ, na emū kakraabi a wᴐfrԑ wᴐn sԑ Amanaman Bible Asuafo (International Bible Students). Ԑnnԑ, wonim wᴐn sԑ Yehowa Akristo Adansefo (Christian Jehovah’s Witnesses). Ampa, ԑnyԑ den koraa sԑ yԑbԑgye atom sԑ Ͻwԑn Aban Asafo ada ne ho adi sԑ Onyankopᴐn Adiyifo. Nanso wᴐn nnwuma ne nneyeԑ na ԑbԑkyerԑ. Ԑte saa, ԑnde na ԑsԑ sԑ yԑhwehwԑ wᴐn abakᴐsԑm na yԑhu wᴐn kyerԑwtohᴐ. Dԑn na yehu?”- Ͻwԑn Aban (Watch Tower) April 1, 1972, kr. 197.

1914– Onyankopᴐn Da Kԑse mu kō a ԑbԑsԑe wiase nniso (rulership) bԑbam wᴐ afe 1914 yԑn bere muThe Time is at Hand, 1886, p. 101.

1915-Onyankopᴐn Da Kԑse mu kō no bԑsԑe biribiara wɔ 1915 yԑn bere mu, tu wiase ahenni ahorow agu, eyi anya mmamu dedaw-The Time is at Hand, 1915, edition p. 101.

1918-Bio nso, afe 1918 mu no, sԑ Onyankopᴐn nya sԑe nsᴐre ahorow aguadifo ne adefo a, ԑbԑba sԑ wᴐn a wobeguan no, bԑba Russell nkyԑn abesua ahu sԑnea kristosom asehwe bԑbam-The Finished Mystery, 1917, p.485

1925-Afe 1925 na tete anokwafo owusᴐre bԑfi ase, esiane nea kyerԑw kronkron ahyԑ ho bᴐ nti yetumi kᾱ no pefee sԑ nnipa mpempem (millions) a wᴐte ase nnԑ renwu daMillions now living will never die, 1920, p.97.

1940-“Adaadi sԑ ntease nnim, bio nso kyerԑwnsԑm no nhyԑ sԑ yԑbԑwo mmofra aba wiase mprempren ansa na harmagedon aba, esiane bere a yԑwom nti”-Ͻwԑn Aban November 1, 1938, p. 324.

1975-“Nkaebᴐ ama yԑate sԑ anuanom ԑtontɔn wᴐn afie ne wᴐn agyapade, na wᴐabᴐ pᴐw sԑ wobedi wᴐn nna akā no wᴐ daa akwampae (Regular Pioneer) ᴐsԑmpaka adwuma no mu. Nokware, ԑyԑ papa sԑ nna kakra akā no mode bԑyԑ asԑmpaka adwuma ansa wiase bᴐne yi awiei aba”-Kingdom Ministry, May 1974, p. 3.

Nnipa bebree a wonim Ahyehyԑde yi abakᴐsԑm no kae sԑ efi afe 1879 a Ͻwԑn Aban bae, adanse pii kyerԑ sԑ wᴐahyԑ wiase sԑe ho nkᴐm mpԑn a edidi so yi: 1914, 1915, 1918, 1925, 1940, 1975. So eyi kyerԑ sԑ Ͻwԑn Aban Asafo no yԑ atoro adiyifoᴐ? Mā yԑnsusuw sԑnea Asafo kae fae atoro adiyifoᴐ ho: “Obiakofo anaa Ahyehyԑde a ᴐpaemuka nsԑm na ᴐkyerԑ sԑ efi onyankopᴐn nanso emfi Onyankopᴐn, mpo ԑne napԑde nhyia”

Deuteronomi 18:20-22 kā sԑ:

“Nanso, odiyifo a ᴐkasa Me din mu wᴐ bere a menhyԑԑ no sԑ ᴐnkasa Me din mu, anaa ᴐkasa anyame bi din mu no ԑsԑ sԑ odiyifo no wu. Sԑ woka sԑ ԑbԑyԑ dԑn na mahu sԑ odiyifo no ԑkasa Yehowa din mu? Sԑ odiyifo kasa wᴐ Yehowa din mu na asԑm no ammamu a, ԑnde na ԑyԑ asԑm emfi Yehowa ho. Esiane ahantan nti ԑna odiyifo no kasae, mommmᴐhu nanim.” 21.

Wᴐ nkyekyem yi afā no, So Yehowa Adansefo nni mfomso wᴐ wᴐnkyerԑkyerԑ mū? Ͻwԑn Aban Asafo nhoma Reasoning from the Scriptures kratafa 136 kā sԑ:

Yehowa Adansefo nkā sԑ wᴐyԑ adiyifo, wodi mfomso”

So ԑyԑ nokware sԑ Asafo no nkyerԑkyerԑ sԑ ᴐyԑ Onyankopᴐn adiyifo? Mā yԑhwԑ adanse ԑwᴐ Ͻwԑn Aban a wᴐatintim a edidi so yi:

“Dԑn na Honhom mu nsԑm a efii Onyankopᴐn ho kyerԑ. Ԑkyerԑ sԑ Onyankopᴐn, ᴐsoro ne asase bᴐfo na ᴐde ne Honhom boa nnipa yi de hyԑԑ wᴐn adwene mu nsԑm ne nea wᴐkyerԑw mma adesamma ”–Good news, 1976, p.14

“Nokware nkᴐhyԑ nyinaa fibea ne Yehowa. Ͻde Honhom Kronkron anaa ԑto mmere bi a ᴐbᴐfo ma Ne bᴐhyԑ ahorow bam”-Insight on the Scriptures volume 2, 1988, p. 691

“Afei nso susuw nokwasԑm yi ho hwԑ, emu da hᴐ fann sԑ Yehowa Ahyehyԑde nkutoo na Onyankopᴐn Honhom kyerԑ ne kwan wᴐ asase so nnԑ. Honhom Kronkron ne abᴐfo kᴐso de wᴐnho gye asԑmpaka adwuma a Yehowa asomfo reyԑ no nnԑ mu”-Watch Tower, July 1, 1973, p.402, 405.

“Na abᴐfo yi nnipa ani nhu wᴐn nanso, Awurade soma wᴐn ma wᴐboa nasomfo. AKyinnye biara nnim sԑ abᴐfo no di kan nya akwankyerԑ fi Awurade Yesu Kristo ho ansa na wᴐde abrԑ Yehowa anokwafo a wᴐwᴐ asase so. Enti nokwasԑm ne sԑ Awurade Kristo abᴐfo a wᴐwᴐ nasᴐrefie de mmoa ma anokwafo nkaefo efii ase wᴐ afe 1919”-Vindication vol 3, 1932, p. 250.

“Ezekiel tee sԑ efi nnԑ kosi daa ᴐyԑ odiyifo a wᴐasoma no sԑ ᴐkasa Yehowa din mu. Eyi nti, wᴐ ᴐkwan soronko so no wᴐabԑyԑ Yehowa adanseni. Ԑnyԑ Ezekiel nsԑm nko na efi Yehowa, na nso Ezekiel ankasa nnipaban yԑ odiyifo wᴐ ᴐkwan biara so. Henanom ne Ezekiel mfԑfo adiyifo ԑnnԑ, wᴐn a wᴐ nsԑmkeka ne wᴐabrabᴐ te sԑ Yehowa tete adiyifo no? Saa na ԑte wᴐ nnԑ adiyifo fam, wᴐnnyԑ nnipa biako na mmom kuw a wᴐabom sԑ nnipadua koro a Yehowa ahyԑ wᴐn sԑ wᴐnkasa sԑ ne kasamafo ne ananmusifo. Dԑn nti na adanse nyinaa atwam yi, yԑresusuw ho? Ama yԑahu nkᴐmhyԑ mmamu a ԑka sԑ “Yehowa na wᴐayi nnԑ Ezekiel anuanom ama wiase”-Na amanaman behu sԑ Mene Yehowa. Ͻkwan bԑn so? (The Nations Shall Know That I am Jehovah, How?, 1971, pp.56, 58-59, 66)

“Nhoma mmobᴐwee a wᴐde maa Ezekiel ԑdenam Kerubin ᴐbᴐfo nsaso wᴐ anisoadehu mu. Eyi bԑkyԑrԑ sԑ Yehowa adansefo nnԑ ahenni ho asԑmpa no dawuru a wᴐbᴐ no nam abᴐfo mmoa ne akwankyerԑ so (Adiyisԑm 14:6, 7, Mateo 25:31-32). Na Onyankopᴐn anom asԑm ne Napԑde ntumi nni huammᴐ, efisԑ Ͻyԑ Nyankopᴐn Tumfoᴐ nti amanaman behu sԑ nea Yehowa adansefo reka biara a efi soro no bԑbam. Yiw, ԑrenkyԑ amanaman behu sԑ ampa na Yehowa adiyifo bi te wᴐn mu”-Ͻwԑn Aban April 1, 1972 p. 200.

Sԑnea yԑahu no, ԑwom sԑ Asafo no kae sԑ ᴐnyԑ Yehowa adiyifo de, nanso Asafo gye tom sԑ ᴐkwan a wonya wᴐn nsԑm no te sԑ Yehowa adiyifo no pԑpԑԑpԑ (Abᴐfo ne Honhom Kronkron). Afei nso wᴐaka sԑ wᴐne Yehowa odiyifo Ezekiel no yԑ adwuma koro, sԑnea Ezekiel yԑԑ Yehowa kasamafo no saa ara na wᴐreka no nnԑ. Hwԑ nsԑm edi ho yi:

 “Nkᴐmhyԑ asekyerԑ biara mfi nnipa na mmom Yehowa. Yehowa na ᴐmma nneԑma a wᴐahyԑ ho nkᴐm nya mmamu wᴐ ne bere mu”-Ͻwԑn Aban May 1, 1938, kr. 143.

Ͻde akoakuw no tintim natirimpᴐw edenam nhyiam Kunini a Yesu Kristo da ano no, da nkransԑm adi”-Ͻwԑn Aban July 1, 1943, kr. 203.

Eyi kyerԑ sԑ wᴐn a wotintim nsԑmma nhoma no ԑnfata nkamfo ne anuonyam bi, na mmom anuonyam nka Bible kyԑrԑwfo (Yehowa) a ᴐmma nokwasԑm ne nkᴐmhyԑ bam, ᴐkyerԑ nkᴐmhyԑ ase nnԑ. Ͻno Yehowa Nyankopᴐn na ᴐmma no yԑ yiye ma yetumi tintim nsԑm a ԑwᴐ yԑn nsԑmma nhoma ahorow nyinaa afā biara”-Ͻwԑn Aban April 15, 1943, kratafa 127.

“Yԑnhu ntease pa bi nti a, ԑsԑ yԑsēsā mmere ne nkyerԑwde, na mpo yԑrentumi nsēsā hwee sԑ yԑpԑsԑ yԑyԑ saa.Efisԑ yԑgye di sԑ mmere ne nna no Yehowa na wɔahyԑ ato hɔ. Enti ma ԑntena wadwennem sԑ afe 1914 awiei no nyԑ nna bi a amanehunu befi ase, na mmom ԑyԑ wiase amanehunu awiei”-Zion’s Ͻwԑn Aban July 15, 1894, kratafa 226.

Nokwarem no, nnipa di mfomso na mpo Yesu akyidifo no nyae wiase awiei a ԑbԑba ho adwene a ammamu. Nanso kae sԑ wᴐ bere a Ͻwԑn Aban Asafo hyԑԑ nkᴐm ahorow a ԑfa wiase awiei ho no, na wᴐka kyerԑ wᴐn ayidifo sԑ nkᴐmhyԑ ne mmere yi fii Onyankopᴐn na ԑnyԑ wᴐn nnipa. Enti wᴐkaa nkᴐmhyԑ yi wᴐ Yehowa din mu.

Sԑnea Deuteronomium 18:18-22 ama yԑn susude a wᴐde kari adiyifo no, wᴐ Ͻwԑn Aban Asafo nhoma, Reasoning from the Scriptures mu no, Asafo no yԑ emu bԑn, Atoro adiyifo anaa nokwarԑ adiyifo? So wone Asafo no yԑ adwene wᴐ nsԑm ᴐkaa wᴐ Ͻwԑn Aban May 15, 1930 kr. 156, a ԑka sԑ:”bere obi ahu atoro adiyifo no ԑnsԑ sԑ nnipa nya wᴐn mu ahotoso sԑ wᴐyԑ akwankyerԑfo bammᴐfo”!

Wᴐn abakᴐsԑm nyinaa mu no, bere biara Ͻwԑn Aban Asafo hyԑԑ nna sԑ wiase bԑsԑe no, wᴐhyԑԑ Yehowa adansefo nkuran sԑ wᴐntɔn wᴐn fie, nkwati sukuupᴐn kᴐ, na mpo wᴐnnyae abawoo efisԑ Asafo akā sԑ wiase awiei abԑn. Sԑ anka ԑsԑ sԑ wode wɔn koma bԑto nnipa Ahyehyԑde a wᴐadi mfomso wᴐ nna atwam no, na ԑkᴐso di huammᴐ no, dԑn nti na wommfa wo werԑ nhyԑ Yesu Kristo mu, Nea ᴐto nsa frԑ yԑn sԑ yԑmmra Ne nkyԑn?

Mommra Me nkyԑn mo a moasua nnesoa na moabrԑ, na mԑma mo ho adwo mo. Fā me kᴐndua to woho so na sua fi Me hᴐ efisԑ me bo kyԑ fuw na me koma dwo, na mobenya ahotᴐ ne akomatᴐyam ama mo kra, efisԑ Madesoa nyԑ duru”-Mateo 11:28-30.

Yesu bᴐɔ kᴐkᴐ sԑ wᴐ nna edi akyiri mu no, atoro adiyifo bԑsᴐre na wobԑka sԑ Yesu aba, wᴐ bere a Ͻmmae.

“Na sԑ obi ka kyerԑ mo sԑ Hwԑ Yesu aba ha anaa nohoa a monnye nni, efisԑ atoro akristofo ne atoro adiyifo bԑsᴐre na wᴐayԑ nsԑkyerԑnne akԑse ne anwonwade de adaadaa ebinom na ԑbԑyԑ yiye a wᴐn a wᴐapaw wᴐn mpo”-Mateo 24:23-24.

Ԑnnԑ Yehowa adansefo gye tom sԑ Yesu bae nahenni mu wᴐ afe 1914, na efi saa bere no Yesu adi tumi sԑ Ͻhene wᴐ soro a aniwa nhu. Nanso, efii mfe 1879 kosii 1929 Ͻwԑn Aban Asafo no paemuka ma ԑdaa adi sԑ Yesu bae nahenni mu wᴐ afe 1874.22. Enti yԑhu sԑ Asafo no mprempren gyinae sԑ Yesu aba nahenni mu no yԑ atoro bԑyԑ mfe aduonum a (50) atwam no.

Douglas Walsh Asԑnnibea ne kan Ͻwԑn Aban Asafo so Panyin Abԑdiakyiri (Former Vice President), Hayden Covington, dii adanse wᴐ afe 1874 Yesu bae nahenni mu wᴐ Skotland.

Mmuae: ……yԑ nsԑm a wotintimii ԑde fa atoro nkᴐmhyԑfo ho, na ԑyԑ atoro nsԑmkēkā ԑna ԑremma nkᴐmhyԑ a ԑfa atorodi mmamu ho.
Asԑmmisa: Sԑ Yehowa adanseni bi te nka sԑ ԑyԑ atoro nkᴐmhyԑ a nā ᴐkā saa wobetu (Excomunicate) no afi asafo no mu anaa?
Mmuae: Yiw, yԑn botae ԑne sԑ yԑbԑyԑ biako
Asԑmmisa: Biakoyԑ a ԑkyԑrԑ sԑ ԑsԑ sԑ obi gye tom denneennen sԑ nkᴐmhyԑ no yԑ atoro?
Mmuae: Yԑagye atom sԑ ԑyԑ nokwarԑ.
-Douglas Walsh Asԑnnibea 1954, p.346-348.

So Yehowa bԑpaw atoro adiyifo sԑ wᴐnnyԑ nananmusifo mma adesamma, titiriw bere koro a Yesu bᴐᴐ nasuafo kᴐkᴐ sԑ wᴐntwe wᴐnho mfi atoro adiyifo a wᴐhyԑ ntoro nkᴐm fa Ne mmae ho titiriw? Asafo no pԑ sԑ ᴐkata ne atoro nkᴐmhyԑ so nti, ᴐkae sԑ:

“Nsԑm a yԑayԑ nsakrae wom yԑ ade ketewa kyԑn Bible nokware nkyerԑkyerԑ pii a yԑahu na yԑatintim”. Ebinom na edidi so yi: “Efii afe 1914 mu no yԑahu sԑ yԑte nna edi akyiri wᴐ abᴐnefo wiase nhyehyeԑ ase”Reasoning from the Scriptures, 1985, 1989, p. 136-137.

Sԑnea yԑahu no, Asafo no ayԑ nsakrae pii wᴐ ne nkyerԑkyerԑ mu efii bere a wᴐkae sԑ Yesu Kristo aba nahenni mu wᴐ afe 1914 na ԑnyԑ afe 1874. Sԑ yԑhwԑ kyerԑwtohᴐ a ԑdaadi sԑ mprempren Bible nokwarԑ nkyerԑkyerԑ a ᴐkyerԑԑ sԑ efii afe 1914 a adesamma te wiase awiei nna a edi akyiri mu no, wᴐayԑ nsēsā nso. Hwԑ nsԑm a Ͻwԑn Aban bi a edi kan wᴐtintimii no kae:

Wiase awiei nna aka yԑ mfe ᴐha ne dunum (115) fii afe 1799 kosi afe 1914 yԑ mmere titiriw a kyerԑwnsԑm no ahyԑ ato hᴐ”-Thy Kingdom Come, 1891, 1914 edition, kr. 23.

“Ewiase awiei nna no fii ase de bԑsi afe 1799, ԑbԑsi saa bere sԑnea yԑahu wᴐ nsԑm a ԑdi kan no, kosi sԑ wobԑtu Satan ahemman agu na wᴐde Mesia Ahenni no asi hᴐ. Enti afe 1874 mu na Yesu Kristo bae nahenni mu sԑnea atifi hᴐ nsԑm ama yԑahu no”The Harp of God (1921), 1924 edition kr. 231

Adanse buruburoo yi yԑ nea Ͻwԑn Aban Asafo no akata so na ᴐkaa wᴐ afe 1993 abakᴐsԑm nhoma, Yehowa adansefo- Proclaimers of God’s Kingdom, kr. 135 mu sԑ:

”Yԑn gyidi wᴐ nkᴐmhyԑnsԑm mu yԑ den ma nti yԑntumi nkwati sԑ yԑbԑka nea ԑsԑ sԑ ԑba wᴐ mmere a yԑnhwehwԑ kyerԑwnsԑm mu na yԑn pԑԑpԑԑ ԑmu nsԑm ahorow fi bere kᴐ bere. Na yԑbᴐ mmᴐden sԑ ԑbԑyԑ yiye yԑremfa gyidi hunu a kyerԑwnsԑm no nka ho asԑm pᴐtēē ntā mo ani”

Nanso, wᴐbᴐᴐ mmᴐden sԑ wᴐmfa gyidi hunu a kyerԑwnsԑm nka ho asԑm pᴐtee nyԑ wᴐn nkyerԑkyerԑ?

“Wᴐka sԑ nokwarem mu no, yԑnnye akyinnye biara wᴐ yԑn tirim Onyankopᴐn mma ahotewfo biara adwene nyԑ no ntanta sԑ Awurade Yesu bae nahenni mu efii afe 1874”-Ͻwԑn aban January 1, 1924, kr. 5.

“Yԑnni adwene pa biara sԑ yԑbetumi asēsā nna, na mpo yԑrentumi sԑ yԑpԑsԑ yԑyԑ saa koraa. Yԑnim sԑ ԑyԑ Onyankopᴐn na wᴐahyԑ nna no, na ԑnyԑ yԑn Ͻwԑn Aban Asafo”-Zion’s Watchtower July 15, 1894 kr. 226.

“Dwubili cycles a ԑdaa adi sԑ ԑyԑ afe 1874 bere a Yesu bae nahenni mu. Adanse yi fii beae titiriw abien a anō yԑ den a ԑne mmara ne adiyifo no”-Thy Kingdom Come 1891 (1914) ed. Kr. 125.

“Wᴐ saa nhoma po yi, yԑama adanse edidi so a ԑfa nna ne mmere a Onyankopᴐn ahyԑ ato hᴐ a adanse, asԑm biara yԑde kyerԑwnsԑm asiso dua denneennen, enti ԑntumi mfi nnipa nsusuwii”-The Time is at Hand 1886 (1917 edition kr. 15).

So Ͻwԑn Aban no akwati gyidi hunu?

“Yehowa Nyankopᴐn, adiyifo nokwafo Nyankopᴐn bԑmma atoro adiyifo ani agu ase efisԑ Ͻremma wᴐn atoro nkᴐmhyԑ a wofii anounyamhunu pԑ mu kaa no mmam anaasԑ Ͻbԑmma nea ԑne wᴐn nkᴐmhyԑ no bᴐ abira no mmom asi. Atoro adiyifo bԑbᴐ mmᴐden sԑ wobԑkyerԑkyerԑ wᴐn nsԑm mu nanso aniwu bԑmma wᴐnnye ntom sԑ wᴐyԑ atoro adiyifo”Paradise Restored to Mankind-By Theocracy Watch Tower Society, 1972, kratafa 353-354.

Yesu kae sԑ, “na Wobehu nokware no na nokware no bԑmma wᴐade wo ho, na Ɔba no bԑgye wo ampa”-Yohane 8:32, 36. Dԑn nti na wᴐmfa wo koma nto Yesu nkutoo so? Yesu bԑmma nokware no adaadi, efisԑ Ͻyԑ nokware.

Yesu kae sԑ:” Meyԑ ᴐkwan ne nokware ne nkwa na obiara ntumi mma Agya no nkyԑn gye sԑ ᴐnam Me soYohane 14:6.

Meba sԑ hann wᴐ wiase ama obiara ᴐwᴐ Me mu gyidi no antra sum mū”-Yohane 12:46.

“Morehwehwԑ kyerԑwnsԑm mu efisԑ monim sԑ saa yԑ no de daa nkwa bԑbrԑ mo, nanso saa kyerԑwnsԑm koro yin a edi Meho adanse. Nanso, mommpԑ sԑ moba Me nkyԑn na moanya daa nkwa”-Yohane 5:39-40.

“Enti wᴐkae kyerԑ No sԑ Awurade Wode ma yԑn abodoo daa, ԑna Yesu kā kyerԑԑ wᴐn sԑ Mene nkwa abodoo no, nea ᴐba Me nkyԑn no ԑkᴐm rennē no bio, afei nea onya Me mu gyidi no nsukᴐm rennē no bio. Na obiara Agya no de ma Me no bԑba Me nkyԑn na nea ᴐba Me nkyԑn no Meremmpamo no ᴐkwa biara so”-Yohane 6:34-37.

“Me gya mo asomdwoe, Me ma mo masomdwoe. Me nyԑ no wᴐ ᴐkwan a wiase asomdwoe te, mommma mo koma mmotow anaa ᴐsuro nkyekye mo”-Yohane 14:27.

Mommra Me nkyԑn mo a mosua nnesoa na mokᴐm rebu na Mԑma mo ho atᴐ mo. Momfa Me kᴐndua ntō ho so, nsua mfi Me hᴐ efisԑ bo kyԑ fuw na Me koma dwo, na mubenya ahontᴐ ama mo kra. Efisԑ Me kᴐndua yԑ mmerԑw ma M’adesoa yԑ hare”-Mateo 11:28-30.

“Na sԑ mobisa biribiara wᴐ Me din mu a, Mebԑyԑ ama mo”-Yohane 14:14.

Yesu to nsa frԑ nnipa nyinaa sԑ wᴐmmra Ne nkyԑn mpaebᴐ mu mfa wᴐn haw nto n’anim.  Na wonhia Ahyehyԑde anaa Ntamgyinafo soronko bi wᴐ wone Onyankopᴐn ntam abusuabᴐ mu.23. Efisԑ yԑwᴐ Onyankopᴐn biako, saa ara na ntamgyinafo biako nso na ԑwᴐ nnipa ne Nyankopᴐn ntam, Ͻne Onipa Yesu Kristo-1 Timoteo 2:5. Yesu nkutoo ne ntamgyinafo. Obiara mma Agya no nkyԑn gye sԑ ᴐnam Me so. (Yohane 14:6) Dԑn nti na womma ne nkyԑn nnԑ? Yesu pԑ paa sԑ Ͻyԑ w’agye nkwa.

“Na eyi ne yԑ adanse a ԑkyԑrԑ sԑ, Nyankopᴐn maa yԑn daa nkwa a egyina Ne Ba no so. Nea ᴐwᴐ Ͻba no wᴐ nkwa, nea ᴐnnye Ͻba no nni no rennya nkwa. Mekyerԑw eyinom ama mo na moahu sԑ mowᴐ daa nkwa, mo a mowᴐ gyidi wᴐ Onyankopᴐn Ba no din mu”-1 Yohane 5:11-13.

“Hwԑ! Ԑnnԑ ne bere a ԑfata titiriw, Hwԑ Ԑnnԑ ne nkwagye da”-2 Korintofo 6:2

=========
1. Ɔwԑn Aban November 15, 1981, kratafa. 21
2. United in Worship of the Only True God, 1983, pp. 166-167; Blood, Medicine and the Law of God, 1961, pp. 54-55; School and Jehovah’s Witnesses, 1983, pp. 13-21, 23; The Watchtower, March 15, 1962, pp. 178-179; The Watchtower, March 15, 1986, pp. 12, 19
3. The Watchtower, September 15, 1981, pp. 25, 29-30
4. Jehovah’s Witnesses –Proclaimers of God’s Kingdom, 1993, pp. 45-46
5. Studies in the Scriptures, vol. 1-7
6. Jehovah’s Witnesses –Proclaimers of God’s Kingdom, 1993, p. 200
7. The Watch Tower, April 15, 1904, p. 125; The Divine Plan of the Ages, Studies, vol. 1, 1925ed. Biography, p. 7; 1975 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, p. 88
8. Zion’s Watch Tower, December 1, 1894, p. 384; Zion’s Watch Tower, September 15, 1895, p. 216
9. Zion’s Watch Tower, December 1881, pp. 2-3 (Reprints p. 301)
10. Zion’s Watch Tower, November 1881, p. 10 (Reprints p. 298)
11. The Atonement Between God and Man, (Studies, vol. 5), 1899, 1916ed, p. 85; Watch Tower, November 1879, p. 4 (Reprints p. 48); The Plan of the Ages, 1891, p. 178
12. Jehovah’s Witnesses–Proclaimers of God’s Kingdom, 1993, p. 201; Zion’s Watch Tower, November 15, 1907, p. 351; Zion’s Watch Tower, December 1, 1904, p. 364
13. Zion’s Watch Tower, July 1, 1898, p. 204; Zion’s Watch Tower, August 1, 1898, p. 231
14. Zion’s Watch Tower, October 1, 1900, p. 296; Zion’s Watch Tower, July 15, 1902, p. 216
15. The Watch Tower, March 15, 1913, p. 84; Pennsylvania Superior Court Reports, vol. 37, p. 351
16. Thy Kingdom Come, (Studies, vol. 3) p. 327
17. Jehovah’s Witnesses–Proclaimers of God’s Kingdom, 1993, p. 201; Finished Mystery, (Studies, vol. 7) 1917, p. 60
18. New World Translation, 1984, p. 5
19. See also Yohane 9:5, 9
20. Wᴐ afe 1969 bere Ͻwԑn Aban Asafo tintimii Kingdom Interlinear Nkyerԑase wᴐ Hela Kyerԑwnsԑm mu no, wᴐ kratafa 1158 kosi 1159, Asafo kyimkyim Dana ne Mantey nhoma a wᴐfrԑ no “A Manual Grammar of the New Testament” de foa asԑmfua ‘anyame’ (a god) wᴐ Yohane 1:1 so. Eyi nti Ͻwura Julies Robert Mantey a ᴐyԑ ᴐbenfo wᴐ Hela Kasa ne Apam foforo wᴐ Northern Baptist Theological Seminary of Chicago, IIIinois, kyerԑwee krataa a ᴐto ne abodin sԑ Wiase Foforo Bible Nkyerԑase yԑ ‘Nnaadaa kokuroo’ (Grossly Misleading) kᴐmaa Ͻwԑn Aban Asafo.
21. Kyerԑwnsԑm a yԑfa mu nsԑm aka nyinaa fii Yehowa Adansefo Wiase Foforo Bible Nkyerԑase.
22. Jehovah’s Witnesses–Proclaimers of God’s Kingdom, 1993, pp. 133-134; Prophecy, 1929, p. 65
23. Ͻwԑn Aban Asafo kyerԑkyerԑ sԑ Yesu nkutoo nyԑ ntamgyinafo mma adesamma-kenkan, World wide Security under the Prince of Peace, 1986, kratafa 10. 

This post is also available in: Spanish Portuguese Czech Italian Russian Borɔfo