AHOFADI PAA – So wowᴐ Ahofadi ankasa sԑ wotwe woho fi Ͻwԑn Aban Ahyehyԑde no Ho a?


True freedom out of the Watchtower

 AHOFADI PAA – So wowᴐ Ahofadi ankasa sԑ wotwe woho fi Ͻwԑn Aban Ahyehyԑde no Ho a?

Yehowa Adanseni bi a ᴐtwee ne ho fii Ahyehyԑde no ho bԑboro mfe aduonan a ᴐde nokwaredi somee, kae nkate a onyae wᴐ saa kwan yi so:

“Yehowa Adansefo yԑ nnipa a woani kum wᴐn som nnwuma ho na wonni adagyaw ma nneԑma a ԑgyegye wᴐn ani mpo. Medi wᴐn ho yaw efisԑ ԑsԑ sԑ wᴐtwԑn Yehowa efisԑ Me nni mmoa a mede bԑsakra eyinom a wᴐrehwehwԑ nkwagye ankasa. sԑ ԑyԑ ampa sԑ wᴐrehwehwԑ Ahenni no a nneԑma bԑsesa.

Wᴐte hᴐ twԑn bᴐs a ᴐde wᴐn bԑkᴐ nkwagye mu, na wokura “ticket” a wᴐabrԑ na wᴐhome. Ԑkame ayԑ sԑ woagye ᴐhyԑnkafo no nkaebᴐ adi sԑ “ԑnkyԑ biara yebetu” na sԑ wofi bᴐs no mu si fam a ԑyԑ aniwu, efisԑ aniwa biara hwԑ wo te sԑ nea wonni adwen. Bere a woasi fam awiei no, obiara hu sԑ nsakrae a wobԑyԑ ama woanantew ᴐkwan nsԑwee (pavement) no so nnyԑ mmerԑw, na ԑma wohu sԑ woannya nkyerԑkyerԑ a ԑmfata nkwagye a ԑno enti ԑsԑ sԑ wofi ase bio ma Yehowa ho dᴐ kԑkԑ a wowᴐ no ma awerԑhow bu w’abam.

Ԑbԑyԑ te sԑ akoa a woanya ahofadi na onim nea ᴐnyԑ. Anaasԑ anomaa a woafi adi wᴐ buo mu na onntu nguane amonom hᴐ. Minim Yehowa (Misusuw) na afei mennye nni sԑ meyԑ Yesu adamfo  esiane sԑ mede mmere pii afrԑ Yehowa Yehowa. Nanso, seesei, Yehowa ne Yesu nsonsonoe biara nni wᴐn ntam.

Ԑbԑyԑ sԑ nteaseԑ pa bi nti na Yehowa ma kwan ma yedi akᴐneaba nya asetram osuahu ahorow, te sԑ dua a ԑda asubᴐnten mu di akᴐneaba. Ԑtᴐ mmere bi a ԑyԑ a mintumi nhu beae a mewᴐ mpo. Nnaadaa nsԑm a wode ahohoro m,adwenem asesa nokwasԑm biara a minim no, emu ahe na ebetumi ayԑ papa ne nea ԑsԑ sԑ mebᴐ gu. Minya ate nka pa sԑ mepow ne nyinaa na misan makyi kᴐ bepᴐw no so bᴐ mpae a me nnhia onipa mmoa.

So Yehowa pԑ sԑ yedi nsesԑnmu wᴐ mpataku bᴐne a woahyԑ nguan homa? Ԑhe na yԑbehu obi a obetie na woate nea yԑafa mu no ase?”

Nnipa bebree taa si nsԑm yi so dua…Adԑn nti na me na Yehowa ama kwan ama tebea yi ato me?  So Yehowa apow me? Ԑhe na menkᴐ? So Ahyehyԑde foforo bi wᴐ hᴐ a ԑsԑ sԑ mihu? Mԑyԑ dԑn asom Yehowa na manya Yehowa anim dom wᴐ m’asetram? Yesu kae sԑ “Nokware no bԑma moanya ahofadi” (Yohane 8:32) Dԑn na ԑkyerԑ sԑ “obi anya “ahofadi.”

“Na eyi yԑ daa nkwa sԑ mobehu No, Nokware Nyankopᴐn nkutoo no ne Yesu Kristo no a wosomaae”-Yohane 17:3.

Vine’s Complete Expository Dictionary of Old and New Testament Words kae sԑ, Hela asԑmfua (ginosko) no wᴐkyerԑԑ ase sԑ “hu” wᴐ ᴐyԑsԑm yi mu “mpԑn pii ԑkyerԑ abusuabᴐ ԑda onipa ohu ne decode a ohuui, nti ᴐkwan bi so no, nea ohuui yԑ nea ԑsom bo ma onii a ohuui, nti nsakrae a wode abata “hu”  ayԑ no sԑ “Nimdeԑ”  no nyԑ Nimdeԑ a wosua gu adwenem mu kԑkԑ, na mmom ԑyԑ Honhom Kronkron adwuma a enya mmamu esiane Kristo a obi ahu no wᴐ n’asetram-Vine’s Complete Expository Dictionary of Old and New Testimony Words 1985, (Thomas Nelson Publishers) p. 346.

Nsonsonoe ԑda  nokware Nimdeԑ a obi besua kԑkԑ ne Nimdeԑ a ԑno ankasa hyԑ obi mā ԑdenam abusuabᴐ a ᴐne Agya ne Yesu wᴐ, yetumi de toto mfatoho yi a ԑyԑ osuahu a esii ankasa  ho :

Da koro bi wᴐ mfe 1860, na nnipa abᴐ dᴐmpem rehwԑ  ahokokwawfo a ᴐnantew ahomaso, nea wᴐfrԑ no “Blondin cross Niagara Fall’. Na ԑyԑ anammᴐn 1000 tenten a ԑsesԑn nsu so. Nnipa kuw yi dii akyi hwԑԑ anammᴐn biara a ᴐnantewfo no tutu pԑԑ. Otutu n’anammᴐn baako baako kᴐ n’anim. Nnipa a wᴐhwԑ no ntumi nnye ahome efisԑ wᴐn koma bᴐ birim bere a nnua a ahoma no sԑn so no di akᴐneaba.

Nanso, wᴐn suro ne ayamhyehye no yԑ nea enhia efisԑ ᴐbenfo nantewfo yi  twaa kᴐdui agya, saa san n’akyi nkonimdim maa nnipadᴐm no nyae abotᴐyam ne ahomeka.
Otwaa n’ani hwԑԑ nnipadᴐm no, na ᴐkae kyerԑ wᴐn sԑ ᴐbԑsan anantew ahoma no so bio a ᴐde obi bԑhyԑ n’akyi! Hena na ᴐbԑpene so? Obiara annye ato ne ho so sԑ ᴐbԑkᴐ.
Bere ᴐnantewfo, Blondin yԑ nyinyim na obisaae “so wogye di sԑ mebetumi de wo ahyԑ m’akyi atwaa akᴐ agya? Obi fii ne pԑ mu buae,… Yiw. Wiԑ, ԑnde ma yԑnkᴐ Blondin kae kyerԑ no. Dabi, ԑyԑ wo nkwa nti nipa no ampene sԑ ᴐbԑkᴐ.

Enti ofii nnipadᴐm  no mu kᴐe. Afei nnipa mmiako mmiako nyaa ahotoso wᴐ ᴐnantewfo no mu, nanso woampene sԑ ᴐnfa wᴐn nhyԑ n’akyi ntwaa. Awiei koraa, aberante bi de ne ho mae. Blondin sii asԑmmisa no so dua “so wogye di sԑ mebetumi de wo atwaa akᴐ nkonimdi mu? Yiw me gye di. So woayԑ krado sԑ wone me bԑkᴐ, ԑyԑ nokware paa, me gye tom.

Aberante no foro ᴐnantewfo ahokokwawfo no akyi, Blondin tutu n’anammᴐn wᴐ ahoma no so, ԑyԑ na woagyinaa kakra, kᴐ n’anim kosi agya no hᴐ, a anyԑ den amma no koraa. Na nnipa bebree wᴐ nnipadᴐm no mu a wᴐwᴐ gyidi sԑ Blondin betumi, nanso na emu biako pԑ na onyae ne mu ahotoso sԑ obetumi.

 Enti ԑyԑ ade biako sԑ wobegye onipa bi ho nokwasԑm adi, ԑnna ԑyԑ ade foforo nso sԑ wode ahotoso bԑgye no adi. Sԑ nhwԑso no yԑwᴐ nnipa binom a wogye Awurade Yesu Kristo ho nokwasԑm tom: Ͻyԑ Onyankopᴐn Ba daa, Ͻtraae ase sԑ obi a Ͻyԑ pԑ, woannyԑ bᴐne, tua yԑn bᴐne a Adam ne yԑn nso bᴐne ahorow nyinaa (1 Petro 2:24), Onyanee na ᴐsan kᴐe soro. Bebree gye di sԑ Yesu de nkwa  a enni awiei ama yԑn sԑ “Akyԑde kwaa” (Romafo 6:23), na afei nso Ͻde ne pԑyԑ no asesa yԑn ankasa bᴐne (Kolosefo 3:3), nanso, ebinom nnkᴐ Yesu nkyԑn  tēē sԑ ᴐnfa ne treneeyԑ mma nsesa wᴐn bᴐne. (Asomafo Nnwuma 22:16) Nnipa bebree gye di sԑ Yesu betumi agye wᴐn nkwa nanso wᴐmmma ne kwan. Ԑsԑ sԑ obiara ba beae Yesu ayԑ krado sԑ Ͻde wᴐn bԑhyԑ n’akyi asoa wᴐn no atwaa bᴐne akwanside akᴐ Agya no anim a Yesu de ne treneeyԑ nkutoo akata ne ho.

“Afei nso Ͻkyerԑԑ me Yosua sԑ Ͻsofo Panyin no gyina Yehowa bᴐfo no anim, ԑnna Satan gyina Ͻbᴐfo no nsa nifa so sԑ ᴐne no redi asi. Yehowa no nka woanim Satan! Na Yosua hyԑ atade fī gyina Ͻbᴐfo no anim. Na Ͻbᴐfo no kasae kae kyerԑ wᴐn a wogyina gyina nkyԑn no sԑ munyi atade fī no mfi ne ho. Bio nso Ͻkae kyerԑ Yosua sԑ, hwԑ sԑ mayi wo mmaradode nyinaa afi woho, na wode adehyetade bԑhyԑ wo”-Sakaria 3:1-4

Nokwasԑm a obi nim fa Agya no ne Yesu ho, nhyiam a ᴐbԑkᴐ ne asԑnka ntumi mma onipa bi ne Yehowa Nyankopᴐn nnya abusuabᴐ sԑnea onipa a ᴐhyԑ ԑhyԑn ԑdan mu nntumi nyԑ ԑhyԑn  (automobile) esiane sԑ wode no ahyԑ ahyԑn adan mu nti.

Sԑ wone Kristo benya abusuabᴐ pa a, ԑsԑ sԑ obi di kan hu sԑ ᴐhyԑ owuo nnome mmᴐho abien a ԑnyԑ Adam bᴐne nkutoo ase na mmom n’akasa bᴐne ahorow nyinaa, a anka biribiara nni hᴐ a ᴐno betumi ayԑ ama woanya Yehowa Nyankopᴐn anim dom. (Efesofo 2:8-9) Efisԑ yԑn adetreene biara te sԑ ntamagow wᴐ Yehowa ani so. (Yesaia 64:6) Enti, ԑsԑ sԑ ᴐde ne koma to Kristo so.

Sԑnea onipa ᴐne Blondin a otwaae ahoma no kᴐe agya no, de ne mu duru too Blondin akyi maa ᴐsoae no nantewee ahoma no so kᴐe agya no, saa ara na ԑsԑ sԑ yԑde yԑho to Kristo nkutoo no so. Blondin, yԑԑ n’afam de ԑdenam onipa no a ᴐmaa ᴐnantewee ahoma no so di n’akyi sen sԑ ᴐbԑsoa onipa no, ԑnte saa anka wobԑhwe ase.
Saa ara nso, na ԑsԑ sԑ yԑde yԑ koma to Kristo nkutoo so, ԑnte saa N’adom bԑbᴐ yԑn (Galatifo 5:4) efisԑ “yԑfom wᴐ akwan ahorow pii mu”. (Yakobo 3:2) “Efisԑ yԑn nyinaa ayԑ bᴐne na Onyankopᴐn anounyam abᴐ yԑn. (Romafo 3:23) Nnipa a wᴐkᴐ Yesu nkyԑn nkutoo na  wobebisa No sԑ ᴐnfa Ne treneeyԑ nsesa wᴐn bᴐne (Hebrifo 10:10, 14) ԑyԑ wᴐn …a wode wᴐn koma ato No so esiane sԑ wᴐne Kristo anya abusuabᴐ.

Ebinom bisa sԑ ԑyԑ papa sԑ wobᴐ mpae ma Yesu, ama wᴐne no anya abusuabᴐ  soronko, wᴐ bere koro a ԑsԑ sԑ wobᴐ mpae tēē ma Yehowa Nyankopᴐn.

“Enti dԑn nti na wotwetwԑn wonan ase? Kenya woho, na ma wommᴐ woasu na ԑnhohoro wo bᴐne, bᴐ No din… na mo a wᴐtew moho wᴐ Yesu Kristo din mu, na wᴐfrԑ mo akronkronfo a mowᴐ mmeae nyinaa a mobᴐ yԑn Awurade Yesu Kristo din, mo ne yԑn Awurade…wᴐfrԑԑ mo baae Ne Ba yԑn Awurade Yesu Kristo abusuabᴐ biakoyԑ mu”-Asomafo Nnwuma 22:16, 1 Korintofo 1:2, 9

Dԑn na ԑkyerԑ sԑ “wobᴐ Yehowa din (Romafo 10:13 Wiase Foforo Nkyerԑase)? So wonnye ntom sԑ kyerԑwnsԑm ka sԑ ԑsԑ yԑbᴐ Yehowa din, na yԑbᴐ mpae ma Yehowa Nyankopᴐn tēē. Saa ara nso na sԑ obi ka sԑ ᴐrebᴐ Ͻbonsam din enti ᴐrebᴐ mpae ama Satan. Ne saa nti, kyerԑwnsԑm no ka sԑ ԑsԑ sԑ yԑbᴐ yԑn Awurade Yesu Kristo din na ama yԑanya bᴐne fafiri a, na ᴐrehyԑ yԑn sԑ yԑmmᴐ mpae tēē mma Yesu kԑkԑ, na yԑmma Yesu Kristo nyԑ yԑn Awurade ne Agyenkwa (Romafo 10:9).

Ԑnyԑ sԑ Stefano a wokum no no teԑԑm frԑԑ Yesu wᴐ mpae mu nkutoo, (Asomafo Nnwuma 7:59) na mmom wᴐ 1 Korintofo 1:2, 9, Paulo tuu agyidifo fo sԑ ԑsԑ wᴐbᴐ Yesu din wᴐ mpaebᴐ mu nkutoo, na mmom sԑ wᴐne No benya abusuabᴐ. Sā ԑmfata sԑ yԑbᴐ mpae ma Yesu a, ԑnde na ԑbԑyԑ dԑn na yԑne Yesu anya abusuabᴐ. Ͻkwan bԑn so na  onipa bi ne ᴐfoforo benya abusuabᴐ bere a ᴐne no nkasae da?

NOKWARE Ankasa ne AHOFADI mfi Nyamesom Ahyehyede bi a obi wom, na mmom ankorankoro abusuabᴐ a wone Yesu benya, efisԑ ᴐno ankasa pae mu kae sԑ Ͻne NOKWARE NO, na mobehu nokware no, sԑ nokware no bԑmma mo anya ahofadi a, na mobenya ahofadi ankasa. Mene ᴐkwa ne Nokware No, Ne nkwa, na obiara mma Agya nkyԑn gyesԑ ᴐnam Me so. (Yohane 8:32, 36, 14:6)

“Na eyi ne adanse no, sԑ Onyankopᴐn ama yԑn daa nkwa, a ԑwᴐ ne Ba no mu. Obiara Ͻgye Ͻba No wᴐ nkwa no, nea ᴐnnye Onyankopᴐn Ba no nni nkwa. Nsԑm yi na makyerԑw ama mo, mo a mogye Onyankopᴐn Ba no din di, ama moahu sԑ mowᴐ daa nkwa”-1 Yohane 5:11-13

Bere biara woabam bebu na wote nka sԑ obiara nnwen wo ho, misrԑ wo kae sԑ Yesu dwen woho na Onim nea woafa mu nyinaa Onim sԑnea ԑte sԑ wo yᴐnko brԑbroᴐ bi bԑpow wo (Hebrifo 2:14-18) Nnipa bedi wo huammᴐ, nanso Yesu renni wo huammᴐ da efisԑ Ͻdᴐ wo kԑse kyԑn nea wobetumi adwen.

Print Friendly, PDF & Email

This post is also available in: SpanishPortugueseCzechItalianBorɔfo