Dԑn Ne “Nokware No”

PDFDԐN NE “NOKWARE NO”

Suban a ԑtaa di akoten wɔ ɔsom a ɔkyerԑ sԑ ɔno nkutoo ne ɔkwan a ԑkɔ Onyankopɔn nkyԑn, ԑne sԑ ɔbԑhyehyԑ ahwehwԑde ahorow bi a ԑyԑ soronko agyina so sԑ ԑno na ԑkyerԑ nokware som biako nkutoo no.

Sԑ nhwԑso no, Mormonfo ayԑ nhoma a wɔde ma nnipa a woagye ɔsom no atom mfiase, a woato no din sԑ Nnyinasode 17 a Nokware som nkutoo wɔ! Esiane sԑ Mormonsom no yԑ ɔsom nkutoo a ɔka sԑ ɔwɔ ahwehwԑde dunson a woahyehyԑ wɔ nhoma no mu nti, Mormonfo gye di sԑ obiara ntumi nnya nkwage a edi mū gyesԑ ɔde ne ho dɔm Mormonsom.

Yehowa Adansefo ne Mormonfo som, nsonsonoe biara nni wɔn ntam wɔ ɔsom a ԑyԑ nokware no. Woasiesie wɔn nsԑmmawa (brochure) ahorow pii sԑnea ԑbԑtwe obi aba wɔn som mu. Ɔwԑn Aban de susuwde a ԑyԑ soronko na ԑkyerԑ sԑ ԑno ne Nokware no. Wɔ Yehowa Adansefo fam no, saa susuwde yi kyerԑ sԑ Ɔwԑn Aban yԑ Nokware Kristosom nkutoo no a ԑwɔ asase so nnԑ.

SO ƆWԐN ABAN SUSUWDE DA NO ADI SԐ ƆYԐ NOKWARE SOM KORO NO?

Nea edidi so yi yԑ susuwde a Ɔwԑn Aban de kyerԑ Nokware som biako no, saa susuwde yi wɔ Ɔwԑn Aban a wotintimii wɔ mfe 1996, kratafa 26-29, Dԑn na Onyankopɔn Hwehwԑ fi yԑn Ho:

  1. Wɔpow akodi ne amanyɔsԑm
  2. Wɔpow Nnapɔna ahorow di.
  3. Wɔkasa tia Nyankopɔn Baasakoro gyidi no.
  4. Wɔkasa tia ɔkra a enwu da ne Daa asotwe.
  5. Ԑsԑ sԑ wɔbɔ Onyankopɔn din Yehowa no.

Ɔwԑn Aban no ka sԑ saa susuwde yi kyerԑ sԑ ne som yԑ Nokware som koro no, nanso so susuwde yi yԑ nea Ɔwԑn Aban Ahyehyԑde no nkutoo na ɔda nso wom? Yԑn nhwehwԑmu ada no adi sԑ ԑnte saa, efisԑ ɔsom ahorow a edidi so yi nso kura saa gyidi no.

 

  • Assemblies of Yahweh
  • Assemblies of the called ones of Ya
  • House of Yahweh
  • Assembly of YHWHYeshua
  • Christadelphians

Esiane sԑ Ɔwԑn Aban ka sԑ Nokware Kristosom biako nkutoo na ԑwɔ ho no , ԑnde ɔkwan bԑn so na susuwde a ɔde maa “Nokware no” a ԑkyerԑ sԑ ɔno na ɔyԑ Nokware som, nanso ɔsom afoforo nso wɔ saa ahyԑnsode no? Adanse no ma ԑda adi sԑ Ɔwԑn Aban som no nnyԑ soronko wɔ ne gyidi ne nneyԑe a ogyina so ka sԑ ɔne Nokware no, saa susuwde ntumi nyԑ nea yegyina so hu sԑ ԑyԑ nokware som koro no.

 

HENA NE “NOKWARE NO”?

Wɔ bere a ehia sԑ yԑgye Bible nkyerԑkyerԑ no di ama yԑahu Nokware no, nanso Bible no nka no penpen sԑ ɔsom bi na ԑyԑ “Nokware no”. Nea ԑne no bɔ abira no, Bible no ka fa onipa ho na ԑnyԑ ɔsom bi ne Nokware no, afei wɔ Yohane 14:6 Yesu pae mu kae sԑ Mene …Nokware no, afei wɔ ne mpaebɔ mu no, Ɔkae sԑ… “ w’asԑm yԑ Nokware” (Yohane 17:17 Wiase Foforo Nkyerԑase -WFN)

Hena ne Ɔteasefo “Asԑm”… Hena ne “Nokware”? Yohane 1:14 ka sԑ … Asԑm no bԑyԑԑ ɔhonam ne yԑn traae na yehui N’anounyam, anounyam a ԑte saa yԑ Ɔba a Agya woo no prԑko, fii Agya no nkyԑn. (Yohane 1:14 WFN) Ԑnyԑ sԑ yehu Yesu a woada no adi wɔ kyerԑwnsԑm mu sԑ Nokware no” nkutoo, na mmom Yesu pae mu kae wɔ Yohane 5:39-40 sԑ kyerԑwnsԑm a wɔkyerԑwee di ne ho adanse!

Ɔsomafo Petro anka sԑ “dԑn” ԑnna yԑnkɔ ne nkyԑn? Dabi! Ɔkae sԑ Awurade “Hena” ԑnna yԑnkɔ ne nkyԑn? Wo (Yesu) wɔ nsԑm a ԑma daa nkwa” (Yohane 6:68 WFN) Petro huui sԑ Kristo mmaae, sesaan Onyankopɔn nhyehyԑe a ԑnam Ahyehyԑde (Yudafo akwan) so maa ԑsakrae begyina Ne Ba Yesu Kristo so tēē (Hebrifo) ne Ne Honhom Kronkron akwankyerԑ so (Yohane 16:13). Enti, yennhia Ɔsɔfodi Ahyehyԑde a ԑde yԑn kɔ Onyankopɔn Yehowa anim. Seesei yԑwɔ ɔkwan tēē a ԑyԑ Yesu Kristo a Ɔne Ɔsɔfopɔn ne ntamgyinafo wɔ yԑne Onyankopɔn ntam (Hebrifo 7:25-26, 2 Timoteo 2:5)

 

SO ƆWԐN ABAN NO DE NNIPA KƆ “NOKWARE NO” NKYԐN?

Sԑ anka ɔde nnipa bԑkɔ “Nokware no” nkyԑn no, Ɔwԑn Aban no de ne ho asi Kristo ananmu denam ka a ɔka sԑ Yesu yԑ Yehowa Nyankopɔn ne ɔman Yesrael honhom fam nnipa 144000 nkutoo ntamgyinafo na ԑnyԑ adesamma nyinaa” Ɔyԑ ntamgyinafo ma Yehowa Nyankopɔn ne Honhom fam Yesrael ɔman a ԑyԑ nnipa a wɔn dodow yԑ 144,000 pԑ. (Worldwide Security Under the Prince of Peace” 1986, pg 10) Sԑ anka ɔbԑhyԑ Yehowa Adansefo nkuran sԑ wɔnkɔ Yesu nkutoo nkyԑn efisԑ Ɔno ne “Nokware no” ne “daa nkwa” (Yohane 10:28, 14:6) no, Ɔwԑn Aban no pae mu ka sԑ n’ahyehyԑde no ne “Nokware no” nkutoo, afei nso ɔka kyerԑ Yehowa Adansefo sԑ ԑsԑ sԑ obiara ba ahyehyԑde no mu ansa “woannya nkwagye” (Ɔwԑn Aban November 15, 1981, kratafa 21) Ɔwԑn Aban no ka sԑ “baabi biara nni hɔ a obiara kɔ a obenya Yehowa nhyira ne daa nkwa. (Ɔwԑn Aban November 15, 1992 kratafa 21) nanso eyi nnyԑ nokware.
Ԑnyԑ sԑ Ɔwԑn Aban no si Yehowa Adansefo kwan ma wɔnkɔ Yesu nkyԑn sԑ wɔn ntamgyinafo ne nkwamafo nko, na mpo Ɔwԑn Aban no si ho kwan a wɔwɔ sԑ Yehowa Adansefo benya Yehowa anim dom esiane sԑ ɔka sԑ Yehowa Adansefo nyinaa nni “Apam foforo” no mu, afei nso Onyankopɔn mma abusua a Honhom Kronkron awo wɔn no, wɔnnka ho. (Ɔwԑn Aban February 1, 1998, kratafa 19-20) Romafo 8:8-9 pae mu ka sԑ gyesԑ obi nya Onyankopɔn Honhom “awo no ” (Romafo 8:14-16) ԑnte saa ontumi nsɔ Onyankopɔn ani nakapԑsԑ wɔayԑ Kristo dea”. Enti, Ɔwԑn Aban nkyerԑkyerԑ mma Yehowa Adansefo nnya anidaso sԑ wɔwɔ Onyankopɔn anim dom anaasԑ daa nkwa!

SO ONYANKOPƆN DE NE NKURƆFO NAM AHYEHYԐDE SO BERE NYINAA A?

Suban foforo a edi akotere wɔ atorosom mu, ԑne sԑ wɔde wɔnho si hɔ sԑ ntamgyinafo ma wɔn akyidifo ne Onyankopɔn. Sԑ yԑbԑka a, Mormonsom a Yosef Smith da ano, Nkramosom a Mohammed da ano, New Age a Akannifo ne Honhom akyerԑkyerԑfo da ano, anaasԑ Yehowa Adansefo a wɔn a wɔfrԑ wɔnho “Akoa Nokwafo ne Ɔbadwemma”Ahyehyԑde da ano, da adi sԑ Satan akwan a ɔfa so bere nyinaa nsakrae. Nanso, Bible no ka sԑ “Na mo de Honhom nsra a munyae fii Ne hɔ no te mo mu, na monnhia obiara a ɔbԑkyerԑkyerԑ mo efisԑ Honhom nsra a moanyae afi Ne hɔ no ԑrekyerԑkyerԑ mo nneԑma nyinaa, na ԑyԑ nokware ԑnyԑ atoro, sԑnea wɔakyerԑkyerԑԑ mo no motena ne mu ne nea ɔkyerԑkyerԑԑ no mu” -1Yohane 2:27 WFN. Yennhia Ahyehyԑde sԑ ɔnkyerԑkyerԑ yԑn Honhom fam nokware efisԑ yԑwɔ Kristo ne Honhom nsra a efi Onyankopɔn Honhom Kronkron sԑ ɔkyerԑkyerԑ yԑn, sԑnea na ԑte wɔ afeha Akristofo fam no. Onyankopɔn Honhom Kronkron ne “Ɔkwankyerԑfo”a ɔde yԑn kɔ Nokware nyinaa mu –Yohane 16:13

Nea ԑne Ɔwԑn Aban Ahyehyԑde pae mu ka nnhyia no, sԑ yԑkɔ kyerԑwnsԑm no mu a, yehu sԑ na “Sodikuw” biara nni Yerusalem a ɔkyerԑe afeha Yesu akyidifo no kwan. Asafo ne ankorankoro yԑ nea Honhom Kronkron ԑnna ԑkyerԑkyerԑԑ wɔn kwan sԑnea kyerԑwnsԑm a edidi so yi ma yehu:

  • Asomafo Nnwuma 13:2-4, yehu sԑ Honhom Kronkron kyerԑe Asafo a ԑwɔ Antiokia kwan maa wɔsomaae Paulo ne Barnabas wɔ wɔn asԑmpatrԑw akwantu a edi kan a woangye akwansrԑ afi Sodikuw biara a ԑwɔ Yerusalem hɔ.
  • Bere a wosianee fii asԑmpatrԑw akwantu no baae, wɔ Asomafo Nnwuma 14:26-28, Paulo ne Barnabas amfa kyerԑwtohɔ biara ankɔma Sodikuw biara wɔ Yerusalem, na mmom Asafo a ԑwɔ Antiokia a ԑsomaae wɔn no nkyԑn na wɔkɔe.
  • Saa ara nso na, wɔ Asomafo Nnwuma 18:22, yehu Paulo ne Silas sianee fii asԑmpatrԑw akwantu a ԑto so abien no wɔkɔe Asafo a ԑwɔ Antiokia nkyԑn na ԑnnyԑ Sodikuw a ԑwɔ Yerusalem. Wɔ Asomafo Nnwuma 18:23 Paulo san kɔe n’asԑmpatrԑw akwantu ԑto so abiԑsa fii Antiokia a woannye akwankyerԑ amfi Yerusalem. Enti sԑ Sodikuw wɔ Yerusalem a, ԑnde na wɔn adwuma ԑne sԑn?
  • Hena na ɔsomaae Filipo wɔ Asomafo Nnwuma 8:5 sԑ ɔkɔka asԑmpa no wɔ Samaria? Asomafo a wɔwɔ Yerusalem nnim ho hwee kosi sԑ wɔ nkyekyԑm 14 bɔɔ amanneԑ sԑ akyiri na Asomafo no tee wɔ Yerusalem sԑ Samariafo no agye Onyankopɔn asԑm no. Wɔ Asomafo Nnwuma 8:26, 29 ne 40, yԑkenkan sԑ Honhom Kronkron ne nea ɔkyerԑe Filipo kwan maa ɔkɔe Samaria asasesin mu kɔkae asԑmpa no.
  • Henan a osiwee Paulo ne Silas kwan sԑ mma wɔnnka asԑmpa no wɔ Asia wɔ Asomafo Nnwuma 16:6-7? Na ԑyԑ Sodikuw a ԑwɔ Yerusalem anaasԑ na ԑyԑ Yesu Honhom Kronkron”?

Sԑnea yԑahu wɔ nsԑm a ԑwɔ atifihɔ no, na ԑyԑ Yesu Honhom Kronkron no ԑnna ԑkyerԑe asԑmpaka adwuma a afeha Kristofo no kae kwan, nanso dԑn ne nsԑm a Ɔwԑn Aban gyina so de foa ne nkyerԑkyerԑ sԑ na Sodikuw bi wɔ Yerusalem no? Wɔ Asomafo 15, Paulo ne Barnabas kɔe Asomafo ne Mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem nkyԑn kosiesiee akyinnyegye a ԑbae amanaman mufo ne Yudafo no ntam wɔ twetiatwa ho, enti wɔ Asomafo Nnwuma 16:4, Paulo ne Silas de “gyinae” a Asomafo ne Mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem sii kɔmaae Kristo akyidifo no. So na eyi kyerԑ sԑ na Sodikuw bi wɔ Yerusalem? Ԑnte saa koraa?
Sᾱ yԑhwԑ Asomafo 15:1-2 no paa a, yehu sԑ akyinnyegye no bae bere a mmarima bi fii Yerusalem mpɔtam-a ԑyԑ Yudea ԑbae Asafo a ԑwɔ Antikio bԑpae mu kae sԑ, ԑsԑ sԑ agyidifo yi hia sԑ wotwa wɔn twetia sԑnea Yudafo amammerԑ te. So na ԑyԑ nwonwa sԑ wobԑkɔ Yerusalem akosiesie akyinnyegye a mmarima a wofi Yerusalem mpɔtam hɔ de aba no? Wɔ Asomafo Nnwuma 16, saa “gyinaesi” a Paulo ne Silas de kɔmaa asafo ahorow yԑ nea ԑfa twetiatwa ho pɔw a Asomafo ne Mpanyimfo bɔee. Biribiara nni hɔ a ԑkyerԑ sԑ “gyinaesi” no yԑ nea ԑfa asԑm foforo bi ho. Enti, yehu sԑ nnyinaso biara nni hɔ a Ɔwԑn Aban no gyina so ka sԑ Ahyehyԑde bi ho hia sԑ ɔkyerԑkyerԑ Onyankopɔn nkurɔfo kwan nnԑ.

ENTI HENA NE AKOA NOKWAFO NE ƆBADWEMMA NO?

Mateo 24:45-51, Yesu kyerԑkyerԑԑ akoa abien a ԑsono emu biara asԑyԑde a ne wura de no asi n’agyapade so, wɔ bere a woatu kwan. Bere a owura no san bae no, ohuui akoa biako sԑ woayԑ ɔnokwafo enti otua ne ka, de no sii n’agyapade nyinaa so. Akoa ɔfoforo no de, woannyԑ ɔnokwafo bere a ne wura bae, nti ɔtow no kɔkaa nyaatwomfo no ho.

Aba ԑwɔ Yesu ԑbԑ no mu ԑne sԑ yԑn nyinaa ԑsԑ sԑ yԑbɔ mmɔden yԑ “anokwafo” ma yԑn Awurade, na saa yԑn Hene Yesu bԑfa N’asomfo a woahu yԑn sԑ yԑyԑ anokwafo na watua yԑn ka ne tumi a ԑkorɔn ne asԑyԑde bebree yԑanya. Biribiara nni ɔyԑsԑm yi mu a ԑkyerԑ sԑ “Akoa” nokwafo no yԑ nkɔmhyԑ na Bible no hyԑe faa Ahyehyԑde bi a Yehowa de besi N’agyapade so.

Nea ԑne no bɔ abira no, sԑnea obiara betumi ayԑ akoa bɔne kuw no mu ni, sԑ woannyԑ ɔnokwafo amma Onyankopɔn a, enti obiara betumi abԑyԑ “akoa” anokwafo kuw no mu ni sԑ ɔyԑ ɔnokwafo wɔ adwuma a Honhom Kronkron no de ama no.

Nokwasԑm sԑ, yԑde yԑn kra to asiane kԑse mu sԑ yԑde yԑn daa nkwa ho adwuma hyԑ nnipa akwankyerԑfo nsa sԑ wɔmmɔ ho ban a. Bible no ka sԑ “Nnome nka onipa a ɔde ne ho too ɔdesani so na ɔde ɔhonam yԑ no ahoɔden”-Yerimia 17:5 Ɔkwan biako nkutoo a yebetumi de yԑn koma bԑto ahwehwԑ daa nkwa ne Honhom mu nsԑm Nokware yԑ Yesu Kristo. Ɔka sԑ Mene ɔkwan no, ne Nokware no, ne Nkwa no, obiara mma Agya no nkyԑn, gyesԑ ɔnam Me so”- Yohane 14:6

Print Friendly, PDF & Email

This post is also available in: Spanish Portuguese Czech Italian Borɔfo