1. Bɛyɛ yɛn Sika Fam Yɔnko Boafo
2. Bɛka Yɛn Internɛt Dwumadi So Mpaebɔ Kuw Ho
3. Bɔ Yɛn Internɛt dwumadibea ho Dawuru wɔ wo hɔnom atesɛm krataa so ne “Facebook, ne Blog Sites” foforo biara so.
4. Atuhoama Asekyerɛfo-Yɛde Yɛn Nsɛm Kɔ aman Fororo Kasam
5. Bɛka yɛn interneɛt dwumadi a ɛyɛ Wɔn a Woafi Yehowa Adansefo mu boafo kuw a woboa afoforo
1. Bɛyɛ yɛ Sika Fam Yɔnko Boafo
Yɛn ani sɔ sɛ yɛanya hokwan abɛyɛ dwumadi 501 (c) 3 a yɛmpɛ mfaso gyinabea wɔ afe 2004 mu fii ‘IRS’ hɔ. Ntoboa nyinaa a woyi ma ɔsom adwuma yi, yetua ho tow. Te sɛ ɔsom adwuma ahorow no, ntoboa som bo kɛse ma yɛkɔ mmea ahorow kɔboa. Saa Awurade ka wo koma sɛ bɛyɛ yɛn som adwuma yi sika fam yɔnko boafo a, mia “Yi Ntoboa” ɛwɔ atifi hɔ so hu nsɛm pii. Wo mmoa wɔde boa yɛn som adwuma kowie mmea ahorow ɛwɔ ase ha no:
Sɛnea Wobɛboa Yɛn Sika Fam-Sɛnea Wo Ntoboa Ka Afoforo Asetram
2. Bɛka Yɛn Internɛt Dwumadi So Mpaebɔ Kuw Ho
Mia ɛha hu Kyerɛwnsɛm a wode bedi dwuma wɔ Mpaebɔ mu ma wo Yehowa Adansefo nnamfo.
Efesofo 6:12 si so dua sɛ “…yɛnkō ntia ɔhonam ne mogya, mmom yɛne atumfoɔ, tumidi, wiase sum yi atumfoɔ, ahonhommɔne atirimɔdenfo a wɔwɔ soro hɔnom”. Ne saa nti, yɛate internɛt mpaebɔ aboafo kuw ama wode woho adɔm na woanya nkuranhyɛ afi Kristofo afoforo hɔ wɔ mpae a wobɔ ma wo Yehowa Adansefo nnamfo ne mmusuafo.
Hu Pii Fa Yɛn Internɛt Dwumadi So Mpaebɔ Kuw Ho.
3. Bɔ Yɛn Internɛt dwumadibea ho Dawuru wɔ wohɔnom atesɛm krataa so ne “Facebook, ne Blog Sites” foforo biara so.
3. AKWAN WODE BƐBƆ YƐN INTERNƐT DWUMADIBEA HO DAWURU:
- Fa yɛn 4jehovah Nsɛmso Nkyerɛwde a ɛwɔ yɛn internɛt dwumadibea ho bɔ wo ‘Facebook anaa Blog site’ hɔ
- Tintim yɛn internɛt dwumadibea ‘4Jehovah’Ahyɛnsode Nkyerɛwde no na fa bata Ɔwɛn Aban ne Nyan Nsɛmma nhoma biara wohu wɔ petee mu
- Fa wo mpɔtam hɔ atesɛm krataa ne nhoma so bɔ ho dawuru
Hwɛ nea edidi so yi na hu pii fa sɛnea wobɛbɔ dawuru a etu mpɔn:
4Jehovah Nsɛmso ne Ahyɛnsode Nkyerɛwde
4. Atuhoama Asekyerɛ Adwuma-Yɛde Yɛn Nsɛmma nhoma Kɔ Aman Fororo Kasam
Yɛanya adesrɛde pii fa yɛn nsɛm ahorow a yɛde bɛkɔ aman foforo kasa mu. Yɛn nsɛm pii no yɛakyerɛ ase akɔ Spanish kasam, nanso yɛrehwɛ kwan sɛ yebenya atuhoamafo a yentua wɔn ka ma wɔakyerɛ ase akɔ kasa foforo mu. Saa wo anaa wonim obi a n’ani bɛgye ho sɛ ɔbɛboa yɛn akyerɛ yɛn nsɛm no ase afi Borɔfo akɔ kasa foforo a ɔnnye hwee a, yɛsrɛ wo ka kyerɛ yɛn. Yehia asekyerɛfo a wɔnho akokwaw na wobetumi abɔ nsɛm a wɔakyerɛ ase agu kɔmputa so (Microsoft Word Document) ama yɛn nso yɛde akɔ Borɔfo kasa no ara mu wɔ yɛn internɛt dwumadibea no so.
Mia ƐHA na ma yɛn Asekyerɛafo Kuw Kwankyerɛfo no mma wo nsa nka Atuhoama Nkyerɛase Dwumadi Kwa
5. Bɛka yɛn internɛt dwumadi a ɛyɛ Wɔn a Woafi Yehowa Adansefo mu aboafo kuw a woboa afoforo ho. (Borɔfo nkutoo)
Saa woyɛ Yehowa Danseni a woafi Ɔwɛn Aban no mu akɔhwehwɛ Bible nokware Yesu Kristo no na woagye Kristosom atom a, yɛn ani bɛgye ho sɛ wobenya kyɛfa wɔ internɛt dwumadi so boafo kuw a ‘meetup.com na ɛyɛ asoɛefo. Yɛrehwɛ kwan sɛ Wɔn Woafi Yehowa Adansefo mu no wɔ komapa sɛ wɔbɛboa afoforo a wɔn nso pɛsɛ wofi ahyehyɛde yi mu no. Yɛn internɛt dwumadi kuw wɔ nnipa bɛboro ɔha a emu pii apira honhom fam na wɔrehwehwɛ nokware kyerɛwnsɛm akwankyerɛ a ɛde wɔn bɛkɔ Yesu nkutoo nkyɛn akonya ayaresa a ɛnyɛ asɔre anaa ɔsom ahyehyɛde foforo bi. Esiane wɔn nkate nti, yɛpɛ sɛ Bible nokware nkyerɛkyerɛ bɛfi ɔdɔ, abotare ne adom kwan so. Saa wani gye Ɔsom adwuma yi ho na wopɛ sɛ woka yɛn- Wɔn Woafi Yehowa Adansefo mu aboafo kuw ho a KWA wɔ:
Wɔn Woafi Yehowa Adansefo Mu internɛt dwumadi so Nhyiam Boafo Kuw (Wɔn Woafi Yehowa Adansefo Mu a Wɔka Borɔfo Anuanom nkutoo)
This post is also available in: Spanish Portuguese Czech Italian Russian Borɔfo