Anna Marie – osuahu no a ama woafi Yehowa Adansefo no mu

annemarie

ANNA MARIE ADANSEDI NO

Ebia woahu no wɔ Ahenni Asa wonim saa ɔbaabun ahoɔfɛfo onuawa a ɔwɔ mmofra no. Onii a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛtete ne mma wɔ nokware no mu nkutoo. Nea wobuu no sɛ ɔmfata ɔkunu biara efisɛ biribi pa biara nni neho. Woyii no fii asafo no mu bere a wɔtoo no mmonnaa, Anne Maria awiei koraa nyaa ahofadi ɔkwan bɛn so? Wɔkyerɛkyerɛɛ no wɔ ne mmofraberem a woadi mfe anum (5) sɛ Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde no ne Nokware no. Awiei no, ohuui nokware ankasa no a ɛda nsow wɔ nokware no a woagye adi no akyi na obenyaa anigye wɔ Kristo mu, nea woahwehwɛ wɔ ne nkwa nna nyinaa mu.

bullets Anne Marie’s Article Corner

Ebia woahu no wɔ Ahenni Asa wonim saa ɔbaabun ahoɔfɛfo onuawa a ɔwɔ mmofra no. Onii a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛtete ne mma wɔ nokware no mu nkutoo. Nea wobuu no sɛ ɔmfata okunu biara efisɛ biribi pa biara nni neho. “Obiara rempɛ wo ne w’adesoa! sɛnea onuawa akwampae anuonyamfo bi kae kyerɛɛ me no.

Te sɛ mo mu bebree fam no, wɔtetee me wɔ me mofraberem sɛ Yehowa Danseni. Nokwarem no na me dɔ Yehowa wɔ m’asetra nyinaa mu. Na me dɔ Anuanom Mmarima ne Mmea na afei megyee dii sɛ (Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde) yɛ “NOKWARE NO”. Minyinee wɔ San Francisco bere a Vietnam Ɔko a Abibifo Amanyɔkuw (Black Pather), asesewfo ne “Hippie” Movement fii ase no, na me botowee sɛ me gyae “nokware no” bɛsɛe me wɔ ɔkwan bi so efisɛ mintumi “nnyɛ” adepa biara”. Bio nso, me yare wɔ fewdi ne atemmu ne Harmagedon ho suro a ɛnkyɛ ɛbɛba. Nanso yefunu ɛto anan a mefae wɔ mfe 19 (akyiri a me mma no papa gyaw yɛn hɔ wɔ afe 1974 awiei no) Yehowa Adansefo no bisaa me sɛ “dɛn nti na memma me mma awu efisɛ mempɛ sɛ m’asetra ne Yehowa trenee ahwehwɛde hyia? So wopɛ ANKASA sɛ wodi wo mma mogya ho asōdi?

Efi afe 1966 Ɔwɛn Aban no aka asɛmpa no besi nnɛ sɛ Harmagedon bɛba ANSA NA nsutɔ berem wɔ afe 1975 mu. Ɛnnɛ Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛgye akyinnye wɔ atoro nkɔmhyɛ yi ho nanso minim sɛ ɛyɛ nokware efisɛ na mewɔ Ɔwɛn Aban no nhyiam ase wɔ afe 1966 bere a “Harmagedon nkɔmhyɛ” foforo ho nkaebɔ baae ne ɛho nhoma (Life Everlasting In Freedom of The Sons of God). “Ɔkasafo no kae sɛ Nhoma yi di ADANSE sɛ “mmere yi” Ɔwɛn Aban Asafo anya Harmagedon da no pɛpɛɛpɛ. Ɔkasafo no kae kyerɛɛ yɛn sɛ Ɔwɛn Aban no ahyehyɛe kratafa anum nnidiso nnidiso wɔ nhoma no Ti a edi kan a edi adanse sɛ wɔyɛ nokware. Yiw! me kae eyi paa ɛne anigye a Yehowa Adansefo nnipadɔm mufo biara nyae de tɔɔ nhoma no ntɛmntɛm na ɔhwɛɛ nnidiso nnidiso nsɛm nhyehyɛe no.   (Click HERE for complete photocopied documentation from Watchtower publications regarding the 1975 false prophecy.)

Enti bere a anuanom mmea no ama masusuw sɛ Yehowa bɛsɛe me mma no gyesɛ mesan dɔm Ɔwɛn Aban Ɔsom no bio. Me fii ase kɔɔ nhyiam na misuae Ɔwɛn Aban no nhoma. Mede meho hyɛ afie ne afie asɛmpaka adwuma mu de bɔɔ Ɔwɛn Aban Harmagedon sɛe no ho kɔkɔ, na afei misuae ade pii sɛnea “mɛsɔ Yehowa ani” efisɛ mempɛ sɛ Yehowa bekum me mma. Ɛwom sɛ na ɛne mesusuwii nhyia, nanso mesan kɔ Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde no mu bio na metetee me mma no wɔ nokware no mu. “Na meyɛ Ɔwofo biako a midi hia a wɔsan di meho fɛw bere nyinaa. Mihui ɔtaa ne me mma “agyaka” a Anuanomm mmarima apo wɔn no sɛ ɛyɛ “Satan kwan a ɔpɛsɛ ɔtwe me fi Yehowa ho. “Mihui sɛ Yehowa adom me ama “ɔkwan bio” nti mebɔɔ meho mmɔden sɛ mɛyɛ Yehowa Danseni pa. Migyinae me nsɛnnennen ne m’ankonamyɛ ano mfe nyinaa mu. Ɛtɔ mmere bi a misusuw sɛ “Dɛn bɔne na mayɛ?” efisɛ “m’ani nnye” sɛnea ɛsɛ sɛ minya. Ɛyɛ misu na me bɔ mpae sɛ Yehowa mmoa me mma menyɛ “ɔdansefo pa”. Misusuwii sɛ biribi ɛnkɔ yiye wɔ m’abusua ketewa no mu efisɛ yɛnyɛ abusuafo a wɔde yɛ gyina asɛnka aguaso wɔ nhyiam ase.

Mmere pii na mihyia “suban bɔne” ne ɔtaa. Sɛ mfatoho no, mihui sɛ m’ayɛ “fewdi ade’ Ɛnna Onuawa biako kyerɛkyerɛɛ me mu sɛ efisɛ menware nti a (ɛne sɛ menni gyinabea sɛ ɔwarefo na minni okunu a ɔbɛbɔ me ho ban). Wobuu me sɛ “ade kwa” a ɛfata fewdi, mibuu me nsɛnnennen a anuanom  ma mefaam no nyinaa sɛ “ɛyɛ nsɔhwɛ a efi Satan nti migyinae ano, Nanso me gye di ankasa sɛ awiei Yehowa “piaa” me fii Ahyehyɛde no mu wɔ afe 1986 mu de gye me nkwa na wɔ saa bere no, na m’asetra nyinaa mafam no ama m’awiei sᾱ.

Mpo efi afe 1975 no, bere a na meresua ama m’asan ne Yehowa Adansefo asom no, minyae wɔnho “adwempa” nanso, esiane sɛ wɔaka akyerɛ me sɛ Satan bɛyɛ nea obetumi biara ama m’agyae Yehowa som ne Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde no, mibuu me adwenem keserenee sɛ ɛyɛ m’ankasa akwammɔne ne Satan “nnaadaa”….. Enti, mehyɛɛ adwenem keserenee so, sua ade pii efisɛ na mehwɛ kwan sɛ m’adwenem nnaa no befi meso. Nanso amma saa.

Awiei koraa mene me kyerɛkyerɛni no suae bɛyɛ mfe abien no mikae sɛ mente atenka pa sɛ mede meho bɛbɔ Ɔwɛn Aban Som agye asubɔ anya ahofama bio. Na Ɔkae kyerɛɛ me sɛ “Wiɛ wo ara nim sɛ ɛne “nokware no”. “Yehowa ayɛ biribiara ada N’abodwokyerɛ adi akyerɛ wo”. Ebia ɔretwɛn sɛ wo nso wobɛsi gyinae sɛ wobɛsom no, na ma No nhu sɛ wɔayɛ krado na gye asubɔ na wobehu anigye a worehwehwɛ no wɔ nokware no mu”. Wiɛ, me dwinnwen nea me kyerɛkyerɛni no ka kyerɛɛ me no na mebɔɔ ɛho mpae nanso biribi asesa, nti misii gyinae sɛ nea ɔkae no bɛyɛ nokware. Misii gyinae sɛ ɛmfaho atenka bɔne biare mete no mɛgye asubɔ wɔ ɔmantam nhyiam edi hɔ no ase. Bere a me gyina asubɔ atrae hɔ no na mete atenka bɔne na na mepɛ sɛ miguane fi nhyiam no ase na afei mene Yehowa adansefo nni hwee yɛ bio. Metee nka sɛ wɔadaadaa me bere a me gyee toom sɛ mɛgye asubɔ no, na bere a wɔde me hyɛɛ nsu ase no me bɔe Yehowa mpae sɛ ɔfa me bɔne nkyɛ me. Meyɛɛ nea metumi biara sɛ me bɛtra “nokware no” nkutoo mu efisɛ na mepɛ sɛ me mma no bewu wɔ Harmagedon sɛe esiane me koma bɔne nti.

Bɛyɛ mfe dubiako ne fᾱ a me bɔe mmɔden sɛ “mɛsɔ Yehowa Ani no nneɛma bɔne sii. M’adamfo kunu too me mmɔnnaa. Minim ɔne ne yere bɛyɛ mfe pii. Na ɛyɛ nea menhwɛ kwan koraa na ɛmaa meho “dwiriw” me. Okunu no bae me fie anɔpa edi hɔ no bere a me mma no ada wɔ ɔdan no soro no ɛnna ɔtoo hyɛɛ meso bio. Ɛmaa me adwene sɛe. Enti me gyae me mma a medɔ wɔn hɔ dee meho kosiee wɔ ahɔhodan mu nnafua anan. Na mepɛ sɛ mekum meho. Na m’adwene ayɛ basaa. Nea mitumi yɛe bere a mewɔ ɛhɔ no ɛne sɛ mɛnom nsᾱ, na masu ateɛteɛɛm. Na me yɛe eyi bɛyɛ nnɔnhwerew nsia toaso. Enti awiee koraa mekowie ayaresabea mpofirim esiane me nsᾱnom ama manya komayare nti.

Bere a me bae efie akyi no, mikae asɛm no kyerɛɛ Mpanyimfo, te sɛ nea mayɛ “bɔne a ɛyɛ anibere ne animguase” Wɔkae kyerɛɛ me sɛ ɛsɛ wɔne me yɛ nhyiam ama wɔatumi ne me asusuw nea mayɛ no, efisɛ Ɔmansi Sohwɛfo no reba ne nsrahwɛ wɔ dapɛn a edi hɔ no. Na me nipadua ayɛ titirititiri me fii ase hwɛɛ me mma no, ne nhyiam kɔ kosi da du no. Anuanom ne me hyiae bɛyɛ mprɛnsa ne mprenan so, na na wɔpɛ sɛ wonya nsɛm pii fi mehɔ. Na ɛyɛ abofono ne aniwu na mpo ɛyɛ ahometew. Na abeawa ahoɔfɛfo bi ka mmarima abiɛsa a woredi m’asɛm no ho, na mehyɛ atare nahanaha a ɛmaa me te nka sɛ meho gu hɔ nanso na menni obiara ka me ho, ɔboafo ne ɔwerɛkyekyefo bi.

Me gyinae wɔn nsɛmmisa ano kosii sɛnea mɛtumi na akyiri no misrɛɛ wɔn sɛ wotu me mfi asafo no mu na wɔmfa no sɛ ɛyɛ AGUAMMAMƆ na wotu me! efisɛ na mepɛ sɛ nsɛmmisa ne mpoatwa no to twa. Wobuae sɛ Oh dabi yɛmpɛ sɛ yebetu wo! Yɛpɛ sɛ Yehu na yɛte nea esii no ase. Nanso na ɛno yɛ den kyɛn mmɔnnaato no ne adwenemhaw a ɛsɛ sɛ me gyina ano no.

Wɔ saa nhyiam no mu no wɔsii nneɛma bi so dua kyerɛɛ me, sɛ Anuanom afa me ne me mma ayɛ wɔn adɔfo na “eyi ne aseda a mede maa wɔn “ sɛ “eyi ne nea wonyae wɔ ɔhaw no nyinaa wɔde brɛɛ me no”. Wɔsaa kae sɛ me yɛɛ mmea no animguasede na ɛno de aniwu ama asafo mmea din pa a wɔwɔ no” Mpanyimfo nhyiam no nyinaa dii bosome biako. Wɔ adapɛn abiɛsa a na meretwen sɛ Asafo Mpanyimfo besi meho gyinae no, mehwee ase na mefrɛɛ anuanom mu biako  a ɔka boayikuw no ho ( esiane sɛ twɛn ho ɛyaw nti) ebisae no sɛ wɔasi gyinae awiei. Ɔkae sɛ “Dabi”. Na ɔde kaa ho sɛ “Wonim sɛ saa yɛte Yesraelfo no mmere so a aka wɔbɛfa wo akɔ kurow no abɔten asi wo abo akum wo” (Na metee nka sɛ mfaso nni meso ma nti me ne no yɛe adwene).

Ɛwom sɛ Anuanom no tuu me fii Asafo no mu. Nanso meyɛɛ m’afam de siesie me mma ne nnamfo a wɔwɔ Asafo no mu no ntam. Mpo me suasuaa sɛnea wotu obi fi Asafo no mu a ɛte ma enti ɛne meho gyee. Bɛboro adapɛn a wɔka kyerɛɛ me sɛ Anuanom asi saa gyinae no wɔmaa me kwan maa me yɛe sɛ Adanseni a “mewɔ abrabɔ pa gyinapɛn” mibisae Mpanyimfo no mu biako (a ɔka boayikuw no ho ) ɛfa eyi ho na ɔkae kyerɛɛ me sɛ eyi yɛ nea ɛfata efisɛ tu a woatu me no nyɛ nea edi mū kosi sɛ wɔbɛma ɛho nkaebɔ, Wɔkae kyerɛɛ me sɛ mɛtumi ama mmuae wɔ nhyiam ase! (Na meyɛɛ!)

Awiei koraa, bere a Anuanom maa nkaebɔ no, na mete anim wɔ Ahenni Asa ne me mma, na Anuanom reyɛ dedee wɔ ho sɛ …ooo! Aaa! wɔn a wɔrehwɛ me ne wɔn a woreyi afoforo asotiri…Meyɛɛ nea mɛtumi nyaa Yehowa asotwe ho “adwempa” na me gyee toom. Bere a me fii nhyiam ase saa anadwo no, na ɛsɛ sɛ menantew bɛyɛ akwansin kilomita biako ne fᾱ wɔ esum no mu kɔ afie efisɛ obiara amma manforo ne Kar no bi.

Nanso bere a menantewee no, minyae anigye ne AHOFADI a mintumi nkyerɛkyerɛ mu. Merekɔ afie no, anammɔn biara mitu no, metee nka PA nkɔ ara wɔ Yehowa anim…Mewɔ asodwoe ne ANIGYE ! Mɛtumi aka akyerɛ wo sɛ saa na metee nka. Seesei bere de, minni adwene biara sɛ mɛfi “Nokware no” mu (Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde) ɛyɛ m’adwene paa sɛ mɛkɔso akɔ nhyiam…sɛnea mɛyɛ no daa no. (Satan renni nkonim! mene Yehowa wɔ abusuabɔ pa seesei! Na biribiara rensi me kwan da!) M’ASI ME BO sɛ mmɛyɛ nea Yehowa hwehwɛ afi mehɔ biara, na mɛpene asotwe biara ɔbɛfa de aka m’anim sɛnea mmɛfata N’anim dom… ɛmfaho sɛnea “onipa bɛdwen afa meho!!

Wiɛ, bere a nhyiam a edi hɔ no duu no, mesɔre fii me mpaso sɛ mereboaboaa meho, nanso na mintumi nsɔre, metee nka sɛ “Dabi! Metenaa ase simma biako, mayɛ basaa, na medwenee sɛ “Sɛn nkwaseasɛm  nni! na mesɔre bio. Nanso saa bere no na mete nka sɛ DABI! a ano yɛ den. Enti me bɔe mpae maa Yehowa sɛ ɔmmoa me menko ntia Satan. (Efisɛ eyi yɛ ɔkwan biako a ɔpɛsɛ ɔde daadaa me kɔ wiase no mu!) Nanso bere a mefii ase bɔɔ mpae no, metee nka sɛ Yehowa mpɛ sɛ mekɔ nhyiam no ase. Nokwarem, metee nka sɛ me mpɛ sɛ mɛkɔ Ahenni Asa hɔ koraa. Mihuu wɔ me komam sɛ ‘metee” Yehowa nne ampa, nanso mante nea enti a ɛnsɛ sɛ mesan kɔ Ahenni Asa hɔ… na mayɛ “aniwude” sɛnea Ɔpanyin no kae ɛno nti mesii gyinae sɛ mewɔ “Ne nsam” na maka ntam sɛ mmɛdi N’akyi… mpo sɛ biribi foforo kasa kyerɛ me”.

Mereka eyinom nyinaa efisɛ misuae nea Adanseni biara ahu ansa ɔrefi Asafo no mu sɛ yɛn asetena GYINA Yehowa so sɛ Ne Ba Yesu wui maa yɛn sɛ Ntamgyinafo ne yɛn nkwagye kwan (Ɛnyɛ onipa anaa ahyehyɛde) nti ɛsɛ sɛ yegyae sɛ yɛbɛma “onipa ho suro” asi yɛn kwan na afei yɛde yɛn gyidi hyɛ Yehowa mu ampa (Efisɛ dɛn na onipa betumi ayɛ yɛn?) (Nnwom 146:3) yɛbɛhu nea na Yesu repɛ akyerɛ bere a ɔkae sɛ: Mommra me nkyɛn mo a nsukɔm de mo na mobenya ahomegye ama mo kra (Mateo 11:28-30)

W’ani bebua na wobehu nea ɛkyerɛ sɛ wode woho bɛto Yehowa so! Nsuro sɛ wobesuro! Mmoa wɔ hɔnom. Wobetumi ayɛ! Anaasɛ wobetumi apaw sɛnea nnipa bebree ayɛ no sɛ wobɛtra Ahyehyɛde a edi huammɔ mu…esiane sɛ wopɔ wɔmpɛ sɛ wogyaw wɔn nti Nanso yɛn mu biara benyi neho ano wɔ ne a ɔpaw ne nea ɔyɛ. “Efisɛ yɛmu biara bɛsoa n’ankasa adesoa yɛn mu biara bebu n’ankasa akontaa (Galatifo 6:5) yɛntumi nka (yɛn mu biara ) sɛ yɛyɛe eyi esiane sɛ obi naa ɛmaa“yɛ yɛɛ eyi” anaasɛ” yɛ yɛɛ saa” efisɛ “Anuanom kae sɛ menyɛ anaasɛ ɛma mennyɛ….”kae sɛ ankorankoro nsusuwii ne eyi bɔ abira (a Ɔwɛn Aban taa bɔ yɛn kɔkɔ wɔnho) yɛ ANKORANKORO NSUWUWII!

Susuwi eyi ho: Mfa wo koma nhyɛ abirɛmpɔn anaasɛ ɔdesani a nkwagye biara nni no mu. afei enni onipa nsam sɛ obetutu n’anammɔn, mpo sɛ ɔbɛkyerɛ n’anammɔn tutu kwan” (Yeremia 10:23) Kae sɛ sɛnea wosom bo ma Yehowa kɛse paa maa ɔde ne Ba ɔwoo no koro pɛn mae!” Me gyee dii sɛ wobɛkae sɛ wobɛ KASA akyerɛ Yehowa ankasa… wɔ biara mu! Kae sɛ ɛsɛ sɛ yenya “Neho “osuro pa” Nya gyidi” Wo sombo kyɛn nkasannomaa bebree!

Mmere bi wɔ ho a m’ani nnye sɛ mɛka ɔkwan ne nea nti a mefii Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde no mu akyerɛ obiara. Nanso mika me suahu efisɛ minim sɛ nnipa bebree wɔ hɔnom a wɔn de nnyɛ koraa. Mepɛ sɛ wohu sɛ ɛnyɛ wɔn ko. Mɛbu m’ani agu “aniwu” so aka “nokware no” na mabɛn wɔn a wɔkɔso hu amane wɔ Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde no mu na wɔdwen sɛ biribi atɔ “kyima” wɔ wɔn FAM.

Bio nso, na misusuw sɛ biribi atɔ kyima wɔ ME fam. Bɛboro mfe 13 akyi mefii Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde no mu no metee nka sɛ “wɔwɔ (Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde) “nokware no”. Edii mfe 13 ansa Onyankopɔn ahu sɛ mayɛ krado sɛ “m’ani so bɛte me na m’akenkan “Nokwae No. Nhoma: “Ahonim ntawntawdi (Crisis of Conscience) a Ɔwɛn Aban kan Sodikuw muni, Raymond Franz tintimii (Nhoma obuee m’ani wɔ nokwaredi ankasa a ɛnkɔso wɔ Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde no Dwumadibea Ti hɔ no a yennim)

Bere a mikenkaan saa nhoma no wiee na mesan yɛe nhwehwɛmu huu adanse a ɛyɛ aniwu a ɛfa Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde no ho nokwasɛm no, meyɛɛ krado sɛ mɛhwehwɛ nokware no ANKASA…efisɛ na minnim sɛnea ɛte anaasɛ beae a mɛhu no.

Awiei koraa mihui Kristo (nokware no ANKASA) (Yohane 14:6) denam mmoa ɔdomfo Yehowa Danseni Opanyin a wɔfrɛ no Dan Hall a woafi Ahyehyɛde no mu. Na ɔbɛn me bere biara a mɛyɛ ankonam no, mefrɛɛ no bisae no nsɛmmisa pii na me gyee akyinnye nanso onyae meho abotare. Awiei, na mayɛ krado sɛ mɛbrɛ meho ase asrɛ Yehowa sɛ ɔnkyerɛ me nokware no…. saa mpo etia nea magye adi sɛ ɛne nokware no wɔ Yesu din mu”.

Seesei, mahwɛ Kristofo dwumadi ahorow na m’atie ɔkwan a wɔakasa afa sɛnea “mɛbisa Yesu” ama wɔabɛtra me komam, nanso mannye wɔn anni efisɛ m’abɔ saa mpae no mpɛn pii, a mehwɛ kwan sɛ saa “ade soronko” a mahu sɛ Kristofo no bi wɔ no… nanso me nkutoo de me nsa nnka. Ne saa nti, bere kɔ bere no Ɔwɛn Aban nkyerɛkyerɛ no san gyee m’adwene sɛ saa Kristofo no yɛ atoro Kristofo, wɔn nyinaa yɛ atorofo ne nnaadaafo. Nanso, na metumi hu asomdwoe ne abotɔyam a ɛwɔ saa Kristofo no anim a me nso mepɛ ankasa sɛ mɛnya saa atenka a ɛbɛma mayɛ sɛ wɔn.

Wiɛ, bere a Dan ne me kasae wiee, na m’abɔ mpae asrɛ Yehowa wɔ ahobrɛase mu sɛ ɔnkyerɛ me nokware no “ɛbaa mu”. Ɛnyɛ MPOFIRIM atenka kɛse ne Abɔfo torobɛnto nne, na mmom, me koma mu nsakrae. Minim! Mahu saa Yesu no ne nea saa Kristofo aka nyinaa sɛ ɛyɛ nokware ANKASA.

Adapɛn abien akyi, mihyiae Christy (nea offii Dwumadibea yi ase no) wɔ wɔn a woafi Yehowa Adansefo Aseda Nhyiam… na sɛnea ɔsombo maa me!Yedii nnɔnhwerew kosii anadwo bere de kasae faa nea ɛkyerɛ sɛ wobehu Kristo na mahu sɛ ne mogya no ɛboro m’ankasa bɔne a m’ayɛ ho ka na afei m’atraa Ne dom mu da biara da. Mehyiae Kristo wɔ nhyiam no ase wɔ August 2003, na wɔ saa nnaanu nhyiam no, mihuu sɛ me koma ahyɛ mᾱ wɔ anigye ne ahosɛpɛw mu. Na mpo mihui sɛ m’anim hwɛbea asesa. Yiw! Saa asomdwoe ne abotɔyam a m’ahwehwɛ no seesei mahu sɛ me nsa aka.

Nnansa yi me bɔe mmɔden sɛ mɛka anigye a manya yi ho asɛm akyerɛ Yehowa Danseni bi a wonnim Yehowa nkwagye nsiesie no. Mikae kyerɛɛ no sɛnea m’ani agye ne asomdwoe a mewɔ wɔ saa bere a mihuu Yesu Kristo (ne nea N’afɔrebɔ nyinaa kyerɛ ne anigye ɛyɛ sɛ wɔbɛto ayeyi nnwom sɛ Awurade, na obisae me sɛ: “Nanso wobɛyɛ dɛn akamfo Yehowa saa wonkɔ Ahenni Asa nhyiam a” Na Mibuae no sɛ “Wɔ ahome biara a me gu ne me koma anisɔ biara no”.

Me gye di sɛ da koro bi wo nso wobɛba abehu Yehowa Nyankopɔn Nkwagye nsiesie, nso!!

 

Print Friendly, PDF & Email

This post is also available in: Spanish Portuguese Czech Italian Russian Borɔfo