“..na yɛwɔ ne mu nea ɔno yɛ Nokware, ne Ba Yesu Kristo. Eyi yɛ nokware Nyankopɔn ne nkwa enni awiei”-1 Yohane 5:20 WFN
“Monsɔ monho nhwɛ nhu sɛ mowɔ gyidi no mu, mopɛɛpɛɛ momu nhwɛ Anaasɛ monhuu wɔ momu sɛ Yesu Kristo te momu– nokware sɛɛ gyesɛ moanyɛ saa nhwehwɛmu”-2Korintofo 13:5 WFN
So Nokware no yɛ Onipa anaasɛ Ɔsom?
“Yesu kae kyerɛɛ wɔn sɛ: Mene ɔkwan no ne nokware no ne nkwa no Obiara mma Agya no nkyɛn gyesɛ ɔnam Me so”-Yohane 14:6 WFN
Hena ne Nokware no?
“Tew wɔnho denam nokware no, w’asɛm yɛ nokware”-Yohane 17:17 WFN
“Enti Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam ne yɛn traae na yehui N’anuonyam, anuonyam a ɛyɛ ne Ba a ɔwoo no prɛko no dea a efii Agya no hɔ”-Yohane 1:14 WFN
So Petro kae sɛ Dɛn anaasɛ Hena nkyɛn na yɛnkɔ?
“Simon Petro buae No sɛ Awurade hena nkyɛn na yɛnkɔ? Efisɛ Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm”-Yohane 6:68 WFN
So Woaba Nokware No ankasa Nkyɛn?
“Morehwehwɛ kyerɛwnsɛm no mu, efisɛ mosusuw sɛ denam saayɛ so mubenya daa nkwa na eyinom ne dekode a ɛsan di meho adanse. Nanso, mompɛ sɛ moba Me nkyɛn na moanya nkwa”-Yohane 5:39-40 WFN
This post is also available in: Spanish Portuguese Czech Italian Borɔfo