“Kristo Hela Kyerɛwnsɛm, Apam Foforo no…tete nsaano nkyerɛwee a efi Mateo nhoma kosi Adiyisɛm a yɛwɔ no nnɛ mu biara nni hɔ a Onyankopɔn Din no puee wɔ pefee”-Divine Name that will Endure Forever 1984, kratafa 23
Saa Kristofo Wodii kan no de Onyankopɔn din dii dwuma a, ɛnde adɛn nti na enni bɛboro 5000 Hela nsaano nkyerɛwee nyinaa a yɛwɔ no nnɛ a ebi fii bɛyɛ afeha abien a abɛsen kɔ no mu? Adɛn nti na ayera afi bɛboro 3600 Kyerɛwnsɛm nyinaa no bi a woyiyii de foa nsɛm so a Asɔre no Agyanom a wodii kan ansa na afeha anan no de dii dwuma no mu?
“Biribi sii a ɛmaa Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ansa na afeha anan no mu no Onyankopɔn din no yerae fii mu anaa? Adanse no kyerɛɛ sɛ biribi sii”-The Divine Name That Will Endure Forever, kratafa 24
Saa biribi a ɛsom bo kɛse te sɛ Onyankopɔn din yerae fii Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mu a, ɛnde na Onyankopɔn antumi anni ne bɔhyɛ a ɛne sɛ Ɔbɛbɔ N’asɛm ho ban na ansɛe no?
“…na yɛn Onyankopɔn asɛm de, ebegyina akosi daa…ɔsoro ne asase betwam nanso M’asɛm de eretwam ɔkwan biara so da”–Yesaia 40:8, Mateo 24:34 WFN
This post is also available in: Spanish Portuguese Czech Italian Borɔfo