Yehowa Adansefo bara mogya wɔtwe gu nipaduam

jwgodsname.:DƐN NTI NA YEHOWA ADANSEFO PO MOGYA WƆTWE GU NIPADUAM?-So Wɔbarae Nnuru Wɔde Si Nyarewa Kwan (Vaccination) ne Honam Akwaa Wɔsesa (Organ Transplant)?

“Mani gye Yehow a Adansefo Som ho, nanso meho pere me sɛ mehu nea enti a Yehowa Adansefo mpene mogya wɔtwe gu nipaduam so. Minim Bible nkyekyem a ɛka fa mogya ɛnsɛ sɛ yedi ho, nanso wobetumi akyerɛkyerɛ nea enti a mogya a wodi kyerɛ mogya wɔtwe gu nipaduam? Mate nso sɛ Yehowa Adansefo barae nnuru a wɔde si nyarewa kwan ne honam akwaa wɔsesa . Ɛyɛ Nokwarɛ?”

YƐ MMUAE:

Damfo Ɔdɔfo,

Wɔ asɛmmisa no yɛ nea ɛtɔ asom efisɛ abirabɔ kɛse wɔ sɛnea Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ Bible akenkan a ɛkasa tia mogya a wodi ne mogya a wɔtwe gu nipaduam ankasa ntam. Yudafo mapa no yɛɛ nnipa a wɔyɛ ahwɛyiye sɛ wobedi Kyerɛwnsɛm eyinom a ɛwɔ Mose mmara no mu so kyɛn Yehowa Adansefo no koraa. Nanso, woatwetwɛn wɔnan ase sɛ wɔbɛgye mogya, afei Kristofo asafo nyinaa ne Ɔsom akuw a wɔka sɛ wodi Bible nnyinasosɛm so no, Yehowa Adansefo Ɔsom no NKUTOO ne Ɔsom a ɔkyerɛ sɛ Bible nkyekyem eyinom (Genesis 9:3-4, Levitikus 17:10, Asomafo Nnwuma 15:28-29) kasa fa mogya a wodi denam nipaduam a wɔtwe gu, a ɛnyɛ mogya a wodi ankasa sɛ aduan.  

NSAKRAE ƐWƆ ƆWƐN ABAN AYARESA MMARAHYƐ MU:

Mogya wɔtwe gu nipaduam a wɔbara no nyɛ ayaresa gyinaesi a Yehowa Adansefo Som no akyinkyim Kyerɛwnsɛm de afoa wɔn adwene soronko no so nko. Ɔwɛn Aban Asafo kasae tia nnuru wɔde si nyarewa kwa sɛ ɛyɛ “Ɔbonsam nneyɛe” ne honam akwaa wɔsesa sɛ “nnipanam we nneyɛe”. Hwɛ nsɛm a yɛafa afi Ɔwɛn Aban Asafo Nhoma a edidi so mu:

  • NNURU WƆDE SI NYAREWA KWAN, WƆPOO FII AFE 1921 KOSII 1952.
    • Afe 1921:  “Nnuru wɔde si nyarewa kwan nyɛ hwee na afei entumi da, na ɛyɛ atirimɔden nneyɛe papaapa… Yɛte nna edi awiei mu, na nkakrankakra ɔbonsam redi nkogu, afei Ɔyere neho denneennen sɛ Ɔbɛyɛ biribiara obetumi de asɛe nneɛma, na saa ɔbɔnefosɛm ho nkamfo nyinaa yɛ no de. Fa mmara hokwan a wowɔ sɛ Amerikani no kōtia Ɔbonsam nneyɛe a ɛyɛ nnuru wɔde si nyarewa kwan no daa”-The Golden Age, October 12, 1921, kr. 17
    • Afe 1952: So nnuru wɔde si nyarewa kwan kōtia Onyankopɔn mmara ɛbara mogya ɛkɔ nipaduam? … Bere a yesusuw asɛm no ɛbɛdaa adi sɛ entia daa apam a Onyankopɔn ne Noa yɛɛ wɔ kyerɛwtohɔ a woayɛ wɔ Genesis 9:4 na mpo Onyankopɔn mmara ɛwɔ Levitikus 17:10-14. Nokwarem no, ntease pa biara nnim anaa Kyerɛwnsɛm mfoa so na afei ɛnkasa ntia sɛ saa wɔma obi nnuru a wɔde si nyarewa kwan no na woadi anaasɛ woanom mogya, te sɛ mogya wɔtwe gu nipaduam. Nnuru wɔde si nyarewa kwan nni abusuabɔ ne nsɛdi biara anaasɛ ɛnyɛ sɛ “Onyankopɔn mma” wɔyɛ Abɔfo a wɔne nnipa mmabea dedae sɛnea woayɛ kyerɛwtohɔ wɔ Genesis 6:1-4, Na mpo sɛ yebetumi de ɛno ato sɛnea woakyerɛkyerɛmu wɔ Levitikus 18:23-24, a ɛbara nnipa ne mmoa ntam adapaade. Ɛne adapaade nni twaka biara” –Ɔwɛn Aban December 15, 1952 kr. 764
  • HONAM AKWAA WƆSESA, WOBUU NO SƐ NNIPANAM WE FII AFE 1967 KOSII 1980:
  • Afe 1967: Biribiara nni kyerɛwnsɛm mu a ɛkasa tia ɔhonam akwaa obi de ma wɔ ayerasa ho nhwehwɛmu anaasɛ wobɛgye honam akwaa afi ɔfoforo hɔ? Beae a ɔhonam akwaa no bi asɛe anaasɛ ɛnyɛ adwuma no, ɔkwan a wɔsan siesie ne sɛ wɔbɛfa aduan nnuru ahoɔden so… Bere a nyansahufo sii gyinae sɛ ɔkwan yi nnyɛ adwuma bio na wosusuwii sɛ ɛsɛ sɛ woyi ɔhonam akwaa de nnipa honam akwaa foforo hyɛ ananmu-eyi yɛ ɔkwan tiawa. Wɔn a wɔyɛ oprehyɛn ɛte saa no ɛtena ase wɔ onipa foforo honam mu. Eyi yɛ Nnipanam We. Nanso, bere a Onyankopɔn maa onipa kwan sɛ oni aboa nam Yehowa Nyankopɔn  amma kwan sɛ nnipa mmɔ wɔn nkwa ho ban denam onipa honam akwaa a wɔbɛwe, sɛ ebia yɛbɛwe wɔ yɛn anom anaa honam akwaa mu nyinaa anaasɛ ɛfᾱ bi a yɛbɛgye de asi yɛn de ananmu… Ebinom begye akyinnye sɛ nnuruyɛ nneyɛe a ɛfa ɔhonam akwaa wɔsesa wɔ oprehyɛn mu ɛnnɛ no yɛ nyansahu kwan kyɛn tetetee nneyɛe de. Nanso, ɛda adi sɛ nnuruyɛfo nyɛ nnipa a ɔkwan a wofa so yɛ nnuru nnya nkɔanim nsen nnipa akwaa wɔwe, sᾱ eyi ɛbɛyɛ adwene a wɔgye tom a”-Ɔwɛn Aban November 15, 1967, kr. 702
  • Afe 1980: “So ɛsɛ sɛ Asafo twe Kristoni a wɔabɔ asu na woagye ɔhonam akwaa wɔsesa te sɛ asaabo ne berɛbo asō? Ɛdefa ɔhonam akwaa wɔsesa te sɛ “tissue anaasɛ nnompe a efi onipa foforo hɔ ma obi, eyi yɛ asɛm a Yehowa Danseni biara mfa n’ahonim nsi ho gyinae. Kristofo binom bɛte nka sɛ wɔde onipa foforo honam akwaa bi anaa tissue si wɔn de ananmu a, ɛnyɛ nnipanam we… Kristofo komapafo afoforo nnɛ nso bɛka sɛ Bible no nkasa mfa nnipa honam akwaa wɔde yɛ ayaresa…Ebia wɔbɛgye akyinnye bio nso sɛ honam akwaa wɔsesa ne nnipanam we nyɛ ade koro esiane sɛ nea ɔde ne honam akwaa ma no “nnwu nnyɛ aduan. ….Kyerɛwnsɛm ahyɛde biara nni hɔ a ɛbara pefee sɛ ɛsɛ sɛ yɛpene onipa foforo honam akwaa so”-Ɔwɛn Aban March 15, 1980, kr. 31

jwgodsnameYebisa sɛ Yehowa Adansefo dodow ahe na wowui wɔ Asafo no adwene a okura sɛ honam akwaa wesesa yɛ nnipanam we. Yehowa Adansefo mmofra dodow ahe na wowui wɔ mmofraberem nyarewa ahorow a wotumi bɔ ho ban esiane sɛ Asafo no mpene nnuru wɔde si nyarewa kwan? Saa pɛpɛɛpɛ, na Ɔwɛn Aban Bible ne Nkratawa Asafo mmarahyɛ a ɛmma wɔpene mogya so ama Yehowa Adansefo a wonni ano awu esiane mogya wɔnnye nti wɔ bere a mogya nkutoo ne ɔkwan ɛwɔ hɔ a wɔfa so yɛ ayaresa a ɛbɔ wɔ nkwa ho ban. Afe, September 1999 Consumer Reports articles kae sɛ Mogya Wɔtwe Gu Nipaduam gye nnipa dodow bɛyɛ 10,000 nkwa da biara. Saa akontaabu no ma obi tumi hu Yehowa Adansefo dodow a wɔhwere wɔn nkwa ɛnam mogya a wɔnnye nti.

ASIANE NE NYAREWA ƐWƆ MOGYA WƆTWE GU NIPADUAM:

Yehowa Adansefo mpɛ pii twe adwene si asiane ebia ebetumi ama obi anya yare a ɛyɛ hu afi mogya asɛe mu, nanso “Consumer Reports Article a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no kyerɛ sɛ asiane ne nyarewa a obi benya yɛ ketewa kyɛn nnipa dodow a hyɛn ne ewimhyɛn akwanhyia kunkum wɔn. Nanso, mogya a wɔnnye nsonsuanso yɛ asiane kɛse ne owuo nsɛnnennen mmom, titiriw wɔ bere a “volume expanders” wɔde si home mframa a ekura mogya no ananmu.

SO KYERƐWNSƐM NO KASA TIA NNIPA MOGYA WƆTWE GU NIPADUAM?

Yehowa Adansefo no Mogya a wɔnnye no gyina Kyerɛwnsɛm adwene ɛyɛ mfomso so a ɛwɔ Levitikus 15 ne Asomafo Nnwuma 15:29 a wɔn baanu ka mogya a ɛnsɛ sɛ “wodi” ho asɛm. Kyerɛwnsɛm eyinom fapem no ka fa mmoa afɔrebɔ ho a, Onyankopɔn kasae kyerɛɛ Yesrael man no sɛ wohwie mmoa mogya no ngu fam efisɛ ɔhonam nkwa te ne mogya mu. Bere koro a wohwie mogya no agu no, Yesraelfo no nyae hokwan sɛ wonni mmoa a wɔde abɔ afɔre no.

Biribiara nni Kyerɛwnsɛm yi mu a ɛkasa fa Nnipa Mogya ho na mpo ɛnka mmfa mogya a wodi anaa mogya wɔtwe gu nipaduam ho, a mogya no si nipa foforo mogya ɛwɔ ne honam ananmu a ɛnyɛ nea wadi. Enti, yetumi ka sɛ Kyerɛwnsɛm a Yehowa Adansefo de foa mogya a wɔnnye so no yɛ nea ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia koraa.

Bio nso, nyansahufo asi so dua sɛ onii no “nni” mogya efisɛ mogya nam ntini mu wura nipaduam wɔ bere a mogya a wɔatwe agu nipaduam no yɛ adwuma te sɛ honamdua akwaa no bi na asi mogya a nipadua no ahwere ananmu wɔ oprehyɛn akwan so anaasɛ opira mu. Nipadua no nyam mogya, nti abusuabɔ biara nni kyerɛwnsɛm mmarahyɛ a ɛbara mmoa mogya a wodi no.

SO YEHOWA ADANSEFO NNURU WƆDE SI MOGYA ANANMU YƐ NNAM?

Yɛwɔ atesɛm amanneɛbɔ a ɛfa Yehowa Adansefo a wɔahwere wɔn nkwa ɛnam Ɔwɛn Aban mmarahyɛ a etia mogya a wɔtwe gu nipaduam. Saa wɔn oprehyɛn akwan a wɔmfa mogya nni dwuma yɛ nnam a, dɛn nti na bebree wu? Amanneɛbɔ baako a yɛate fa Ɛna a ɔwoe wiee no esiane awoɔ n’akyi nsɛnnennen maa ɔhweree mogya kɛse nti. 1. volume expanders asiananmu no a Ɔwɛn Aban mmarahyɛ de mae no antumi annye ne nkwa efisɛ “volume expanders” ntumi  mma ahome mframa sɛnea nipa mogya betumi . Ɛha nso, yehu nhwɛso pefee a mogya a wɔtwe gu nipaduam anka ɛgyee Ɛna no nkwa. Nanso, Yehowa Adansefo fa no sɛ Asiane a ɛyɛ “nokwaredi ho sɔhwɛ” na wɔka sɛ Ɛna no de ne nipadua asetra bɔɔ afɔre, ama woanya honhom asetra wɔ Yehowa nkyɛn. Yɛka sɛ eyi yɛ nea aboro so a afi Ɔwɛn Aban Kyerɛwnsɛm a woakyinkyim de ayɛ mmarahyɛ a akunkum nnipa bebree nkwa.

Yehowa Adansefo mpanyimfo mpɛn pii ba ayaresabea bɛhyɛ Yehowa Adansefo mmusuafo sɛ woni Yehowa Adansefo mmarahyɛ a ɛkasa tia mogya so. Bere a asɛnnibea asi gyinae sɛ Yehowa Adansefo mogya wɔmpene so mma wɔn mma nkwagye no wɔnnye ntom no, Yehowa Adansefo mpanyimfo abɔ mmɔden mpo sɛ wɔbɛhyɛ Abusuafo no ma woakō atia ayaresabea ne asɛnnibea mmara, denam wɔn mma a wowia wɔnho yi wɔn fi ayaresabea ho no. 2.

ƆWƐN ABAN NO MOGYA MMARAHYƐ BƆ NEHO ABIRA:

Nea ɛyɛ serɛw wɔ Ɔwɛn Aban no mprempren mogya a wɔnnye no yɛ abirabɔ kɛse ɛda adi, efisɛ woka sɛ mogya wɔtwe gu nnipaduam yɛ honam akwaa wɔsesa 3.  nanso wɔpene honam akwaa wɔsesa foforo biara so, gye sɛ mogya nko 4.  Dɛn abirabɔ? Wɔfa Kyerɛwnsɛm woakyinkyim a ɛwɔ atifi hɔ no nkutoo di adanse, nanso ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛnea wɔde saa Kyerɛwnsɛm no dii dwuma mfiase de kasa tia nnuru a esi Nyarewa kwan (Vaccination) a ɛnnɛ wogye tom. 5.

Bio nso, Ɔwɛn Aban no mpene mogya nkwa mmoawa fitaa (white blood cell) a wɔtwe gu nipaduam so, 6.  nanso Asafo pene nneɛma nyinaa ɛbom yɛ saa mogya nkwa mmoawa fitaa so. 7.  Afei nso, dɛn nti na abirabɔ wɔ saa gyinaesi no mu? Wɔka sɛ eyi yɛ“biribi”a ɛwɔ mogya mu a efi ɛna awotwaa mu kɔ akokoaa nipaduam. 8.   Nanso, wobu wɔn ani gu nokwasɛm so sɛ mogya nkwa mmoawa fitaa mu nyinaa nso fi Ɛna nkyɛn na ɛkɔ akokoaa nipaduam denam nufusu mu nnuru (“Colostrum”) so. 9.   Enti, ɛda adi sɛ Ɔwɛn Aban yɛ nyinyim wɔ adanse a ɔfaa ɛbɛfoa ne mmarahyɛ so na woapene ɛno so.

Yebetumi de nhwɛso pii a ɛyɛ nsɛnnennen a ɛwɔ Yehowa Adansefo mmarahyɛ ɛkasa tia mogya wɔtwe gu nipaduam a emu pii wɔ yɛn internɛt dwumadibea kyerɛwtohɔ ahorow ɛwɔ ase ha no mu. Ɛnyɛ sɛ yɛ Som Adwuma kasa tia Ɔwɛn Aban mmarahyɛ yi nko, na mmom Ɔwɛn Aba Ayaresa Liaison Boayikuw mufo a wɔyɛ Yehowa Adansefo Mpanyimfo aba abɛkasa atia mprempren Yehowa Adansefo mmarahyɛ a etia mogya wogye no baguam wɔ internɛt dwumadi so mpo.  Wobetumi ahu Yehowa Adansefo atuatewfo yi adwene wɔ yɛn internɛt dwumadibea yi so wɔ http://www. Ajwrb.org.  Sɛ Wopɛ Kyerɛwtohɔ pii a ɛpa Yehowa Adansefo mogya nsɛm nsɛm ho mtama afi yɛn internɛt dwumadibea, hwɛ:

bullets MOGYA WƆTWE GU NIPADUAM AHINTASƐM YEHOWA ADANSEFO NNIM-Nsɛmmisa 12 ɛfa Mogya Wɔtwe Gu Nipaduam ho

bullets DƐN NTI NA YEHOWA ADANSEFO WU SƐ ANKA WƆBƐGYE MOGYA

bullets NANCY OSUAHU -Sɛnea Ɔwɛn Aban Mmarahyɛ ɛfa Mogya Wɔtwe Gu Nipaduam ho Haw N’abusua.

bullets SO ONYANKOPƆN MMARA HWEHWƐ SƐ YENNYE MOGYA? ƐFᾹ 1 / EFᾹ 2II

===========

1. See The Charlotte Observer, Friday, June 25, 1999, p. 7

2. Hwɛ “Paul ne Pat Blizzard a woafi Yehowa Adansefo mu Osuahu wɔ: http://www.geocities.com/Heartland/2919/test.html

3. Hwɛ Nyan! August 22, 1999, kr. 31

4. Hwɛ Ɛbɛyɛ dɛn na Mogya Atumi Agye Wo Nkwa? 1990, kr.28

5.  Hwɛ Ɔwɛn Aban, December 15, 1952, kr. 764 (ɛwɔ atifi hɔ ) baabi Asafo no kyinkyim Kyerɛwnsɛm de sii mogya mmarahyɛ ne nnuru a esi nyarewa kwan na ɔsesae ne gyinaesi wɔ nnuru esi nyarewa kwan no.

6.  Hwɛ Ɔwɛn Aban, June 15, 2000 kr. 29

7. Hwɛ Ɛbɛyɛ dɛn na Mogya Atumi Agye Wo Nkwa, 1990, kr. 27

8. Hwɛ Ɔwɛn Aban, June 1, 1990, kr. 30-31

9. Hwɛ “Breastfeeding –A Guide for Medical Profession, 4th edition, By Ruth A Lawrence (Mosby-Year Book, Inc 1994, p. 154

Print Friendly, PDF & Email

This post is also available in: Spanish Portuguese Czech Italian Russian Borɔfo