So Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde No Yɛ “Ɔnokwafo ne Ɔbadwemma A”?

watchtower

Wↄ Mateo 24:45-51, Yesu kyerɛkyerɛɛ nkoa soronko abien (asomfo) a wↄn wura de wↄn sii n’afie agyapade so bere a ↄwↄ akwantuom. Akoa biako yɛe “Ɔnokwafo ne Ɔbadwemma” (Wiase Foforo Nkyerɛase-WFN) bere a ne wura fii akwantuom san bae no, nti ↄkamfoo no de no sii n’agyapade nyinaa so. Akoa ᴐfoforo  no de, woannyɛ ᴐnokwafo bere a ne wura bae, enti ↄtowee no kↄkaa nyaatwomfo no ho.

Bere a biribiara nni ↄyɛsɛm yi mu a ɛkyerɛ sɛ nsɛm yi fa nyamesom ahyehyɛde ho no, Yehowa Adansefo ka sɛ ↄyɛsɛm yi yɛ nkᴐmhyɛ nsɛm a ɛkᾱ fa ᴐwɛn Aban Ahyehyɛde no ho. Wᴐka de hoahoa wↄnho sɛ Yehowa Nyankopↄn na ɛpawee wↄn Ahyehyɛde no sɛ ↄnfa honhom fam aduan mma Onyankopↄn nkurↄfo wᴐawiei mmere mu denam nhoma ne nsɛmma nhoma bebree a woatintim so.

So Honhom fam aduan no a ᴐwɛn Aban no de ma wᴐ ne nhoma ahorow mu kyerɛ sɛ ↄfata sɛ “Akoa Nokwafo ne ᴐbadwemma a”, Onyankopↄn akwan a ↄnam so ne adesamma di nsawↄso? Ma yɛnhwɛ kyerɛwtohↄ no na yehu nea ɛkyerɛ.

1.WOAKYIKYIM ONYANKOPƆN ASԐM (Mmebusɛm 30:6): Ɔwɛn Aban no ka sɛ wↄn a wↄkyerɛɛ Wiase Foforo  Nkyerɛase no yɛ nnipa a wↄmpɛ sɛ wↄn din da adi, nanso nhwehwɛmu ama wↄn din abɛto gua, na ɛbae sɛ asekyerɛfo no yɛ  Sodikuw mufo a wonni nhomasua abodin a ɛbɛma woatumi atintim Bible Nkyerɛase a edi mū. Hela Animdefo aka no mpɛn pii sɛ ɛyɛ Nkyerɛase a ɛnyɛ nokware efisɛ wokyikyimii Bible nkyekyɛm ahorow pii maa ɛne Ɔwɛn Aban Gyidi hyiae, afei nso wode edin “Yehowa” hyehyɛe  Kristofoↄ Hela Kyerɛwnsɛm  mu a enni adanse biara wↄ Kristofoↄ Hela Nsaano Nkyerɛwee mu, maa enti wode nneɛma akᾱ Onyankopↄn Asɛm ho. So Yehowa bɛbata Ahyehyɛde a oyi na ↄsan de bi kᾱ N’asɛm ho?

2.ATOSԐM ABU SO WƆ NE NHOMA AHOROW MU (Tito 1:2): Ɔwɛn Aban nnye ntom sɛ wotintimii Russell abrabↄ mu nsɛm efisɛ wↄmpɛ sɛ nnipa hu sɛ Yehowa Adansefo a wodi kan no somee Russell. Enti wokataa wabakↄsɛm so de nsɛm yiyi wↄnho ano sɛ woamfa nhoma a emu nsɛm ne ahonhomsɛmdi wↄ twaka bi, afei  nso wodi atoro wↄ nsɛm  a Kristofo Agyanom Mpanyimfo a wodi kan kyerɛkyerɛɛ  ama woanya nnyinaso wↄ wↄn gyidi a ɛkyerɛ sɛ Nyankopↄn Baasakoro gyidi no fii abosonsom mu. So Yehowa a ↄyɛ Nokwaredifo no bɛbataa Ahyehyɛde a ↄnnka nokware ho?

3.WOBUU NNYINASO SԐ WƆNYԐ WIASE AMAMUI NO FᾹ NO SO (Yohane 18:36) Wↄ bere a wↄka sɛ Amanaman Nkabom Kuw (United Nations) gyina hↄ wↄ sɛnkyerɛnne kwan so sɛ “Aboa”a  ɛwↄ Adiyisɛm 17 no, Ɔwɛn Aban no de ne ho bↄe Amanaman Nkabom Kuw no mfe du. Woka bio sɛ woammfa wↄnho agye Wiase Kō Mmienu no mu, nanso wↄ krataa a wↄkyerɛwee kↄmaa Hitler wↄ afe 1933 mu no, wↄmaa ohui sɛ wↄtaa n’amammui nhyehyɛe no akyi. So eyi yɛ wↄnho a wommmfa nnye Amamui nsɛm mu anaasɛ ɛyɛ Nyaatwomyɛ?

4.ATORO NKƆMHYԐ (Deutoronomium 18:20-22) : Wↄ bere a Ɔwɛn Aban pae mu ka sɛ ↄyɛ Onyankopↄn Odiyifo na ↄkasa wↄ Yehowa din mu no, Ɔwɛn Aban aka nna ahorow bi sɛ wiase no bɛba nawiei, na mpo Kristo fii N’ahenni ase wↄ afe 1874. Saa atoro pae mu ka a ɛfa Yesu mmae ho no yɛ kↄkↄbↄ titiriw a Yesu maa N’akyidifo no hyɛe no nsow, bere a ↄkae sɛ “Atoro Adiyifo no bɛka eyinom wↄ awiei nna no mu no. (Kenkan Mateo 24:11, 23-24) Dɛn nti na Yehowa bɛpaw ekuw agyina n’ananmu wↄ bere a ↄreyɛ nneɛma pↄtee a Yesu bↄↄ kↄkↄ sɛ “Atoro Adiyifo bɛyɛ wↄ awiei nna no?

5.WOADI MOGYA HO FƆ (Yeremia 22:17): Ɔwɛn Aban no akyikyim Onyankopↄn Mogya mmara, na eyi yɛ no ama mmofra a wodi bem pii awuwu. Yehowa Adansefo ahwere wↄn nkwa a ɛnyɛ Ɔwɛn Aban nnansa yi mogya a wↄtwe gu nipaduam (Blood transfusion) a wↄabare mpo, na mmom ayaresa ahorow bi a wↄbarae mmere bi  a atwaam no, te sɛ ‘Hemophiliac Preparations’, ‘Vaccinations’ ne ‘Organ Transplants’. Eyinom nyinaa yɛ nea ↄgye tom nnɛ sɛ afei entia Onyankopↄn mogya mmara bio. Enti nnipa  wowuwui esiane Ɔwɛn Aban mogya ho mmara a ↄkyerɛkyerɛe a anwie pɛyɛ no, wui kwa a?

Saa yɛhwɛ nokware adanse a ɛkyerɛ sɛnea Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde adi mogya ho fↄ a, esiane Onyankopↄn asɛm a wokyimkyimii wↄ saa kwan yi so nti a, ɛsɛ sɛ obi bisa sɛ “ɛbɛyɛ dɛn na Ahyehyɛde yi afata paa sɛ Onyankopↄn ananmusifo wↄ asase so?”

 

NSAKRAE A ƆWԐN ABAN YԐE WƆ “NOKWARE” A WOTINTIMII HO:

Ɔwɛn Aban no gye tom sɛ ɛyɛ “aniberesɛm” sɛ ↄsom bi bɛyɛ nsesa wↄ ne gyidi atitiriw ho nkyerɛkyerɛ mu.  Ɔka sɛ “ɛyɛ aniberesɛm sɛ wↄde Onyankopↄn anaa Yesu begyina nkyerɛkyerɛ bi a ɛnyɛ nokware so na ama afoforo anya wↄnho ntease bi, na afei woahu akyiri sɛ saa ntease no a wogyina kyerɛwnsɛm so kae mfe bi a atwaam no yɛ mfomso, na woasan woakyi akↄfa gyidi a wodi kan kyerɛkyerɛɛ sɛ ɛyɛ mfomso no sɛ ɛno mmom na ɛyɛ nokware. Akristofo ntumi nyɛ ntanta- a wontumi nsi nsɛm pi wↄ mfitiase nkyerɛkyerɛ a ɛtete saa no. Dɛn ahotoso na obi betumi anya wↄ nnipa a wↄte saa no gyinaesi anaasɛ wↄn nokwaredi ho”?-Ɔwɛn Aban May 15, 1976, kratafa 298.

Ɔwɛn Aban no ka de hoahoa ne ho sɛ nkyerɛkyerɛ a ↄkamfo wↄ ne nhoma mu no yɛ “Nokware no”. Nanso, efii bere a Ɔwɛn Aban fii ase wↄ mfe 1879 tintimii nhoma no, woayɛ nsakrae bebree wↄ ne gyidi atitiriw no bi mu, sɛnea woahyehyɛ ɛho nsɛm wↄ ase ha no:

 

NSAKRAE A ƆWԐN ABAN YԐE WƆ “NOKWARE” A WOTINTIMII HO

GYIDI (AMANNE) GYINAESI A EDI KAN GYINAESI A ԐTO SO ABIEN GYINAESI A ԐTO SO ABIԐSA GYINAESI A ԐTO SO ANAN
So wobenyane Sodomfo no ? Yiw: Afe 1879 kosii afe 1951 Dabi: Afe 1952 kosii afe 1964 Yiw: Afe 1965 kosii afe 1988 Dabi: Afe 1988 de besi nnɛ
Atumfoↄ a wↄkorↄn wↄ Romafo 13:1 wↄn nnipaban Nnipa Nniso : Afe 1879 kosii afe 1929 Yehowa ne Yesu Kristo : Afe 1929 kosii afe 1962 Nnipa Nniso : Afe 1963 de besi nnɛ
Akoa Nokwafo ne Ɔbadwemma” wↄ Mateo 24 wↄn nnipaban Nnipa kuw : Afe 1879 kosii afe 1897 Obiakofo : Afe 1897 kosii 1928 Nnipa kuw : Afe 1929 de besi nnɛ
Ɔbↄfopↄn Mikael no Ԑnyɛ Yesu : Afe 1879 Ԑyɛ Pope no : Afe 1917 Ԑyɛ Yesu Kristo : Afe 1920 de besi nnɛ
So ɛsɛ sɛ yɛsom Yesu? Yiw : Afe 1879 kosii afe 1953 Dabi : Afe 1954 de besi nnɛ
Dɛn na na Yesu repɛ akyerɛ bere a ↄkae sɛ “eyi yɛ me nipadua”? Agyidifo no : Afe 1953 kosii afe 1955 N’akansa Honam nipadua : Afe 1956 de besi nnɛ
Kristo Ahenni no “mmae” no fii ase wↄ nna yi: Wↄ afe 1874: Afe 1879 kosii afe 1929 Wↄ afe 1914: Afe 1929 de besi nnɛ
So Yesu wui wↄ mmeamudua anaasɛ asendua so? Mmeamudua : Afe 1879 kosii 1935 Asendua : Afe 1936 de besi nnɛ
So Yehowa Adansefo wↄ ho kwan gye obi honam akwaa de si ne de ananmu? (Organ Transplants) Dabi . Ԑyɛ nnipa nam a wodi : Afe 1967 kosii 1979 Yiw: Afe 1980 de besi nnɛ
Wↄgyee Buronya ne Nnapↄna afahyɛ tom Yiw : Afe 1879 kosii afe 1926 Dabi : Afe 1927 de besi nnɛ
Wↄfoa Akodi ne Amanyↄsɛm so? Yiw : Afe 1879 kosii 1935 Dabi : Afe 1936 de besi nnɛ
Piramid kokuroo a esi Misraim (EGYPT) Onyankopↄn Adansefo : Afe 1879 kosii 1927 Satan Bible ɛno no: Afe 1928 de besi nnɛ

 

Sɛnea adanse a ɛwↄ atifi hↄ ama yɛahu nsakraae akɛse a Ɔwɛn Aban ayɛ wↄ “Nokware” ho sɛnea Ɔwɛn Aban May 15, 1976 no gye toom no a, ende,”Dɛn ahotoso na obi betumi anya wↄ Ɔwɛn Aban Akanifo Gyinaesi anaa Nokwaredi ho?

Ɔwɛn Aban Asafo Panyin Owura Fred W. Franz Adanse a odii wↄ Skotland Asɛnnibea wↄ afe 1954 ɛnna edidi so yi:

ASԐMMISA: Enti nea Asafo atintim wɔ nhoma mu sԑ nokware nnԑ no bԑyԑ atoro nna kakraa bi akyi?

  • MMUAE: Momma yԑntwԑn nhwԑ.
  • ASԐMMISA: Nti mprempren Yehowa Adansefo kuw nyinaa redi nkyerԑkyerԑ a ɛyԑ mfomso akyi?
  • MMUAE: Yehowa Adansefo redi kyerԑwnsԑm akwankyerԑ a ɛnwie pԑyԑ so.
  • ASԐMMISA: Mfomso?
  • MMUAE: Oye, Mfomso.

Nea ɔpԑ eyi ho adanse no ɔnhwԑ Douglas Walsh Trial Pursuer’s Proof, 1954, p.114.

EFESOFO 4:14-15 ka sɛ: “Eyi nti, yɛnnnyɛ nkokoaa bio a asorↄkye de yɛn di akↄneaba de nkyerɛkyerɛ biara fa yɛn nnommum, denam nnipa adɛfɛdɛfɛ nsɛm ne anifere nnaadaa nsusuwii.

 Wↄ Yesu ɛbɛ a ɛwↄ Mateo 24:45-51, na N’asɛm mmfa Nyamesom Ahyehyɛde biara ho korakoraa, na mmom na Yesu ɛkaa ankorankoro Kristoni biara a ↄbɛyɛ ↄnokwafo anaa ↄrennyɛ ↄnokwafo ama No denam sɛnea wↄbↄↄ wↄn bra!

Ԑbɛ yi ne nea Odi kan kae no nsonsonoe biara nnim wↄ nea waka afa akoa anokwafo ne nkwaseafo no ho. Aba ɛwↄ Yesu ɛbɛ no mu ɛne sɛ Kristoni biara bɛbↄ mmↄden ayɛ ↄnokwafo ama Awurade no, na sɛ ↄbɛfa N’asomfo a woahu Akristofo no ↄnokwafo na watua wↄn kᾱ ne tumi a ɛkorↄn ne asɛyɛde bebree a ɛbɛyɛ wↄn de. Sɛnea obiara betumi ayɛ akoa bↄne kuw no mufo sɛ woannyɛ ↄnokwafo ama Onyankopↄn a, saa ara na obiara betumi ayɛ akoa ↄnokwafo kuw mufo denam nokwaredi a ↄde yɛɛ adwuma a Honhom Kronkron no de maa no.

Nokwasԑm sԑ, yԑde yԑn kra to asiane kԑse mu sԑ yԑde yԑn daa nkwa ho adwuma hyԑ nnipa akwankyerԑfo nsa sԑ wɔmmɔ ho ban. Bible no ka sԑ “Nnome nka onipa a ɔde ne ho to ɔdesani so na ɔde ɔhonam yԑ no ahoɔden”-Yerimia 17:5.  Ɔkwan biako nkutoo a yebetumi de yԑn koma bԑto, ahwehwԑ daa nkwa ne Honhom mu nsԑm a ɛyɛ Nokware a ɛyԑ Yesu Kristo. Ɔka sԑ Mene ɔkwan no, ne Nokware no, ne Nkwa no, obiara mma Agya nkyԑn, gyesԑ ɔnam Me so”- Yohane 14:6

 

Print Friendly, PDF & Email

This post is also available in: Spanish Portuguese Czech Italian Borɔfo