Nea YɛYɛ – Wɔn Woafi Yehowa Adansefo mu

 Who We Are

KRATAA ƐBISA SƐ“MOYƐ HENANOM?-YƐN MMUAE YƐDE MA YEHOWA ADANSEFO-Moyɛ Awaefo Kuw a Wonnye Bible Nkyerɛkyerɛ Nni?

“Meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Bere a me kenkaan mo nsɛm a ɛwɔ mo internɛt adwumadibea no, ɛmaa me bo fuwii sɛ ampa ne ampa yɛwɔ nnipa bi wɔ hɔnom te sɛ mo a wɔka nsɛmmɔne fa yɛnho. Yehowa Ahyehyɛde no ne Nokware no, na mo mu binom nim wɔ mo komam sɛ ɛte saa. Nanso, sɛ eyi ne nea mopɛ a, minim sɛ ɛnyɛ nea mepɛ. Mɛyi na mɛdɔ Yehowa nna nyinaa. Merendan m’akyi na merempa No da. So wogye di sɛ mone nokware som no? Ɛbɛyɛ dɛn na woagye atom sɛ wɔwɔ nokware no mu saa wɔnnkɔ afie ne afie nka Ahenni no ho asɛmpa? So moyɛ “awaefo kuw a woafi Ɔwɛn Aban no mu efisɛ mompɛ sɛ modi Bible akwankyerɛ so?-Mohyɛ atoro nnapɔna afahyɛ no fᾱ, mofoa akōdi so na mogye Nyankopɔn Baasakoro tom?”

YƐN MMUAE:

Yɛdɔfo Yehowa Danseni Adamfo,

Yɛbɛda wo ase sɛ wonyaa bere de akyerɛw yɛn krataa na woama yɛahu nea ɛhaw wɔ yɛn internɛt dwumadibea hɔ. Ɛyɛ anisɔ sɛ wodɔ Yehowa wɔ saa kwan yi so na wompɛ sɛ wobefi Yehowa nkyɛn. Ɛyɛ saa ɔsom a wode ma Yehowa (No) na ɛhia kɛse wɔ Nokware akyi kwan a yɛrepɛ, na yehu sɛ ɛyɛ fɛ sɛ wowɔ koma pa wɔde ahwehwɛ na wosom No.

Yɛn nso yɛgye tom paa sɛ wodi nokware ma Yehowa ne Ne Ba Yesu Kristo. Na ɛno nti na yɛyɛ nea yɛreyɛ yi. Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn yɛ Nokware Nyankopɔn. Nokware nsuro nhwehwɛmu. Saa Ahyehyɛde bi ntumi nnyina nhwehwɛmu ano a, ɛnyɛ nokware no mmom ɛyɛ atoro na nokwaredi ma atoro ahyehyɛde no yɛ Yehowa Nyankopɔn a wonni no nokware.

ExJW Meetup

GYINAE BƐN NA YESU ASUAFO SII?

Eyi kae yɛn wɔ Yesu Kristo mmere mu ne sɛnea Farasifo no hyɛɛ wɔn sɛ wɔsan nkɔfa nea na ɛyɛ “Yehowa Ahyehyɛde” (wɔsan frɛ no Yudafo Asɔfodi nhyehyɛe). Asuafo hyiae gyinaesi a ɛne sɛ wɔbɛkɔso ne ahyehyɛde a aporɔw no abɔ anaasɛ wɔbɛdan wɔn akyi ama “ɔkwan” a Yehowa de adi dwuma ama woahu nhyehyɛe foforo a egyina Ne Ba Yesu Kristo so no?. So na wɔbɛtra adi nokware ama asase so ahyehyɛde no anaasɛ sɛ wobedi nokware ama Yehowa Nyankopɔn ne beae a Ne “hann foforo” rekyerɛ wɔn kwan?

Sɛ anka wobedi asase so ahyehyɛde a Onyankopɔn hyehyɛe wɔ Mose mfe a atwam no akyi no, Yesu asuafo no de wɔn nokwaredi nyinaa hyɛɛ Yehowa Nyankopɔn mu na wɔgyee Ne Ɔsoro ahyehyɛde foforo a ɛnam Yesu Kristo-Nokware no ANKASA

“Yesu kae kyerɛɛ no, Mene Ɔkwan no ne Nokware no ne Nkwa no, obiara mma Agya no nkyɛn gyesɛ ɔnam Me so” -Yohane 14:6

Nokwarem no, asɛmmisa a ɛtoo Yesu asuafo wɔ ne bere so no te sɛ nea yehyia no nnɛ. Saa yesusuw nokwasɛm a ɛkyerɛ sɛnea Ɔwɛn Aban adi mfomso wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible no wɔ ɔkwan ahorow a edidi so no a, obiako bebisa sɛ “Ɛbɛyɛ dɛn na ahyehyɛde yi bɛfata sɛ Onyankopɔn ananmusini wɔ asase so?”

1.WOAKYINKYIM ONYANKOPN ASԐM (Mmebusɛm 30:6): Ↄwɛn Aban no ka sɛ wↄn a wↄkyerɛɛ Wiase Foforo  Nkyerɛase no yɛ nnipa a wↄmpɛ sɛ wↄn din da adi, nanso nhwehwɛmu ama wↄn din abɛtɔ gua, na ɛbae sɛ asekyerɛfo no yɛ  Sodikuw mufo a wonni nhomasua abodin a ɛbɛma woatumi atintim Bible Nkyerɛase a edi mū. Hela Animdefo aka no mpɛn pii sɛ ɛyɛ Nkyerɛase a ɛnyɛ nokware efisɛ woakyinkyim Bible nkyekyem ahorow pii maa ɛne Ↄwɛn Aban Gyidi hyiae, afei nso wɔde edin “Yehowa” hyehyɛe  Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm  mu a enni adanse biara wↄ Kristofo Hela Nsaano Nkyerɛwee mu, maa enti wɔde nneɛma akᾱ Onyankopↄn Asɛm ho. So Yehowa bɛbata Ahyehyɛde a oyi na ↄsan de bi kᾱ N’asɛm ho?  Click HERE for more information and supporting documentation regarding this.

2.ATOSԐM ABU SO W NE NHOMA AHOROW MU (Tito 1:2): Ↄwɛn Aban nnye ntom sɛ wotintimii Russell abrabↄ mu nsɛm efisɛ wↄmpɛ sɛ nnipa hu sɛ Yehowa Adansefo a wodi kan no somee Russell. Enti wokataa n’abakↄsɛm so de nsɛm yiyi wↄnho ano sɛ woamfa nhoma a emu nsɛm ne ahonhomsɛmdi wↄ twaka bi, afei  nso wodi atoro wↄ nsɛm  a Kristofo Agyanom Mpanyimfo a wodi kan kyerɛkyerɛɛ  ama woanya nnyinaso wↄ wↄn gyidi a ɛkyerɛ sɛ Nyankopↄn Baasakoro gyidi no fii abosonsom mu. So Yehowa a ↄyɛ Nokwaredifo no bɛbata Ahyehyɛde a ↄnnka nokware ho?  Click HERE for more information and supporting documentation.

3.WOBUU NNYINASO SԐ WↃNYԐ WIASE AMAMMUI NO FᾹ NO SO (Yohane 18:36) Wↄ bere a wↄka sɛ Amanaman Nkabom Kuw (United Nations) gyina hↄ wↄ sɛnkyerɛnne kwan so sɛ “Aboa”a  ɛwↄ Adiyisɛm 17 no, Ↄwɛn Aban no de ne ho bↄe Amanaman Nkabom Kuw no mfe du. Wɔka bio sɛ woammfa wↄnho agye Wiase Kō Mmienu no mu, nanso wↄ krataa a wↄkyerɛwee kↄmaa Hitler wↄ afe 1933 mu no, wↄmaa ohui sɛ wↄtaa n’amammui nhyehyɛe no akyi. So eyi yɛ wↄnho a wommmfa nnye Amammui nsɛm mu anaasɛ ɛyɛ Nyaatwomyɛ? Click HERE for more information and supporting documentation.

4.ATORO NKↃMHYԐ (Deutoronomium 18:20-22) : Wↄ bere a Ↄwɛn Aban paemu ka sɛ ↄyɛ Onyankopↄn Odiyifo na ↄrekasa wↄ Yehowa din mu no, Ↄwɛn Aban aka nna ahorow bi sɛ wiase no bɛba n’awiei, na mpo Kristo fii N’ahenni ase wↄ afe 1874. Saa atoro paemuka a ɛfa Yesu mmae ho no yɛ kↄkↄbↄ titiriw a Yesu maa N’akyidifo no hyɛe no nsow, bere a ↄkae sɛ “Atoro Adiyifo no bɛka eyinom wↄ awiei nna no mu no. (Kenkan Mateo 24:11, 23-24) Dɛn nti na Yehowa bɛpaw ekuw agyina n’ananmu wↄ bere a ↄreyɛ nneɛma pↄtee a Yesu bↄↄ kↄkↄ sɛ “Atoro Adiyifo bɛyɛ wↄ awiei nna no? Click HERE for more information and supporting documentation.

5.WOADI MOGYA HO FↃ (Yeremia 22:17): Ↄwɛn Aban no akyinkyim Onyankopↄn Mogya mmara, na eyi yɛ no ama mmofra a wodi bem pii awuwu. Yehowa Adansefo ahwere wↄn nkwa a ɛnyɛ Ↄwɛn Aban nnansa yi mogya a wↄtwe gu nipaduam (Blood transfusion) a wↄabare mpo, na mmom ayaresa ahorow bi a wↄbarae mmere bi  a atwaam no, te sɛ ‘Hemophiliac Preparations’, ‘Nnuru esi nyarewa kwan ne Honam akwaa wɔsesa (Vaccinations’ ne ‘Organ Transplants’). Eyinom nyinaa yɛ nea ↄgye tom nnɛ sɛ afei entia Onyankopↄn mogya mmara bio. Enti nnipa wowuwui esiane Ↄwɛn Aban mogya ho mmara a ↄkyerɛkyerɛe a anwie pɛyɛ no, wui kwa a? Click HERE for more information and supporting documentation.

Bere a yɛahwehwɛ adanse a ebu Ɔwɛn Aban Ahyehyɛde no fɔ sɛnea woadi nkogu sɛ Onyankopɔn akwan a ɔƆne adesamma di nkitaho  awiee no,yɛbɛtra yɛani akɔ wɔ asɛmmisa a ɛfa sɛnea yɛgye Nokware no”

HENA NE “NOKWARE NO”?

Wobisae sɛ ebia yɛgye di sɛ yɛne “nokware som no”. Yebua sɛ yɛnnye nni sɛ yɛyɛ nokware no. Efisɛ yɛnnye nni sɛ nokware no yɛ Ɔsom, mmom no Ɔyɛ Onipa-Yesu Kristo Ankasa! Wɔ Yohane 14:6, Yesu kae sɛ “Mene…nokware no” na afei wɔ Ne mpaebɔ mu no ɔkae sɛ Agya “tew wɔnho denam nokware no so, w’asɛm yɛ nokware” (Yohane 17:17 WFN) Hena ne Ɔteasefo no “Asɛm “ɔno ne “Nokware”? Yohane1:14 ka sɛ “…Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam ne yɛn trae na yehui n’anuonyam, anuonyam yi a ɛyɛ ne Ba a ɔwoo no koro sɛ Agya” (Yohane 1:14 WFN) Ɛnyɛ sɛ yehu sɛ wɔada Yesu adi wɔ kyerɛwnsɛm mu sɛ “nokware no” nkutoo nanso ɔkae wɔ Yohane 5:39-40 sɛ wɔkyerɛwee Kyerɛwnsɛm no nyinaa maa edi adanse faa Neho!

Asomafo Paulo anka sɛ “dɛn na yɛnkɔ ne nkyɛn, Dabi! Ɔkae sɛ “Awurade “hena” na yɛnkɔ ne nkyɛn? Wo (Yesu) wɔ daa nkwa nsɛm” (Yohane 6:68 WFN) Ohui sɛ Yesu mmae asakrae Onyankopɔn nhyehyɛe ɛnam Ahyehyɛde so no (Yudafo Nhyehyɛe denam Ne Ba Yesu Kristo so tēē (Hebrifo 1:1-2) ne Honhom Kronkron akwankyerɛ so (Yohane 16:13) Na ɛho nhia bio sɛ yebehia Ɔsɔfodi ahyehyɛde a ɛde yɛn bɛba Yehowa Nyankopɔn nkyɛn. Seesei yɛwɔ ɔkwan tēē denam Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn “Ɔsɔfopɔn” ne Ntamgyinafo wɔ yɛne Onyankopɔn ntam (Hebrifo 7:25-26, 2 Timoteo 2:5)

SO ƆWƐN ABAN NO DE NNIPA KƆ “NOKWARE NO NKYƐN”

Sԑ anka ɔde nnipa bԑkɔ “Nokware no” nkyԑn no, Ɔwԑn Aban no de neho asi Kristo ananmu denam ka a ɔka sԑ Yesu yԑ Yehowa Nyankopɔn ne ɔman Yesrael honhom fam nnipa 144000 nkutoo ntamgyinafo na ԑnyԑ adesamma nyinaa” Ɔyԑ ntamgyinafo ma Yehowa Nyankopɔn ne Honhom fam Yesrael ɔman a ԑyԑ nnipa a wɔn dodow yԑ 144,000 pԑ. (Worldwide Security Under the Prince of Peace” 1986, pg 10) Sԑ anka ɔbԑhyԑ Yehowa Adansefo nkuran sԑ wɔnkɔ Yesu nkutoo nkyԑn efisԑ Ɔno ne “Nokware no” ne “daa nkwa” (Yohane 10:28, 14:6) no, Ɔwԑn Aban no paemuka sԑ n’ahyehyԑde no ne “Nokware no” nkutoo, afei nso ɔka kyerԑ Yehowa Adansefo sԑ ԑsԑ sԑ obiara ba ahyehyԑde no mu ansa “woannya nkwagye” (Ɔwԑn Aban November 15, 1981, kratafa 21). The Ɔwԑn Aban no ka sԑ “baabi biara nni hɔ a obiara kɔ a obenya Yehowa nhyira ne daa nkwa. (Ɔwԑn Aban November 15, 1992 kratafa 21), nanso eyi nnyԑ nokware.

Ԑnyԑ sԑ Ɔwԑn Aban no si Yehowa Adansefo kwan ma wɔnkɔ Yesu nkyԑn sԑ wɔn ntamgyinafo ne nkwamafo nko, na mpo Ɔwԑn Aban no si ho kwan a wɔwɔ sԑ Yehowa Adansefo benya Yehowa anim dom esiane sԑ ɔka sԑ Yehowa Adansefo nyinaa nni “Apam foforo” no mu, afei nso Onyankopɔn mma abusua a Honhom Kronkron awo wɔn no, wɔnnka ho. (Ɔwԑn Aban February 1, 1998, kratafa 19-20) Romafo 8:8-9 paemuka sԑ gyesԑ obi nya Onyankopɔn Honhom “awo no ” (Romafo 8:14-16) ԑnte saa ontumi nsɔ Onyankopɔn ani na kapԑsԑ wɔayԑ Kristo dea”. Enti, Ɔwԑn Aban nkyerԑkyerԑ mma Yehowa Adansefo nnya anidaso sԑ wɔwɔ Onyankopɔn anim dom anaasԑ daa nkwa!

SO ONYANKOPƆN DE NE NKURƆFO NAM AHYEHYԐDE SO BERE NYINAA A?

Suban foforo a edi akoten wɔ atorosom mu, ԑne sԑ wɔde wɔnho si hɔ sԑ ntamgyinafo ma wɔn akyidifo ne Onyankopɔn. Sԑ yԑbԑka a, Mormonsom a Yosef Smith da ano, Nkramosom a Mohammed da ano, “New Age” a Akannifo ne Honhom akyerԑkyerԑfo da ano, anaasԑ Yehowa  Adansefo a wɔn a wɔfrԑ wɔnho “Akoa Nokwafo ne Ɔbadwemma”Ahyehyԑde da ano, da adi  sԑ Satan akwan a ɔfa so bere nyinaa nsakrae. Nanso, Bible no ka sԑ “Na mo de Honhom nsra a monyae fii Nehɔ no te mo mu, na monnhia obiara a ɔbԑkyerԑkyerԑ mo efisԑ Honhom nsra a moanya afi Nehɔ no ԑrekyerԑkyerԑ mo nneԑma nyinaa, na ԑyԑ nokware na ԑnyԑ atoro, sԑnea wɔakyerԑkyerԑԑ mo no motena ne mu ne nea wɔakyerԑkyerԑԑ no mu” -1Yohane 2:27 WFN. Yennhia Ahyehyԑde sԑ ɔnkyerԑkyerԑ yԑn Honhom fam nokware efisԑ yԑwɔ Kristo ne Honhom nsra a efi Onyankopɔn Honhom Kronkron sԑ ɔkyerԑkyerԑ yԑn, sԑnea na ԑte wɔ afeha Kristofo fam no. Onyankopɔn Honhom Kronkron ne “Ɔkwankyerԑfo”a ɔde yԑn kɔ Nokware nyinaa mu –Yohane 16:13

Nea ԑne Ɔwԑn Aban Ahyehyԑde pae mu ka nnhyia no, sԑ yԑkɔ kyerԑwnsԑm no mu a, yehu sԑ na “Sodikuw” biara nni Yerusalem a ɔkyerԑe afeha Yesu akyidifo no kwan. Asafo ne ankorankoro yԑ nea Honhom Kronkron ԑnna ԑkyerԑkyerԑԑ wɔn kwan sԑnea kyerԑwnsԑm a edidi so yi ma yehu:

  • Asomafo Nnwuma 13:2-4, yehu sԑ Honhom Kronkron kyerԑe Asafo a ԑwɔ Antiokia kwan maa wɔsomaae Paulo ne Barnabas wɔ wɔn asԑmpatrԑw akwantu a edi kan a woangye akwansrԑ afi Sodikuw biara a ԑwɔ Yerusalem hɔ.
  • Bere a wosianee fii asԑmpatrԑw akwantu no baae, wɔ Asomafo Nnwuma 14:26-28, Paulo ne Barnabas amfa kyerԑwtohɔ biara ankɔma Sodikuw biara wɔ Yerusalem, na mmom Asafo a ԑwɔ Antiokia a ԑsomaae wɔn no nkyԑn na wɔkɔe.
  • Saa ara nso na, wɔ Asomafo Nnwuma 18:22, yehu Paulo ne Silas sianee fii asԑmpatrԑw akwantu a ԑto so abien no wɔkɔe Asafo a ԑwɔ Antiokia nkyԑn na ԑnnyԑ Sodikuw a ԑwɔ Yerusalem. Wɔ Asomafo Nnwuma 18:23 Paulo san kɔe n’asԑmpatrԑw akwantu ԑto so abiԑsa fii Antiokia a woannye akwankyerԑ amfi Yerusalem. Enti sԑ Sodikuw wɔ Yerusalem a, ԑnde na wɔn adwuma ԑne sԑn?
  • Hena na ɔsomaae Filipo wɔ Asomafo Nnwuma 8:5 sԑ ɔkɔka asԑmpa no wɔ Samaria? Asomafo a wɔwɔ Yerusalem nnim ho hwee kosii sԑ nkyekyԑm 14 bɔɔ amanneԑ sԑ akyiri na Asomafo no tee wɔ Yerusalem sԑ Samariafo no agye Onyankopɔn asԑm no.  Wɔ Asomafo Nnwuma 8:26, 29 ne 40, yԑkenkan sԑ Honhom Kronkron ne nea ɔkyerԑe Filipo kwan maa ɔkɔe Samaria asasesin mu kɔkae asԑmpa no.
  • Hena na osiwee Paulo ne Silas kwan sԑ mma wɔnnka asԑmpa no wɔ Asia wɔ Asomafo Nnwuma 16:6-7? Na ԑyԑ Sodikuw a ԑwɔ Yerusalem anaasԑ na ԑyԑ Yesu Honhom Kronkron”?

Sԑnea yԑahu wɔ nsԑm a ԑwɔ atifi hɔ no, na ԑyԑ Yesu Honhom Kronkron no ԑnna ԑkyerԑe asԑmpaka adwuma a afeha Kristofo no kae kwan, nanso dԑn ne nsԑm a Ɔwԑn Aban gyina so de foa ne nkyerԑkyerԑ so, sԑ na Sodikuw bi wɔ Yerusalem no? Wɔ Asomafo 15, Paulo ne Barnabas kɔe Asomafo ne Mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem nkyԑn kosiesiee akyinnyegye a ԑbae amanaman mufo ne Yudafo no ntam wɔ twetiatwa ho, enti wɔ Asomafo Nnwuma 16:4, Paulo ne Silas de “gyinae” a Asomafo ne Mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem sii kɔmae Kristo akyidifo no. So na eyi kyerԑ sԑ na Sodikuw bi wɔ Yerusalem? Ԑnte saa koraa!

Saa yԑhwԑ Asomafo Nnwuma 15:1-2 no paa a, yehu sԑ akyinnyegye no bae bere a mmarima bi fii Yerusalem mpɔtam-a ԑyԑ Yudea bae Asafo a ԑwɔ Antiokia bԑpaemu kae sԑ, ԑsԑ sԑ agyidifo yi hia sԑ wotwa wɔn twetia sԑnea Yudafo amammerԑ te. So na ԑyԑ nwonwa sԑ wobԑkɔ Yerusalem akosiesie akyinnyegye a mmarima a wofi Yerusalem mpɔtam hɔ de aba no? Wɔ Asomafo Nnwuma 16, saa “gyinaesi” a Paulo ne Silas de kɔmaa asafo ahorow yԑ nea ԑfa twetiatwa ho pɔw a Asomafo ne Mpanyimfo bɔe. Biribiara nni hɔ a ԑkyerԑ sԑ “gyinaesi” no yԑ nea ԑfa asԑm foforo bi ho. Enti, yehu sԑ nnyinaso biara nni hɔ a Ɔwԑn Aban no gyina so ka sԑ Ahyehyԑde bi ho hia sԑ ɔkyerԑkyerԑ Onyankopɔn nkurɔfo kwan nnԑ.

AFEI HENA NE AKOA NOKWAFO NE ƆBADWEMMA NO?

Mateo 24:45-51, Yesu kyerԑkyerԑԑ akoa abien a ԑsono emu biara asԑyԑde a ne wura de no asi n’agyapade so, wɔ bere a woatu kwan. Bere a owura no san bae no, ohuu akoa biako sԑ woayԑ ɔnokwafo enti otuae ne ka, de no sii n’agyapade nyinaa so. Akoa ɔfoforo no de, woannyԑ ɔnokwafo bere a ne wura bae, nti ɔtow no kɔkaa nyaatwomfo no ho.Aba ԑwɔ Yesu ԑbԑ no mu ԑne sԑ yԑn nyinaa ԑsԑ sԑ yԑbɔ mmɔden yԑ “anokwafo” ma yԑn Awurade, na saa yԑn Hene Yesu bԑfa N’asomfo a woahu yԑn sԑ yԑyԑ anokwafo na w’atua yԑn ka na tumi a ԑkorɔn ne asԑyԑde bebree ayɛ yɛn de. Biribiara nni ɔyԑsԑm yi mu a ԑkyerԑ sԑ “Akoa” nokwafo no yԑ nkɔmhyԑ a Bible no hyԑe faa Ahyehyԑde bi a Yehowa de besi N’agyapade so. Nea ԑne no bɔ abira no, sԑnea obiara betumi ayԑ akoa bɔne kuw no muni, sԑ woannyԑ ɔnokwafo amma Onyankopɔn a, saa ara na obiara betumi abԑyԑ “akoa” anokwafo kuw no muni sԑ ɔyԑ ɔnokwafo wɔ adwuma a Honhom Kronkron no de ama no.

Nokwasԑm sԑ, yԑde yԑn kra to asiane kԑse mu sԑ yԑde yԑn daa nkwa ho adwuma hyԑ nnipa akwankyerԑfo nsa sԑ wɔmmɔ ho ban. Bible no ka sԑ “Nnome nka onipa a ɔde neho to ɔdesani so na ɔde ɔhonam yԑ no ahoɔden”-Yerimia 17:5 Ɔkwan biako nkutoo a yebetumi de yԑn koma bԑto de ahwehwԑ daa nkwa ne Honhom mu nsԑm Nokware yԑ Yesu Kristo. Ɔka sԑ Mene ɔkwan no, ne Nokware no, ne Nkwa no, obiara mma Agya no nkyԑn, gyesԑ ɔnam Me so”- Yohane 14:6

SO YƐYƐ “AWAEFO”A YƐKŌ TIA BIBLE NKYERƐKYERƐ?

Seesei yɛpɛ sɛ yɛka biribi fa wo haw sɛ yɛyɛ “awaefo” efisɛ yɛmpɛ sɛ yɛbata Bible nkyerɛkyerɛ ho”. Wo sombo no nyɛ nokware. Nea ɛne no bɔ abira no, esiane sɛ yɛn nokwaredi ma Yehowa Nyankopɔn ne Ne Bible Nkyerɛkyerɛ nti na yentumi ntaa Ahyehyɛde a odi atoro sɛ Ogyina hɔ maa Yehowa ne Ne Nokware no. Saa wopɛ kyerɛwtohɔ a ɛda Ɔwɛn Aban amanne a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia, yɛhyɛ wo nkuran sɛ hwɛ yɛn “Dɛn Na Onyankopɔn Hwehwɛ?-Kyerɛwnsɛm no Mmuae Ma Nsɛmmisa Yehowa Adansefo Bisa” ne yɛn “Wɔapa Ɔwɛn Aban Gyidi ho Ntama” Kyerɛwtohɔ nnidiso nhyehyɛe  nanso seesei yebesusuw ɔhaw pɔtee bi a wokae.

OFIE NE FIE AHENNI HO ASƐMPAKA:

Wobisae sɛ ɛbɛyɛ dɛn na yɛwɔ Nokware no mu saa yɛnnkɔ ofie ne fie Ahenni ho Asɛmpaka” Yebebua sɛ baabiara nni Kyerɛwnsɛm mu a ɛka ofie ne ofie asɛmpaka ho asɛm pen. Nkyekyem kakraa no a Ɔwɛn Aban twe adwene si so fa “ofie ne fie adwuma ho no (Asomafo Nnwuma 2:46, 5:42 ne 20:20), kyerɛkyerɛ sɛnea agyidifo hyiae wɔ ahyiadan ne kokoam wɔ fie ne fie ɛkyekyɛe nnuan ne nkyerɛkyerɛ. Eyi nnyɛ soronko wɔ Yehowa Adansefo Nhoma (Bible) Adesua wɔtaa yɛ no wɔ Yehowa Adansefo ankorakoro afie mu wɔ adapɛn no mu. Esiane sɛ adapɛn no mu Yehowa Adansefo Nhyiam ne “afie ne fie yɛ soronko no nkyerɛ sɛ wohyia wɔ afie biara ɛwɔ wɔn mpɔtam hɔ no! Na afei yebetumi agye akyinnye sɛ wɔn a wɔnnyɛ Yehowa Adansefo no afipamfo no bɛgye atom sɛ Yehowa Adansefo de wɔn fie yɛɛ saa ofie adesua no.

Wɔ saa kwan yi so, ɛnna afeha agyidifo no hyiae yɛ baguam asɛmpaka wɔ asɔredan ne ankorankoro fie ne fie kyekyɛe nnuan ne nkyerɛkyerɛ ne fekuwbɔ wɔ mmere ne mmere mu. Sɛnea Asomafo Nnwuma 2:46 kae pɛpɛɛpɛ da biara da wɔbom kɔ asɔrefie hɔ, na wɔkyekyɛ wɔn nnuan wɔ ankorankoro fie na wɔde ahosɛpɛw ne koma emu tew na edi wɔn nnuan (WFN)

Bio nso, saa yɛhwehwɛ Asomafo Nnwuma Nhoma no mu a yehu sɛ agyidifo a wɔbɛka asɔfo edi kan no mfi afie ne fie nhyiam, na mmom efi baguam asɛmpaka wɔ asɔrefie ne gua so. Wɔ Asomafo Nnwuma 17:1-4 yehu sɛ Asomafo Paulo kaa asɛmpa wɔ baguam wɔ yudafo asɔredan mu wɔ Tesalonika na afei wɔ Atene gua so sɛnea Asomafo Nnwuma 17:16-34 ka no. Wɔanka biribiara amfa Paulo afie ne fie asɛmpaka wɔ saa nkurow no mu. So ɛsɛ sɛ yɛgye akyinnye sɛ Paulo amfa neho anhyɛ “Ahenni asɛmpaka mu” efisɛ wɔannka asɛmpa no afie ne fie wɔ saa nkurow no mu? Migye di sɛ wohu mfomso a ɛwɔ saa nsusuwii no mu. Wɔ saa kwan yi so na, yɛn nso yɛde ka Ahenni asɛmpaka denam yɛn ankasa ne wɔn wɔnnyɛ agyidifo fekuwbɔ ne baguam asɔre dwumadi ne yɛn internɛt ahomaso Ɔsom dwumayɛbea .

NNAPƆNA:

Ɛyɛ ampa sɛ afahyɛ bebree a nnipa de wɔnho hyɛ mu nnɛ no fii abosonsom ne ahonhomsɛmdi nneyɛe mu saa na ɛte wɔ Romafo afahyɛ ɛyɛ “Saturnalia” a edi akoten fii December 17 kosi December 24 na akyiri ɛdan bɛyɛɛ “Buronya” Yesu Awoda afahyɛ wɔ December 25th. Abosonsom afahyɛ foforo nso a ɛdan bɛyɛɛ Kristofo nnapɔna ɛne “Easter” Yesu sɔre fi awufo mu afahyɛ. Onyaa ne mfiase wɔ “Ostara” March 20-21st Awo Mpuntu Afahyɛ. Yɛgye tom sɛ Abakɔsɛm nnyinasode biara nni hɔ a ɛfoa Kristo Awoda December Afahyɛ so sɛnea ɛbɛyɛ sɛ esii wɔ osutɔ bere mu (spring). Kristo wusɔre no sii wɔ bere a Yudafo Twam Afahyɛ a wodi wɔ Hebrifo ɔsram Nisan da duanan ɔsram a edi kan wɔ Yudafo Ɔsom Mmerebu Krataa Nhyehyɛe so (Calendar)

Esiane Yudafo mmerebu krataa nhyehyɛe ne “Julian ne Gregorian mmerebu nhyehyɛe” yɛ den wɔ mfeha atwam nti, Kristofo fa Kwasida a ɛbɛn “Ostara” afahyɛ anaasɛ “Easter” sɛ da yɛde kae Kristo Wusɔre Afahyɛ. Enti, wɔ eyinom biara mu no, Kristofo faa mmere a wosusuw sɛ ɛne abosonsom afahyɛ di no hyia na wɔde sii hɔ maa Kristo sɛ nnapɔna di a nnipa kakraa bi na nnɛ wonim sɛ ɛne kan abosonsom wɔ twaka bi.

Asafo no kae no yiye wɔ ne Nyan! January 8, 2000 nsɛmma nhoma mu. Wɔ saa nsɛmma nhoma no wɔkae faa “Adwene a ɛfata wɔ Amanne Ahorow ho” wɔ hyɛɛ no nsow wɔ kratafa 26-27 sɛ “Amanne anya ɔsom so nkɛntɛnso kɛse. Dodow no ara no nokwasɛm ne sɛ efii tete gyidihunu ne atorosom nsusuwii. …Nanso, dɛn ne amanne ne nneyɛe no bi a mmere bi na ɛho wɔ nsɛm nanso nnɛ woagye atom sɛ nnipa amammerɛ a ɛfata enti eyi kyerɛ sɛ Kristofo betumi adi afahyɛ ahorow a ɛte saa? Ɛwom sɛ ntease wom sɛ yɛbɛhwehwɛ beae a amanne bi fi bae, nanso ɛtɔ mmere bi a ɛho hia kɛse sɛ yebesusuw nea amanne no kyerɛ ma nnipa wɔwɔ hɔ saa bere no ne beae obi wɔ no seesei”.

Yesusuw sɛ eyi yɛ afotu pa a ɛsɛ sɛ Kristoni biara de di dwuma sɛ n’ahonim bɛma ne kwan ma wadi Kristosom nnapɔna a woahwere ne abosonsom atirimpɔw. Kristoni biara betumi anya ahofadi de asi gyinae sɛnea Paulo kae wɔ Romafo 14:5-6, “Obiako (Onipa) bu da biako kyɛn da foforo ɛnna (Onipa) ɔfoforo nso bu da biako ne afoforo nyinaa pɛ; momma obiara (Onipa) nsi pi wɔ n’ankasa adwenem. Nea odi da bi no di ma Yehowa”.

AKŌDI:

Akyinnyegye pii atwa asɛmpti “Akodi” ho ahyia ne Kristofo a wɔde wɔnho hyɛ mu no. Ɔkwan bɛn so na Bible no foa ankorankoro ahobammɔ sɛnea ɛwɔ Exodus 22:2 de toto ɔman ahobammɔ wɔ Akodi bere mu? Sɛnea ɛbɛboa ama yɛahu adwempa ɛwɔ ɔmankō bi no wɔ afeha 12, “Saint Thomas Aquinas” hyehyɛe nnyinasosɛm a awiei no wɔbɛtoo ne din sɛ Akodi Ɛfata Nnyinasode (“Just War Theory”). Nnyinasosɛm no abɛyɛ biribi a amanaman de susuw hu sɛ akōdi a ɛfata bi betumi akɔso. Esiane sɛ wobetumi de nnyinasosɛm yi asi gyinae wɔ bere biara sɛ ɔmankō yɛ nea ɛfata a nti yɛn gyinaesi ne sɛ Kristofo besusuw sɛ akōdi bi bɛfata nnyinasosɛm a ɛkyerɛ Trenee Kō na ɛnyɛ nea wɔbekum wɔn mfɛfo Kristofo wɔ akōdi mu kɛkɛ.

Bio nso, Kyerɛwnsɛm no nka no pen sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo de wɔnho hyɛ akōdi mu. Wɔ Asomafo Nnwuma 10, Kornelio a ɔyɛ Kristoni (Ɔsahene a ɔwɔ Romafo Asraafo 100) nyaa nkamfo sɛ ɔyɛ “ɔtreneeni ne onipa osuro Onyankopɔn, afei nso wɔ Luka 3:14, Yohane Osubɔni tuu asraafo fo wɔ ne bere so sɛ wɔmma wɔn “ani nsɔ”wɔn akatua.  Wobetumi ama wɔn ani asɔ wɔn akatua gyesɛ wɔkɔso yɛ asraafo! Ɔsankafo 3:1-3 ne 8 ka sɛ “Biribiara wɔ ne bere a woahyɛ. Ɛnna yɛwɔ bere ma dwumadi biara a ɛwɔ ɔsoro ase…. Bere a wokum ne bere a wɔsᾱ yare, Bere a wobubu ne bere a wosi, Bere a wɔdɔ ne bere a wɔtan. Bere a wodi akō ne bere a wɔpɛ asomdwoe”.

Sɛ wopɛ nsɛm pii wɔ asɛmti yi ho a, hwɛ yɛn kyerɛwtohɔ Akōdi ne Wɔnho a wɔtwe fi akōdi mu-So ɛsɛ sɛ Kristofo Twe Wɔnho Fi Akōdi ho?

NYANKOPƆN BAASAKORO:

Nyankopɔn Baasakoro yɛ adwene a ɛkyere sɛ nnipa baasa a wɔbɔe wodin wɔ Bible mu no Agya, Ɔba (Yesu) ne Honhom Kronkron no yɛ Nyankopɔn Biako. Wɔda nsow wɔ wɔn nnipaban, nanso wokura gyinabea koro sɛ Onyankopɔn Biako. Ɔwɛn Aban kyerɛkyerɛ Baasakoro gyidi no mu yiye wɔ ne nsɛm a ɔka fa ho no, nanso wɔ nsɛm pii no ɔkwan a ɔkyerɛkyerɛ mu no ma nnipa gye tom sɛ Nyankopɔn Baasakoro no yɛ nnipa abiɛsa (Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron) a wɔbom yɛ Onipa biako, nanso eyi yɛ adwene a ɛnyɛ nokware. Nsɛm ahorow edidi so yɛ nhwɛso a ɛkyerɛ sɛnea Ɔwɛn Aban akyinkyim gyidi yi wɔ ne nhoma mu:

“Ɛha Yesu kyerɛɛ Ɔno ne Agya, Otumfoɔ Nyankopɔn ɛsɛ sɛ wɔyɛ baanu a wɔda nsow efisɛ, ɛbɛyɛ dɛn na woanya adansefo baanu? … Na Onyankopɔn reka sɛ Ɔyɛ Ɔno Ne Ba, na Ɔgyee N’ankasa toom sɛ Ɔsomaa N’ankasa? Dabi! …Hena na Ɔrebɔ mpae ama no? Ɔno Ankasa Ne fᾱ bi? Dabi! …Hena na na Yesu resu afrɛ No? N’ankasa anaasɛ Ɔno N’ankasa fᾱ bi? …Saa woda woho adi wɔ obi anim a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔayɛ saa Onipa no? Wonntumi, Ɛsɛ sɛ woyɛ soronko ne ɔfoforo…Obi a ɔne onipa foforo wɔ no ntumi nnyɛ saa Onipa no”-So Ɛsɛ Sɛ Wogye Nyankopɔn Baasakoro No Di? kr. 17-19, 27

Yɛbɛgye adi sɛ akenkan pii da no adi sɛ nsonsonoe da Onipa Agya no ne Onipa Ɔba no ntam nanso saa akyinnyegye no nni abusuabɔ biara fa Nyankopɔn Baasakoro gyidi no ho efisɛɛkyerɛkyerɛ sɛ: “…yɛwɔ Onipa koro a Ɔyɛ Agya no, Ɔfoforo ɔyɛ Ɔba no afei nso Ɔfoforo a Ɔyɛ Honhom Kronkron… Efisɛ, Kristosom nokwasɛm a ɛfa Nipa biako ɛyɛ N’ankasa no yɛ Onyankopɔn ne Awurade enti Roman Katholik (Kristosom) bara yɛn ma yɛka sɛ yɛwɔ Onyankopɔn Abiɛsa anaasɛ Awuranom Abiɛsa”- (The Creed of Athanasius)

Esiane sɛ Nyankopɔn Baasakoro kyerɛkyerɛ sɛ nsonsonoe da “Nnipa” a ɛyɛ Nyankopɔn Ti nti, adwene biara ɛbɔ gu no nni nnyinaso. Akyinnyegye foforo a Ɔwɛn Aban no ahyehyɛ a ɛmfata wɔ Nyankopɔn Baasakoro gyidi ho nkyerɛkyerɛmu no da hɔ fann, ɛno na wɔka sɛ Yesu ntumi ne Agya no nyɛ pɛ efisɛ ɔbrɛ neho ase hyɛ N’Agya no ase. Ɔwɛn Aban no ka sɛ: “Bible no gyinaesi no mu da ho. Ɛnyɛ Otumfoɔ Nyankopɔn Yehowa nkutoo nipaban ne Yesu yɛ soronko na mmom Yehowa yɛ mmere nyinaa Abirɛmpɔn Ɔkorɔn… Na eyi nti na Yesu ankasa kae sɛ: “Agya no yɛ kɛse kyɛn Me-Yohane 14:28”- So Ɛsɛ Sɛ Wogye Nyankopɔn Baasakoro no Di? kr. 20

Ɛha nso, Ɔwɛn Aban akyinnyegye di nkogu bere a Baasakoro gyidi wɔakyerɛkyerɛ mu fann. Ɛdefa Yesu Kristo nipasu no, “Athanasius Creed” ka sɛ “ Ɔne Agya no yɛ pɛ  sɛ Ne Nyame Ti na ɔba fam sɛ Ne Nipaban. Ɔno a mmom ɔyɛ Onyankopɔn ne Onipa, nanso ɔnyɛ abien na mmom Kristo koro”. Bere a Yesu kae sɛ “Agya no yɛ kɛse sen Me” (Yohane 14:28) na ɔwɔ asase so ha a ɔredi tumi wɔ beae ɛba fam sɛ ne nipaban? Anaasɛ ɔwɔ Ɔsoro a Ɔredi ne tumi wɔ ne Nyamesu? Akenkan no fabem kyerɛ sɛ na Yesu rekasa afa ne Nipa tebea ho bere a ɔkae sɛ Agya no yɛ kɛse sen Me.

Bio nso, nokwasɛm sɛ Yesu hyɛ Onyankopɔn ase no nkyerɛ sɛ Ɔyɛ Onyankopɔn ketewa kɛkɛ kyɛn N’Agya. Wɔ Luka 2:51, Yesu hyɛe Maria ne Yosef ase. So yɛbɛgye akyinnye sɛ Yesu ba fam wɔ Ne nipasu kyɛn Maria ne Yosef, efisɛ ɔbrɛɛ neho ase nti? Dabi. Ɛnte saa! Yenim sɛ sɛnea “Ɔba nnyɛ onipa ɔba fam, kyerɛ sɛ ɔtɔ sin kyɛn N’Agya no, saa ara na Yesu sɛ Onyankopɔn Ba no nnyɛ Onyankopɔn a ɔba fam kyɛn N’Agya no.

“Esiane eyi nti no, nokwasɛm sɛ na Yudafo no repɛ ɔkwan akum no, efisɛ ɛnyɛ sɛ obu homeda da no so nkutoo na bio nso Ɔrefrɛ Onyankopɔn n’ankasa Agya, Ɔrekyerɛ sɛ N’ankasa ne Onyankopɔn yɛ pɛ” (Yohane 5:18, WFN)

Sɛ wopɛ nsɛmmisa pii afa “Nyankopɔn Baasakoro” gyidi ho a ne Kyerɛwnsɛm mmuae ahorow a wɔde bɔ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no gu ne Ɔwɛn Aban mfomso a woadi sɛ gyidi no fii abosonsom mu no a, hwɛ yɛn “Ɛbɛyɛ dɛn na obi agye adi sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn?” wɔ internɛt adwumayɛbea kyerɛwtohɔ so:

 

Print Friendly, PDF & Email

This post is also available in: Spanish Portuguese Borɔfo