Nancy Osuahu

nancy

NANCY OSUAHU- Sεnea Ɔwεn Aban Mmarahyε εfa Mogya Wͻtwe Gu Nipaduam Haw N’abusua

Mebεyεe Yehowa Adansefo no mu biako denam me maame a na ͻyε Yehowa danseni bere a meyε abofra no. Me maame yεe obi a ohyia mmofraberem mmͻnnaato εnna Yehowa Adansefo kuw yi bae ne nkyεn wͻ pon ne  pon ano asεnka, maa wͻhyεε ne nkuran sε obetumi anya anidaso. Nanso nea ͻsom yi de brεεn bεyε mfe aduanan a atwam ni no, de mpapaemu baa m’abusua mu εne m’awofo a wogyae aware bεyε mfe 24 atwam. Me maame wͻ mma anan. Yεn mu baasa awiei koraa no, guanee fii afie ma yegyinae me maame ͻpoo ano bεyε mfe bi. Me nuanom barima abien guanee ansa na εbaa wͻn tirim sε wobekum wͻnho εnna Me nso mefii ahyehyεde no mu afe ne fᾱ bere a me kunu wui esiane Ɔwεn Aban mmarahyε a εbarae mogya wͻtwe gu nipaduam no nti. Me nua panyin no anka ͻyε akum neho ansa ͻtwee neho fii m’abusua ho koraa.  Me nuabarima ͻfoforo nso agyina mmarima ne mmarima adapaade ano, na wotuu no fii ahyehyεde no mu a ͻne yεn mu biara ankasa. Na me nua kumaa werε howee maa anka okͻkum neho εno akyi ansa awiei koraa ofii Ahyehyεde no mu.

================

Me kunu wui esiane mogya a woannye nti. Eyi yε nea oduruyεfo no kyerεwee brεε me wͻ ne amanneεbͻ ho mu. Me kunu nyae adwumam akwanhyia (ogyahye). Bεyε ͻha nkyem aduͻnso anum (75%) a εyε ne nipadua εhyeε maa nti na εsε sε wͻyε no oprehyεn ma wͻde honam foforo kata so. Na minnim nea nti a mogya a wͻtwe gu nipaduam no maa owui kosii sε ͻbenfo no kyerεkyerεε mu kyerεe me. Afei nso, m’ankasa nhwehwεmu a meyεe sii so dua sε ampa εte sεnea wͻaka akyerε me no ara pε.

Nokwarem no, sε ogya hye obi a εyε kεse wͻ ne nipaduam ani a, εte sε nea w’anya okuro kεse a εma wo nkwammoawa fitaa aboaboa wͻn ano wͻ beae no akͻbͻ εho ban, nanso wontumi nyε saa. Eyi nti, bere a wͻakyekyere nipa no afi ne ti kosi ne nan ase no, na nkwammoawa fitaa no nyinaa rehwie agu wͻ kuro no mu, εnna εfofͻ ntama gow a wͻde akyekyere no. Nipa a ͻwͻ apͻwmuden pa, mogya nkwammoawa yε ͻha mu nkyekyem aduanan ne anum kosi aduonum mmienu (45-52%). ** Nanso, me kunu de no yε ͻha mu nkyekyem anum (5%) pε kosii sε ne honam akwaa titiriw fii ase gyae adwuma.

 Yehowa Adansefo mpεn pii susuw sε nea ehia ne mogya no dodow εnna εde owu ba, na afei wͻtaa de nnuru a wͻfrε no “volume expanders” a εma mogya no dͻͻso, nanso enni nkwa home mframa! Ɛnna wͻde di dwuma. Enti, bere a mogya no so atew no nkwammoawa aka no sua nti wontumi mfa home mframa so a εdͻͻso mma honam akwaa no nti, egyae adwumayε. Nea edi kan, me kunu asaabo no brεε ase, Aduruyε a wͻfrε no “Dialysis” afiri a wͻde yε ayerasa no nso ntumi nyε ho hwee efisε afiri sεe nkwammoawa ansa wͻatumi ayε adwuma. Na ne berεbo no na regyae adwumayε εno akyi ne koma begyae bͻ. Seesei na ͻregu ahome denam afiri a εbͻ home mframa so εnna ne koma nso yε adwuma esiane aduru a wͻde boa koma ma etumi yε n’adwuma so. Bere a wͻkae kyerεε me sε anidaso biara nni hͻ no adapεn anum a wͻde kͻtoo Kolorado Sukuupͻn (Colorado University) Ayaresa, nanso  na aka akyiri sε wobetumi  ama no nkwammoawa mogya no bi ama agye no nkwa. Wobisae me sε minsi gyinae sε wobeyii nkwa afiri boafo nhyehyεe no afi no so. Na εyε gyinaesi a obiara rempε sε obegyina ano. Na εyε ahoboo bere a wͻde wo begyina na ne titiriw no bere a anidaso biara nnim sε wo nipa no benya nkwa. Me kunu nyae mfe 32, a ͻwͻ ahoͻden a na obetumi anya nkwa saa wͻde ayaresa a edi mū dii dwuma a. MINIM paa sε εnyε atoro. Na ayarefo a wͻwͻ Ayaresabea hͻ no tebea no mpo asεe koraa kyεn me kunu de no nanso, wonyaa nkwa. Mihyiae wͻn mu ebinom nanso me kunu antumi anya nkwa, esiane mogya ohiae no nti.

Mekae mfe 20/20 anisoadehu ne nea minim seesei no a, minim anka me kotia mpanyimfo ne afoforo nsusuw na mehwee nea anka εbεto me. Anka a εsε sε meyε nea mεtumi biara maa Kurt (me kunu) nyaa nkwa, ma Ɔdaso ne ne mma ne me wͻhͻ nnε. Asram abiεsa akyi a Kurt wui, εnna mpanyimfo no tuu me fii asafo no mu efisε wͻampene me nneyεe a εfa OKUNAFO FOFORO-ne ayie  amammerε no antom esiane wͻn a wͻnnyε Yehowa Adansefo a mene wͻn bͻe nti. Wogyina adwene a εne sε “wͻyε wͻn a wͻnnye nni” a wͻbεn me a ebetumi asεe me mma. Ɛmfaho sε wͻn papa wui! Seesei, Asafo panyin a ͻbεn me na ͻboae me no yε biribi a wobu no nso sε εmfata!

Asram 18, akyi a manya ABOAFO NHYEHYƐE BIARA, nnamfo biara nni hͻ, mmusua biara nni okunafo a merebͻ mmͻden anya asetena de aboa m’abusua no. Wͻsan gyee me wͻ asafo no mu, nanso nneεma anyε YIYE te sε nea na εte no. Ankonamyε a na meyε wͻ Ahenni Asa a anuanom mmarima ne mmea ayε hͻ mᾱ bere biara a mmεkͻ adesua no yεe adesoa kεse. Ɛnna da biara a mete asafo mpanyimfo no a wͻpε sε wohu me da biara nanso wonnim nneεma merehu no nka. Adesoa afoforo a na εhyε me so εne adwene sε anka me nkutoo na mεtumi asi me kunu wuo no ano kwan. Efisε na n’ani nna hͻ esiane nnuru bͻne nom nti. Ɛnyε nea na obetumi asi gyinae biara. Saa mikae kyerεε nnuruyεfo no sε “MONKƆ SO NYƐ NEA MOBETUMI BIARA nnye no nkwa anka ͻte ase nnε.

Saa εnyε osuro a na mewͻ sε mpanyimfo betu gyinae atia me a efisε nneεma a wͻde agu me tirim no maa metee nka sε me kunu rebͻ afͻre wͻ Yehowa din mu, ma εyε “Adansedi ma nnuruyεfo ne ayarehwεfo nyinaa, εnte saa anka mεtumi ayε biribi foforo. Me kunu nyε nnam mpo wͻ asafo no mu wͻ bere a eyi too no. Mpanyimfo no a woyii wͻn baa ayaresabea hͻ sε ayaresafo ntam boayikuw no de nkaebͻ yi too gua sε ͻmfata mmoa biara wͻ Ɔwεn Aban Ayaresafo Ntam boayikuw εde ma! Enti, wͻkͻͻ so hyεε me so sε εnsε sε memma wͻde mogya ma no. Eyi yε obi abusua mu asεm nanso esiane sε mpanyimfo no ayε yεne nnuruyεfo ntamgyinafo nkitahodifo nti, mpanyimfo no de wͻnho gyee nsεm mu sε wobesi gyinae sε wͻmpene mma wͻmma no mogya.

Bεyε adapεn anum a me kunu daa ayaresabea hͻ no, da biara ͻpanyin anaa asafo no mu “nipa a neho akokwaw” te bεn yεn. Da koro bi, bere a oduruyεfo no kae sε εsε sε ͻne me nkutoo kasa wͻ ne piam no, ͻpanyin biako a ͻwͻ hͻ no kae sε εsε sε ͻkaho bi. Enti ͻpanyin no bεkae nhyiam no ho,  nokwarem, na ͻpε sε obesi so dua sε εnsε sε wͻde mogya ma me kunu a ͻrepε owu awu no. Adesoa a me so seesei εne sε saa εnyε Yehowa Adansefo mogya mmara no a, anka me kunu ne me mma papa da so te nkwam.

Me nso mesoa adesoa efisε mayε nhwehwεmu a εfa mogya wͻtwe gu honamdua mu no nyinaa ho no, na ε nkyerεkyerε a enni Kyerεwnsεm mu nnyinaso biara. Wͻde toto Kyerεwnsεm a εka fa mogya a wodi ho na wͻkyerεkyerεe mu sε εne nea wͻtwe fa ntini mu kͻ nipadua mu no εyε ade koro. Me nhwehwεmu kyerεε sε eyi NYƐ ade koro. Yehowa Adansefo pene honam akwaa wͻsesa so εnna Ɔn Aban mpo gye tom sε mogya wͻtwe gu nipaduam ne honam akwaa wͻsesa yε ade koro! Saa wontumi nnidi a wͻde fa wo ntini mu, ama wonam honamdua so bεyam no ama woanya nnuan ahoͻden, nanso saa wͻde mogya ma wo a, wo nipadua no NTUMI NYAM NO! Mogya wͻtwe gu nipaduam yε mogya nipadua no ahwere no ASIANANMU sεnea honam akwaa a asεe no behia asiananmu ara pε! Nea εma eyi yεε ahometew εne sε nnansa yi Ɔn Aban ayε nsakrae wͻ gyinaesi a εfa mogya wͻtwe ho, na eyi nti me kunu wui no ayε me yaw paa.

Bere a yε mpͻtam hͻ atesεm krataa de nkaebͻ a εfa me kunu wui ho maa no, Yehowa Adansefo Asafo yii ano sε mogya a wͻnnye anaasε wͻgye no yε “ankorankoro gyinaesi” Eyi NYƐ nokware! Ɛnyε “ankorankoro gyinaesi” maa m’abusua anaasε me kunu! Nipa mmara a wͻahyε no yεε adesoa maa me, na mpanyimfo hunahunaa me sε εnsε sε memma Yehowa werεhow efisε εnte saa wobetu yεn afi asafo no mu, saa yεpene mogya wͻtwe so a. Nhyεso yi maa yεtwee yεnho fii ͻkwan a εgye nkwa a εne mogya wͻtwe agu me kunu nipaduam no ho.

Wͻ mmere a atwam no, mayε meho sε Yehowa danseni a wͻafi ͻsom no mu na ͻrekasa atia ͻsom nhyεso ne atirimͻdensεm denneennen. Nhwehwεmu bebree a mεyεe na mate ase no εnna mihui no sε εte sε MATEMEHO SOMKUW a wͻwͻ nnipa mmara, ahyεde ne gyidi na wͻyε nea wͻpεsε wͻtwe wͻnho fii nnipa nyinaa aka ho sε wͻda nsow. Wͻbͻ mmͻden fa nnipa a wonnim hwee no nnommum na wonya wͻn adwene so tumi kosii sε wͻma wͻn yε te sε “nguan a ayera. ADWENEM PƐNSƐMPƐNSƐƐ MU” ho hia maa nnipa wͻ baabiara nyinaa ama woasi gyinae a ε asom, ama wͻabisa nsεm ate nneεma ase. Ekuw yi mpε nnipa a wͻdwennwen, na sε wohu wo sε wodwen pε, wͻbεpε ͻkwan a εyε ntεm ayi wo afi asafo no mu, agu w’anim ase nso.

M’anim sͻ sε MAFI MU! Me yam a anka mefii mu ntεm sεnea εbεyε a me kunu a owui no anwu na manya anigye kεse wͻ m’asetram.  M’asusuw ho mpεn pii sε sε ͻkwan bi wͻhͻ a mεtumi ama Ɔwεn Aban Bible ne Nkratawa Asafo atua adehweree no ho kᾱ ama ayε nhwεso a anka mεyε. Me nnyae kwan nanso εntε nea manya AHOFADI! Ɛnyε sε mεyε nneεma bͻne a wͻakasa atia no, MEHO ADWO ME!! Na afei m’anigye nea mewͻ ho sε εna ne ͻbataapa! M’ani gyina me kunu da biara na m’abrabͻ nyεε pε da! Me nua kumaa waree nnansa yi ara, na yεbom sui me kunu a m’ahwere no, mene me mma ani agyina no papaapa. Yentumi nya no bio da! Meda so yε okunafo a mehwε me mma sε wobenyinii abͻ wͻn bra. Onipa biara ntumi nsii me kunu ananmu na mpo εrenyε yiye. M’anigyei εne sε mεtumi aboa onipa Biako  ama wͻade neho afi saa Ahometew ne ahoyeraw kuw yi nsam.

SԐ WOPԐ NSԐM PII A HWԐ:

bullets DƐN NTI NA YEHOWA ADANSEFO PO MOGYA WƆTWE GU NIPADUAM?

==========

**  ‘Hematocrit’ no yɛ mogya dodow no ɛfᾱ a ebu mogya nkwammoawa no nyinaa a ɛyɛ mogya dodow no akontaa.

Print Friendly, PDF & Email

This post is also available in: Spanish Portuguese Czech Italian Russian Borɔfo