Sɛnea wobɛboa yɛn

Prayer Group

SƐNEA WOBƐBOA YƐN SOM ADWUMA-YESU ADANSEFO, (WITNESSES FOR JESUS, INC.)

1. Bɛyɛ yɛn Sika Fam Yɔnko Boafo

2. Bɛka Yɛn Internɛt Dwumadi So Mpaebɔ Kuw Ho

3. Bɔ Yɛn Internɛt dwumadibea ho Dawuru wɔ wo hɔnom atesɛm krataa so ne “Facebook, ne Blog Sites” foforo biara so.

4. Atuhoama Asekyerɛfo-Yɛde Yɛn Nsɛm  Kɔ aman Fororo Kasam

5. Bɛka yɛn interneɛt dwumadi a ɛyɛ Wɔn a Woafi Yehowa Adansefo mu boafo kuw a woboa afoforo

 

1. Bɛyɛ yɛ Sika Fam Yɔnko Boafo

Copyright policy

Yi Ntoboa

Yɛn ani sɔ sɛ yɛanya hokwan abɛyɛ dwumadi 501 (c) 3 a yɛmpɛ mfaso gyinabea wɔ afe 2004 mu fii ‘IRS’ hɔ. Ntoboa nyinaa a woyi ma ɔsom adwuma yi, yetua ho tow. Te sɛ ɔsom adwuma ahorow no, ntoboa som bo kɛse ma yɛkɔ mmea ahorow kɔboa. Saa Awurade ka wo koma sɛ bɛyɛ yɛn som adwuma yi sika fam yɔnko boafo a, mia “Yi Ntoboa” ɛwɔ atifi hɔ so hu nsɛm pii. Wo mmoa wɔde boa yɛn som adwuma kowie mmea ahorow ɛwɔ ase ha no:

bullets Sɛnea Wobɛboa Yɛn Sika Fam-Sɛnea Wo Ntoboa Ka Afoforo Asetram

2. Bɛka Yɛn Internɛt Dwumadi So Mpaebɔ Kuw HoPrayer Group

Prayer Group

Free E-Newsletter Signup Linkbullets Mia ɛha hu Kyerɛwnsɛm a wode bedi dwuma wɔ Mpaebɔ mu ma wo Yehowa Adansefo nnamfo.

Efesofo 6:12 si so dua sɛ “…yɛnkō ntia ɔhonam ne mogya, mmom yɛne atumfoɔ, tumidi, wiase sum yi atumfoɔ,  ahonhommɔne atirimɔdenfo a wɔwɔ soro hɔnom”. Ne saa nti, yɛate internɛt mpaebɔ aboafo kuw ama wode woho adɔm na woanya nkuranhyɛ afi Kristofo afoforo hɔ wɔ mpae a wobɔ ma wo Yehowa Adansefo nnamfo ne mmusuafo.

bullets Hu Pii Fa Yɛn Internɛt Dwumadi So Mpaebɔ Kuw Ho.

bullets Bɔ Yɛn Internɛt dwumadibea ho Dawuru wɔ wohɔnom atesɛm krataa so ne “Facebook, ne Blog Sites” foforo biara so.

3. Bɔ Yɛn Internɛt dwumadibea ho Dawuru wɔ wohɔnom atesɛm krataa so ne “Facebook, ne Blog Sites” foforo biara so.

4Jehovah.org Website Banner

3. AKWAN WODE BƐBƆ YƐN INTERNƐT DWUMADIBEA HO DAWURU:

  • Fa yɛn 4jehovah Nsɛmso Nkyerɛwde a ɛwɔ yɛn internɛt dwumadibea ho  bɔ wo ‘Facebook anaa Blog site’ hɔ
  • Tintim yɛn internɛt dwumadibea ‘4Jehovah’Ahyɛnsode Nkyerɛwde no na fa bata Ɔwɛn Aban ne Nyan Nsɛmma nhoma biara wohu wɔ petee mu
  • Fa wo mpɔtam hɔ atesɛm krataa ne nhoma so bɔ ho dawuru

Hwɛ nea edidi so yi na hu pii fa sɛnea wobɛbɔ dawuru a etu mpɔn:

bullets 4Jehovah Nsɛmso ne Ahyɛnsode Nkyerɛwde

 

4. Atuhoama Asekyerɛ Adwuma-Yɛde Yɛn Nsɛmma nhoma Kɔ Aman Fororo Kasam 

Prayer Group

Yɛanya adesrɛde pii fa yɛn nsɛm ahorow a yɛde bɛkɔ aman foforo kasa mu. Yɛn nsɛm pii no yɛakyerɛ ase akɔ Spanish kasam, nanso yɛrehwɛ kwan sɛ yebenya atuhoamafo a yentua wɔn ka ma wɔakyerɛ ase akɔ kasa foforo mu. Saa wo anaa wonim obi a n’ani bɛgye ho sɛ ɔbɛboa yɛn akyerɛ yɛn nsɛm no ase afi Borɔfo akɔ kasa foforo a ɔnnye hwee a, yɛsrɛ wo ka kyerɛ yɛn. Yehia asekyerɛfo a wɔnho akokwaw na wobetumi abɔ nsɛm a wɔakyerɛ ase agu kɔmputa so (Microsoft Word Document) ama yɛn nso yɛde akɔ Borɔfo kasa no ara mu wɔ yɛn internɛt dwumadibea no so.

bullets Mia ƐHA na ma yɛn Asekyerɛafo Kuw Kwankyerɛfo no mma wo nsa nka Atuhoama Nkyerɛase Dwumadi Kwa

5. Bɛka yɛn internɛt dwumadi a ɛyɛ Wɔn a Woafi Yehowa Adansefo mu aboafo kuw a woboa afoforo ho. (Borɔfo nkutoo)

Prayer Group

Saa woyɛ Yehowa Danseni a woafi Ɔwɛn Aban no mu akɔhwehwɛ Bible nokware Yesu Kristo no na woagye Kristosom atom a, yɛn ani bɛgye ho sɛ wobenya kyɛfa wɔ internɛt dwumadi so boafo kuw a  ‘meetup.com na ɛyɛ asoɛefo. Yɛrehwɛ kwan sɛ Wɔn Woafi Yehowa Adansefo mu no wɔ komapa sɛ wɔbɛboa afoforo a wɔn nso pɛsɛ wofi ahyehyɛde yi mu no. Yɛn internɛt dwumadi kuw wɔ nnipa bɛboro ɔha a emu pii apira honhom fam na wɔrehwehwɛ nokware kyerɛwnsɛm akwankyerɛ a ɛde wɔn bɛkɔ Yesu nkutoo nkyɛn akonya ayaresa a ɛnyɛ asɔre anaa ɔsom ahyehyɛde foforo bi. Esiane wɔn nkate nti, yɛpɛ sɛ Bible nokware nkyerɛkyerɛ bɛfi ɔdɔ, abotare ne adom kwan so. Saa wani gye Ɔsom adwuma yi ho na wopɛ sɛ woka yɛn-  Wɔn Woafi Yehowa Adansefo mu aboafo kuw ho a KWA wɔ:

bullets Wɔn Woafi Yehowa Adansefo Mu internɛt dwumadi so Nhyiam Boafo Kuw  (Wɔn Woafi Yehowa Adansefo Mu a Wɔka Borɔfo Anuanom nkutoo)

 

 

Print Friendly, PDF & Email

This post is also available in: Spanish Portuguese Czech Italian Russian Borɔfo